< 5 Mose 2 >
1 Afei, yɛsane yɛn akyi de yɛn ani kyerɛɛ ɛserɛ so wɔ baabi a Ɛpo Kɔkɔɔ no da hɔ sɛdeɛ Awurade kyerɛɛ me sɛ menyɛ no. Yɛnantenante faa Seir bepɔ ho nna bebree.
Afei, yɛsan yɛn akyi de yɛn ani kyerɛɛ sare so wɔ baabi a Po Kɔkɔɔ no da hɔ sɛnea Awurade kyerɛɛ me sɛ menyɛ no. Yɛnantenantew faa Seir bepɔw man no ho nna bebree.
2 Akyire no, Awurade ka kyerɛɛ me sɛ,
Na Awurade ka kyerɛɛ me se,
3 “Moatwa afa saa bepɔ yi ho akyɛre yie enti monnane mo ani nkyerɛ atifi fam.
“Moatwa afa saa ɔman a ɛda bepɔw yi so no ho mmere sann, enti monnan mo ani nkyerɛ atifi fam.
4 Hyɛ ɔman no sɛ, ‘Mobɛfa mo nuanom Edomfoɔ a wɔyɛ Esau asefoɔ a wɔte Seir no asase so. Edomfoɔ no bɛsuro mo, nanso monhwɛ yie.
Hyɛ ɔman no se, ‘Morebɛfa mo nuanom Edomfo, a wɔyɛ Esau asefo a wɔte Seir no asase so. Edomfo no besuro mo, nanso monhwɛ yiye.
5 Monnhyɛ wɔn abufuo a ɛde ɔko bɛba, na meremfa wɔn nsase no mu biara mma mo; mpo, baabi a mode mo nan bɛtia, ɛfiri sɛ, mede Seir bepɔ kuro ama Esau sɛ nʼatenaeɛ.
Monnhyɛ wɔn abufuw a ɛde ɔko bɛba na meremfa wɔn nsase no mu biara mma mo; mpo, baabi a mode mo anan besisi, efisɛ mede Seir bepɔw kurow ama Esau sɛ nʼatenae.
6 Aduane biara a mobɛdi ne nsuo biara a mobɛnom no, montua wɔn ho ka.’”
Aduan biara a mubedi ne nsu biara a mobɛnom no, momfa dwetɛ ntua wɔn ho ka.’”
7 Awurade ahyira mo nsa ano nnwuma nyinaa. Wahwɛ mo so wɔ mo akwantuo wɔ ɛserɛ kakraa yi nyinaa so. Saa mfeɛ aduanan yi nyinaa mu, Awurade aka mo ho na hwee ho anhia mo.
Awurade, mo Nyankopɔn, ahyira mo nsa ano nnwuma nyinaa. Wahwɛ mo so wɔ mo akwantu wɔ sare kakraa yi nyinaa so. Saa mfe aduanan yi nyinaa mu no, Awurade aka mo ho na hwee ho anhia mo.
8 Yɛtwa faa yɛn nuanom a wɔyɛ Esau asefoɔ a wɔte Seir no ho. Yɛfaa Araba subɔnhwa ɛkwan no a ɛfiri Elat ne Esion-Geber no so na yɛbɛfaa Moab ɛserɛ so ɛkwan no so.
Yetwa faa yɛn nuanom a wɔyɛ Esau asefo a wɔte Seir ho no. Yɛfaa Araba subon kwan no a efi Elat ne Esion-Geber no so na yɛbɛfaa Moab sare so kwan no so.
9 Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Monnha Moabfoɔ no anaa monnteetee wɔn sɛdeɛ ɛde ɔko bɛba, na meremfa wɔn nsase no mu biara mma mo. Ɛfiri sɛ, mede Ar ama Lot asefoɔ sɛ agyapadeɛ.”
Na Awurade ka kyerɛɛ me se, “Monnhaw Moabfo no anaa monhyɛ wɔn abufuw a ɛde ɔko bɛba, na meremfa wɔn nsase no mu biara mma mo. Efisɛ mede Ar ama Lot asefo sɛ agyapade.”
