< Daniel 4 >

1 Ɔhene Nebukadnessar, too saa nkra yi kɔmaa nnipa ne aman ne kasa ahodoɔ a ɛwɔ ewiase sɛ: Ɛnsi mo yie mmoroso!
Ɔhene Nebukadnessar, de saa nkra yi kɔmaa nnipa ne aman ne kasa ahorow a ɛwɔ wiase se: Ensi mo yiye mmoroso!
2 Ɛyɛ me anigye sɛ mo nyinaa ahunu biribi a ɛfa nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ a Ɔsorosoro Onyankopɔn ayɛ ama me.
Ɛyɛ me anigye sɛ mo nyinaa ahu biribi a ɛfa nsɛnkyerɛnne ne anwonwade a Ɔsorosoro Nyankopɔn ayɛ ama me.
3 Hwɛ sɛdeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ yɛ kɛseɛ fa!
Hwɛ sɛnea ne nsɛnkyerɛnne yɛ kɛse fa!
4 Na me, Nebukadnessar, mete mʼahemfie, medi me ho so na me ho tɔ me.
Na me, Nebukadnessar, mete mʼahemfi, midi me ho so na me koma tɔ me yam.
5 Nanso, mesoo daeɛ bi a, ɛbɔɔ me hu yie. Meda me mpa so no, mfoni a ɛfaa mʼani so ne anisoadehunu a menyaeɛ no hunahunaa me.
Nanso mesoo dae bi a, ɛbɔɔ me hu yiye. Meda me mpa so no, mfoni a ɛfaa mʼani so ne anisoadehu a minyaa no hunahunaa me.
6 Ɛno enti, mehyɛ ma wɔfrɛɛ anyansafoɔ a wɔwɔ Babilonia nyinaa sɛ wɔmmɛkyerɛ me daeɛ no ase.
Ɛno nti, mehyɛ ma wɔfrɛɛ anyansafo a wɔwɔ Babilonia nyinaa sɛ wɔmmɛkyerɛ me dae no ase.
7 Ɛberɛ a nkonyaayifoɔ, pɛadeɛhunufoɔ, Kaldeafoɔ ne ntafowayifoɔ no baeɛ no, mekaa daeɛ no kyerɛɛ wɔn, nanso wɔantumi ankyerɛ me aseɛ.
Bere a nkonyaayifo, pɛadeahufo, Kaldeafo ne ntafowayifo no bae no, mekaa dae no kyerɛɛ wɔn, nanso wɔantumi ankyerɛ me ase.
8 Akyire yi, Daniel (a yɛtoo no din Beltesasar, a ɛyɛ me nyame din, ɛfiri sɛ, na anyame kronkron no sunsum wɔ ne mu) baa mʼanim, na mekaa daeɛ no kyerɛɛ no.
Akyiri no, Daniel (a wɔtoo no din Beltesasar, a ɛyɛ me nyame din, efisɛ, na anyame kronkron no honhom wɔ ne mu) baa mʼanim, na mekaa dae no kyerɛɛ no.
9 Meka kyerɛɛ no sɛ, “Beltesasar, nkonyaayifoɔ panin, menim sɛ, anyame kronkron no sunsum wɔ wo mu, ɛno enti, ɛnnyɛ wo den sɛ wobɛkyerɛ ahintasɛm biara ase. Afei, me daeɛ no ni, kyerɛ me aseɛ.
Meka kyerɛɛ no se, Beltesasar, nkonyaayifo panyin, minim sɛ, anyame kronkron no honhom wɔ wo mu, ɛno nti, ɛnyɛ wo den sɛ wobɛkyerɛ ahintasɛm biara ase. Afei, me dae no ni, kyerɛ me ase.
10 Ɛberɛ a meda me mpa so no, daeɛ a mesoeɛ ne sɛ, mehunuu dua bi a ɛsi asase mfimfini a ɛware tenteenten.
Bere a meda me mpa so no, dae a mesoe ne sɛ, mihuu dua bi a esi asase mfimfini a ɛware tenteenten.
11 Dua no nyini yɛɛ dutan kɛseɛ na ne tentene kɔduruu soro, a wohunu no asase so baabiara.
Dua no nyin yɛɛ dutan kɛse na ne tenten koduu soro, a wuhu no asase so baabiara.
12 Na ne nhahan yɛ frɔmm fɛɛfɛɛfɛ, na aso aba bebree, na ɛso wɔ aduane ma obiara. Na wiram mmoa te ne nwunu ase, na ewiem nnomaa nso yɛ wɔn pirebuo wɔ ne mman mu.
Na ne nhaban yɛ frɔmfrɔm fɛfɛɛfɛ, na asow aba bebree, na so wɔ aduan ma obiara. Na wuram mmoa te ne nwini ase, na wim nnomaa nso yɛ wɔn berebuw wɔ ne mman mu.
