< Amos 8 >

1 Afei, deɛ Otumfoɔ Awurade yi kyerɛɛ me nie: kɛntɛn a aduaba a abereɛ wɔ mu.
The Lord God showed me this: a basket of summer fruit.
2 Ɔbisaa sɛ, “Ɛdeɛn na wohunu, Amos?” Mebuaa sɛ, “Kɛntɛn a wɔde nnuaba a abereɛ ahyɛ no ma.” Ɛna Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Me nkurɔfoɔ Israelfoɔ berɛ no aso; meremfa wɔn ho nnkyɛ wɔn bio.”
“What do you see, Amos?” he asked. I replied, “A basket of ripe summer fruit.” Then the Lord said to me: The time is ripe for my people Israel, I will no longer overlook their crimes.
3 Sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie, “Saa ɛda no, asɔrefie nnwontoɔ bɛdane menabɔ. Wɔbɛbɔ afunu bebree apete baabiara! Enti yɛ komm!”
The singing women in the palace will howl on that day, says the Lord: Corpses everywhere, thrown out in silence.
4 Montie saa asɛm yi, mo a motiatia mmɔborɔwafoɔ so, na mopam ahiafoɔ firi wɔn asase so,
Listen to this, you who trample on the needy, who oppress the poor of the earth,
5 na moka sɛ, “Ɛberɛ bɛn na ɔbosome foforɔ bɛtwam ama yɛatɔn aduane, na Homeda bɛba awieeɛ ama yɛadi ayuo dwa?” Sɛ mobɛhyɛ susukora mu na moatoto ɛboɔ so na mode nsania a wɔamia mu asisi atɔfoɔ,
saying: When will the feast of the new moon be over so that we may sell grain? And the sabbath ended so that we may offer wheat for sale? Reducing the measure and increasing the price, cheating with false scales,
6 na mode dwetɛ atɔ ahiafoɔ na mmɔborɔwafoɔ nso moatɔn wɔn agye mpaboa, na moapra ayuo ase afra ayuo mu atɔn.
mixing the sweepings in with the wheat. Then we can buy the poor for money, the needy for a pair of shoes.
7 Awurade de Yakob ahohoahoa aka ntam sɛ: “Me werɛ remfiri biribiara a wɔayɛ da.
Now the Lord has taken an oath by the Pride of Jacob: I will never forget all their deeds!
8 “Asase renwoso wɔ deɛ asie yi ho anaa, na wɔn a wɔte mu nyinaa ntwa adwo anaa? Asase no nyinaa bɛpagya ne ho te sɛ Nil ɛbubu afa so, na asane atwe bio te sɛ Misraim asubɔnten.”
Because of this won’t the land quake, and all its inhabitants mourn? Won’t the whole of it rise like the Nile, churn and subside like the Nile in Egypt?
9 Sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie, “Saa ɛda no, mɛma owia atɔ owigyinaeɛ, na mama esum aduru asase so awia ketee.
On that day, says the Lord God, I will make the sun set at noon and darken the earth in broad daylight.
10 Mɛdane mo nyamesom apontoɔ ama ayɛ awerɛhoɔdie na mo nnwontoɔ nyinaa adane osu. Mɛma mo nyinaa afira ayitoma na mayi mo tirinwi. Mɛyɛ saa da no te sɛ ɔba korɔ ho awerɛhoɔdie da na awieeɛ no ayɛ sɛ da a ɛyɛ nwono.
I will turn your feasts into mourning, all your songs into dirges. I will cause you to dress in sackcloth, every head shaved. I will make you mourn like you have lost your only son, all that happens will end in bitterness.
11 “Nna no reba” sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie, “Mɛma ɛkɔm aba asase no so, ɛnnyɛ aduane ɛkɔm anaa nsukɔm, na mmom, Awurade asɛm ho ɛkɔm.
The day is coming, says the Lord God, when I will send hunger in the land. Not a famine of bread or thirst for water, but for hearing the message of the Lord.
12 Nnipa bɛtɔ ntentan akyinkyin firi ɛpo so akɔ ɛpo so na wɔakyinkyini afiri atifi fam akɔ apueeɛ fam, sɛ wɔrekɔhwehwɛ Awurade asɛm, nanso wɔrenhunu.
Then they will wander from sea to sea, from the north to the east, to seek a message from the Lord, but they will not find it.
13 “Na saa da no “mmabaawa ahoɔfɛfoɔ ne mmarimaa ahoɔdenfoɔ bɛtotɔ baha ɛsiane osukɔm enti.
In that day beautiful girls and strong young men will faint from thirst.
14 Wɔn a wɔde Samaria aniwuo abosom ka ntam, anaa wɔde Dan ne Beer-Seba abosom ka ntamka no, wɔbɛhwehwe ase na wɔrensɔre bio.”
Those who take oaths by the shameful idol of Samaria, who swear, ‘As surely as your God lives, O Dan!’ and, ‘By the sacred way to Beer-sheba!’ – they will fall and never rise again.

< Amos 8 >