< Daniel 11 >

1 Na Mediani Dario ahennie afe a ɛdi ɛkan no, meyɛɛ mʼadwene sɛ mɛgyina nʼakyi na mabɔ ne ho ban.)
"And as for me, in the first year of Daryavesh the Mede, I stood up to support and strengthen him.
2 “Na afei, mɛka mu nokorɛ akyerɛ wo: ahemfo mmiɛnsa bɛsɔre wɔ Persia, wɔn akyi no, deɛ ɔtɔ so ɛnan a ɔbɛnya ne ho akyɛn nkaeɛ no bɛsɔre. Ɔde nʼahonya mu ahoɔden bɛhwanyane obiara atia Hela ahennie.
And now what I show you is true. Look, there shall arise three more kings in Persia, and the fourth shall be far richer than all of them; and when he has grown strong through his riches, he shall stir up all the kingdom of Greece.
3 Afei, ɔhene kɛseɛ bi bɛsɔre wɔ tumi mu a ɔbɛyɛ deɛ ɔpɛ.
And a powerful king shall arise, who shall rule an extensive empire, and do as he pleases.
4 Ne ba no akyi, wɔbɛkyekyɛ nʼaheman no mu ɛnan. Ɛrenkɔ nʼasefoɔ nkyɛn, na ɔrennya tumi a na ɔwɔ no, ɛfiri sɛ, wɔbɛtutu nʼaheman no ase de ama afoforɔ.
When he shall arise, his kingdom shall be broken up, and shall be divided toward the four winds of heaven, but not to his posterity, nor according to his authority with which he ruled; for his kingdom shall be uprooted, and will go to others besides these.
5 “Ɔhene a ɔwɔ anafoɔ fam no bɛyɛ den, nanso nʼasafohene no mu baako bɛyɛ den asene no na ɔde tumi a ɛyɛ den bɛdi ahemman no so.
The king of the south shall grow strong, and one of his officers shall grow more powerful, and shall have a greater kingdom than his.
6 Mfeɛ bi akyi no, wɔbɛyɛ ayɔnkofoɔ. Ɔhene a ɔwɔ anafoɔ fam no ba baa bɛkɔ ɔhene a ɔwɔ atifi fam no nkyɛn akɔyɛ nnamfofa apam; nanso ɔbabaa no renkura ne tumi mu bio, na ɔhene a ɔwɔ atifi fam ne ne tumi nso rennyina. Saa mmerɛ no mu no, ɔhene babaa, adehyeɛ a wɔka ne ho, nʼagya ne deɛ ɔgyinaa nʼakyi nyinaa no, wɔbɛyi wɔn ama.
At the end of years they shall join themselves together; and the daughter of the king of the south shall come to the king of the north to make an agreement: but she shall not retain her power; neither shall his strength endure; but she shall be surrendered, and her attendants, and he who became the father of her, and he who supported her in those times.
7 “Obi a ɔfiri anafoɔ fam babaa abusua mu bɛsɔre asi nʼanan mu. Na ɔde dom bɛba abɛhyɛne ɔhene a ɔwɔ atifi fam aban no mu na ɔne wɔn ako na wadi wɔn so nkonim.
But out of a shoot from her roots shall arise in his place, who shall come against the army, and shall enter into the fortress of the king of the north, and shall deal against them, and shall prevail.
8 Ɔbɛfa wɔn anyame, nsɛsodeɛ a wɔde dadeɛ ayɛ ne wɔn ademudeɛ a wɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ayɛ akɔ Misraim. Na mfeɛ bi mu no, ɔbɛtwe ne ho afiri ɔhene a ɔwɔ atifi fam ho.
Also their gods, with their molten images, and with their precious vessels of silver and of gold, shall he carry captive into Egypt; and he shall withdraw for some years from the king of the north.
