< 5 Mose 28 >

1 Na sɛ motie Awurade, mo Onyankopɔn, na modi mmara a mede rema mo ɛnnɛ yi so a, Awurade, mo Onyankopɔn, bɛpagya mo asene aman a wɔwɔ ewiase nyinaa.
Na sɛ mutie Awurade, mo Nyankopɔn no, na mudi mmara a mede rema mo nnɛ yi so a, Awurade, mo Nyankopɔn no, bɛpagyaw mo wɔ aman a wɔwɔ wiase nyinaa no so.
2 Sɛ motie Awurade, mo Onyankopɔn a, mobɛnya saa nhyira yi nyinaa:
Sɛ mutie Awurade, mo Nyankopɔn no, a mubenya saa nhyira yi nyinaa:
3 Wɔbɛhyira mo wɔ mo nkuro ne mo ɔman mu.
Wobehyira mo wɔ mo nkurow ne mo man mu.
4 Wɔde mma bebree ne nsase bereɛ bɛhyira mo. Wɔde anantwie ne nnwan a wɔn ase dɔre bɛhyira mo.
Wobehyira mo yafunu mu aba, ne mo nsase so nnɔbae, ne mo nyɛmmoa, nantwimma ne nguamma.
5 Wɔde nnuaba nkɛntɛn ma ma, ne mmɔre kodoɔ a burodo ahyɛ so ma bɛhyira mo.
Wɔde nnuaba nkɛntɛn amaama, ne mmɔre korow a brodo no ahyɛ ma behyira mo.
6 Wɔbɛhyira mo wɔ baabiara a mobɛkɔ, mo fieba mu ne mo adifire mu.
Wobehyira mo fieba mu ne mo adifi mu.
7 Sɛ atamfoɔ to hyɛ mo so a, Awurade bɛdi wɔn so. Wɔbɛfiri baabi ato ahyɛ mo so na wɔafa akwan nson so ahwete afiri mo anim.
Sɛ atamfo tow hyɛ mo so a, Awurade bedi wɔn so. Wobefi baabi atow ahyɛ mo so na wɔafa akwan ason so ahwete, afi mo anim.
8 Biribiara a mobɛyɛ no, Awurade bɛhyira so na ɔde aburoo ahyɛ mo apata ma ma. Awurade, mo Onyankopɔn, bɛhyira mo wɔ asase a ɔde rema mo no so.
Biribiara a mobɛyɛ no, Awurade behyira so na obehyira mo asan. Awurade, mo Nyankopɔn no, behyira mo wɔ asase a ɔde rema mo no so.
9 Sɛ modi Awurade, mo Onyankopɔn, mmara no so na monante nʼakwan so a, Awurade bɛgyina mo sɛ ne nnipa kronkron sɛdeɛ ɔhyɛɛ mo bɔ sɛ ɔbɛyɛ no.
Sɛ mudi Awurade, mo Nyankopɔn no, ahyɛde so na moyɛ osetie ma no a, Awurade begyina mo sɛ ne nnipa kronkron sɛnea ɔhyɛɛ mo bɔ sɛ ɔbɛyɛ no.
10 Afei, ewiase aman nyinaa bɛhunu sɛ, moyɛ nnipa a Awurade afa mo, na wɔbɛsuro mo.
Afei, asase so nnipa nyinaa behu sɛ, moyɛ nnipa a Awurade de ne din afrɛ mo na wobesuro mo.
11 Awurade bɛma mo nneɛma pa ma aboro so ma—nyɛmmoa ne afudeɛ pii wɔ asase a ɔhyɛɛ mo agyanom bɔ sɛ ɔde bɛma wɔn no so.
Awurade bɛma mo yiyedi a ɛboro so–mo yafunu mu aba, nyɛmmoa mma ne mo asase so nnɔbae—wɔ asase a ɔhyɛɛ mo agyanom bɔ sɛ ɔde bɛma mo no so.
12 Awurade firi nʼahonya dodoɔ a ɛwɔ soro no mu bɛma osuo atotɔ wɔ ne berɛ mu, nam so ahyira mo nnwuma a moyɛ so. Mobɛfɛm aman pii nanso, mo deɛ, moremfɛm hwee mfiri wɔn nkyɛn.
