< 5 Mose 12 >

1 Yeinom ne mmara ne ahyɛdeɛ a ɛsɛ sɛ modi so, ɛberɛ a mote asase a Awurade, mo agyanom Onyankopɔn, de ama mo no so.
Eyinom ne mmara ne ahyɛde a ɛsɛ sɛ mohwɛ na mudi so, mmere dodow a mote asase a Awurade, mo agyanom Nyankopɔn, de ama mo no so.
2 Sɛ motu amanaman a wɔtete hɔ no firi hɔ a, ɛsɛ sɛ mosɛe mmeammea a wɔsom wɔn anyame no nyinaa—mmepɔ no atifi, nkokoɔ no atifi ne nnua a ɛyi nhahammono no ase nyinaa.
Sɛ mutu aman a wɔtete hɔ no fi hɔ a, mosɛe mmeae ahorow bi sɛ mmepɔw atifi, nkoko so, ne nnua a atrɛtrɛw no ase a wɔsom wɔn anyame no nyinaa.
3 Mommubu wɔn afɔrebukyia nyinaa na monyam wɔn ɔsom adum no. Momfa ogya nhye wɔn abosompɔ na mommobɔ wɔn ahoni a wɔayeyɛ no. Mompepa wɔn ahoni no din mfiri mmeammea hɔ.
Mummubu wɔn afɔremuka nyinaa na monyam wɔn ɔsom adum no. Momfa ogya nhyew wɔn abosompɔw na mommobɔ wɔn ahoni a wɔayeyɛ no. Mompepa wɔn ahoni no din mfi mmeae ahorow a ɛwɔ no.
4 Mommfa wɔn akwan no so nsom Awurade, mo Onyankopɔn.
Mommfa wɔn akwan no so nsom Awurade, mo Nyankopɔn.
5 Na mmom, monhwehwɛ baabi a Awurade, mo Onyankopɔn, bɛyi afiri mo mmusuakuo mu ama mo no na montim ne din hɔ sɛ nʼatenaeɛ. Beaeɛ hɔ na ɛsɛ sɛ mokɔ.
Na mmom, monhwehwɛ faako a Awurade, mo Nyankopɔn, beyi afi mo mmusuakuw mu ama mo no na munnyina ne din wɔ hɔ sɛ nʼatenae. Beae hɔ na ɛsɛ sɛ mokɔ.
6 Ɛhɔ na momfa mo hyeɛ afɔrebɔdeɛ mmra mmɛbɔ a mo ntotosoɔ dudu, akyɛdeɛ sononko, adeɛ a moaka ho ntam sɛ mode bɛba ne afɔrebɔdeɛ a ɛfiri akoma pa mu, mo anantwie ne mo nnwan mu mmakan nso ka ho.
Ɛhɔ na momfa mo hyew afɔrebɔde mmra mmɛbɔ a mo ntotoso du du, akyɛde sononko, ade a moaka ho ntam sɛ mode bɛba ne afɔrebɔde a efi mo pɛ mu, mo anantwi ne mo nguan mu mmakan nso nka ho.
7 Ɛhɔ na Awurade mo Onyankopɔn anim, mo ne mo abusuafoɔ bɛdidi na mo ani agye wɔ biribiara a mo nsa aka wɔ hɔ, ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn, ahyira mo.
Ɛhɔ, Awurade, mo Nyankopɔn no anim hɔ no, na mo ne mo abusuafo bedidi na mo ani agye wɔ biribiara a mode mo nsa aka ho, efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn, ahyira mo.
8 Ɛnnɛ yi, deɛ mopɛ biara na moyɛ, nanso, ɛnyɛ ne kwan ne no,
Nnɛ yi, nea mopɛ biara na moyɛ, nanso ɛnsɛ sɛ ɛba saa,
9 ɛfiri sɛ, monnuruu ahomegyebea a Awurade mo Onyankopɔn de rebɛma mo no hɔ.
efisɛ munnuu ahomegyebea ne agyapade a Awurade, mo Nyankopɔn, de rebɛma mo no hɔ ɛ.
