< Amos 9 >

1 Mehunuu Awurade sɛ ɔgyina afɔrebukyia no ho, na ɔkaa sɛ, “Bɔ Asɔredan no afadum no atifi na mma ne fapem no nwoso. Mommubu ngu nnipa no nyinaa so; wɔn a aka no mede akofena bɛkunkum wɔn. Ɔbaako mpo rentumi nnwane obiara remfiri mu mfi.
I saw the Lord standing beside the altar, and He said: “Strike the tops of the pillars so that the thresholds shake. Topple them on the heads of all the people, and I will kill the rest with the sword. None of those who flee will get away; none of the fugitives will escape.
2 Mpo sɛ wɔtu fam kɔ awumena mu a ɛhɔ na me nsa bɛtwe wɔn afiri aba. Mpo sɛ wɔforo kɔ ɔsoro a ɛhɔ na mɛyi wɔn afiri aba fam. (Sheol h7585)
Though they dig down to Sheol, from there My hand will take them; and though they climb up to heaven, from there I will pull them down. (Sheol h7585)
3 Mpo sɛ wɔkɔtetɛ bepɔ Karmel atifi a, ɛhɔ na mɛti wɔn akɔkye wɔn aba. Mpo sɛ wɔde wɔn ho sie me wɔ ɛpo ase a ɛhɔ na mɛhyɛ ɔwɔ no ama wakɔkeka wɔn.
Though they hide themselves atop Carmel, there I will track them and seize them; and though they hide from Me at the bottom of the sea, there I will command the serpent to bite them.
4 Mpo, sɛ wɔn atamfoɔ de wɔn kɔ nnommumfa mu a, ɛhɔ na mɛhyɛ akofena akunkum wɔn. “Mɛgyene mʼani ahwɛ wɔn. Mede ɔsɛeɛ bɛba wɔn so na meremmoa wɔn.”
Though they are driven by their enemies into captivity, there I will command the sword to slay them. I will fix My eyes upon them for harm and not for good.”
5 Awurade, Asafo Awurade, Ɔno na ɔde ne nsa ka asase ma ɛnane, ma wɔn a wɔte so nyinaa twa adwo. Asase no nyinaa pagya te sɛ Nil na ɛtwe te sɛ Misraim asubɔnten.
The Lord GOD of Hosts, He who touches the earth and it melts, and all its dwellers mourn— all the land rises like the Nile, then sinks like the river of Egypt—
6 Ɔno na ɔsi nʼahemfie a ɛkrɔn wɔ ɔsoro na ɔto ne fapem wɔ asase so. Ɔno na ɔboaboa ɛpo mu nsuo ano na ɔhwie gu asase so. Awurade ne ne din!
He builds His upper rooms in the heavens and founds His vault upon the earth. He summons the waters of the sea and pours them over the face of the earth. The LORD is His name.
7 “Mo Israelfoɔ, mo ho hia me sene Etiopiafoɔ?” Sɛdeɛ Awurade seɛ nie. Manyi Israelfoɔ amfiri Misraim, ne Filistifoɔ amfiri Kreta, ɛne Aramfoɔ nso amfiri Kir anaa?
“Are you not like the Cushites to Me, O children of Israel?” declares the LORD. “Did I not bring Israel up from the land of Egypt, the Philistines from Caphtor, and the Arameans from Kir?
8 “Ampa ara Otumfoɔ Awurade ani wɔ nnebɔne ahennie no so. Mɛpepa no afiri asase ani, nanso, merensɛe Yakob efie korakora,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
Surely the eyes of the Lord GOD are on the sinful kingdom, and I will destroy it from the face of the earth. Yet I will not utterly destroy the house of Jacob,”
9 “Na mɛhyɛ, na mɛwoso Israel efie, wɔ amanaman nyinaa mu, sɛdeɛ wɔhuhu atokoɔ so wɔ huhuamoa mu na aba fua mpo ntɔ fam no.
“For surely I will give the command, and I will shake the house of Israel among all the nations as grain is sifted in a sieve; but not a pebble will reach the ground.
10 Nnebɔneyɛfoɔ a wɔwɔ me nkurɔfoɔ mu nyinaa bɛtotɔ wɔ akofena ano, wɔn a wɔka sɛ, ‘Amanehunu rento yɛn anaa ɛremma yɛn so da.’
All the sinners among My people will die by the sword— all those who say, ‘Disaster will never draw near or confront us.’”
11 “Saa ɛda no, mɛsane aba abɛsi “Dawid efie a abubu no bio. Mɛsiesie ne baabi a asɛeɛ no, na masi no sɛdeɛ na ɛteɛ no,
“In that day I will restore the fallen tent of David. I will repair its gaps, restore its ruins, and rebuild it as in the days of old,
12 na wɔafa Edom nkaeɛfoɔ no, ne amanaman a me din da wɔn so.” Awurade a waka no, ɔno na ɔbɛyɛ yeinom nyinaa.
that they may possess the remnant of Edom and all the nations that bear My name,”
13 “Nna no reba,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie, “A nnɔbaeɛ no bɛba ntɛm ama ɔtwafoɔ no, na bobe no abu so ama deɛ ɔtiatia nsakyiamena no so no. Nsa foforɔ bɛsɔne afiri mmepɔ no so na atene wɔ nkokoɔ no nyinaa so.
“Behold, the days are coming,” declares the LORD, “when the plowman will overtake the reaper and the treader of grapes, the sower of seed. The mountains will drip with sweet wine, with which all the hills will flow.
14 Mede me nkurɔfoɔ Israel nnommumfoɔ bɛsane aba. “Wɔbɛsane asiesie nkuropɔn a asɛeɛ no na wɔatena mu. Wɔbɛyɛ bobe nturo na wɔanom mu nsã; wɔbɛyɛ mfikyifuo na wɔadi so nnuaba.
I will restore My people Israel from captivity; they will rebuild and inhabit the ruined cities. They will plant vineyards and drink their wine; they will make gardens and eat their fruit.
15 Mede Israelfoɔ bɛdua wɔn ankasa asase so a wɔrentu bio da mfiri asase a mede ama wɔn no so,” sɛdeɛ Awurade, mo Onyankopɔn seɛ nie.
I will firmly plant them in their own land, never again to be uprooted from the land that I have given them,”

< Amos 9 >