< Daniel 12 >

1 “Saa ɛberɛ no, Mikael, ɔhene babarima titire a ɔbɔ wo nkurɔfoɔ ho ban no bɛsɔre. Ahohia ɛberɛ bi bɛba a, ɛfiri aman no ahyɛaseɛ bɛsi saa da no, biribiara saa nsiiɛ da. Nanso saa ɛberɛ no, wo nkurɔfoɔ, obiara a wɔbɛhunu sɛ wɔatwerɛ ne din wɔ nwoma no mu no, wɔbɛgye no nkwa.
E naquele tempo se levantará Miguel, o grande príncipe que está a favor dos filhos de teu povo; e será tempo de angústia tal que nunca houve desde que as nações surgiram até aquele tempo; mas naquele tempo o teu povo será livrado, todo aquele os que se achar escrito no livro.
2 Nnipadɔm a wɔadeda fam wɔ dɔteɛ mu no bɛnyane: ebinom bɛkɔ daa nkwa mu, na ebinom nso akɔ aniwuo ne daa ahohora mu.
E muitos dos que dormem no pó da terra ressuscitarão, uns para a vida eterna, e outros para a vergonha e o desprezo eterno.
3 Wɔn a wɔyɛ anyansafoɔ no bɛhyerɛn te sɛ ɔsoro hyerɛn, na wɔn a wɔdanee afoforɔ kɔɔ tenenee mu no bɛhyerɛn sɛ nsoromma daapem.
E os sábios brilharão como o resplendor do céu; e os que conduzem muitos à justiça [brilharão] como as estrelas, para todo o sempre.
4 Nanso, wo Daniel, bobɔ na sɔ nsɛm a ɛwɔ nwoma mmobɔeɛ no ano, kɔsi awieeɛ ɛberɛ no. Bebree bɛkyinkyini akɔpɛ nimdeɛ.”
Porém tu, Daniel, guarda em segredo estas palavras e sela o livro até o tempo do fim; muitos correrão de um lado para o outro, e o conhecimento se multiplicará.
5 Afei, me Daniel mehwɛ hunuu nnipa baanu bi wɔ mʼanim; ɔbaako gyina asubɔnten no konkɔn so, na ɔbaako nso gyina konkɔn a ɛhwɛ baako no anim no so.
Então eu, Daniel, olhei, e eis outros dois que estavam de pé, um à margem do rio, e o outro à outra margem do rio.
6 Wɔn mu baako bisaa ɔbarima a ɔfira nwera no a ɔgyina asuo no so no sɛ, “Ɛbɛdi nna ahe ansa na anwanwadeɛ yi aba mu?”
E ele disse ao homem vestido de linho, que estava sobre as águas do rio: Quando será o fim destas maravilhas?
7 Ɔbarima no a ɔfira nwera na ɔwɔ nsuo no so no maa ne nsa nifa ne benkum so kyerɛɛ soro, na metee sɛ ɔde deɛ ɔte hɔ daa no kaa ntam sɛ, “Ɛbɛkɔ so saa ara akɔsi ɛberɛ bi, mmerɛ bi ne ɛberɛ sini bi. Sɛ nnipa kronkron no tumi sɛeɛ no ba awieeɛ koraa a, wɔbɛwie saa nneɛma yi nyinaa.”
E ouvi o homem vestido de linho, que estava sobre as águas do rio, e levantou sua mão direita e sua esquerda ao céu, e jurou por aquele que vive eternamente; que será depois de um tempo, tempos, e a metade [de um tempo]. Quando acabarem de despedaçar o poder do povo santo, todas estas coisas serão cumpridas.
8 Meteeɛ, nanso mante aseɛ. Enti, mebisaa sɛ, “Me Wura ɛdeɛn na ɛbɛfiri yeinom nyinaa mu aba?”
E eu ouvi, mas não entendi. Por isso eu disse: Meu senhor, o que será o cumprimento destas coisas?
9 Na ɔbuaa sɛ, “Daniel kɔ, ɛfiri sɛ wɔabobɔ nsɛm no asɔ ano de akɔsi awieeɛ mmerɛ no.
E ele disse: Caminha, Daniel, pois estas palavras estão guardadas em segredo e seladas até o tempo do fim.
10 Wɔbɛhohoro bebree ho a efi ne nkekaeɛ biara nni wɔn ho, nanso atirimuɔdenfoɔ bɛkɔ so ayɛ atirimuɔden; wɔn mu biara rente aseɛ, nanso anyansafoɔ deɛ, wɔbɛte aseɛ.
Muitos serão purificados, limpos, e refinados; porém os maus agirão malignamente, e nenhum dos maus entenderá, porém os sábios entenderão.
11 “Ɛfiri da a wɔbɛbra daa afɔrebɔ na wɔde akyiwadeɛ a ɔsɛeɛ nam ne so bɛba abɛsi hɔ no bɛyɛ nnafua apem ahanu aduɔkron.
E desde o tempo em que o contínuo [sacrifício] for tirado, e posta a abominação assoladora, haverá mil duzentos e noventa dias.
12 Nhyira ne deɛ ɔtwɛn kɔsi nnafua apem ahasa aduasa enum awieeɛ no.
Bem-aventurado o que esperar, e chegar até mil trezentos e trinta e cinco dias.
13 “Wo Daniel deɛ, tintim kɔduru awieeɛ. Wobɛhome, na nna no awieeɛ no, wobɛsɔre na woakɔgye wo kyɛfa a ɛwɔ agyapadeɛ no mu.”
Tu, porém, caminha até o fim; porque repousarás, e ressuscitarás em tua herança no fim dos dias.

< Daniel 12 >