Awurade fi nʼahonya dodow a ɛwɔ soro no mu bɛma osu atɔ wɔ ne bere mu, nam so ahyira mo nnwuma a moyɛ so. Mobɛfɛm aman pii, nanso mo de, moremfɛm hwee mfi wɔn nkyɛn.
13 Sɛ motie saa Awurade, mo Onyankopɔn, mmara yi na modi so a, Awurade bɛyɛ mo ti na ɛnyɛ nan, na moakorɔn.
Sɛ mutie saa Awurade, mo Nyankopɔn no, ahyɛde a mede rema mo nnɛ yi na mudi so pɛpɛɛpɛ a, Awurade bɛyɛ mo eti na ɛnyɛ bodua, na moakorɔn daa.
14 Ɛnsɛ sɛ motwe mo ho firi mmara a mede rema mo ɛnnɛ yi biara ho sɛ morekɔdi anyame foforɔ akyi asom wɔn.
Ɛnsɛ sɛ moman fa benkum anaa nifa fi ahyɛde a mede rema mo nnɛ yi biara ho sɛ morekodi anyame foforo akyi asom wɔn.
15 Na sɛ moantie Awurade, mo Onyankopɔn, anni ne mmara nyinaa a mede rema mo ɛnnɛ no so a, saa nnome yi nyinaa bɛba abɛbunkam afa mo so.
Na sɛ moantie Awurade, mo Nyankopɔn no, anni ne mmara ne nʼahyɛde a mede rema mo nnɛ yi nyinaa so pɛpɛɛpɛ a, saa nnome yi nyinaa bɛba abebunkam afa mo so.
16 Nnome bɛka mo wɔ mo nkuro ne mo ɔman mu.
Nnome bɛka mo wɔ mo nkuropɔn ne mo man mu.
17 Wɔde nkɛntɛn a aduaba biara nni mu ne mmɔre kodoɔ a burodo nni mu bɛdome mo.
Wɔde nkɛntɛn a aduaba biara nni mu ne mmɔre korow a brodo nni mu bɛdome mo.
18 Wɔde mma kakra bi ne nsase bonini bɛdome mo. Wɔde anantwie ne nnwan abonini bɛdome mo.
Wɔbɛdome wo yafunu aba, ne wʼasase so nnɔbae. Ne wo nyɛmmoa mu nantwimma ne nguamma.
19 Baabiara a mobɛkorɔ, mo fieba ne mo adifire mu, wɔbɛdome mo.
Wɔbɛdome wo fieba ne wo adifi.
20 Awurade bɛma nnome, basabasayɛ ne hwammɔdie aba adeɛ biara a moyɛ mu, kɔsi sɛ awieeɛ no wɔbɛsɛe mo koraa sɛ moayɛ bɔne na moagya me enti.
Awurade bɛma nnome, basabasayɛ ne huammɔdi aba ade biara a moyɛ mu, kosi sɛ awiei no wɔbɛsɛe mo koraa sɛ moayɛ bɔne na moagyaw no nti.
21 Awurade de nyarewa bɛba mo so akɔsi sɛ ɔbɛsɛe mo nyinaa wɔ asase a morebɛkɔ akɔfa no so.
Awurade de nyarewa bɛba mo so akosi sɛ ɔbɛsɛe mo nyinaa wɔ asase a morebɛkɔ akɔfa no so.
22 Awurade de yadeɛ a ɛbɛma mo afonfɔn bɛka mo. Ɔbɛma huraeɛ ne ahonhono abɔ mo na wama ɔhyeɛ a ano yɛ den, mfudeɛ nyarewa ne kakawirewire aba mo so na aha mo ara kɔsi sɛ mo ase bɛhye.
Awurade de ɔyare a ɛbɛma mo afonfɔn bɛka mo. Ɔbɛma atiridii ne ahonhon abɔ mo na wama ɔhyew a ano yɛ den, nnɔbae nyarewa ne kakawirewire aba mo so na ahaw mo ara akosi sɛ mo ase bɛtɔre.
