< 5 Mose 17 >

1 Mommfa anantwie anaa nnwan a wɔadi dɛm mmɔ afɔdeɛ mma Awurade, mo Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, ɛyɛ nʼakyiwadeɛ.
Mommfa anantwi anaa nguan a wɔadi dɛm anaa wonnye mmɔ afɔre mma Awurade, mo Nyankopɔn no, efisɛ ɛyɛ nʼakyiwade.
2 Sɛ ɛba sɛ ɔbarima anaa ɔbaa a ɔka mo ho wɔ kuro baako bi a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo no mu ayɛ bɔne wɔ Awurade, mo Onyankopɔn, anim, atia apam no
Sɛ ɛba sɛ muhu sɛ ɔbarima anaa ɔbea a ɔka mo ho wɔ kurow baako bi a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo no mu reyɛ bɔne wɔ Awurade, mo Nyankopɔn no, anim, atia nʼapam no,
3 sɛ ɔresom anyame foforɔ anaa ɔresom owia, ɔsrane anaa ɔsoro atumfoɔ bi a mabra no, na
na wabu mʼahyɛde so resom anyame afoforo, rekotow wɔn; anaa ɔresom owia, ɔsram anaa wim nsoromma,
4 sɛ mote saa asɛm no a, monhwehwɛ mu yie. Sɛ ɛyɛ nokorɛ na wɔkɔ mu hunu sɛ ɛyɛ akyiwadeɛ na wayɛ wɔ Israel a,
na sɛ mote saa asɛm no a, monhwehwɛ mu yiye. Sɛ ɛyɛ nokware na wɔkɔ mu hu sɛ wɔayɛ saa akyiwade yi wɔ Israel a,
5 momfa saa ɔbarima anaa ɔbaa no a wayɛ saa bɔne no mmra mo kuropɔn ɛpono ano na monsi no aboɔ nkum no.
momfa saa ɔbarima anaa ɔbea a wayɛ saa bɔne no mmra mo kuropɔn pon ano na munsiw saa onipa no abo nkum no.
6 Adansefoɔ baanu anaa baasa ano asɛm so na ɛsɛ sɛ wɔgyina kum saa ɔbarima no. Nanso, ɛnsɛ sɛ wɔgyina ɔdanseni baako ano asɛm so kum obi.
Nnansefo baanu anaa baasa ano asɛm so na ɛsɛ sɛ wogyina kum saa ɔbarima no. Nanso ɛnsɛ sɛ wogyina ɔdanseni baako pɛ ano asɛm so kum obi.
7 Adansefoɔ no to ɔboɔ a ɛdi ɛkan a, nnipa a wɔwɔ hɔ no nyinaa nso bɛto wɔn deɛ de akum onipa no. Saa ɛkwan yi so na mobɛfa atu onipa bɔnefoɔ ase afiri mo mu.
Ɛsɛ sɛ nnansefo no nsa ano abo na wɔtow di kan na akyiri no, nnipa no nyinaa atotow wɔn de de akum no. Saa ɔkwan yi so na mobɛfa atu amumɔyɛfo ase afi mo mu.
8 Sɛ wɔde nsɛm bi ba mo asɛnniiɛ a ne die yɛ mo den sɛ mobɛbu ho atɛn, sɛ ɛyɛ awudie, asɛnnie, anaasɛ ntɔkwa a, momfa wɔn nkɔ baabi a Awurade, mo Onyankopɔn, bɛkyerɛ mo no.
Sɛ wɔde nsɛm bi ba mo asennii a ne di yɛ mo den sɛ mubebu ho atɛn, sɛ ɛyɛ awudi, nnipa bi ntam manso anaa ntɔkwaw a, momfa wɔn nkɔ faako a Awurade, mo Nyankopɔn no, bɛpaw no.
9 Monkɔ asɔfoɔ a wɔyɛ Lewifoɔ ne ɔtemmufoɔ a ɔte adwa mu saa ɛberɛ no nkyɛn. Mommisa wɔn na wɔnkyerɛ mo atɛn a mommuo.
Monkɔ asɔfo a wɔyɛ Lewifo ne otemmufo a ɔte agua mu saa bere no nkyɛn. Mummisa wɔn na wɔbɛkyerɛ mo atɛn a mummu.
10 Monni gyinaeɛ a wɔbɛsi no so pɛpɛɛpɛ wɔ beaeɛ a Awurade, mo Onyankopɔn, bɛyi ama mo no hɔ. Monhwɛ yie na monni biribiara a wɔbɛkyerɛ mo sɛ monyɛ no so pɛpɛɛpɛ.
Munni gyinae a wobesi wɔ beae a Awurade, mo Nyankopɔn no, bɛpaw no so pɛpɛɛpɛ. Monhwɛ yiye na munni biribiara a wɔbɛkyerɛ mo sɛ monyɛ no so pɛpɛɛpɛ.
11 Monni mmara a wɔkyerɛ mo ne gyinaeɛ a wɔbɛsi ama mo no so pɛpɛɛpɛ. Monnnane deɛ wɔka kyerɛ mo no ani. Monnkɔ nifa anaa benkum.