13 “Meda me mpa so no, mehunuu ɔbɔfoɔ kronkron bi a ɔfiri soro reba fam wɔ mʼanisoadehunu no mu.
“Meda me mpa so no, mihuu ɔbɔfo kronkron bi a ofi ɔsoro reba fam wɔ mʼanisoadehu no mu.
14 Ɔbɔfoɔ no teaam sɛ, ‘Twa dua no to fam na twitwa ne mman no nyinaa. Poro ne nhahan no, na to nʼaba no pete. Pam mmoa no firi ne nwunu ase, na pam ewiem nnomaa no firi ne mman so.
Ɔbɔfo no teɛɛ mu se, ‘Twa dua no to fam na twitwa ne mman no nyinaa. Porow ne nhaban no, na tow nʼaba no pete. Pam mmoa no fi ne nwini ase, na pam wim nnomaa no fi ne mman so.
15 Nanso gya dunsini no ne ne nhini a dadeɛ ne kɔbere akyekyere, na ɛserɛ atwa ho ahyia no. “‘Afei, ma ɔsoro bosuo mfɔ no kyaww, na ma ɔne mmoa ntena wɔ wiram.
Nanso gyaw dunsin no ne ne ntin a dade ne kɔbere akyekyere, na sare atwa ho ahyia no. “‘Afei, ma ɔsoro bosu mfɔw no fɔkyee, na ma ɔne mmoa ntena wɔ wuram.
16 Na ma nʼadwene nsesa na ɛnyɛ sɛ aboa deɛ. Na mfeɛ nson ntwa ne tiri so.
Na ma nʼadwene nsesa na ɛnyɛ sɛ aboa de. Na mfe ason ntwa ne ti so.
17 “‘Asomafoɔ asi gyinaeɛ dada; na akronkronfoɔ abu atɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ateasefoɔ nyinaa bɛte aseɛ sɛ, Ɔsorosoroni no na ɔdi ewiase ahemman so, na ɔde ma obiara a ɔpɛ, mpo, sɛ ɔyɛ onipa teta.’
“‘Asomafo asi gyinae dedaw; na akronkronfo abu atɛn sɛnea ɛbɛyɛ a ateasefo nyinaa bɛte ase sɛ, Ɔsorosoroni no na odi wiase ahemman so, na ɔde ma obiara a ɔpɛ, mpo, sɛ ɔyɛ onipa teta.’
18 “Beltesasar, saa daeɛ yi na me Ɔhene Nebukadnessar soeɛ. Afei, kyerɛ me aseɛ, ɛfiri sɛ, anyansafoɔ a wɔwɔ mʼahemman mu nyinaa antumi ankyerɛ me aseɛ. Na wo deɛ wobɛtumi akyerɛ me, ɛfiri sɛ, anyame kronkron sunsum no wɔ wo mu.”
“Beltesasar, saa dae yi na me, Ɔhene Nebukadnessar soe. Afei kyerɛ me ase, efisɛ anyansafo a wɔwɔ mʼahemman mu nyinaa antumi ankyerɛ me ase. Na wo de, wubetumi akyerɛ me, efisɛ anyame kronkron honhom no wɔ wo mu.”
19 Daniel (a wɔsane frɛ no Beltesasar no) tee daeɛ no, ɔyɛɛ basaa kakra; ne ho dwirii no na nʼadwene mu haa no. Nti, ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ, “Beltesasar, mma daeɛ no ne nʼasekyerɛ mmɔ wo hu.” Beltesasar buaa sɛ, “Yei deɛ, Nana, anka daeɛ no ne ne nkyerɛaseɛ no ɛmpare wo na ɛnkɔ wʼatamfoɔ so!
Daniel (a wɔsan frɛ no Beltesasar no) tee dae no, ɔyɛɛ basaa kakra; ne ho dwiriw no na nʼadwene mu haw no. Nti, ɔhene no ka kyerɛɛ no se, “Beltesasar, mma dae no ne ne nkyerɛase mmɔ wo hu.” Beltesasar buae se, “Eyi de, Nana, anka dae no ne ne nkyerɛase no ɛmpare wo na ɛnkɔ wʼatamfo so!
20 Ao, Nana, wohunuu dua bi a ɛnyini yɛɛ dutan kɛseɛ a ne tentene kɔduruu soro, na wohunu no asase nyinaa so.
Nana, wuhuu dua bi a enyin yɛɛ dutan kɛse a ne tenten koduu soro, na wuhu no asase nyinaa so.
21 Na ne nhahan yɛ frɔmm fɛɛfɛɛfɛ a aso aba bebree, na ɛso wɔ aduane ma obiara. Na wiram mmoa te ne nwunu ase, na ewiem nnomaa nso yɛ wɔn pirebuo wɔ ne mman mu.