9 Afei ɔhene a ɔwɔ atifi fam no bɛto ahyɛ ɔhene a ɔwɔ anafoɔ fam no so, nanso ɔbɛsane nʼakyi akɔ nʼankasa asase so.
And he shall come into the realm of the king of the south, but he shall return into his own land.
10 Ne mmammarima bɛsiesie wɔn ho ama ɔko na wɔde akodɔm kɛseɛ bɛkɔ te sɛ nsuo a ayiri, akɔko ara akɔduru atamfoɔ no aban no ho.
And his sons shall wage war, and shall assemble a multitude of great forces, which shall advance and overflow and pass through, and they shall return and wage war, as far as his fortress.
11 “Afei, ɔhene a ɔwɔ anafoɔ fam no de abufuo kɛseɛ bɛsɔre na wako atia ɔhene a ɔwɔ atifi fam a ɔno nso wɔ akodɔm kɛseɛ, na ɔbɛdi wɔn so nkonim.
The king of the south shall be moved with rage and shall come forth and fight against him, even with the king of the north; and he shall raise a great multitude, and the multitude shall be given into his hand.
12 Sɛ wɔde akodɔm no kɔ a, ahantan bɛhyɛ anafoɔ fam ɔhene no mu ma, na ɔbɛkunkum mpempem, nanso, ne nkonimdie no, ɛnkyɛre.
The multitude shall be taken away, and his heart shall be exalted; and he shall cast down tens of thousands, but he shall not prevail.
13 Ɔhene a ɔwɔ atifi fam nso bɛboa akodɔm foforɔ a wɔdɔɔso sene kane deɛ no, na mfirinhyia bebree akyi no, ɔde akodɔm kɛseɛ a wɔwɔ akodeɛ bɛtu ɔsa.
The king of the north shall return, and shall raise a multitude greater than the former; and he shall advance after some years with a great army and with abundant supplies.
14 “Saa mmerɛ no mu, bebree bɛsɔre atia ɔhene a ɔwɔ anafoɔ fam. Wɔn a wɔdi akakabensɛm wɔ wʼankasa wo nkurɔfoɔ mu no bɛte atua sɛdeɛ ɛteɛ wɔ anisoadehunu no mu no, nanso wɔrenni nkonim.
And in those times many shall rise up against the king of the south: also the violent ones among your people shall rise up in confirmation of the vision; but they shall fail.
15 Afei, ɔhene a ɔwɔ atifi fam no bɛba abɛsisi mpie na ɔbɛko agye kuropɔn a wagye ho ban. Akodɔm a wɔwɔ anafoɔ fam no rennya ahoɔden nko, na wɔn a wɔyɛ den wɔ wɔn mu no mpo rentumi nnyina ɔko no ano.
So the king of the north shall come, and build up a siege mound and take a well-fortified city. And the forces of the south shall not prevail, neither his best troops, neither shall there be any strength to resist.
16 Ntohyɛsoni no bɛyɛ deɛ ɔpɛ na obiara ntumi nnyina nʼanim. Ɔbɛgye Asase Fɛɛfɛ no abɔ so, na ɔbɛnya tumi a ɔde bɛsɛe no.
But he who comes against him shall do as he pleases, and no one shall be able to withstand him. And he shall stand in the beautiful land, and destruction will be within his power.
17 Ɔbɛyɛ nʼadwene sɛ ɔde ahoɔden a ɔwɔ wɔ nʼahennie no mu nyinaa bɛba, na afei ɔne ɔhene a ɔwɔ anafoɔ fam no akɔyɛ nnamfofa apam. Ɔde ne babaa bɛma no awadeɛ, na ɔnam so agu nʼahennie no, nanso nʼatirimpɔ yi renyɛ yie na ɛremmoa no.
He shall set his face to come with the strength of his whole kingdom, and will reach an agreement with him which he shall put into effect. And he shall give him a daughter of women to send destruction on him; but it will not last or be to his advantage.