10 Ɛrenkyɛre biara, mobɛtwa Asubɔnten Yordan akɔtena asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo sɛ agyapadeɛ sononko no so. Sɛ ɔma mo ahomegyeɛ ne banbɔ wɔ mo atamfoɔ ho a,
Nanso mubetwa Asubɔnten Yordan akɔtena asase a Awurade, mo Nyankopɔn, de rema mo sɛ agyapade no so. Na ɔbɛma mo ahomegye ne bammɔ afi mo atamfo a wɔatwa mo ho ahyia no nsam na moatena ase dwoodwoo.
11 momfa biribiara a mɛhyɛ mo sɛ momfa mmra a ɛyɛ mo ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ, ntotosoɔ dudu, akyɛdeɛ sononko ne mo ɔma ahodoɔ ne mo bɔhyɛ afɔdeɛ. Momfa nkɔ beaeɛ a Awurade mo Onyankopɔn bɛyi ama mo a mobɛkamfo ne din wɔ hɔ no.
Momfa biribiara a mehyɛ mo sɛ momfa mmra sɛ ɛyɛ mo ɔhyew afɔrebɔde, ntotoso du du, akyɛde sononko ne mo ɔma ahorow no mfa nhyɛ mo ntanka no mu kena wɔ beae a Awurade, mo Nyankopɔn, beyi ama mo a sɛ monsɔre ne din wɔ hɔ no.
12 Mo ne mo mmammarima, mo mmammaa ne mo nkoa nyinaa nnye mo ani wɔ hɔ wɔ Awurade, mo Onyankopɔn, anim. Na monkae Lewifoɔ a wɔtete mo nkuro so no sɛ, wɔnni asase a ɛyɛ wɔn dea.
Mo ne mo mmabarima, mo mmabea ne mo nkoa nyinaa nnye mo ani wɔ hɔ wɔ Awurade, mo Nyankopɔn no, anim. Na monkae Lewifo a wɔtete mo nkurow so no a wonni wɔn ankasa agyapade no.
13 Monhwɛ yie na moammɔ mo hyeɛ afɔdeɛ wɔ baabiara kwa.
Monhwɛ yiye na moammɔ mo hyew afɔre wɔ baabiara a mopɛ.
14 Motumi yɛ saa wɔ baabi pɔtee a Awurade ayi afiri mo mmusua asase bi mu ama mo. Ɛhɔ na motumi bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ na moyɛ biribiara a mɛhyɛ mo sɛ monyɛ no.
Mommɔ wɔ baabi pɔtee a Awurade ayi afi mo mmusua asase bi mu ama mo no nkutoo. Ɛhɔ na monyɛ biribiara a mehyɛ mo sɛ monyɛ no.
15 Nanso, kuro biara a mopɛ so no, motumi kum mmoa we sɛdeɛ mokum atwe ne adabɔ no. Motumi we ɛnam dodoɔ biara a Awurade, mo Onyankopɔn, de bɛma mo. Mo nyinaa, sɛ mo ho te anaa mo ho nte no, motumi we bi.
Nanso kurow biara a mopɛ so no, mutumi kum mmoa we sɛnea mukum atwe ne adabɔ no. Mutumi we nam dodow biara a Awurade, mo Nyankopɔn, de behyira mo no. Wɔn a wɔn ho tew ne wɔn a wɔn ho ntew no nyinaa tumi we bi.
16 Mmara a ɛbata ho ara ne sɛ, monnni mogya no. Montwa ngu fam te sɛ nsuo.
Nanso ɛnsɛ sɛ mudi mogya no. Muntwa ngu fam te sɛ nsu.
17 Ɛnsɛ sɛ modi mo afɔdeɛ, ntotosoɔ dudu a ɛfiri mo aburoo mu, mo nsã foforɔ ne ngo anaa mo anantwie ne mo nnwan abakan wɔ mo kuro mu. Biribiara a moaka ho ntam sɛ mode bɛma Awurade anaa deɛ mofiri akoma pa mu ahyɛ ho bɔ anaa akyɛdeɛ sononko biara, ɛnsɛ sɛ modi.
