< 5 Mose 11 >

1 Dɔ Awurade wo Onyankopɔn na di nʼapɛdeɛ, ne mmara ne nʼahyɛdeɛ so berɛ nyinaa.
Monnɔ Awurade mo Nyankopɔn na munni nʼapɛde, ne mmara ne nʼahyɛde so bere nyinaa.
2 Montie ɛnnɛ sɛ, ɛnyɛ mo mma na wɔnyaa osuahunu hunuu Awurade mo Onyankopɔn ntenesoɔ, ne tumi, ne basa kɛseɛ, ne nsa a watene mu,
Nnɛ, muntie, sɛ ɛnyɛ mo mma na wonyaa osuahu, huu Awurade, mo Nyankopɔn no nteɛso, ne tumi, ne basa kɛse, ne nsa a wateɛ mu;
3 nsɛnkyerɛnneɛ a ɔyɛeɛ ne nneɛma a wɔyɛɛ wɔ Misraim pɛɛ maa ebi kaa Misraimhene Farao ne ɔman mu no nyinaa.
nsɛnkyerɛnne a ɔyɛe ne nneɛma a ɔyɛɛ wɔ Misraim pɛɛ maa bi kaa Misraimhene Farao ne ɔman mu no nyinaa no;
4 Wɔanhunu dwuma a mo Onyankopɔn dii Misraim asraafoɔ, wɔn apɔnkɔ ne wɔn nteaseɛnam, anaa sɛdeɛ ɔmaa Ɛpo Kɔkɔɔ yiri faa wɔn ɛberɛ a wɔtaa mo no ne sɛdeɛ Awurade sɛee wɔn ɛberɛ a wɔtaa mo no ne sɛdeɛ Awurade sɛee wɔn de bɛsi ɛnnɛ yi.
dwuma a odii Misraim asraafo, wɔn apɔnkɔ ne wɔn nteaseɛnam no; sɛnea ɔmaa Po Kɔkɔɔ yiri faa wɔn bere a wɔtaa mo no ne sɛnea Awurade sɛee wɔn bere a wɔtaa mo no; ne sɛnea Awurade de ɔsɛe a to ntwa baa wɔn so no.
5 Wɔanhunu sɛdeɛ na Awurade hwɛ mo so yie wɔ ɛserɛ so hɔ kɔsii sɛ mobɛduruu ha.
Ɛnyɛ mo mma na wohuu nea ɔyɛ maa mo wɔ sare so hɔ de kosii sɛ mubeduu ha yi;
6 Na wɔnni hɔ enti, wɔanhunu deɛ wɔde yɛɛ Eliab a ɔyɛ Ruben aseni mma Datan ne Abiram ɛberɛ a wɔyɛɛ bɔne na asase mu bue menee wɔn ne wɔn afie ne wɔn ntomadan ne biribiara a na nkwa wɔ mu a ɛyɛ wɔn agyapadeɛ no.
ne nea ɔde yɛɛ Eliab a na ɔyɛ Rubenni no mma Datan ne Abiram bere a ɔmma asase buee nʼanom wɔ mo Israelfo no anim menee wɔn ne wɔn afi ne wɔn ntamadan ne biribiara a na ɛyɛ wɔn agyapade a nkwa wɔ mu no.
7 Na mode mo ani ahunu Awurade tumi nnwuma a ɔyɛeɛ nyinaa.
Mmom, ɛyɛ mo ankasa mo ani na mode ahu saa nneɛma akɛse a Awurade ayɛ yi nyinaa.
8 Monni mmara a merehyɛ ama mo ɛnnɛ yi so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mobɛnya ahoɔden akɔfa asase a morebɛtwa Yordan akɔ so akɔfa yi,
Enti munni mmara a merehyɛ mo nnɛ yi nyinaa so sɛnea ɛbɛyɛ a mubenya ahoɔden akɔfa asase a morebetwa Yordan akɔ so akɔfa yi,
9 na mo nna aware asase a nufosuo ne ɛwoɔ resene wɔ so a Awurade kaa ntam kyerɛɛ mo agyanom sɛ ɔde bɛma wɔn ne wɔn asefoɔ no so.
na mo nna aware asase a nufusu ne ɛwo sen wɔ so a Awurade kaa ntam kyerɛɛ mo agyanom sɛ ɔde bɛma wɔn ne wɔn asefo no so.