18 Afei ɔde nʼani bɛkyerɛ mpoano aman so, na wadi emu bebree so nkonim, nanso, ɔsahene bi de ɔhene yi ahomasoɔ bɛba awieeɛ na wadane abɔ no.
After this shall he turn his face to the coastal regions, and shall capture many. But a commander shall bring his insolence to an end. In addition, he shall repay him for his insolence.
19 Yei akyi no, ɔde nʼani bɛkyerɛ aban a ɛwɔ nʼasase so no, nanso ɔbɛsunti ahwe ase, na wɔrenhunu no bio.
Then he shall turn his attention toward the fortresses of his own land, but he shall stumble and fall, and shall not be found again.
20 “Deɛ ɔbɛdi nʼadeɛ no bɛsoma ɔtogyeni, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛnya deɛ ɛbɛma nʼahennie no animuonyam atena hɔ. Mfirinhyia kakra bi akyi no, wɔbɛsɛe no; nanso ɛmfiri abufuo anaa ɔko mu.
Then shall arise in his place one who shall send an exactor of tribute to pass through the kingdom to maintain its glory; but within few days he shall be destroyed, though not in anger nor in battle.
21 “Obi a wɔmmu no na ɔnnyɛ ɔdehyeɛ na ɔbɛdi nʼadeɛ. Ɔbɛto ahyɛ ahennie no so ɛberɛ a ɛso nnipa no asom adwo wɔn, na ɔde nnaadaa agye.
In his place shall arise a despicable person, to whom the honor of kingship had not been given, but he shall come in a time of prosperity, and shall obtain the kingdom through deceit.
22 Afei ɔbɛtɔre akodɔm a wɔntumi nkan wɔn dodoɔ no ase. Wɔbɛsɛe akodɔm no ne ɔhene babarima a ɔhyɛ bɔhyɛ no ase no.
And large armies shall be swept away and shattered before him, as well as the prince of the covenant.
23 Wɔne no yɛ apam wie a, ɔnam nnaadaa ɛkwan so bɛnya nnipa kakra bi na wapere tumi.
And after an alliance is made with him he shall work deceitfully; for he shall become strong with a small force.
24 Sɛ amantam a wɔyɛ adefoɔ no te nka sɛ wɔn asom adwo wɔn a, ɔbɛto ahyɛ wɔn so, na deɛ nʼagyanom ne ne nananom antumi anyɛ no, ɔbɛyɛ. Ɔbɛkyekyɛ afodeɛ ne ahonyadeɛ ama nʼakyidifoɔ. Ɔbɛbɔ abantuo ho pɔ, nanso ɛbɛyɛ nna tiawa bi mu.
In a time of prosperity he shall come even on the richest places of the province; and he shall do that which his fathers have not done, nor their fathers; he shall distribute among them plunder, and spoil, and property. He shall devise plans against their strongholds, but only for a time.
25 “Ɔbɛnya akodɔm kɛseɛ na wanya ahoɔden ne akokoɔduru asɔre atia ɔhene a ɔwɔ anafoɔ fam. Ɔhene a ɔwɔ anafoɔ fam no de akodɔm a wɔdɔɔso na wɔyɛ den bɛtu ɔsa, nanso, ɔrentumi nnyina, ɛsiane ɛpɔ ahodoɔ a wɔabɔ de atia no enti.
And he shall stir up his power and his courage against the king of the south with a great army; and the king of the south shall wage war in battle with an extremely large and powerful army; but he shall not stand; for they shall devise plans against him.
26 Wɔn a ɔhene bɔ wɔn akɔnhoma no bɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛhwan nʼase; wɔbɛtwi afa ɔhene no asraafoɔ no so, na bebree nso bɛtotɔ wɔ ɔko mu.
Yes, those who eat of his royal food shall seek to destroy him, and his army shall be swept away; and many shall fall slain.
