< Amos 7 >

1 Deɛ Otumfoɔ Awurade yi kyerɛɛ me nie: na ɔreboaboa ntutummɛ bebree ano, abɛto wɔn agu asase no so. Yei yɛ ɛberɛ a wɔatwa ɔhene kyɛfa afiri mfuo no so na mfudeɛ no renyini bio.
Thus Lord YHWH has showed me, and behold, He is forming locusts at the beginning of the ascending of the latter growth, and behold, the latter growth [is] after the mowings of the king [[or King Gog]];
2 Ɛberɛ a mmoadabi no awe asase no so nnɔbaeɛ nyinaa no, me teaam sɛ, “Otumfoɔ Awurade, mesrɛ wo, fa wo nkurɔfoɔ bɔne kyɛ wɔn! Yakob rentumi nnyina, ɛfiri sɛ, ɔyɛ ɔman ketewa bi.”
and it has come to pass, when it has finished to consume the herb of the land, that I say, “Lord YHWH, please forgive, How does Jacob arise—for he [is] small?”
3 Ɛno enti, Awurade bo dwooɛ. Na ɔgyaee nʼatirimpɔ no. Ɔkaa sɛ, “Merenyɛ.”
YHWH has relented of this, “It will not be,” said YHWH.
4 Deɛ Otumfoɔ Awurade yi kyerɛɛ me nie: Otumfoɔ Awurade de ogya rebɛbu atɛn; ɛbɛwee ebunu kɛseɛ no na ɛsɛee asase no.
Thus has Lord YHWH showed me, and behold, Lord YHWH is calling to contend by the fire, and it consumes the great deep, indeed, it has consumed the portion, and I say,
5 Na me teaam sɛ, “Ao, Otumfoɔ Awurade, mesrɛ wo, gyae. Yakob rentumi nnyina, ɛfiri sɛ, ɔyɛ ɔman ketewa bi.”
“Lord YHWH, please cease, How does Jacob arise—for he [is] small?”
6 Ɛno enti, Awurade bo dwooɛ na ɔkaa sɛ, “Mɛgyae mʼatirimpɔ yi nso.”
YHWH has relented of this, “It also will not be,” said Lord YHWH.
7 Yei ne deɛ ɔyi kyerɛɛ me: Na Awurade gyina ɔfasuo a wɔato no kyirebenn ho, a kyirebennyɛ ahoma kura no.
Thus has He showed me, and behold, the Lord is standing by a wall [made according to] a plumb-line, and in His hand a plumb-line;
8 Na Awurade bisaa me sɛ, “Amos, ɛdeɛn na wohunu?” Mebuaa sɛ, “Kyirebennyɛ ahoma.” Na Awurade kaa sɛ, “Mede kyirebennyɛ ahoma yi reto me nkurɔfoɔ Israelfoɔ ho; meremfa wɔn ho nkyɛ wɔn bio.
and YHWH says to me, “What are you seeing, Amos?” And I say, “A plumb-line”; and the Lord says: “Behold, I am setting a plumb-line in the midst of My people Israel, I no longer pass over to it.
9 “Wɔbɛsɛe Isak sorɔnsorɔmmea na Israel kronkron tenabea nso wɔbɛbubu no; mede mʼakofena bɛsɔre atia Yeroboam efie.”
And high places of Isaac have been desolated, And sanctuaries of Israel are dried up, And I have risen against the house of Jeroboam with a sword.”
10 Amasia a ɔyɛ Bet-El ɔsɔfoɔ de nkra kɔmaa Israelhene Yeroboam sɛ, “Amos rebɔ pɔ atia wo wɔ Israel ha yi ara! Nsɛm a ɔreka no nnyɛ abodwosɛm.
And Amaziah priest of Beth-El sends to Jeroboam king of Israel, saying, “Amos has conspired against you in the midst of the house of Israel; the land is not able to bear all his words,
11 Deɛ Amos reka nie: “‘Yeroboam bɛwu wɔ akofena ano, na ɛkwan biara so Israel bɛkɔ nnommumfa mu, wɔ akyirikyiri asase so.’”
for thus said Amos: Jeroboam dies by sword, And Israel certainly removes from off its land.”
12 Na Amasia ka kyerɛɛ Amos sɛ, “Firi ha kɔ, wo ɔdehunufoɔ! Sane kɔ Yuda asase so na kɔtena hɔ hyɛ wo nkɔm.
And Amaziah says to Amos, “Seer, go, flee to the land of Judah for yourself, and eat bread there, and there you prophesy;
13 Nhyɛ nkɔm bio wɔ Bet-El ha, ɛfiri sɛ ɛha yɛ ɔhene tenabea kronkron ne ahemman no asɔredan.”
and no longer prophesy [at] Beth-El anymore, for it [is] the king’s sanctuary, and it [is] the royal house.”
14 Amos buaa Amasia sɛ, “Mennyɛ odiyifoɔ anaa odiyifoɔ bi ba, na na meyɛ odwanhwɛfoɔ, a na mehwɛ borɔdɔma nnua nso so.
And Amos answers and says to Amaziah, “I [am] no prophet, nor [am] I a prophet’s son, but I [am] a herdsman, and a cultivator of sycamores,
15 Nanso, Awurade frɛɛ me firii nnwan so hwɛ so, ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Kɔhyɛ nkɔm kyerɛ me nkurɔfoɔ Israelfoɔ.’
and YHWH takes me from after the flock, and YHWH says to me, Go, prophesy to My people Israel.
16 Na afei, tie Awurade asɛm. Woka sɛ, “‘Nhyɛ nkɔm ntia Israelfoɔ, na gyae asɛnka a wode tia Isak fiefoɔ.’
And now, hear a word of YHWH: You are saying, Do not prophesy against Israel, nor drop [anything] against the house of Isaac,
17 “Enti asɛm a Awurade ka nie: “‘Wo yere bɛbɔ adwaman wɔ kuropɔn yi mu, wo mmammarima ne wo mmammaa bɛwuwu wɔ akofena ano. Wɔbɛsusu wʼasase na wakyekyɛ mu, na wʼankasa nso, wobɛwu wɔ abosonsom ɔman mu, na ɛkwan biara so Israel bɛkɔ nnommumfa mu, wɔ akyirikyiri asase so.’”
therefore, thus said YHWH: Your wife goes whoring in the city, And your sons and your daughters fall by sword, And your land is apportioned by line, And you die on an unclean land, And Israel certainly removes from off its land.”

< Amos 7 >