< Kolosefoɔ 3 >

1 Wɔanyane mo ne Kristo aba nkwa mu. Afei monnwene ɔsoro nneɛma ho, baabi a Kristo te Onyankopɔn nifa so di ɔhene no.
If then you were raised together with Christ, seek the things that are above, where Christ is, seated on the right hand of God.
2 Saa nneɛma no na momma mo adwene nkɔ so, na ɛnnyɛ asase yi so nneɛma.
Set your mind on the things that are above, not on the things that are on the earth.
3 Ɛfiri sɛ, moawu na wɔde mo nkwa ne Kristo ahinta wɔ Onyankopɔn mu.
For you died, and your life is hidden with Christ in God.
4 Na sɛ Kristo a ɔyɛ mo nkwa no ba a, mo ne no bɛba wɔ nʼanimuonyam mu.
When Christ, your life, is revealed, then you will also be revealed with him in glory.
5 Ewiase akɔnnɔdeɛ te sɛ adwamammɔ, afideyɛ, bɔne, ne anibereɛ a ɛyɛ abosonsom no, monyi mfiri mo abrabɔ mu.
Put to death, therefore, whatever is worldly in you: sexual immorality, impurity, lust, evil desire, and covetousness, which is idolatry.
6 Wɔn a wɔbɛyɛ asoɔden wɔ saa nneɛma no ho no, Onyankopɔn abufuo bɛba wɔn so.
Because of these, the wrath of God is coming on the children of disobedience.
7 Ɛberɛ bi a atwam no, ɛsiane sɛ na akɔnnɔsɛm di mo abrabɔ so enti, na mo ankasa modi mo akɔnnɔ akyi.
You also once walked in those, when you lived in them;
8 Afei, monnyae saa nneɛma yi nyinaa: abufuo, bɔnepɛ, ne ɔtan. Monnyeya obi anaa mommma kasa a ɛho nte mfiri mo anom.
but now you also put them all away: anger, wrath, malice, slander, and shameful speaking out of your mouth.
9 Monnnidi atorɔ nkyerɛ mo ho, ɛfiri sɛ, moato onipadua dada ne ne su no atwene
Do not lie to one another, seeing that you have put off the old self with its practices,
10 de onipadua foforɔ asi ananmu. Moayɛ nnipa foforɔ a daa Onyankopɔn a ɔbɔɔ mo no resesa mo wɔ ne suban so, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Onyankopɔn ho nimdeɛ bɛhyɛ mo ma.
and have put on the new self, who is being renewed in knowledge after the image of his Creator,
11 Esiane saa enti, amanamanmufoɔ ne Yudafoɔ, twetiatwafoɔ ne momonotoyɛ, awudifoɔ, nkoa ne wɔn a wɔde wɔn ho no nni hɔ bio. Kristo wɔ biribiara mu. Kristo te yɛn nyinaa mu.
where there cannot be Greek and Jew, circumcision and uncircumcision, barbarian, Scythian, slave, freeman; but Christ is all, and in all.
12 Moyɛ Onyankopɔn nkurɔfoɔ. Ɔpɛ mo asɛm enti na ɔyii mo sɛ ne deɛ, enti monyɛ timmɔborɔ, ayamyɛ, mommrɛ mo ho ase, monnwo na monyɛ abodwokyerɛ.
Put on therefore, as God's chosen ones, holy and beloved, a heart of compassion, kindness, gentleness, humility, and patience;
13 Mommoaboa mo ho mo ho, na obi fom ne yɔnko a, momfa nkyekyɛ mo ho. Sɛdeɛ Awurade de akyɛ mo no, saa ara na mo nso momfa nkyekyɛ mo ho mo ho.
bearing with one another, and forgiving each other, if anyone has a complaint against another; even as the Lord forgave you, so you also do.
14 Yei nyinaa akyi no, momfa ɔdɔ a ɛde baakoyɛ ba no nka mo abrabɔ ho.
Above all these things, walk in love, which is the bond of perfection.
15 Momma Kristo asomdwoeɛ no ntena mo akoma mu. Saa asomdwoeɛ yi ho na wɔafrɛ mo nyinaa aba Kristo onipadua baako mu. Monyɛ nnipa a wɔwɔ ayɛyie.
And let the peace of Christ rule in your hearts, to which also you were called in one body; and be thankful.
16 Kristo asɛm no ne mu nnepa nyinaa ntena mo akoma mu. Momfa nyansa nkyerɛkyerɛ. Monto asankuo so nnwom ne ayɛyie nnwom ne honhom mu nnwom. Momfiri mo akoma mu nto aseda nnwom mma Onyankopɔn.
Let the word of Christ dwell in you richly; in all wisdom teaching and admonishing one another with psalms, hymns, and spiritual songs, singing with grace in your heart to God.
17 Biribiara a moyɛ anaa moka no, monyɛ wɔ Awurade Yesu din mu na momfa ne so nna Agya Onyankopɔn ase.
Whatever you do, in word or in deed, do all in the name of the Lord Jesus, giving thanks to God the Father, through him.
18 Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo kununom sɛdeɛ ɛsɛ Awurade mu.
Wives, be in subjection to your husbands, as is fitting in the Lord.
19 Okununom, monnɔ mo yerenom na monnhyɛ wɔn ahometeɛ.
Husbands, love your wives, and do not be bitter against them.
20 Mma, adeɛ nyinaa mu, montie mo awofoɔ asɛm na yei na ɛsɔ Onyankopɔn ani.
Children, obey your parents in all things, for this pleases the Lord.
21 Agyanom, monnyi mo mma abufuo na ammu wɔn aba mu.
Fathers, do not provoke your children, so that they won't be discouraged.
22 Asomfoɔ, adeɛ nyinaa mu, montie mo wuranom asɛm. Ɛnyɛ sɛ wɔn ani tua mo enti na ɛsɛ sɛ moyɛ na wɔpene mo, na mmom, ɛsiane sɛ modi Awurade ni no enti, momfa akoma pa nyɛ.
Servants, obey in all things those who are your masters according to the flesh, not just when they are looking, as people-pleasers, but in singleness of heart, fearing the Lord.
23 Biribiara a moyɛ no, momfa mo akoma nyinaa nyɛ na momfa no sɛ moreyɛ ama Awurade na monnyɛ mma nnipa.
And whatever you do, work heartily, as for the Lord, and not for people,
24 Monkae sɛ Awurade bɛkyɛ mo so adeɛ. Mo nsa bɛka adeɛ a ɔde asie ama ne nkurɔfoɔ no bi. Kristo ne owura a mosom no.
knowing that from the Lord you will receive the reward of the inheritance; for you serve the Lord Christ.
25 Na obiara a ɔyɛ deɛ ɛntene no, bɔne a ɔyɛ no so akatua na ɔbɛnya a animhwɛ biara nni mu.
But he who does wrong will receive again for the wrong that he has done, and there is no partiality.

< Kolosefoɔ 3 >