27 Ahemfo mmienu a bɔne adi wɔn tiri mu dɛm bɛtena ɛpono baako ho, adi atorɔ akyerɛ wɔn ho wɔn ho, nanso ɛnkɔsi hwee, ɛfiri sɛ, awieeɛ no bɛba ne ɛberɛ a wɔahyɛ no.
As for both these kings, their minds shall be fixed on evil, and they shall speak lies at the table; but it shall not succeed; for still the end shall be at the appointed time.
28 Ɔhene a ɔwɔ atifi fam no de ahonyadeɛ bebree bɛsane akɔ ne ɔman mu, nanso, nʼakoma rempɛ apam kronkron no. Ɔbɛyɛ biribi atia apam kronkron no na wasane akɔ ne ɔman mu.
Then shall he return into his land with great property; and his mind shall be against the holy covenant. And he shall take action, and then return to his own land.
29 “Ɛberɛ a wɔahyɛ no duru a, ɔbɛto ahyɛ anafoɔ aman so bio, nanso saa ɛberɛ yi deɛ, ɛrenyɛ yie mma no sɛ kane no.
At the appointed time he shall return, and come into the south; but this time the outcome shall not be as it was before.
30 Ahyɛn a wɔfiri aman a ɛwɔ mpoano wɔ atɔeɛ fam no bɛko atia no, na nʼabasa mu bɛbu. Enti ɔbɛsane nʼakyi na ɔde nʼabufuo akɔwie apam kronkron no so, na ɔne wɔn a wɔpo apam kronkron no bɛyɛ baako.
For ships from Kittim shall come against him; therefore he shall be intimidated, and shall turn back, and be enraged against the holy covenant, and shall take action. He shall turn back, and show regard to those who forsake the holy covenant.
31 “Na nʼasraadɔm bɛsɔre. Wɔbɛgu asɔredan no aban ho fi, na wɔagu daadaa afɔrebɔ no. Wɔde abusudeɛ a ɛde ɔsɛeɛ ba bɛsi anan mu.
Forces shall come at his order, and they shall profane the sanctuary and the fortress, and shall take away the daily burnt offering, and they shall set up the abomination that causes desolation.
32 Ɔde nnaadaa bɛkɔ so asɛe wɔn a wɔbu apam no so, nanso wɔn a wɔnim wɔn Onyankopɔn no bɛsɔre atia no dendeenden.
And those who act wickedly toward the covenant he shall corrupt by smooth words; but the people who know their God shall be strong, and take action.
33 “Anyansafoɔ bɛkyerɛkyerɛ bebree, nanso, berɛ bi mu no, wɔbɛtotɔ akofena ano, wɔbɛhye wɔn, wɔbɛfa wɔn nnommum anaa wɔbɛfom wɔn nneɛma.
And those who are wise among the people shall instruct many; yet they shall fall by the sword and by flame, by captivity and by plunder for some time.
34 Sɛ wɔhwe ase a, wɔbɛnya mmoa kakra, na bebree a wɔnni nokorɛ bɛkɔ akɔdɔm wɔn.
Now when they shall fall, they shall receive a little help. And many shall join with them insincerely.
35 Anyansafoɔ no mu bi bɛsuntisunti. Ɛnam so bɛma wɔasiesie wɔn, ahohoro wɔn ho fi na wɔayɛ wɔn a wɔn ho nni nkekaawa akɔsi awieeɛ berɛ no, ɛfiri sɛ ɛbɛba ɛberɛ a wɔahyɛ no.
Some of those who are wise shall fall, to be refined, purified and cleansed until the time of the end; for the appointed time is still to come.
36 “Ɔhene no bɛyɛ deɛ ɔpɛ, ɔbɛma ne ho so, ayɛ ne ho kɛseɛ asene onyame biara, na waka deɛ obi ntee da afa anyame mu Onyame no ho. Ɔbɛnya nkɔsoɔ akɔsi sɛ abufuo berɛ no bɛba awieeɛ, ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ deɛ wɔahyɛ ato hɔ no ba mu.
