< Daniel 5 >
1 Mfeɛ bebree akyi no, Ɔhene Belsasar too ɛpono kɛseɛ maa ne mpanimfoɔ apem, na ɔne wɔn nom nsã.
Le roi Baltasar offrit un magnifique repas à ses grands au nombre de mille, et devant les mille convives il y avait du vin.
2 Ɛberɛ a nsã no ama Belsasar ani agye no, ɔhyɛɛ sɛ, wɔmfa sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nkuruwa a nʼagya Nebukadnessar tase firii Yerusalem asɔredan mu no mmra, sɛdeɛ ɔne ne mpanimfoɔ, ne yerenom ne ne mpenafoɔ bɛnom mu nsã.
Et Balthasar buvait, et dans l'ivresse du vin il dit que l'on apportât les vases d'or et d'argent enlevés par Nabuchodonosor son père au temple de Jérusalem, et que le roi et ses grands, ses concubines et ses femmes, bussent dans ces vases.
3 Enti, wɔde saa sikakɔkɔɔ nkuruwa a wɔtase firii Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem mu no baeɛ, na ɔhene no ne ne mpanimfoɔ ne yerenom ne ne mpenafoɔ nom mu nsã.
Et l'on apporta les vases d'or et d'argent que l'on avait rapportés du temple de Jérusalem, et le roi et ses grands, ses concubines et ses femmes burent dans ces vases.
4 Wɔrenom nsã no, wɔkamfoo wɔn ahoni a wɔde sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere, dadeɛ, dua ne aboɔ ayɛ no.
Ils burent du vin, et ils louèrent leurs dieux d'or et d'argent, d'airain, de fer, de pierre et de bois.
5 Amonom hɔ no ara, wɔhunuu sɛ, onipa nsateaa retwerɛ ɔhene ahemfie ɔfasuo no a ɛbɛn kaneadua no ho. Ɔhene no hwɛɛ nsa a ɛretwerɛ no,
Au même instant apparurent des doigts d'homme, et ils écrivirent devant le luminaire sur l'enduit du mur du palais du roi, et le roi suivait du regard le mouvement des phalanges de la main qui écrivait.
6 na ehu maa nʼanim daneeɛ. Sɛdeɛ ɔbɔɔ hu no maa ne kotodwe keka boboom, na ne nan mu yɛɛ mmrɛ.
Alors le roi changea de visage, et ses pensées le troublèrent, et la ceinture de ses reins se dénoua, ses genoux s'entre-choquèrent.
7 Ɔhene no teaam frɛɛ sɛ, wɔmfa pɛadeɛhunufoɔ, Kaldeafoɔ ne ntafowayifoɔ mmra nʼanim. Ɔka kyerɛɛ saa Babilonia anyansafoɔ yi sɛ, “Obiara a ɔbɛtumi akenkan atwerɛ yi, akyerɛ me aseɛ no, wɔbɛfira no tam kɔkɔɔ a ɛyɛ adehyeɛ abasobɔdeɛ, na wɔde sikakɔkɔɔ ntweaban agu ne kɔn mu. Ɔno na ɔbɛyɛ ɔman sodifoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa wɔ ahemman yi mu.”
Et le roi, criant de toute sa force, ordonna d'amener les mages, les Chaldéens et les sorciers. Et il dit aux sages de Babylone: Celui qui lira ce qui est écrit, et qui m'en fera connaître l'interprétation, sera revêtu de pourpre, et il aura autour du cou un collier d'or, et dans mon royaume il commandera le troisième après moi.
8 Nanso, ɔhene no anyansafoɔ no baeɛ no, wɔn mu biara antumi ankenkan atwerɛ no, ankyerɛ aseɛ amma ɔhene no.
Et tous les sages du roi s'avancèrent, et ils ne purent lire ce qui était écrit ni en donner au roi l'interprétation.
9 Enti, ɛmaa ɔhene no ho yeraa no yie, na nʼanim sesaeɛ. Nʼaberempɔn nso ho yeraa wɔn.
Et le roi Baltasar fut troublé, et il changea de visage, et ses grands furent troublés comme lui.
10 Na ɛberɛ a Ɔhemmaa no tee ɔhene ne ne mpanimfoɔ nteateam no, ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ apontoɔ dan mu hɔ. Ɔka kyerɛɛ Belsasar sɛ, “Nana nkwa so! Nana nsuro na mma wʼanim nsesa!
Et la reine entra dans la salle du festin, et elle dit: Roi, vis à jamais, que tes pensées ne se troublent pas, et ne change pas de visage!
11 Ɔbarima bi wɔ wʼahemman mu ha a ɔwɔ anyame kronkron sunsum wɔ ne mu. Wʼagya Nebukadnessar adedie mu no, wɔhunuu sɛ, saa ɔbarima yi wɔ nteaseɛ nhunumu ne nyansa te sɛ anyame no. Wʼagya Nebukadnessar sii no panin wɔ nkonyaayifoɔ, pɛadeɛhunufoɔ, Kaldeafoɔ ne ntafowayifoɔ so wɔ Babilonia.