10 Asase a morebɛkɔ so no nte sɛ Misraim asase a mofiri so baeɛ no a na modua mfudeɛ a mode mo nan twa nsuka te sɛ deɛ moredua nhahannuane no.
Asase a morekɔ so akɔfa no nte sɛ Misraim asase a mufi so bae no a na mudua nnɔbae a mode mo nan twa suka te sɛnea moyɛ atomude turo no.
11 Na asase a moretwa Yordan akɔfa no yɛ mmepɔ mmepɔ ne bɔnhwa a osuo tɔ wɔ hɔ yie
Na asase a moretwa Yordan akɔfa no yɛ mmepɔw ne abon a enya osu a efi ɔsoro.
12 a ɛyɛ asase a Awurade, mo Onyankopɔn, hwɛ so yie. Na daa Awurade mo Onyankopɔn ani wɔ so firi afe no ahyɛaseɛ kɔsi nʼawieeɛ.
Ɛyɛ asase a Awurade, mo Nyankopɔn no, ani wɔ ho. Daa Awurade, mo Nyankopɔn, ani wɔ so fi afe no mfiase de kosi nʼawie.
13 Sɛ moto mo bo ase tie me mmara a merehyɛ ama mo ɛnnɛ yi na mode mo akoma ne mo kra nyinaa dɔ Awurade, mo Onyankopɔn, na mosom no a,
Sɛ mufi nokwaredi mu di mmara a merehyɛ ama mo nnɛ yi so sɛ mode mo koma ne mo kra nyinaa bɛdɔ Awurade, mo Nyankopɔn no, na moasom no a,
14 ɛnneɛ, ɔbɛtɔ osuo ne berɛ mu ama mo na moatumi atwa nnɔbaeɛ de bi ayɛ nsã ne ngo.
ɛno de, ɔbɛtɔ osu agu no asase so ne bere mu ama mo, na moatumi atwa mo awi, nsa foforo ne ngo.
15 Ɔbɛma mo ɛserɛ pii na mo anantwie awe na mo nso mobɛdidi amee.
Ɔbɛma mo sare pii na mo anantwi awe na mo nso mubedidi amee.
16 Monnnane mo akoma mfiri Awurade so nkɔsom anyame foforɔ.
Monhwɛ yiye, anyɛ saa a wɔbɛtwetwe mo ama moakɔsom anyame afoforo na moakotow wɔn.
17 Sɛ moyɛ saa a, Awurade Abufuo no bɛhuru atia mo. Ɔbɛto ɔsoro mu, agyina osutɔ, na mo nnɔbaetwa ayɛ basaa. Na ntɛm so, mobɛwuwu wɔ asase a Awurade de rema mo no so.
Ɛno na ɛbɛma Awurade abufuw ahuru atia mo; na ɔbɛto ɔsoro mu, na osu rentɔ, na asase remmɔ aduan biara, na ɛrenkyɛ na moawuwu afi asase a Awurade de rema mo no so.
18 Enti, momma me nsɛm yi ntena mo akoma mu. Momfa nkyekyere mo nsa sɛ nkaedeɛ na momfa mmɔ abotire.
Enti momma me nsɛm yi ntim wɔ mo koma ne mo adwene mu. Momfa nkyekyere mo nsa sɛ nkae ade na momfa mmɔ abotiri.
19 Monkyerɛkyerɛ mo mma. Sɛ mowɔ fie anaa monam ɛkwan so, sɛ moda hɔ anaa mosɔre anɔpa a, monkyerɛkyerɛ wɔn.
Monkyerɛkyerɛ mo mma na monka ho asɛm nkyerɛ wɔn bere a mote fie ne bere a monam akwan so; bere a modeda hɔ ne bere a mosɔre.
20 Montwerɛ ngu mo afie aponnwa ne mo abɔntenpono ho,
Monkyerɛw ngu mo afi apongua ne mo abobow ano apon so,
21 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔsoro da so kata asase ani yi, mo ne mo mma ase bɛdɔre wɔ asase a Awurade kaa ntam sɛ ɔde bɛma mo agyanom no so.
sɛnea ɛbɛyɛ a, ɔsoro da so kata asase ani yi, mo ne mo mma nkwa bɛware wɔ asase a Awurade kaa ho ntam sɛ ɔde bɛma mo agyanom no so.
22 Monhwɛ yie na monni mmara a merehyɛ ama mo yi so; monnante Awurade, mo Onyankopɔn, akwan so na momfa mo ho mmata ne ho mfa nkyerɛ ɔdɔ a modɔ no.