And the king shall do as he pleases. And he shall exalt and magnify himself above every god, and shall speak outrageous things against the God of gods. And he shall prosper until the indignation is accomplished; for that which is decreed shall be done.
37 Ɔbɛbu nʼagyanom anyame animtia. Ɔremfa mmaa no nyame a wɔdɔ no anaa onyame foforɔ biara nyɛ hwee, na mmom ɔbɛma ne ho so aboro wɔn nyinaa so.
Neither shall he regard the gods of his fathers, nor the one desired by women, nor show regard to any other god, because he shall magnify himself above all.
38 Ɔde aban no nyame, nyame a nʼagyanom nnim bɛsi wɔn anan mu; ɔde sikakɔkɔɔ, dwetɛ, aboɔdemmoɔ ne akyɛdeɛ a ɛsom bo bɛdi no ni.
But instead he shall honor the god of fortresses; a god whom his fathers did not know shall he honor with gold and silver, and with valuable stones, and costly gifts.
39 Ɔde mmoa a ɔnya firi ananafoɔ nyame hɔ no bɛto ahyɛ aban a ɛyɛ den pa ara so, na wɔn a wɔgye no to mu no, ɔbɛhyɛ wɔn animuonyam. Ɔbɛyɛ wɔn sodifoɔ wɔ nnipa bebree so, na ɔbɛkyekyɛ asase no mu de ayɛ akatua.
And he shall deal with the strongest fortresses with the help of a foreign god. Whoever acknowledges him he shall grant considerable honor; and he shall make them rulers over many, and shall divide the land for a price.
40 “Awieeɛ no duru a, ɔhene a ɔwɔ anafoɔ fam no ne no bɛko, na ɔhene a ɔwɔ atifi fam no nso de nteaseɛnam, apɔnkɔsotefoɔ ne ɛpo so akodɔm bebree ahyia no. Ɔbɛto ahyɛ aman bebree so na watwi afa wɔn so te sɛ nsuyire.
And at the time of the end shall the king of the south attack him. And the king of the north shall come against him like a whirlwind, with chariots, and with horsemen, and with many ships; and he shall invade countries, and pass through like a flood.
41 Ɔbɛto ahyɛ Asase Fɛɛfɛ no so. Aman bebree bɛhwehwe ase, nanso wɔbɛgye Edom, Moab ne Amon mu fa kɛseɛ afiri ne nsa mu.
He shall enter also into the beautiful land, and many countries shall be overthrown; but these shall be delivered out of his hand: Edom, and Moab, and the foremost of the sons of Ammon.
42 Ɔde ne tumi bɛkɔ aman bebree so; na Misraim remfiri mu mfi.
He shall reach out his hand also on other countries, and the land of Egypt shall not escape.
43 Ɔde ne nsa bɛto ademudeɛ a ɛyɛ sikakɔkɔɔ, dwetɛ ne Misraim ahonyadeɛ nyinaa so, na Libiafoɔ ne Etiopiafoɔ ayɛ nʼasomfoɔ.
But he shall have control over the treasures of gold and of silver, and over all the riches of Egypt; and the Libyans and the Ethiopians shall be at his feet.
44 Nanso, amaneɛ a ɔbɛte afiri apueeɛ ne atifi fam bɛbɔ no hu, na ɔde abufuhyeɛ bɛfiri akɔ akɔsɛe bebree atɔre wɔn ase.
But news out of the east and out of the north shall trouble him; and he shall go out with tremendous rage to destroy and utterly sweep away many.
45 Ɔbɛsi nʼadehye ntomadan wɔ ɛpo no ne bepɔ kronkron fɛfɛ no ntam. Na nʼawieeɛ bɛba a ɔrennya mmoa biara.
And he shall pitch his royal tents between the sea and the beautiful holy mountain. Yet he shall come to his end, with no one to help him.

< Daniel 11 >