23 Ɔsoro a ɛkata mo tiri so no bɛdane sumpii na ɛfam adane dadeɛ.
Ɔsoro a ɛkata mo ti so no bɛdan sumpii na fam adan dade.
24 Awurade bɛdane osutɔ a ɛwɔ mo ɔman mu no mfuturo; ɛbɛpore afiri soro agu mo so kɔsi sɛ mobɛsɛe.
Awurade bɛdan osutɔ a ɛwɔ mo man mu no mfutuma; ɛbɛtɔ afi soro agu mo so akosi sɛ mobɛsɛe.
25 Awurade bɛma mo atamfoɔ adi mo so nkonim. Mobɛfa baabi akɔto ahyɛ mo atamfoɔ so, nanso, mobɛfa akwan nson so adwane afiri wɔn anim. Mobɛyɛ ahodwiredeɛ wɔ ahennie a ɛwɔ asase yi so nyinaa ani so.
Awurade bɛma mo adi nkogu wɔ mo atamfo anim. Mobɛfa baabi akɔtow ahyɛ mo atamfo so, nanso mobɛfa akwan ahorow ason so aguan afi wɔn anim. Mobɛyɛ atantanne ama ahenni a ɛwɔ asase yi so no nyinaa.
26 Mo afunu bɛyɛ nnomaa ne wiram mmoa aduane, na obiara nso nni hɔ saa ɛberɛ no a ɔbɛpam wɔn.
Mo afunu bɛyɛ nnomaa ne wuram mmoa aduan na obiara nso nni hɔ saa bere no a, ɔbɛpam wɔn.
27 Awurade bɛma mpɔmpɔ a ɛsisii mo wɔ Misraim no bi asisi mo. Na ɔde nsisiiwa, ntutuiɛ ne ntwom a wɔrentumi nsa bɛbobɔ mo.
Awurade bɛma mpɔmpɔ a esisii wɔ Misraim no bi asisi mo. Na ɔde mpɔmpɔ, ntutui ne ntwom a wɔrentumi nsa bɛbobɔ mo.
28 Awurade de adammɔ, anifiraeɛ ne ayamhyehyeɛ bɛto mo so.
Awurade de adammɔ, anifurae ne adwene mu basabasayɛ bɛto mo so.
29 Mode mo nsa bɛhwehwɛ ɛkwan awia ketee te sɛ deɛ onifirani de ne nsa keka anadwo. Biribiara a moyɛ no, morenni mu nkonim. Wɔbɛhyɛ mo so, abɔ mo korɔno daa na obiara mmɛgye mo.
Mode mo nsa bɛkeka awia ketee te sɛnea onifuraefo de ne nsa keka anadwo no. Biribiara a moyɛ no, morenni mu nkonim. Wɔbɛhyɛ mo so, abɔ mo korɔn daa na obiara remmegye mo.
30 Mobɛgye ɔbaa aware nso obi ne no bɛda. Mobɛsi dan nso obi hunu na ɔbɛtena mu. Mobɛdɔ bobefuo nanso monnni mu aba.
Mubesi ɔbea asiwa nso obi bɛhyɛ no ne no ada. Mubesi dan, nanso morentena mu. Mobɛyɛ bobeturo nanso morenni mu aba.
31 Wɔbɛkum mo nantwie wɔ mo anim nanso morennya ne nam bi nwe. Wɔbɛgye mo afunumu afiri mo nsam a, ɔrensane mma bio. Wɔde mo dwan bɛma mo atamfoɔ na morennya ɔboafoɔ a ɔbɛgye no ama mo.
Wobekum mo nantwi wɔ mo anim, nanso morennya ne nam bi nwe. Wobegye mo afurum afi mo nsam a wɔrensan mfa mmrɛ mo. Wɔde mo nguan bɛma mo atamfo na morennya ɔboafo a obegye wɔn ama mo.
32 Wɔde mo mmammarima ne mo mmammaa bɛma ɔman foforɔ na daa mobɛhwɛ wɔn ara ama mo ani atɔre sia, nanso morentumi nyɛ ho hwee.
