< Amos 6 >

1 Nnome nka mo a mogye mo ho die wɔ Sion, ne mo a mo asom adwo mo wɔ Samaria bepɔ so, mo atitire a mowɔ ɔman dikanfoɔ mu, a Israelfoɔ ba mo nkyɛn!
Woe to those who are at ease in Zion, and to those who are secure in the mountain of Samaria, the notable men of the chief of the nations, to whom the house of Israel come!
2 Monkɔ Kalne, nkɔhwɛ hɔ. Na momfiri hɔ nkɔ Hamat kɛseɛ mu, monsiane nkɔ Gat a ɛwɔ Filistia. Wɔyɛ sene mo ahemman mmienu no? Wɔn asase no so sene mo deɛ no anaa?
Pass ye to Calneh, and see, and from there go ye to Hamath the great, then go down to Gath of the Philistines. Are they better than these kingdoms? Or is their border greater than your border?
3 Motu ɛda bɔne hyɛ ɛda na motwe Atemmuo da bɛn.
Ye who put far away the evil day, and cause the seat of violence to come near,
4 Modeda asonse mpa so mogye mo ahome wɔ mo nnaeɛ mu, na mowe nnwammaa ne anantwie mma a wɔadɔre sradeɛ nam.
who lie upon beds of ivory, and stretch themselves upon their couches, and eat the lambs out of the flock, and the calves out of the midst of the stall,
5 Mode mo sankuten to ahuhudwom, na mobɔ mo tirim yɛ nnwom wɔ mo nnwontodeɛ so te sɛ Dawid.
who sing idle songs to the sound of the viol, who invent for themselves instruments of music, like David,
6 Monom nsã nkorama mu na mode sradehwam papa yɛ mo ho, na monni awerɛhoɔ wɔ Yosef sɛeɛ ho.
who drink wine in bowls, and anoint themselves with the chief oils, but they are not grieved for the affliction of Joseph.
7 Ɛno enti, mobɛka atukɔfoɔ a wɔdi ɛkan no ho; na mo apontoɔ ne mo ahomegyeɛ to bɛtwa.
Therefore they shall now go captive with the first who go captive, and the revelry of those who stretched themselves shall pass away.
8 Otumfoɔ Awurade aka ne ho ntam na deɛ Asafo Awurade Onyankopɔn seɛ nie: “Mekyiri Yakob ahomasoɔ na memmpɛ nʼaban; mede kuropɔn no bɛma ɛne deɛ ɛwɔ mu nyinaa.”
The lord Jehovah has sworn by himself, says Jehovah, the God of hosts: I abhor the excellency of Jacob, and hate his palaces, therefore I will deliver up the city with all that is therein.
9 Sɛ wogya nnipa edu wɔ efie baako mu a, wɔn nso bɛwuwu.
And it shall come to pass, if there remain ten men in one house, that they shall die.
10 Na sɛ obusuani a ɔrebɛhye awufoɔ no ba sɛ ɔrebɛfa wɔn afiri efie hɔ na ɔbisa obi a wakɔtɛ sɛ, “Obi ka wo ho anaa?” Na ɔbuaa sɛ, “Dabi” a, afei ɔbɛka sɛ, “Mua wʼano!” Ɛnsɛ sɛ wɔbɔ Awurade din.
And when a man's uncle shall take him up, even he who burns him, to bring out the bones out of the house, and shall say to him who is in the innermost parts of the house, Is there yet any with thee? and he shall say, No, then he shall say, Hold thy peace, for we may not make mention of the name of Jehovah.
11 Na Awurade ahyɛ mmara na ɔbɛbubu afie akɛseɛ no mu asinasini ne afie nketewa no nso mu nketenkete.
For, behold, Jehovah commands, and the great house shall be smitten with breaches, and the little house with clefts.
12 Apɔnkɔ tu mmirika wɔ abotan a apaapae so anaa? Na obi de nantwie funtum hɔ anaa? Nanso, moadane atɛntenenee ayɛ no awuduro. Na tenenee nso ayɛ nwononwono.
Shall horses run upon the rock? Will a man plow there with oxen? That ye have turned justice into gall, and the fruit of righteousness into wormwood,
13 Mo a moani gye Lo-debar nkoguo ho, na mobisa sɛ, “Ɛnyɛ yɛn ahoɔden na yɛde dii Karnaim so anaa?”
ye who rejoice in a thing of nothing, who say, Have we not taken to us horns by our own strength?
14 Deɛ Asafo Awurade Onyankopɔn seɛ nie: “Mɛhwanyan ɔman bi abɛtia mo, Ao Israelfoɔ, deɛ ɔbɛhyɛ mo so firi Lebo Hamat akɔsi Araba bɔnhwa mu.”
For, behold, I will raise up against you a nation, O house of Israel, says Jehovah, the God of hosts, and they shall afflict you from the entrance of Hamath to the brook of the Arabah.

< Amos 6 >