Il est dans ton royaume un homme en qui est l'Esprit de Dieu; et du temps de ton père la vigilance et la sagesse furent trouvées en lui, et le roi Nabuchodonosor ton père le fit chef des devins, des mages, des Chaldéens et des sorciers,
12 Saa ɔbarima Daniel yi a ɔhene too no din Beltesasar yi adwene mu dɔ, na Onyankopɔn ho nimdeɛ ne nteaseɛ ahyɛ no ma. Ɔtumi kyerɛ daeɛ ne kasanyansa ase, na nsɛm a ɛkyere adwene no, ɔsane mu. Momfrɛ Daniel na ɔbɛkyerɛ mo atwerɛ no ase.”
Parce que l'esprit était supérieur en lui, et que la prudence et la sagesse étaient en lui pour interpréter les songes, pour répondre aux questions difficiles, pour dénouer les choses inextricables; c'est Daniel, et ton père l'appelait Baltasar; maintenant donc, qu'on l'appelle, et il te fera connaître son interprétation.
13 Enti, wɔkɔfaa Daniel baa ɔhene anim. Ɔhene no bisaa no sɛ, “Wone Daniel no a mʼagya Nebukadnessar faa wo nnommum de wo firii Yuda baeɛ no?
Alors Daniel fut introduit devant le roi, et le roi dit à Daniel: Es-tu Daniel, l'un des fils des captifs de la Judée qu'a transportés mon père?
14 Mate wo nka sɛ, wowɔ anyame sunsum wɔ wo mu, na nteaseɛ nhunumu ne nyansa ahyɛ wo ma.
J'ai oui dire que l'Esprit de Dieu est en toi, et que la vigilance, l'intelligence et une sagesse supérieure ont été trouvées en toi.
15 Wɔde anyansafoɔ ne pɛadeɛhunufoɔ baa mʼanim sɛ wɔbɛkenkan atwerɛ a ɛgu ɔfasuo yi ho yi na wɔnkyerɛ me aseɛ, nanso wɔntumi.
Or maintenant les sages, les mages, les sorciers sont venus devant moi, pour lire cette écriture, et m'en faire connaître l'interprétation; et ils n'ont pu me rien dire.
16 Na mate wo nka sɛ wotumi kyerɛ nsɛm ase; na wosane nsɛm a ɛkyere adwene mu. Na sɛ wotumi kenkan atwerɛ a ɛwɔ ɔfasuo yi ho na wo kyerɛ me aseɛ a, wɔbɛfira wo ɔtankɔkɔɔ a ɛyɛ adehyeɛ abasobɔdeɛ, na wɔde sikakɔkɔɔ ntweaban bɛgu wo kɔn mu. Na wobɛyɛ ɔman sodifoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa wɔ ahemman yi mu.”
Et moi, j'ai appris que tu peux interpréter les jugements; si donc tu peux lire cette écriture et me l'interpréter, tu seras revêtu de pourpre, tu auras un collier d'or autour du cou, et tu commanderas dans mon royaume, le troisième après moi.
17 Daniel buaa ɔhene no sɛ, “Nana, mesrɛ, ma wʼakyɛdeɛ no ntena hɔ na fa wʼabasobɔdeɛ no ma obi foforɔ. Nanso, Nana, mɛkenkan atwerɛ no, na makyerɛ wo aseɛ.
Et Daniel dit en présence du roi: Que tes présents te restent, donne à un autre les dons de ton palais; pour moi, je te lirai ce qui est écrit, et je t'en ferai connaître l'interprétation.
18 “Nana, Ɔsorosoro Onyankopɔn maa wʼagya Nebukadnessar kɛseyɛ, animuonyam ne anidie.
Roi, le Dieu très-haut a donné à Nabuchodonosor ton père la royauté et la magnificence, les honneurs et la gloire.
19 Ɔyɛɛ no kɛse ara kɔsii sɛ, nnipa ahodoɔ nyinaa, aman nyinaa ne kasa biara duru nʼanim a, wɔn ho popo biribiribiri. Ɔkunkumm wɔn a ɔpɛ sɛ ɔkunkum wɔn, ɛnna ɔgyaee wɔn a ɔpɛ sɛ ɔgyaa wɔn. Ɔhyɛɛ wɔn a ɔpɛ sɛ ɔhyɛ wɔn animuonyam no animuonyam, ɛnna wɔn a ɔpɛ sɛ ɔbrɛ wɔn ase no, ɔbrɛɛ wɔn ase.
Et devant la grandeur que Dieu lui avait donnée, les peuples, les tribus, les hommes de toutes langues étaient tremblants et pleins de crainte devant son visage; ceux d'entre eux qu'il voulait tuer, il les tuait; ceux qu'il voulait frapper, il les frappait; ceux qu'il voulait glorifier, il les glorifiait; et ceux qu'il voulait humilier, il les humiliait.