Wɔde mo mmabarima ne mo mmabea bɛma ɔman foforo na daa mobɛhwɛ wɔn ara ama mo ani atɔ dwe nanso morentumi nyɛ ho hwee.
33 Nnipa a monnim wɔn na wɔbɛfo mo mfuo mu nnɔbaeɛ adi, na daa wɔasane ahyɛ mo so.
Nnipa a munnim wɔn na wɔbɛfow mo brɛ so ade adi na daa wɔasan ahyɛ mo so.
34 Na mo ani so adeɛ a mobɛhunu no bɛbɔ mo dam.
Mo ani so ade a mubehu no bɛbɔ mo dam.
35 Awurade bɛma mpɔmpɔ a ɛyɛ ya a wɔko a ɛnko abobɔ mo kotodwe ne mo nan ho na atrɛ afiri mo nan aseɛ akɔsi mo tiri so.
Awurade bɛma mpɔmpɔ a ɛyɛ yaw a wɔko a ɛnkɔ abobɔ mo nkotodwe ne mo anan ho na atrɛw afi mo nantin akosi mo mpampam.
36 Awurade bɛpamo mo ne mo ɔhene a ɔdi mo so no akɔ ɔman bi a mo ne mo agyanom nnim so so. Ɛhɔ na mobɛsom anyame foforɔ, anyame a wɔde nnua ne aboɔ ayɛ.
Awurade bɛpam mo ne mo hene a odi mo so no akɔ ɔman bi a mo ne mo agyanom nnim so so. Ɛhɔ na mobɛsom anyame afoforo, anyame a wɔde nnua ne abo ayɛ.
37 Aman a Awurade de mobɛkɔ so no nyinaa so, mobɛyɛ akyiwadeɛ ne aseredeɛ ama wɔn.
Mobɛyɛ atantanne, akyiwade ne aserewde ama aman a Awurade de mobɛkɔ so no nyinaa so.
38 Mobɛdua bebree nanso mobɛtwa kakraa bi, ɛfiri sɛ, ntutummɛ bɛwe mo mfudeɛ.
Mubedua bebree wɔ mo nsase so, nanso mubetwa kakraa bi, efisɛ mmoadabi bɛwe mo nnɔbae.
39 Mobɛyɛ bobe nturo ahwɛ so yie nanso monnnom anaa monnni so aba, ɛfiri sɛ, asonson bɛsɛe bobe no.
Mobɛyɛ bobe nturo ahwɛ so yiye nanso morennom anaa morenni so aba, efisɛ asunson bedi.
40 Mobɛdua ngo nnua afa mo nsase so nyinaa nanso monnnya mu ngo biara, ɛfiri sɛ, aba no bɛte agu fam ɛberɛ a ɛmmereɛ.
Mubedua ngonnua afa mo nsase so nyinaa, nanso morennya mu ngo biara, efisɛ ngo aba no bɛtetew agu fam.
41 Mobɛwo mmammarima ne mmammaa nanso ɛnyɛ mo na mobɛtete wɔn, ɛfiri sɛ, wɔbɛkyere wɔn de wɔn akɔ nkoasom mu.
Mobɛwo mmabarima ne mmabea, nanso nyɛ mo na mobɛtetew wɔn, efisɛ wɔbɛkɔ nnommum mu.
42 Mo mfuo nyinaa, mmoawa bɛsɛe no.
Mmoadabi kuw bɛfa mo asase so nnua ne nnɔbae.
43 Ahɔhoɔ a wɔte mo mu no bɛnya ahoɔden anya no mmorosoɔ, na mo deɛ, mobɛyɛ mmerɛ ayɛ mmerɛ mmorosoɔ.
Ahɔho a wɔte mo mu no bɛkorɔn abunkam mo so, nanso mobɛkɔ so amem akɔ fam.
44 Wɔbɛbɔ mo bosea a moremmɔ wɔn bi. Wɔbɛyɛ tiri na moayɛ nan.
Wɔbɛbɔ mo bosea a moremmɔ wɔn bi. Wɔbɛyɛ eti na moayɛ dua.
45 Sɛ moanyɛ ɔsetie amma Awurade, mo Onyankopɔn, anni mmara a ɔde ama mo no so a, saa nnome yi nyinaa bɛdi mo akyi na abunkam afa mo so kɔsi sɛ wɔbɛsɛe mo.