10 Kane no na Emifoɔ na wɔte hɔ. Na wɔsoso na wɔdɔɔso a wɔwoware te sɛ Anakfoɔ no.
Kan no na Emifo na wɔte hɔ. Na wɔsoso na wɔdɔɔso a wɔwoware te sɛ Anakfo no.
11 Wɔn nso, na wɔyɛ abrane sɛ Anakfoɔ no ara pɛ, a na wɔfrɛ wɔn Refaimfoɔ, nanso Moabfoɔ deɛ, na wɔfrɛ wɔn Emifoɔ.
Wɔn nso, na wɔyɛ abran sɛ Anakfo no ara pɛ, a na wɔfrɛ wɔn Refaitefo, nanso Moabfo de, na wɔfrɛ wɔn Emifo.
12 Kane no na Horifoɔ na wɔte Seir, nanso Esau asefoɔ tuu wɔn firii hɔ. Wɔsɛee Horifoɔ no tenaa wɔn ananmu sɛdeɛ Israel yɛɛ wɔ asase a Awurade de maa wɔn sɛ wɔn agyapadeɛ no so no pɛpɛɛpɛ.
Kan no na Horifo na wɔte Seir, nanso Esau asefo no tuu wɔn fii hɔ. Wɔsɛee Horifo no tenaa wɔn anan mu sɛnea Israel yɛɛ wɔ asase a Awurade de maa wɔn sɛ wɔn agyapade no so no pɛpɛɛpɛ.
13 Awurade kaa sɛ, “Afei, sɔre na kɔtwa asuwa Sered no.” Na yɛkɔtwaa asuwa Sered.
Na Awurade kae se, “Afei, sɔre na kotwa Sered bon no.” Enti yekotwaa obon no.
14 Na nna dodoɔ a yɛde nante firi Kades-Barnea bɛsii sɛ yɛtwaa asuwa Sered no yɛ mfirinhyia aduasa nwɔtwe. Saa ɛberɛ no, na mmarima a wɔanyinyini yie a wɔbɛtumi akɔ ɔko no nyinaa awuwu wɔ ɛserɛ no so sɛdeɛ Awurade kaeɛ no.
Na nna dodow a yɛde nantew fi Kades-Barnea besii sɛ yetwaa Sered bon no yɛ mfirihyia aduasa awotwe. Saa bere no, na mmarima a wɔanyinyin yiye a wobetumi akɔ ɔko no nyinaa awuwu wɔ sare no so sɛnea Awurade kaa ho ntam no.
15 Na Awurade nsa tiaa wɔn ara kɔsi sɛ wɔn nyinaa bɛwuwuu wɔ wɔn atenaeɛ hɔ.
Na Awurade nsa tiaa wɔn ara kosi sɛ wɔn nyinaa wuwuu wɔ wɔn atenae hɔ.
16 Akofoɔ no nyinaa wuwu firii nnipa no mu pɛ,
Saa nnipa yi mu akofo a otwa to wuu no pɛ,
17 Awurade ka kyerɛɛ me sɛ,
na Awurade ka kyerɛɛ me se,
18 “Ɛnnɛ, ɛsɛ sɛ wofa Ar kɔsi Moab mantam mu.
“Nnɛ, ɛsɛ sɛ wofa Ar wɔ Moab mantam mu.
19 Na sɛ woduru Amonfoɔ mu a, nha wɔn anaa nhyɛ wɔn ahometeɛ a ɛde wɔn bɛkɔ ɔko mu, ɛfiri sɛ, meremma mo Amorifoɔ nsase no bi. Mede ama Lot asefoɔ sɛ agyapadeɛ.”
Na sɛ wudu Amonfo mu a, nhaw wɔn anaa nhyɛ wɔn abufuw a ɛde ɔko bɛba, efisɛ meremma mo Amorifo nsase no bi. Mede ama Lot asefo sɛ agyapade.”