Sɛ mudi ahyɛde ahorow a mede rema mo sɛ munni so; sɛ monnɔ Awurade, mo Nyankopɔn, nyɛ osetie mma no na munni no ni, yi so pɛpɛɛpɛ a,
23 Ɛwom sɛ aman a wɔwɔ mo asase so yɛ den sen mo deɛ, nanso Awurade bɛpamo wɔn nyinaa.
ɛno de, Awurade bɛpam saa aman yi nyinaa wɔ mo anim, na mubetu aman a ɛsoso na wɔyɛ den sen mo no agu.
24 Baabiara a mode mo nan bɛtia no, asase no bɛyɛ mo dea. Mo ahyeɛ bɛyɛ ɛfiri ɛserɛ so anafoɔ kɔsi Lebanon wɔ atifi fam de firi Asubɔnten Eufrate wɔ apueeɛ fam kɔsi Ntam Po no fam.
Baabiara a mode mo anan betia no bɛyɛ mo de. Mo ahye bɛtrɛw afi sare so akosi Lebanon, na afi Asubɔnten Eufrate akosi Ntam Po no.
25 Obiara rentumi nsɔre ntia mo, ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn, bɛto mo ho hu ne mo ho suro adi mo anim sɛdeɛ ɔhyɛɛ mo bɔ no wɔ baabiara a mobɛkɔ wɔ asase no so.
Obiara rentumi nsɔre ntia mo, efisɛ sɛnea Awurade, mo Nyankopɔn, ahyɛ bɔ no, ɔde mo ho huboa ne osuro bɛto asase no nyinaa so wɔ baabiara a mobɛkɔ.
26 Hwɛ, ɛnnɛ mede nhyira ne nnome resi mo anim,
Hwɛ, nnɛ mede nhyira ne nnome resi mo anim;
27 Sɛ modi Awurade, mo Onyankopɔn, mmara a merehyɛ ama mo ɛnnɛ yi so a, ɛbɛyɛ nhyira.
sɛ mudi Awurade, mo Nyankopɔn, mmara a merehyɛ ama mo nnɛ yi so a, ɛbɛyɛ nhyira.
28 Na sɛ mopo Awurade, mo Onyankopɔn mmara dane firi nʼakwan a merehyɛ mo ɛnnɛ yi so, kɔsom anyame foforɔ a, ɛbɛyɛ nnome.
Na sɛ mopo Awurade, mo Nyankopɔn mmara dan fi nʼakwan a merehyɛ mo nnɛ yi so, kɔsom anyame afoforo a, ɛbɛyɛ nnome.
29 Na sɛ Awurade, mo Onyankopɔn, de mo duru asase a morekɔ so akɔfa no a, monka nhyira nsɛm mfiri Gerisim Bepɔ no so na monka nnome nsɛm nso mfiri Ebal Bepɔ so.
Na sɛ Awurade, mo Nyankopɔn, de mo du asase a morekɔ so akɔfa no a, monka nhyira nsɛm mfi Gerisim Bepɔw no so na monka nnome nsɛm nso mfi Ebal Bepɔw so.
30 Saa mmepɔ mmienu yi wɔ Asubɔnten Yordan atɔeɛ fam, asase a na Kanaanfoɔ a na wɔte Yordan subɔnhwa a ɛbɛn kuro Gilgal no te hɔ. Na wɔwɔ atɔeɛ fam a ɛbɛn More kwaeɛ no.
Sɛnea munim no, mmepɔw abien yi wɔ Asubɔnten Yordan agya wɔ atɔe fam, a ɛkyerɛ owitɔe na ɛbɛn More kwae wɔ Kanaanfo a wɔte Araba no asase so; faako a wɔn ani tua Gilgal no.
31 Moreyɛ atwa Yordan akɔtena asase a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo no so. Sɛ mokɔfa saa asase no kɔtena so a,
Moreyɛ atwa Yordan akɔfa asase a Awurade, mo Nyankopɔn, de rema mo no. Sɛ mokɔfa saa asase no kɔtena so a,
32 monhwɛ yie na monni mmara ne ahyɛdeɛ a mede rema mo ɛnnɛ yi so.
monhwɛ yiye na munni mmara ne ahyɛde ahorow a mede rema mo nnɛ yi no nyinaa so.

< 5 Mose 11 >