Sɛ moanyɛ osetie amma Awurade, mo Nyankopɔn no, anni ahyɛde a ɔde ama mo no so a, saa nnome yi nyinaa bɛba mo so na ebedi mo akyi na abunkam afa mo so akosi sɛ wɔbɛsɛe mo.
46 Saa nsɛm a ɛyɛ hu yi bɛba sɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne kɔkɔbɔ ama mo ne mo asefoɔ daa nyinaa.
Saa nsɛm a ɛyɛ hu yi bɛba sɛ nsɛnkyerɛnne ne kɔkɔbɔ ama mo ne mo asefo daa nyinaa.
47 Esiane sɛ moamfa anigyeɛ ne ahosɛpɛ ansom Awurade mo Onyankopɔn wɔ mfasoɔ dodoɔ a moanya no ho enti,
Esiane sɛ moamfa anigye ne ahosɛpɛw ansom Awurade, mo Nyankopɔn no, wɔ bere a esii mo yiye no, nti,
48 mobɛsom mo atamfoɔ a Awurade, mo Onyankopɔn, bɛsoma wɔn abɛtia mo no. Ɛkɔm bɛde mo; sukɔm bɛde mo; mobɛda adagya na biribiara ho ahia mo. Wɔbɛhyɛ mo kɔnnua kɔsi sɛ wɔbɛsɛe mo.
enti mubefi ɔkɔm ne osukɔm, adagyaw ne ohia buruburoo mu asom mo atamfo a Awurade, mo Nyankopɔn no, bɛsoma wɔn aba mo so no. Wɔbɛhyɛ mo nnade konnua akosi sɛ mobɛsɛe.
49 Awurade de ɔman bi a ɛwɔ akyirikyiri baabi wɔ asase ano bɛba abɛtia mo na wɔato ahyɛ mo so te sɛ ɔkɔdeɛ. Ɛyɛ ɔman a monte wɔn kasa;
Awurade de ɔman bi a ɛwɔ akyirikyiri baabi, wɔ asase ano, ɔman a monte wɔn kasa no, bɛba mo so na wɔatow ahyɛ mo so te sɛnea ɔkɔre sian no,
50 ɔman a wɔn ho yɛ hu na wɔn akoma apirim na wɔmmu ɔpanin, nni ahummɔborɔ ma abɔfra.
ɔman a wɔn ho yɛ hu na wommu ɔpanyin, na wonni ahummɔbɔ mma mmofra.
51 Nʼasraadɔm bɛto ahyɛ mo nyɛmmoa ne mo nnɔbaeɛ so na ɛkɔm ade mo yie ama moawuwu. Wɔrennya aburoo, nsã, ngo, nantwie mma anaa nnwan mma mma mo, na ɛnam so ama mo asɛe.
Nʼasraafo bɛtow ahyɛ mo nyɛmmoa ne mo asase so nnɔbae so adi no fuu akosi sɛ mubewuwu. Wɔrennyaw atoko, nsa foforo anaa ngo; mo nyɛmmoa nantwimma anaa nguamma kosi sɛ mobɛsɛe.
52 Wɔbɛtua mo nkuropɔn nyinaa. Afasuo denden a mode mo ho too so sɛ ɛbɛbɔ mo ho ban wɔ mo asase no so no nyinaa, wɔbɛka agu fam. Wɔbɛto ahyɛ nkuro a ɛwɔ asase a Awurade mo Onyankopɔn de ama mo no so.
Wobetua mo nkuropɔn nyinaa ano akosi sɛ wɔbɛka mo afasu dennen a mode mo ho too so sɛ ɛbɛbɔ mo ho ban wɔ mo asase no so no nyinaa no agu. Wobetua asase a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo no so nkuropɔn no nyinaa ano.
53 Esiane ɔhaw ne abɛbrɛsɛ a ɔtamfoɔ de bɛba mo so wɔ otua no mu no enti, mobɛwe mo mmammarima ne mmammaa a Awurade de ama mo no ɛnam mono.