20 Saa beaeɛ hɔ na abrane akɛseɛ a na Amonfoɔ frɛ wɔn Samsumin no na wɔte kane no.
Saa beae hɔ na abran akɛse a na Amonfo frɛ wɔn Samsumifo no te kan no.
21 Na wɔyɛ nnipa ahoɔdenfoɔ a wɔdɔɔso na wɔwoware te sɛ Anakfoɔ no. Na Awurade sɛee Samsumifoɔ no wɔ Amonfoɔ anim ma wɔtuu wɔn tenaa wɔn anan mu.
Na wɔyɛ nnipa ahoɔdenfo a wɔdɔɔso na wɔwoware te sɛ Anakfo no. Na Awurade sɛee Samsumifo no wɔ Amonfo anim ma wɔpam wɔn tenaa wɔn anan mu.
22 Saa ara na Awurade sɛee Horifoɔ wɔ Esau asefoɔ a na wɔte Seir no anim ma wɔtuu wɔn, tenaa wɔn anan mu de bɛsi ɛnnɛ yi.
Saa ara na Awurade sɛee Horifo wɔ Esau asefo a na wɔte Seir no anim ma wɔpam wɔn, tenaa wɔn anan mu de besi nnɛ yi.
23 Na Awifoɔ nso a wɔtenaa nkuraa nkuraa hwete kɔduruu Gasa no nso, Kaftorfoɔ a wɔfiri Kaftor bɛsɛee wɔn, tenaa wɔn anan mu.
Na Awifo a wɔtenaa nkuraa nkuraa trɛw koduu Gasa no nso, Kaftorfo a wofi Kaftor bɛsɛee wɔn, tenaa wɔn anan mu.
24 “Sɔre kɔtwa Arnon subonhwa. Mede Hesbonhene Sihon a ɔyɛ Amorini no ne nʼasase ahyɛ wo nsa. Kɔto hyɛ ne so, na monko, na fa nʼasase no.
“Sɔre kotwa Arnon Subon. Mede Hesbonhene Sihon a ɔyɛ Amorini no ne man ahyɛ wo nsa. Kɔtow hyɛ ne so, na monko, na fa.
25 Ɛfiri ɛnnɛ yi ara, mede mo ho suro ne hu bɛhyɛ aman a wɔwɔ ɔsoro ase nyinaa mu. Wɔbɛte mo ho nsɛm na wɔn ho bɛpopo na mo enti, wɔanya adwenemhaw.”
Efi nnɛ yi ara, mede mo ho suro ne hu bɛhyɛ aman a wɔwɔ ɔsoro ase nyinaa mu. Wɔbɛte mo ho nsɛm na wɔn ho bɛpopo na mo nti, wɔanya adwenemhaw esiane mo nti.”
26 Metuu abɔfoɔ firii Kedemot ɛserɛ so kɔɔ Hesbonhene Sihon nkyɛn asomdwoeɛ so kɔka kyerɛɛ no sɛ,
Mituu abɔfo fii Kedemot sare so kɔɔ Hesbonhene Sihon nkyɛn asomdwoe so kɔka kyerɛɛ no se,
27 “Ma yɛntwam wʼasase so ha. Yɛbɛfa ɛkwan tempɔn mu a yɛremmane mfa benkum anaa nifa so baabiara.
“Ma yentwa mu mfa wo man mu ha. Yɛbɛfa ɔtempɔn no so tee; yɛremman mfa benkum anaa nifa.