Munni mmara a wɔkyerɛ mo ne gyinae a wobesi ama mo no so pɛpɛɛpɛ. Monnnan nea wɔka kyerɛ mo no ani. Monnkɔ nifa anaa benkum.
12 Ɔbarima a ɔbɛbu ɔtemmufoɔ anaa ɔsɔfoɔ a ɔgyina hɔ resom Awurade mo Onyankopɔn animtia no, wɔnkum no. Ɛsɛ sɛ motɔre amumuyɛsɛm ase wɔ Israel.
Ɛsɛ sɛ wokum obiara a obebu otemmufo anaa ɔsɔfo a ogyina hɔ resom Awurade, mo Nyankopɔn no, animtiaa no. Ɛsɛ sɛ motɔre amumɔyɛsɛm ase wɔ Israel.
13 Nnipa nyinaa bɛte na wɔasuro na wɔremmu animtia bio.
Nnipa nyinaa bɛte na wɔasuro na wɔremmu animtiaa bio.
14 Sɛ moduru asase a Awurade mo Onyankopɔn de rema mo no so na mofa tena so na moka sɛ. “Momma yɛnsi yɛn so ɔhene te sɛ aman a atwa yɛn ho ahyia no nyinaa a,”
Sɛ mudu asase a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo no so na mofa tena so na moka se. “Momma yensi yɛn so hene te sɛ aman a atwa yɛn ho ahyia no nyinaa a,”
15 monhwɛ sɛ mobɛpa obi a Awurade mo Onyankopɔn bɛyi no asi mo so ɔhene. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ mo nuanom no mu bi. Mommfa ɔhɔhoɔ a ɔnyɛ mo nua Israelni nsi mo so ɔhene.
monhwɛ sɛ mobɛfa obi a Awurade, mo Nyankopɔn no, bɛpaw no asi mo so hene. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ mo nuanom no mu bi. Mommfa ɔhɔho a ɔnyɛ mo nua Israelni nsi mo so hene.
16 Ɛnsɛ sɛ saa ɔhene no pɛ apɔnkɔ dodoɔ sɛ nʼagyapadeɛ anaasɛ ɔma nnipa sane kɔ Misraim kɔtɔ apɔnkɔ dodoɔ wɔ hɔ, ɛfiri sɛ, Awurade aka akyerɛ mo sɛ. “Ɛnsɛ sɛ mosane kɔ mo akyi bio.”
Ɛnsɛ sɛ saa ɔhene no pɛ apɔnkɔ dodow sɛ nʼagyapade anaasɛ ɔma nnipa san kɔ Misraim kɔtɔ apɔnkɔ dodow bi, efisɛ Awurade aka akyerɛ mo se. “Ɛnsɛ sɛ mosan kɔ mo akyi bio.”
17 Ɛnsɛ sɛ ɔware yerenom bebree anyɛ saa a, nʼakoma bɛfiri Awurade so. Ɛnsɛ sɛ ɔboaboa dwetɛ ne sika pii ano.
Ɛnsɛ sɛ ɔware yerenom bebree anyɛ saa a, ne koma befi Awurade so. Ɛnsɛ sɛ ɔboaboa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ pii ano.
18 Sɛ ɔtena ahennwa no so sɛ ɔhene a, ɛsɛ sɛ ɔtwerɛ mmara nwoma no wɔ mmobɔeɛ so wɔ Lewifoɔ asɔfoɔ anim na ɔfa.
Sɛ ɔtena ahengua no so sɛ ɔhene a, ɛsɛ sɛ ɔkyerɛw saa mmara yi wɔ nhoma mmobɔwee so wɔ Lewifo asɔfo anim na ɔfa.
19 Mmerɛ dodoɔ a ɔte ase no, ɛsɛ sɛ ɔkora mmara a ɛwɔ ne nkyɛn no na ɔkenkan no daa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛdi mmara no so na wasuro Awurade ne Onyankopɔn.
Mmere dodow a ɔte ase no, ɛsɛ sɛ ɔkora mmara a ɛwɔ ne nkyɛn no na ɔkenkan no daa sɛnea ɛbɛyɛ a, obedi mmara no so na wasuro Awurade, ne Nyankopɔn no.
20 Kenkan a ɔkenkan no daa no remma ɔnyɛ ahantan, nhoran ne ho nkyerɛ sɛ ɔsene ne manfoɔ no. Ɛbɛsi no kwan sɛ ɔbɛtwe ne ho kakra mpo afiri saa mmara yi ho. Yei bɛsi no gyinaeɛ sɛ ɔne nʼasefoɔ bɛdi adeɛ awoɔ ntoatoasoɔ bebree so wɔ Israel.
Kenkan a ɔkenkan no daa no remma ɔnyɛ ahantan, nhoran ne ho nkyerɛ sɛ ɔsen ne manfo no. Ɛremma no ntwe ne ho mfi mmara no ho nkɔ nifa anaa benkum. Na ɔne nʼasefo bedi ade akyɛ wɔ nʼaheman Israel mu.

< 5 Mose 17 >