< 5 Mose 27 >

1 Mose ne Israel mpanimfoɔ hyɛɛ ɔmanfoɔ no sɛ, “Monni mmara a mede rema mo ɛnnɛ yi nyinaa so.
Mosè e gli anziani d'Israele diedero quest'ordine al popolo: «Osservate tutti i comandi che oggi vi do.
2 Sɛ motwa Yordan kɔduru asase a Awurade, mo Onyankopɔn de rema mo no so a, monhyehyɛ aboɔ akɛseɛ na momfa akaadoo nsra ho.
Quando avrete passato il Giordano per entrare nel paese che il Signore vostro Dio sta per darvi, erigerai grandi pietre e le intonacherai di calce.
3 Sɛ motwa Yordan kɔ asase a Awurade, mo Onyankopɔn de rema mo no so, asase a ɛwoɔ ne nufosuo resene so no so a, montwerɛ mmara no nyinaa ngu so sɛdeɛ Awurade, mo agyanom Onyankopɔn, hyɛɛ mo bɔ no.
Scriverai su di esse tutte le parole di questa legge, quando avrai passato il Giordano per entrare nel paese che il Signore tuo Dio sta per darti, paese dove scorre latte e miele, come il Signore, Dio dei tuoi padri, ti ha detto.
4 Na sɛ motwa Yordan a, monhyehyɛ aboɔ no wɔ Ebal bepɔ so sɛdeɛ merehyɛ mo ɛnnɛ yi na momfa akaadoo no mfa ho.
Quando dunque avrete passato il Giordano, erigerete sul monte Ebal queste pietre, che oggi vi comando, e le intonacherete di calce.
5 Monsi afɔrebukyia, aboɔ afɔrebukyia wɔ hɔ mma Awurade, mo Onyankopɔn. Mommfa dadeɛ biribiara nka.
Là costruirai anche un altare al Signore tuo Dio, un altare di pietre non toccate da strumento di ferro.
6 Momfa aboɔ nkunkuma nsi Awurade, mo Onyankopɔn afɔrebukyia no na mommɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ so mma Awurade, mo Onyankopɔn.
Costruirai l'altare del Signore tuo Dio con pietre intatte e sopra vi offrirai olocausti al Signore tuo Dio,
7 Mommɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ nso wɔ so na momfa anigyeɛ nnidi wɔ hɔ wɔ Awurade, mo Onyankopɔn, anim.
offrirai sacrifici di comunione e là mangerai e ti gioirai davanti al Signore tuo Dio.
8 Montwerɛ mmara no mu nhyehyɛeɛ nyinaa pɛpɛɛpɛ ngu aboɔ a wɔde akaadoo aka so no so.”
Scriverai su quelle pietre tutte le parole di questa legge con scrittura ben chiara».
9 Afei, Mose ne Lewifoɔ asɔfoɔ kasa kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ, “Ao Israel, monyɛ komm na montie! Ɛnnɛ, moabɛyɛ Awurade, mo Onyankopɔn manfoɔ.
Mosè e i sacerdoti leviti dissero a tutto Israele: «Fà silenzio e ascolta, Israele! Oggi sei divenuto il popolo del Signore tuo Dio.
10 Monyɛ ɔsetie mma Awurade, mo Onyankopɔn, na monni ne mmara ne nʼahyɛdeɛ a mede rema mo ɛnnɛ yi so.”
Obbedirai quindi alla voce del Signore tuo Dio e metterai in pratica i suoi comandi e le sue leggi che oggi ti do».
11 Saa ɛda no ara, Mose hyɛɛ ɔmanfoɔ no sɛ,
In quello stesso giorno Mosè diede quest'ordine al popolo:
12 Sɛ motwa Asubɔnten Yordan a, Simeon, Lewi, Yuda, Isakar, Yosef ne Benyamin mmusuakuo na wɔnnyina Gerisim bepɔ so nhyira ɔman no.
«Quando avrete passato il Giordano, ecco quelli che staranno sul mont Garizim per benedire il popolo: Simeone, Levi, Giuda, Issacar, Giuseppe e Beniamino;
13 Ruben, Gad, Aser, Sebulon, Dan ne Naftali mmusuakuo nso nnyina Ebal bepɔ so nnome.
ecco quelli che staranno sul monte Ebal, per pronunciare la maledizione: Ruben, Gad, Aser, Zàbulon, Dan e Nèftali.
14 Na afei, Lewifoɔ nteam ngu nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa so sɛ:
I leviti prenderanno la parola e diranno ad alta voce a tutti gli Israeliti:
15 “Nnome nka onipa a ɔbɛyɛ ohoni a wɔasene anaa deɛ wɔagu de ahyɛ kɔkoam. Saa ahoni adwumfoɔ nsaano nnwuma yi yɛ Awurade akyiwadeɛ.” Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”
Maledetto l'uomo che fa un'immagine scolpita o di metallo fuso, abominio per il Signore, lavoro di mano d'artefice, e la pone in luogo occulto! Tutto il popolo risponderà e dirà: Amen.
16 “Nnome nka obiara a ɔbɛbu nʼagya anaa ne maame animtia.” Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”
Maledetto chi maltratta il padre e la madre! Tutto il popolo dirà: Amen.
17 “Nnome nka obiara a ɔsesa hyeɛ nam so bɔ ne yɔnko korɔno.” Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”
Maledetto chi sposta i confini del suo prossimo! Tutto il popolo dirà: Amen.
18 “Nnome nka obiara a ɔma onifirani fom ɛkwan.” Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”
Maledetto chi fa smarrire il cammino al cieco! Tutto il popolo dirà: Amen.
19 “Nnome nka obiara a ɔsisi ahɔhoɔ, nwisiaa ne akunafoɔ.” Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”
Maledetto chi lede il diritto del forestiero, dell'orfano e della vedova! Tutto il popolo dirà: Amen.
20 “Nnome nka obiara a ɔne nʼagya yere bɛda, ɛfiri sɛ, wagu nʼagya mpa ho fi.” Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”
Maledetto chi si unisce con la moglie del padre, perché solleva il lembo del mantello del padre! Tutto il popolo dirà: Amen.
21 “Nnome nka obiara a ɔne aboa bɛda.” Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”
Maledetto chi si unisce con qualsiasi bestia! Tutto il popolo dirà: Amen.
22 “Nnome nka obiara a ɔne ne nuabaa bɛda, sɛ ɔyɛ nʼagya babaa anaa ne maame babaa.” Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”
Maledetto chi si unisce con la propria sorella, figlia di suo padre o figlia di sua madre! Tutto il popolo dirà: Amen.
23 “Nnome nka obiara a ɔne nʼase baa bɛda.” Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”
Maledetto chi si unisce con la suocera! Tutto il popolo dirà: Amen.
24 “Nnome nka obiara a ɔbɛkum ɔfoforɔ wɔ kɔkoam.” Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”
Maledetto chi uccide il suo prossimo in segreto! Tutto il popolo dirà: Amen.
25 “Nnome nka obiara a ɔgye apaabɔdeɛ na ɔkum onipa a ɔnyɛɛ bɔne biara.” Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”
Maledetto chi accetta un regalo per condannare a morte un innocente! Tutto il popolo dirà: Amen.
26 “Nnome nka obiara a wanni mmaransɛm yi so na wannye anto mu.” Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, “Amen!”
Maledetto chi non mantiene in vigore le parole di questa legge, per metterla in pratica! Tutto il popolo dirà: Amen.

< 5 Mose 27 >