Na ne nhaban yɛ frɔmfrɔm fɛfɛɛfɛ a asow aba bebree, na so wɔ aduan ma obiara. Na wuram mmoa te ne nwini ase, na wim nnomaa nso yɛ wɔn berebuw wɔ ne mman mu.
22 Nana, mesrɛ ka, saa dua no yɛ wo. Ɛfiri sɛ, woatu mpɔn, ahoɔden so ne kɛseyɛ mu. Wo kɛseyɛ no kɔduru ɔsoro, na wʼadedie no kɔ akyirikyiri kɔduru asase ano.
Nana, mesrɛ ka, saa dua no yɛ wo. Efisɛ, woanya nkɔso, ahoɔden ne kɛseyɛ mu. Wo kɛseyɛ no kodu ɔsoro, na wʼadedi no kɔ akyirikyiri kodu asase ano.
23 “Afei, Nana, wohunuu ɔbɔfoɔ kronkron a ɔfiri soro reba fam, na ɔreka sɛ, ‘Twa dua no to fam na sɛe no. Nanso, gya dunsini no ne ne nhini a dadeɛ ne kɔbere akyekyere, na ɛserɛ atwa ho ahyia no. Afei, ma ɔsoro bosuo mfɔ no kyaww, na ma ɔne mmoa ntena wɔ wiram. Na ma nʼadwene nsesa na ɛnyɛ sɛ aboa deɛ. Na mfeɛ nson ntwa ne tiri so.’
“Afei, Nana, wuhuu ɔbɔfo kronkron a ofi ɔsoro reba fam, na ɔreka se, ‘Twa dua no to fam na sɛe no. Nanso, gyaw dunsin no ne ne ntin a dade ne kɔbere akyekyere, na sare atwa ho ahyia no. Afei ma ɔsoro bosu mfɔw no fɔkyee, na ma ɔne mmoa ntena wɔ wuram. Na ma nʼadwene nsesa na ɛnyɛ sɛ aboa de. Na mfe ason ntwa ne ti so.’
24 “Daeɛ no asekyerɛ nie, Nana, atɛn a Ɔsorosoroni no abu atia wo no nie.
“Dae no nkyerɛase ni, Nana, atɛn a Ɔsorosoroni no abu atia wo no ni.
25 Wɔbɛpam wo afiri nnipa mu, na wo ne wiram mmoa bɛtena wiram. Wobɛwe ɛserɛ te sɛ nantwie, na ɔsoro bosuo bɛfɔ wo kyaww. Mfeɛ nson bɛtwa wo tiri so akɔsi sɛ, wobɛhunu sɛ, Ɔsorosoroni no na ɔdi ewiase ahemman so, na ɔde ma obiara a ɔpɛ.
Wɔbɛpam wo afi nnipa mu, na wo ne wuram mmoa bɛtena wuram. Wobɛwe sare te sɛ nantwi, na ɔsoro bosu afɔw wo fɔkyee. Mfe ason betwa wo ti so akosi sɛ, wubehu sɛ, Ɔsorosoroni no na odi wiase ahemman so, na ɔde ma obiara a ɔpɛ.
26 Hyɛ a wɔhyɛ ma wɔgyaa dunsini no ne ne nhini no wɔ asase mu no kyerɛ sɛ, sɛ wohunu sɛ ɔsoro na ɛdi tumi no a, wo nsa bɛsane aka wʼahemman.
Hyɛ a wɔhyɛ ma wogyaw dunsin no ne ne ntin no wɔ asase mu no kyerɛ sɛ, sɛ wuhu sɛ ɔsoro na edi tumi no a, wo nsa bɛsan aka wʼahenni.
27 Ne saa enti, Ao, Nana Nebukadnessar, mesrɛ wo, tie mʼafotuo. Gyae bɔneyɛ, na yɛ deɛ ɛtene. Gyae wʼatirimuɔdensɛm na yɛ ahummɔborɔ ma ahiafoɔ, na twe wo ho firi wo tete amumuyɛ no ho. Ebia, woyɛ saa a, wobɛkɔ so adi yie.”
Ne saa nti, Nana Nebukadnessar, mesrɛ wo, tie mʼafotu. Gyae bɔneyɛ, na yɛ nea ɛteɛ. Gyae wʼatirimɔdensɛm na yɛ ahummɔbɔ ma ahiafo, na twe wo ho fi wo tete amumɔyɛ no ho. Ebia, woyɛ saa a, wobɛkɔ so adi yiye.”
28 Na saa nneɛma yi nyinaa baa Ɔhene Nebukadnessar so.
Na saa nneɛma yi nyinaa baa Ɔhene Nebukadnessar so.