28 Tɔn aduane ma yɛnni na tɔn nsuo nso ma yɛnnom. Deɛ yɛrehwehwɛ ara ne ɛkwan a wobɛma yɛn ama yɛatwam wɔ wʼasase so,
Tɔn aduan ma yenni na tɔn nsu nso ma yɛnnom. Nea yɛrehwehwɛ ara ne ɔkwan a wobɛma yɛn ama yɛanantew atwa mu,
29 sɛdeɛ Esau asefoɔ a na wɔte Seir ne Moabfoɔ a na wɔte Ar yɛɛ yɛn no. Ma yɛntwam nkɔsi sɛ yɛbɛtwam Yordan akɔsi asase a Awurade de ama yɛn no so.”
sɛnea Esau asefo a na wɔte Seir ne Moabfo a na wɔte Ar yɛɛ yɛn no akosi sɛ yebetwa Yordan akɔ asase a Awurade, yɛn Nyankopɔn, de rema yɛn no so.”
30 Nanso, Hesbonhene Sihon amma yɛamfa nʼasase so antwam. Ɛfiri sɛ, Awurade yɛɛ ne honhom sisirii, pirim nʼakoma sɛdeɛ ɔnam so de no bɛhyɛ wo nsam nam so adi wɔn so nkonim sɛdeɛ wayɛ no ɛnnɛ yi.
Nanso Hesbonhene Sihon amma yɛantwa mu wɔ hɔ. Efisɛ na Awurade, mo Nyankopɔn, ayɛ ne honhom sisirii, apirim ne koma sɛnea ɔnam so de no bɛhyɛ mo nsam, sɛnea wayɛ no nnɛ yi.
31 Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Mafiti aseɛ de Sihon ne ne ɔman ahyɛ wo nsam. Afei, fiti aseɛ na di wɔn so, na fa nʼasase no.”
Awurade ka kyerɛɛ me se, “Hwɛ, mafi ase de Sihon ne ne man ahyɛ wo nsam. Afei, fi ase na di wɔn so, na fa nʼasase no.”
32 Ɛberɛ a Sihon ne ne dɔm bɛhyiaa yɛn ɔko so wɔ Yahas no,
Bere a Sihon ne ne dɔm behyiaa yɛn sɛ wɔne yɛn rebɛko wɔ Yahas no,
33 Awurade de no maa yɛn ma yɛdii ɔno, ne ne manfoɔ nyinaa so.
Awurade, yɛn Nyankopɔn, yii no maa yɛn ma yɛbobɔɔ ɔno, ne mmabarima ne nʼasraafo nyinaa hwehwee.
34 Na yɛfaa ne nkuro nyinaa saa ɛberɛ no sɛee ne mmarima, mmaa ne mmɔfra a wɔwɔ kuropɔn biara mu a yɛannya obiara,
Na yɛfaa ne nkurow nyinaa saa bere no sɛee ne mmarima, mmea ne mmofra a yɛannyaw obiara.
35 gye afieboa nko na yɛfomm wɔn faeɛ, ɛnna nkuro a yɛfaeɛ no mu asadeɛ.
Mmom, nyɛmmoa ne asade ahorow a ɛwɔ nkurow a yedii so no mu no de, yɛsoa kɔe.
36 Ɛfiri Aroer a ɛda Arnon subɔnhwa ano ne kuro a ɛda subɔnhwa no mu no so de kɔsi Gilead no, kuro biara nni hɔ a na ɛsodie yɛ den ma yɛn; Awurade de ne nyinaa hyɛɛ yɛn nsa.
Efi Aroer a ɛda Arnon Subon ano ne kurow a ɛda subon no mu no, ne mpo, de kosi Gilead no, kurow biara nni hɔ a na ɛsodi yɛ den ma yɛn; Awurade, yɛn Nyankopɔn de ne nyinaa hyɛɛ yɛn nsa.
37 Nanso, yɛammɛn Amorifoɔ a na wɔwɔ Asubɔnten Yabok ho ne mmepɔ no so nkuro no baabiara a Awurade yɛn Onyankopɔn hyɛɛ yɛn sɛ yɛnnkɔ no.
Nanso, yɛankɔ Amorifo asase ne asase a ɛda Asubɔnten Yabok ho ne mmepɔw no so nkurow no baabiara a Awurade yɛn Nyankopɔn hyɛɛ yɛn sɛ yɛnnkɔ so no so.