Ɛnsɛ sɛ mudi mo afɔre, ntotoso du du a efi mo atoko mu, mo nsa foforo ne ngo anaa mo anantwi ne mo nguan abakan wɔ mo kurow mu. Biribiara a moaka ho ntam sɛ mode bɛma Awurade anaa nea mufi mo koma mu ahyɛ ho bɔ anaa akyɛde sononko biara no, ɛnsɛ sɛ mudi.
18 Mmom, ɛsɛ sɛ modi no wɔ Awurade, mo Onyankopɔn, anim wɔ baabi a Awurade, mo Onyankopɔn, bɛkyerɛ mo no a mo, mo mmammarima ne mo mmammaa mo nkoa ne mo mfenaa ne Lewifoɔ a wɔfiri mo nkuro mu ka mo ho. Monnye mo ani wɔ Awurade, mo Onyankopɔn anim wɔ biribiara a mobɛyɛ no ho.
Mmom, ɛsɛ sɛ mudi wɔ Awurade, mo Nyankopɔn, anim wɔ faako a Awurade, mo Nyankopɔn no, bɛkyerɛ mo a mo, mo mmabarima ne mo mmabea, mo nkoa ne mo mfenaa ne Lewifo a wofi mo nkurow mu ka ho no, munnye mo ani wɔ Awurade, mo Nyankopɔn no, anim wɔ biribiara a mobɛyɛ no ho.
19 Monhwɛ yie na moantwa Lewifoɔ no annya wɔ mmerɛ dodoɔ a mote mo asase so yi.
Monhwɛ yiye na moanyi Lewifo no mu wɔ mmere dodow a mote mo asase so no.
20 Sɛ Awurade, mo Onyankopɔn, trɛ mo asase mu sɛdeɛ wahyɛ mo ho bɔ no a, ɛnneɛ, mobɛtumi awe ɛnam mmerɛ biara a mopɛ.
Sɛ Awurade, mo Nyankopɔn, trɛw mo hye mu sɛnea wahyɛ mo ho bɔ no, na sɛ mo kɔn dɔ nam ka se, “Yenya nam bi a anka yɛbɛwe” a, ɛno de, mubetumi awe nam dodow biara a mopɛ.
21 Ɛtumi ba sɛ baabi a Awurade, mo Onyankopɔn, ayi ama mo sɛ monkamfo ne din hɔ no ne mo fie kwan ware. Sɛ ɛba saa a, motumi kum mo anantwie anaa nnwan a Awurade de ama mo no bi we ɛnam no wɔ mo fie sɛdeɛ mahyɛ mo no.
Sɛ faako a Awurade, mo Nyankopɔn no, ayi ama mo sɛ monkamfo ne din hɔ no ne mmeae a mowɔ no ntam ware a, mutumi kum mo anantwi anaa nguan a Awurade de ama mo no dodow biara a mopɛ no wɔ mo afi mu sɛnea mahyɛ mo no.
22 Obi a ne ho te anaa ne ho nte tumi we ɛnam no bi sɛdeɛ mowe ɔtwe ne ɔdabɔ no.
Monwe sɛnea mowe atwe anaa adabɔ. Wɔn a wɔn ho ntew ne wɔn a wɔn ho tew no nyinaa tumi we bi.
23 Mmara a ɛwɔ ho ara ne sɛ, monnni mogya no, ɛfiri sɛ, mogya no yɛ nkwa enti ɛnsɛ sɛ modi nkwa no fra ɛnam no.
Monhwɛ sɛ morenni mogya no, efisɛ mogya no ne nkwa no, na ɛnsɛ sɛ mudi nkwa no ne nam no.
24 Mmom, monhwie mogya no ngu fam sɛ nsuo.
Munni mogya no; mmom, munhwie ngu fam sɛ nsu.