Esiane ɔhaw ne abɛbrɛsɛ a ɔtamfo de bɛba mo so wɔ bere a wɔatua mo ano no mu no nti, mobɛwe mo yafunu mu aba, mo mmabarima ne mmabea a Awurade mo Nyankopɔn no de ama mo no nam.
54 Mpo, mo mu ɔhobrɛaseni ne mmɔborɔni a ɔwɔ mo mu no renhunu ɔno ara ne nuabarima anaa ne yere a ɔdɔ no no ne ne mma a wɔte ase no so mmɔbɔ,
Mpo, mo mu ɔhobrɛaseni a nʼani da hɔ no renhu ɔno ara ne nuabarima anaa ne yere a ɔdɔ no, anaa ne mma a wɔte ase no mmɔbɔ,
55 na ɔremma wɔn mu biara ɛnam no bi nwe. Esiane sɛ, ɔnni biribi a aka a ɔbɛwe wɔ otua no a mo atamfoɔ no bɛtua mo nkuropɔn no nyinaa enti.
na ɔremma wɔn mu biara ne mma no mu bi nam a ɔrewe no. Esiane sɛ ɛno ara ne nea aka a ɔbɛwe wɔ bere a mo atamfo atua mo nkuropɔn no nyinaa ano rehiahia mo ho no nti.
56 Mo mu ɔbaa a ɔbrɛ ne ho ase na ɔwɔ nkatedeɛ wɔ ne mu, a mpo ɔmpɛ sɛ ɔde ne nan bɛsi fam no, ɔbɛnya ne kunu a ɔdɔ no ne ɔno ara ne mmammarima anaa ne mmammaa ho menasepɔ.
Mo mu ɔbea a ɔbrɛ ne ho ase na ɔwɔ nkatede wɔ ne mu, a mpo ɔmpɛ sɛ ɔde ne nantin besi fam no benya ne kunu a ɔdɔ no ne ɔno ara ne mmabarima anaa ne mmabea ho menasepɔw.
57 Ɔbaa no de awodeɛ ne abɔfra a wawo no foforɔ no bɛsie wɔn sɛdeɛ ɔbɛtumi awe ne nyinaa kɔkoam. Esiane ɔhaw ne abɛbrɛsɛ a mo atamfoɔ de bɛba mo nkuro nyinaa so no enti, biribiara renka a wɔbɛwe wɔ otua no mu.
Ɔbea no de awo akyi ade ne abofra a wawo no foforo no besie wɔn sɛnea obetumi awe ne nyinaa wɔ kokoa mu, esiane ɔhaw ne abɛbrɛsɛ a mo atamfo de bɛba mo so, bere a wɔatua mo nkuropɔn ano no nti.
58 Sɛ moanni mmara no nyinaa a wɔatwerɛ wɔ saa nwoma yi mu no so na moansuro onimuonyamfoɔ ne ɔnwanwani Awurade mo Onyankopɔn no din a,
Sɛ moanni mmara a wɔakyerɛw wɔ saa nhoma yi mu no nyinaa so pɛpɛɛpɛ, na moanni saa onuonyamfo ne ɔnwonwani Awurade, mo Nyankopɔn no, no din ni a,
59 Awurade de ɔyaredɔm a ɛyɛ hu bɛbrɛ mo ne mo asefoɔ. Saa yaredɔm yi ano bɛyɛ den na ɛrennyae. Mobɛka nnompe na moayɛ mmɔbɔ.
Awurade de ɔyaredɔm a ɛyɛ hu bɛba mo ne mo asefo. Ɛbɛyɛ atoyerɛnkyɛm a ano yɛ den ne ɔyaredɔm a ano yɛ den na ɛbɛtena hɔ akyɛ.
60 Ɔde yadeɛ a ɛbaa mo so wɔ Misraim a ɛbɔɔ mo hu no bɛbrɛ mo a ɛremfiri mo so da.
Ɔde ɔyaredɔm ahorow a ɛbaa wɔ Misraim a ɛbɔɔ mo hu no bɛba bɛtena mo so.