20 Nanso, ahomasoɔ maa nʼakoma ne nʼadwene yɛɛ den no no, wɔyii no firii nʼahennwa so, sii no fam, gyee nʼanimuonyam no.
Et quand son cœur se fut élevé, et que son esprit se fut endurci dans son orgueil, il fut précipité du trône, et ses honneurs lui furent enlevés.
21 Wɔpamoo no firi nnipa mu. Wɔmaa no aboa adwene, na ɔne wiram mmoa tenaeɛ. Ɔwee ɛserɛ te sɛ nantwie, na ɔsoro bosuo fɔɔ no kyaww kɔsii sɛ, afei ɔhunuu sɛ, sɛɛ Ɔsorosoro Onyankopɔn na ɔdi ewiase ahemman nyinaa so, na ɔno ara nso na ɔyi obi a ɔpɛ ma ɔdi so.
Et il fut chassé loin des hommes, et un cœur lui fut donné comme aux bêtes, et sa demeure fut parmi les ânes sauvages; on lui donna sa part de fourrage comme à un bœuf, et son corps fut baigné par la rosée du ciel, jusqu'à ce qu'il eût reconnu que le Dieu très-haut est le maître du royaume des hommes, et qu'il le donne à qui bon lui semble.
22 “Nanso wo, ne ba Belsasar, wonim yeinom nyinaa, nanso woammrɛ wo ho ase.
Et toi donc, son fils Baltasar, tu n'as pas non plus humilié ton cœur devant Dieu: ne sais-tu point toutes ces choses?
23 Wama wo ho so atia Ɔsoro Awurade mmom. Woafa saa nkuruwa yi a ɛsisi wʼanim a wɔfa firii nʼasɔredan mu no. Wo ne wʼatitire ne wo yerenom ne wo mpenafoɔ anom mu nsã, ɛberɛ a morekamfo dwetɛ, sikakɔkɔɔ, kɔbere, dadeɛ, dua ne ɛboɔ anyame a wɔnhunu adeɛ, na wɔnnte asɛm, na wɔnnim hwee koraa no. Na moamfa anidie amma Onyankopɔn a ɔkura mo nkwa na ɔdi mo hyɛberɛ so no.
Tu t'es enorgueilli contre le Seigneur Dieu du ciel, et l'on a apporté devant toi les vases de son temple; et toi et tes grands, tes concubines et tes femmes, vous avez bu du vin dans ces vases; et tu as loué les dieux d'or et d'argent, d'airain, de fer, de pierre et de bois, qui ne voient, n'entendent ni ne comprennent; et le Dieu qui tient en sa main ton souffle et toutes tes voies, tu ne l'as point glorifié.
24 Ne saa enti, Onyankopɔn asoma nsa yi sɛ, ɛmmɛtwerɛ nkra yi.
C'est pourquoi il a envoyé de devant lui les doigts de cette main, et lui a ordonné de tracer cette inscription.
25 “Nkra a ɛtwerɛeɛ nie: Mene, Mene, Tekel, Parsin.
Or, cette inscription, la voici: Mané, Thécel, Pharès.
26 “Saa nsɛm yi asekyerɛ nie: “Mene asekyerɛ ne wɔakan. Onyankopɔn akan wʼahennie nna a aka na watwa so de aba nʼawieeɛ.
Et voici l'interprétation de ces paroles: Mané, Dieu a mesuré ton règne, et en a marqué la fin.
27 “Tekel asekyerɛ ne wɔakari. Wɔakari wo wɔ nsania so, nanso woantumi sɔhwɛ no.
Thécel, ta royauté a été placée sur la balance, et elle a été trouvée trop légère.
28 “Parsin asekyerɛ ne wɔakyekyɛ mu. Wɔakyekyɛ wʼahemman mu ama Mediafoɔ ne Persiafoɔ.”
Pharès, ton royaume a été divisé, et donné aux Mèdes et aux Perses.
29 Afei, Belsasar ma wɔfiraa Daniel ɔtankɔkɔɔ a ɛyɛ adehyeɛ abasobɔdeɛ, de sikakɔkɔɔ ntweaban guu ne kɔn mu. Wɔsoaa no sɛ, ɔman sodifoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa wɔ ahemman no mu.
Et Baltasar donna ses ordres: et l'on revêtit Daniel de pourpre, et on lui mit autour du cou un collier d'or, et le roi lui-même le proclama le troisième chef du royaume.
30 Saa anadwo no ara, wɔkumm Babiloniahene Belsasar.
Et cette même nuit fut tué Baltasar, le roi chaldéen.
31 Na Dario a ɔfiri Mede faa ahennie no a na wadi mfirinhyia aduosia mmienu.
Et le Mède Darius reçut le gouvernement de son royaume, à l'âge de soixante-deux ans.