25 Monnni mogya no, na asi mo ne mo mma yie, ɛfiri sɛ, moayɛ deɛ ɛsɔ Awurade ani.
Munnni mogya no na asi mo ne mo mma yiye, efisɛ moyɛ saa a na moayɛ nea ɛteɛ wɔ Awurade ani so.
26 Momfa mo akyɛdeɛ kronkron ne mo bɔhyɛ afɔrebɔdeɛ nkɔ beaeɛ a Awurade akyerɛ.
Momfa mo nneɛma a moatew ho ne nea moaka ho ntam sɛ mobɛma biara no, na monkɔ beae a Awurade bɛpaw no.
27 Ɛsɛ sɛ mode ɛnam ne mogya a mode bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no gu Awurade mo Onyankopɔn no afɔrebukyia so. Mogya a ɛka mo afɔdeɛ foforɔ bi a mobɔ ho no, monhwie ngu Awurade, mo Onyankopɔn, afɔrebukyia no nkyɛn nanso motumi we ɛnam no.
Momfa mo ɔhyew afɔre, nam ne mogya no nyinaa, ngu Awurade, mo Nyankopɔn no, afɔremuka so. Ɛsɛ sɛ muhwie mo afɔrebɔde no mogya no gu Awurade, mo Nyankopɔn no, afɔremuka no nkyɛn. Mmom, mubetumi awe nam no.
28 Monhwɛ yie na monni me mmara so na biribiara bɛkɔ yie ama mo ne mo mma, ɛfiri sɛ, mobɛyɛ deɛ ɛsɔ Awurade mo Onyankopɔn ani.
Monhwɛ sɛ mubedi mmara ahorow a mede rema mo yi nyinaa so, na asi mo ne mo mma a wɔbɛba wɔ mo akyi no yiye, efisɛ ɛno na ɛbɛyɛ nea eye ne nea ɛteɛ wɔ Awurade, mo Nyankopɔn no ani so.
29 Sɛ Awurade, mo Onyankopɔn, sɛe aman no na mopam wɔn kɔtena wɔn asase no so a,
Na Awurade, mo Nyankopɔn no, bedi mo anim kan akɔsɛe aman a morekɔtoa wɔn no na mopam wɔn. Na sɛ mopam wɔn kɔtena wɔn nsase no so,
30 mommma ɛkwan a wɔfa so som wɔn anyame no nyɛ afidie mma mo. Mommmisa sɛ “Ɛkwan bɛn so na saa aman yi fa som wɔn anyame? Yɛpɛ sɛ yɛdi wɔn akyi.”
na sɛ wonya di mo anim sɛe wɔn a, monhwɛ yiye na moammisa wɔn anyame no ase anka se, “Ɔkwan bɛn so na saa aman yi fa som wɔn anyame? Yɛpɛ sɛ yɛyɛ saa bi,” amfa so ankɔtɔ afiri mu.
31 Mommfa saa ɛkwan yi so nsom Awurade, mo Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, wɔn anyame no som mu no, wɔyɛɛ akyiwadeɛ bebree a Awurade mpɛ. Mpo, wɔhyee wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa wɔ ogya a wɔde rebɔ afɔdeɛ ama wɔn anyame no mu.
Mommfa wɔn kwan so nsom Awurade, mo Nyankopɔn no, efisɛ wɔn anyame no som mu no, wɔyɛ akyiwade ahorow a Awurade kyi no nyinaa mpɛ. Mpo, wɔhyew wɔn mmabarima ne wɔn mmabea wɔ ogya sɛ wɔde rebɔ afɔre ama wɔn anyame no.
32 Monhwɛ sɛ, deɛ mahyɛ mo no nyinaa mobɛdi so; mommfa bi nka ho na monnyi bi nso mfiri mu.
Monhwɛ sɛ mubedi nea mahyɛ mo no nyinaa so; mommfa bi nka ho na munnyi bi nso mfi mu.

< 5 Mose 12 >