< Daniel 10 >

1 Persiahene Kores adedie afeɛ a ɛtɔ so mmiɛnsa mu no, wɔyii asɛm bi adi kyerɛɛ Daniel (a na wɔfrɛ no Beltesasar). Na nkra no yɛ nokorɛ, na ɛfa ɔko kɛseɛ bi ho. Ɔnyaa nkra no asekyerɛ wɔ anisoadehunu mu.
In the third year of Cyrus king of Persia, a message was revealed to Daniel, who was called Belteshazzar. The message was true, and it concerned a great conflict. And the understanding of the message was given to him in a vision.
2 Saa ɛberɛ no, me, Daniel, medii awerɛhoɔ nnawɔtwe mmiɛnsa.
In those days I, Daniel, was mourning for three full weeks.
3 Manni aduane pa biara. Ɛnam anaa nsã biara anka mʼano, na mamfa sradehwam ansra kɔsii nnawɔtwe mmiɛnsa no awieeɛ.
I ate no rich food, no meat or wine entered my mouth, and I did not anoint myself with oil until the three weeks were completed.
4 Ɔbosome a ɛdi ɛkan no, da a ɛtɔ so aduonu ɛnan, ɛberɛ a megyina asubɔnten kɛseɛ Tigris konkɔn so no,
On the twenty-fourth day of the first month, as I was standing on the bank of the great river, the Tigris,
5 mepagyaa mʼani na mehunuu ɔbarima bi a ɔfira nweratam. Na ɔbɔ sikakɔkɔɔ amapa abɔsoɔ a ɛfiri Ufas wɔ nʼasene mu.
I lifted up my eyes, and behold, there was a certain man dressed in linen, with a belt of fine gold from Uphaz around his waist.
6 Ne onipadua no te sɛ aboɔdenboɔ. Nʼanim te sɛ anyinam, nʼani te sɛ ogyatɛn a ɛrederɛ, ne nsa ne nan te sɛ yaawa a wɔabere ho hyerɛn, na ne nne nso te sɛ nipakuo nnyegyeɛ.
His body was like beryl, his face like the brilliance of lightning, his eyes like flaming torches, his arms and legs like the gleam of polished bronze, and his voice like the sound of a multitude.
7 Me, Daniel nko ara na mehunuu saa anisoadehunu no; nnipa a na wɔka me ho no anhunu hwee. Ehu kɛseɛ bi bɔɔ wɔn ma wodwane kɔtetɛeɛ.
Only I, Daniel, saw the vision; the men with me did not see it, but a great terror fell upon them, and they ran and hid themselves.
8 Enti, ɛkaa me nko ara a merehwɛ anisoadehunu kɛseɛ yi. Na mʼahoɔden asa, mʼanim too hoa, afei na menni ɔboafoɔ biara.
So I was left alone, gazing at this great vision. No strength remained in me; my face grew deathly pale, and I was powerless.
9 Na metee sɛ ɔrekasa, na meretie no no, mefaa mu daa nnahɔɔ a mʼanim butu fam.
I heard the sound of his words, and as I listened, I fell into a deep sleep, with my face to the ground.
10 Nsa bi sɔɔ me mu, pagyaa me a me nsa ne me kotodwe rewoso biribiribiri.
Suddenly, a hand touched me and set me trembling on my hands and knees.
11 Ɔkaa sɛ, “Daniel, wo a wɔbu wo yie, dwene nsɛm a merebɛka akyerɛ wo yi ho. Gyina pintinn, na wɔasoma me wɔ wo nkyɛn.” Ɔkaa saa asɛm yi kyerɛɛ me no, mede ahopopoɔ sɔreeɛ.
He said to me, “Daniel, you are a man who is highly precious. Consider carefully the words that I am about to say to you. Stand up, for I have now been sent to you.” And when he had said this to me, I stood up trembling.
12 Afei, ɔkɔɔ so kaa sɛ, “Nsuro, Daniel. Ɛfiri da a ɛdi ɛkan a wopɛɛ sɛ wote anisoadehunu no ase na wobrɛɛ wo ho ase wɔ wo Onyankopɔn anim no na ɔtee wo nsɛm, na ɛno enti na maba yi.
“Do not be afraid, Daniel,” he said, “for from the first day that you purposed to understand and to humble yourself before your God, your words were heard, and I have come in response to them.
13 Nanso, ɔhene babarima a ɔfiri Persia ahennie mu sii me ɛkwan nnafua aduonu baako. Afei, Mikael a ɔyɛ ahenemma atitire no mu baako bɛboaa me, ɛfiri sɛ na wɔde me asie wɔ Persia ɔhene nkyɛn.
However, the prince of the kingdom of Persia opposed me for twenty-one days. Then Michael, one of the chief princes, came to help me, for I had been left there with the kings of Persia.
14 Seesei, maba sɛ merebɛkyerɛkyerɛ wo deɛ ɛbɛba wo nkurɔfoɔ so daakye, ɛfiri sɛ saa anisoadehunu yi fa berɛ bi a ɛrebɛba ho.”
Now I have come to explain to you what will happen to your people in the latter days, for the vision concerns those days.”
15 Ɛberɛ a ɔreka yei akyerɛ me no, mebɔɔ me mu ase, na metɔree mum.
While he was speaking these words to me, I set my face toward the ground and became speechless.
16 Afei, obi a ɔte sɛ onipa de ne saa kaa mʼano, na mebuee mʼano, hyɛɛ aseɛ kasaeɛ. Meka kyerɛɛ deɛ ɔgyina mʼanim no sɛ, “Anisoadehunu no ama me ho adwiri me, me wura, na menni ɔboafoɔ biara.
And suddenly one with the likeness of a man touched my lips, and I opened my mouth and said to the one standing before me, “My lord, because of the vision, I am overcome with anguish, and I have no strength.
17 Ɛbɛyɛ dɛn na wʼakoa bɛtumi ne wo akasa, me wura? Mʼahoɔden asa, na mentumi nhome.”
How can I, your servant, speak with you, my lord? Now I have no strength, nor is any breath left in me.”
18 Deɛ ɔte sɛ onipa no de ne nsa kaa me bio, na ɔmaa me ahoɔden.
Again the one with the likeness of a man touched me and strengthened me.
19 Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Nsuro, wo a wɔbu wo bebree. Asomdwoeɛ nka wo. Hyɛ wo ho den. Yɛ den.” Ɔkasa kyerɛɛ me no, menyaa ahoɔden na mekaa sɛ, “Sɛ woama me ahoɔden yi, kasa, me wura.”
“Do not be afraid, you who are highly precious,” he said. “Peace be with you! Be strong now; be very strong!” As he spoke with me, I was strengthened and said, “Speak, my lord, for you have strengthened me.”
20 Enti ɔbisaa sɛ, “Wonim deɛ enti a maba wo nkyɛn? Ɛrenkyɛre, mɛsane akɔ na me ne Persia ɔhene babarima akɔko, na sɛ mekɔ a, Hela ɔhene babarima bɛba;
“Do you know why I have come to you?” he said. “I must return at once to fight against the prince of Persia, and when I have gone forth, behold, the prince of Greece will come.
21 nanso, mɛdi ɛkan aka deɛ wɔatwerɛ wɔ Nokorɛ Nwoma no mu no akyerɛ wo. (Obiara nni mʼafa a ɔko tia wɔn, gye sɛ Mikael a ɔyɛ wo henebabarima no.
But first I will tell you what is inscribed in the Book of Truth. Yet no one has the courage to support me against these, except Michael your prince.

< Daniel 10 >