< Kolosefoɔ 4 >

1 Awuranom, momma mo asomfoɔ deɛ ɛtene. Monkae sɛ mo nso mowɔ Owura wɔ ɔsoro.
Awuranom, momma mo asomfo nea ɛteɛ. Monkae sɛ mo nso mowɔ Owura wɔ ɔsoro.
2 Mommɔ mpaeɛ daa. Monyɛ nnam wɔ mo mpaeɛbɔ mu na monna Onyankopɔn ase.
Mommɔ mpae daa. Monyɛ nnam wɔ mo mpaebɔ mu na monna Onyankopɔn ase.
3 Ɛberɛ korɔ no ara mu, mommɔ mpaeɛ mma yɛn nso na Onyankopɔn ama yɛn mu kwan ama yɛatumi aka Asɛmpa no ne Kristo ho ahintasɛm. Ɛfiri sɛ, ɛno enti na meda afiase no.
Mommɔ mpae mma yɛn nso wɔ bere koro no ara mu na Onyankopɔn ama yɛn mu kwan ama yɛatumi aka Asɛmpa no ne Kristo ho ahintasɛm. Efisɛ ɛno nti na meda afiase no.
4 Mommɔ mpaeɛ na matumi akasa ama nteaseɛ aba mu sɛdeɛ ɛsɛ sɛ mekasa.
Mommɔ mpae na matumi akasa ama ntease aba mu, sɛnea ɛsɛ sɛ mekasa.
5 Ɛberɛ biara a mobɛnya kwan ne wɔn a wɔnyɛ agyedifoɔ no ahyia no, mo ne wɔn nkasa nyansa mu.
Bere biara a mubenya kwan ne wɔn a wɔnyɛ agyidifo ahyia no, mo ne wɔn nkasa nyansa mu.
6 Daa, monka kasa pa a ɛyɛ anigye nkyerɛ wɔn na momma wɔn mu biara mmuaeɛ pa.
Daa, monka kasa pa a ɛyɛ anigye nkyerɛ wɔn na momma wɔn mu biara mmuae pa.
7 Yɛn nuabarima pa Tihiko a ɔyɛ odwumayɛfoɔ pa na ɔsane yɛ Awurade adwumayɛ mu ɔsomfoɔ no bɛka me ho asɛm akyerɛ mo.
Yɛn nuabarima pa Tihiko a ɔyɛ odwumayɛni pa na ɔsan yɛ Awurade adwumayɛ mu somfo no bɛka me ho asɛm akyerɛ mo.
8 Ɛno enti na meresoma no aba mo nkyɛn sɛ ɔmmɛka sɛdeɛ yɛrekɔ so fa mfa nhyɛ mo den no.
Eyi nti na meresoma no mo nkyɛn, ama moahu sɛnea yɛn ho te, na wahyɛ mo nkuran nso.
9 Onua Onesimo a ɔyɛ ɔdɔfoɔ nokwafoɔ na ɔsane fra mo kuo mu no ne no na ɛreba. Wɔbɛka biribiara a ɛrekɔ so wɔ ha akyerɛ mo.
Onua Onesimo a ɔyɛ ɔdɔfo nokwafo na ɔsan fra mo kuw mu no ne no na ɛreba. Wɔbɛka biribiara a ɛrekɔ so wɔ ha akyerɛ mo.
10 Me yɔnko Aristarko a ɔne me da afiase no kyea mo. Saa ara na Barnaba wɔfaase Marko nso kyea mo. Wɔaka akyerɛ mo sɛ, sɛ ɔba mo nkyɛn a, monnye no fɛ so.
Me yɔnko Aristarko a ɔne me da afiase no kyia mo. Saa ara na Barnaba wɔfaase Marko nso kyia mo. Wɔaka akyerɛ mo se sɛ ɔba mo nkyɛn a munnye no fɛw so.
11 Yesu a wɔfrɛ no Yusto no nso kyea mo. Saa nnipa baasa yi nko ara ne Yudafoɔ agyidifoɔ a me ne wɔn reyɛ Onyankopɔn Ahennie no ho adwuma a wɔaboa me yie.
Yesu a wɔfrɛ no Yusto no nso kyia mo. Saa nnipa baasa yi nko ara ne Yudafo agyidifo a me ne wɔn reyɛ Onyankopɔn Ahenni no ho adwuma a wɔaboa me yiye.
12 Kristo Yesu ɔsomfoɔ a wɔfrɛ no Epafra a ɔfra mo kuo mu no nso kyea mo. Daa ɔbɔ mpaeɛ denden srɛ Onyankopɔn sɛ ɔnhyɛ mo den na ɔmma mo nyansa na mommrɛ mo ho ase mma nʼapɛdeɛ.
Kristo Yesu somfo a wɔfrɛ no Epafra a ɔfra mo kuw mu no nso kyia mo. Daa ɔbɔ mpae dennen srɛ Onyankopɔn sɛ ɔnhyɛ mo den na ɔmma mo nyansa na mommrɛ mo ho ase mma nʼapɛde.
13 Mɛtumi adi ne nsiyɛ ho adanseɛ akyerɛ mo ne nnipa a wɔwɔ Laodikea ne Hierapoli no.
Metumi adi ne nsiyɛ ho adanse akyerɛ mo ne nnipa a wɔwɔ Laodikea ne Hierapoli no.
14 Luka a ɔyɛ yɛn yaresafoɔ pa no ne Dema kyea mo.
Luka a ɔyɛ yɛn yaresafo pa no ne Dema kyia mo.
15 Yɛkyea anuanom a wɔwɔ Laodikea ne Nimfa ne asafo a wɔhyia wɔ ne fie no.
Yekyia anuanom a wɔwɔ Laodikea ne Nimfa ne asafo a wohyia wɔ ne fi no.
16 Sɛ mokan saa nwoma yi wie a, monhwɛ sɛ mobɛkan akyerɛ asafo a wɔwɔ Laodikea no. Saa ara nso na monkan nwoma a ɛfiri Laodikea no.
Sɛ mokenkan saa nhoma yi wie a monhwɛ sɛ mobɛkenkan akyerɛ asafo a wɔwɔ Laodikea no. Saa ara nso na monkenkan nhoma a efi Laodikea no.
17 Monka nkyerɛ Arkipo sɛ, “Bɔ mmɔden sɛ wobɛwie ɔsom a wɔde ahyɛ wo nsa wɔ Awurade din mu no.”
Monka nkyerɛ Arkipo se, “Bɔ mmɔden sɛ wubewie ɔsom a wɔde ahyɛ wo nsa wɔ Awurade din mu no.”
18 Me, Paulo, me nsa ano atwerɛ a mede kyea mo nie: Monkae me mpɔkyerɛ no. Onyankopɔn adom nka mo.
Me Paulo, me nsa ano nkyerɛw a mede kyia mo ni: Monkae me mpokyerɛ no. Onyankopɔn adom nka mo.

< Kolosefoɔ 4 >