61 Awurade bɛsane de nyarewa ahodoɔ bebree ne amanehunu a wɔntwerɛɛ no mmara nwoma no mu bɛbrɛ mo kɔsi sɛ mobɛsɛe.
Awurade de nyarewa ahorow bebree ne atoyerɛnkyɛm a wɔnkyerɛw wɔ Mmara Nhoma yi mu no bɛbrɛ mo akosi sɛ mobɛsɛe.
62 Mo a na modɔɔso te sɛ ɔsoro nsoromma no, mo so bɛte koraa, ɛfiri sɛ, moantie Awurade, mo Onyankopɔn.
Mo a na modɔɔso te sɛ ɔsoro nsoromma no, mo so bɛtew koraa, efisɛ moantie Awurade, mo Nyankopɔn no.
63 Sɛdeɛ na ɛyɛ Awurade anisɔ sɛ ɔbɛma mo akɔ so no, saa ara nso na ɛbɛyɛ no anisɔ sɛ ɔbɛdwerɛ mo na wasɛe mo. Ɔbɛtutu mo ase afiri asase a morekɔ so akɔfa no so.
Sɛnea na ɛyɛ Awurade anisɔ sɛ ɔbɛma mo adi yiye na moadɔɔso no, saa ara nso na ɛbɛyɛ no anisɔ sɛ ɔbɛdwerɛw mo na wasɛe mo. Obetutu mo ase afi asase a morekɔ so akɔfa no so.
64 Na Awurade bɛbɔ mo apansam afra aman nyinaa firi asase ano kɔsi asase ano. Ɛhɔ na mobɛsom ahɔhoɔ anyame a mo anaa mo agyanom nhunuu bi da; anyame a wɔde nnua ne aboɔ ayɛ!
Na Awurade bɛbɔ mo apansam afra aman nyinaa afi asase ano akosi asase ano. Ɛhɔ na mobɛsom ahɔho anyame a mo anaa mo agyanom nhuu bi da; anyame a wɔde nnua ne abo ayɛ!
65 Saa aman no so morennya dwanekɔbea anaa ahomegyeɛ. Na Awurade bɛma mo akoma atutu na mo ani ayɛ siamoo na mo kra akusa.
Morennya guankɔbea anaa homebea mma mo anantin wɔ saa aman no so. Ɛhɔ na Awurade bɛma mo adwene a ɛpere, aniwa a ayɛ siamoo ne koma a apa abawa.
66 Mo asetena bɛdi nsensɛnmu. Anadwo ne awia nyinaa mobɛbɔ ehu a morennya gyidie biara sɛ mobɛhunu anɔpa hann.
Mo asetena bedi nsensɛnmu daa, na ehu bɛhyɛ mo so anadwo ne awia a munnim nea ɛrekɔ so wɔ mo asetena mu.
67 Anɔpa mobɛka sɛ, “Sɛ ɛyɛɛ anadwo a!” Na anwummerɛ nso mobɛka sɛ, “Sɛ ɛyɛɛ anɔpa a!” Mobɛka saa, ɛfiri sɛ, mohunu sɛ ehu atwa mo ho ahyia.
Anɔpa mobɛka se, “Sɛ ɛyɛɛ anwummere a!” Na anwummere nso mobɛka se, “Sɛ ɛyɛɛ anɔpa a!” Mobɛka saa, esiane ehu a ɛbɛhyɛ mo koma amaama ne nea atwa mo ho ahyia a mo ani behu no.
68 Na Awurade bɛma mo asane akɔ Misraim wɔ ahyɛn mu, akwantuo a mehyɛɛ mo bɔ sɛ morentu bio no. Ɛhɔ na mode mo ho bɛma mo atamfoɔ sɛ wɔntɔ mo sɛ nkoa, nanso obiara rempɛ sɛ ɔbɛtɔ mo.
Na Awurade bɛma mo atenatena ahyɛn mu asan akɔ Misraim, akwantu a mehyɛɛ sɛ ɛnsɛ sɛ mutu bio no. Ɛhɔ na mode mo ho bɛma mo atamfo sɛ wɔntɔ mo sɛ nkoa, nanso obiara rempɛ sɛ ɔbɛtɔ mo.

< 5 Mose 28 >