29 Abosome dumienu akyi a na ɔretu mpase wɔ ahemfie no abansoro atifi wɔ Babilonia no,
Asram dumien akyi a na ɔretu mpase wɔ ahemfi no abansoro atifi wɔ Babilonia no,
30 ɔtoo nʼani, hwɛɛ kuro no mu, na ɔkaa sɛ, “Ɛnyɛ Babilonia kuro kɛseɛ a mede me tumi akyekyere ayɛ no ɔhempɔn atenaeɛ de ahyɛ mʼahennie animuonyam ni anaa?”
ɔtoo nʼani, hwɛɛ kurow no mu, na ɔkae se, “Ɛnyɛ Babilonia kurow kɛse a mede me tumi akyekyere ayɛ no ɔhempɔn atenae de ahyɛ mʼahenni anuonyam ni ana?”
31 Ɛberɛ a ɔgu so reka saa nsɛm no, nne bi firi soro baa sɛ, “Wo, Ɔhene Nebukadnessar, wɔka kyerɛɛ wo sɛ wonnyɛ ɔhene wɔ ahemman yi so bio.
Bere a ogu so reka saa nsɛm no, nne bi fi ɔsoro bae se, “Wo, Ɔhene Nebukadnessar, nea wɔahyɛ ato hɔ ama wo ni: Wɔagye wʼahenni tumi no afi wo nsam.
32 Wɔbɛpam wo afiri nnipa mu. Wo ne wiram mmoa bɛtena wiram. Na wobɛwe ɛserɛ te sɛ nantwie. Mfeɛ nson bɛtwa wo tiri so kɔsi sɛ wobɛhunu sɛ, Ɔsorosoroni no di ewiase ahemman so, na ɔde ma obiara a, ɔpɛ.”
Wɔbɛpam wo afi nnipa mu. Wo ne wuram mmoa bɛtena wuram. Na wobɛwe sare te sɛ nantwi. Mfe ason betwa wo ti so kosi sɛ wubehu sɛ, Ɔsorosoroni no di wiase ahemman so, na ɔde ma obiara a ɔpɛ.”
33 Amonom hɔ ara nkɔmhyɛ no baa mu. Wɔpamoo Nebukadnessar firii nnipa mu. Ɔwee ɛserɛ te sɛ nantwie, na ɔsoro bosuo fɔɔ no kyaww. Ɔtenaa saa tebea no mu kɔsii sɛ, ne tirinwi yɛɛ atentene te sɛ ɔkɔdeɛ ntakra, na nʼabɔwerɛ yɛɛ sɛ anomaa bɔwerɛ.
Amono mu hɔ ara nkɔmhyɛ no baa mu. Wɔpam Nebukadnessar fii nnipa mu. Ɔwee sare te sɛ nantwi, na ɔsoro bosu fɔw no fɔkyee. Ɔtenaa saa tebea no mu kosii sɛ, ne tinwi yɛɛ atenten te sɛ ɔkɔre ntakra, na nʼawerɛw yɛɛ sɛ anomaa awerɛw.
34 Saa ɛberɛ yi twaam no, me, Nebukadnessar, memaa mʼani so hwɛɛ soro. Mʼani baa me ho so, na mekamfo Ɔsorosoroni no, na metontom deɛ ɔte aseɛ daa no meyii no ayɛ sɛ:
Saa bere yi twaa mu no, me, Nebukadnessar, memaa mʼani so hwɛɛ soro. Mʼani baa me ho so, na mekamfo Ɔsorosoroni no, na metrontrom nea ɔte ase daa no yii no ayɛ se:
35 Asase so nnipa nyinaa,
Asase so nnipa nyinaa,
36 Ɛberɛ a mʼani baa me ho so no, berɛ korɔ no mu ara na me anidie ne me kɛseyɛ a ɛhyɛ me ɔman no animuonyam no baeɛ. Mʼafotufoɔ ne mʼaberempɔn hwehwɛɛ me, na wɔsane de me sii mʼahennie so bio, na mʼanimuonyam bɛyɛɛ kɛse kyɛnee kane no.
Bere a mʼani baa me ho so no, bere koro no mu ara na me nidi ne me kɛseyɛ a ɛhyɛ me man no anuonyam no bae. Mʼafotufo ne mʼabirɛmpɔn hwehwɛɛ me, na wɔsan de me sii mʼahenni so bio, na mʼanuonyam bɛyɛɛ kɛse kyɛn kan no.
37 Afei, me Nebukadnessar, mekamfo ma no so, hyɛ ɔsorohene animuonyam, de anidie ma no. Ne nneyɛeɛ nyinaa yɛ pɛ, na ɛyɛ nokorɛ, na ɔbɛtumi abrɛ ahantanfoɔ ase.
Afei me Nebukadnessar, mekamfo ma no so, hyɛ ɔsorohene anuonyam, de nidi ma no. Ne nneyɛe nyinaa yɛ pɛ, na ɛyɛ nokware, na obetumi abrɛ ahantanfo ase.

< Daniel 4 >