< Amos 5 >

1 Tie asɛm yi, mo Israelfoɔ, saa mmenabɔ yi fa mo ho:
イスラエルの家よ我が汝らに對ひて宣る此言を聽け 是は哀歎の歌なり
2 “Ɔbabunu Israel ahwe ase a ɔrensɔre bio, wɔapo no ɔno ara asase so, na ɔnni obi a ɔbɛpagya no.”
處女イスラエルは仆れて復起あがらず彼は己の地に扑倒さる 之を扶け起す者なし
3 Deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie: “Kuropɔn a ɔde mmarima ahoɔdenfoɔ apem ko ma Israel no, emu ɔha pɛ na ɛbɛka; Kuro a ɔde ahoɔdenfoɔ ɔha no, emu edu pɛ na ɛbɛka.”
主ヱホバかく言たまふ イスラエルの家においては前に千人出たる邑は只百人のみのこり前に百人出たる邑は只十人のみのこらん
4 Deɛ Awurade ka kyerɛ Israelfoɔ nie: “Monhwehwɛ me na monnya nkwa;
ヱホバかくイスラエルの家に言たまふ 汝ら我を求めよ さらば生べし
5 Monnhwehwɛ Bet-El, monnkɔ Gilgal, na monntu ɛkwan nkɔ Beer-Seba nso. Ampa ara Gilgal bɛkɔ nnommumfa mu na wɔbɛhwe Bet-El ase koraa.”
ベテルを求むるなかれ ギルガルに往なかれ ベエルシバに赴く勿れ ギルガルは必ず擄へられゆきベテルは無に歸せん
6 Monhwehwɛ Awurade na monnya nkwa, anyɛ saa a ɔbɛpra Yosef efie te sɛ ogya; ɛbɛhye, na Bet-El rennya obi nnum no.
汝らヱホバを求めよ 然ば生べし 恐くはヱホバ火のごとくにヨセフの家に落くだりたまひてその火これを燒ん ベテルのためにこれを熄す者一人もあらじ
7 Mo a moma atemmuo yɛ nwono na mototo tenenee ase.
汝ら公道を茵蔯に變じ正義を地に擲つる者よ
8 Deɛ ɔbɔɔ nsoromma, Akokɔbaatan ne ne mma, deɛ ɔdane esum yɛ no adekyeeɛ na ɔma awia dane adesaeɛ. Deɛ ɔboaboa ɛpo mu nsuo ano na ɔhwie gu asase so, ne din ne Awurade.
昴宿および參宿を造り死の蔭を變じて朝となし晝を暗くして夜となし海の水を呼て地の面に溢れさする者を求めよ 其名はヱホバといふ
9 Ɔsɛe abandenden ntɛm so na ɔbubu kuropɔn a wɔabɔ ho ban nso,
彼は滅亡を忽然強者に臨ましむ 滅亡つひに城に臨む
10 motane deɛ ɔtenetene wɔ asɛnniiɛ na mobu deɛ ɔka nokorɛ animtiaa.
彼らは門にありて勸戒る者を惡み正直を言ふ者を忌嫌ふ
11 Motiatia ohiani so na mohyɛ no gye aduane firi ne nkyɛn. Enti, ɛwom sɛ mode aboɔ a wɔatwa asisi afie akɛseɛ deɛ, nanso morentena mu; ɛwom sɛ moayɛ bobe nturo a ɛyɛ fɛ deɛ nanso morennom emu nsã.
汝らは貧き者を踐つけ麥の贐物を之より取る この故に汝らは鑿石の家を建しと雖どもその中に住ことあらじ 美しき葡萄園を作りしと雖どもその酒を飮ことあらじ
12 Na menim mo mmarato dodoɔ ne mo bɔne akɛseɛ no. Mohyɛ teneneefoɔ so na mogye adanmudeɛ mobu ahiafoɔ ntɛnkyea wɔ asɛnniiɛ.
我知る汝らの愆は多く汝らの罪は大なり 汝らは義き者を虐げ賄賂を取り門において貧き者を推抂ぐ
13 Ɛno enti, ɔnyansafoɔ yɛ komm saa mmerɛ yi mu, ɛfiri sɛ, ɛyɛ mmerɛ bɔne.
是故に今の時は賢き者默す 是惡き時なればなり
14 Monhwehwɛ papa, na moanya nkwa na ɛnyɛ bɔne. Na Asafo Awurade Onyankopɔn bɛka wo ho, sɛdeɛ moka sɛ ɔyɛ no.
汝ら善を求めよ 惡を求めざれ 然らば汝ら生べし また汝らが言ごとく萬軍の神ヱホバ汝らと偕に在さん
15 Monkyiri bɔne, na monnɔ papa; Monni atɛn tenenee wɔ asɛnniiɛ. Ebia, Asafo Awurade Onyankopɔn bɛnya ahummɔborɔ ama Yosef nkaeɛfoɔ.
汝ら惡を惡み善を愛し門にて公義を立よ 萬軍の神ヱホバあるひはヨセフの遺れる者を憐れみたまはん
16 Enti deɛ Awurade, Asafo Awurade Onyankopɔn seɛ nie: “Mmenabɔ bɛba mmorɔno nyinaa so na ɔyea ne apinisie bɛba mmɔntene so. Wɔbɛfrɛ akuafoɔ ama wɔabɛsu na agyamfoɔ abɛtwa adwo.
是故に主たる萬軍の神ヱホバかく言たまふ 諸の街衢にて啼ことあらん 諸の大路にて人哀哉哀哉と呼ん 又農夫を呼きたりて哀哭しめ啼女を招きて啼しめん
17 Wɔbɛbɔ mmena wɔ bobeturo nyinaa mu, ɛfiri sɛ mɛnante mo mu,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
また諸の葡萄園にも啼こと有べし 其は我汝らの中を通るべければなり ヱホバこれを言たまふ
18 Nnome nka wɔn a wɔpɛ sɛ Awurade da no ba! Deɛn enti na mopɛ sɛ Awurade da no ba? Saa ɛda no bɛyɛ esum, na ɛnnyɛ hann.
ヱホバの日を望む者は禍なるかな 汝ら何とてヱホバの日を望むや 是は昏くして光なし
19 Ɛbɛyɛ te sɛ ɔnipa a ɔdwane firi gyata anim na ɔkohyia sisire, sɛ deɛ owura ne fie de ne nsa to ɔfasuo so, na ɔwɔ ka no.
人獅子の前を逃れて熊に遇ひ又家にいりてその手を壁に附て蛇に咬るるに宛も似たり
20 Na Awurade da no bɛyɛ esum; ɛrenyɛ hann, ɛbɛyɛ esum kabii a ɛhan nsensaneɛ biara nni mu.
ヱホバの日は昏くして光なく暗にして耀なきに非ずや
21 “Mekyiri na mepo mo nyamesom mu apontoɔ; mʼani nnye mo afahyɛ nhyiamu ho.
我は汝らの節筵を惡みかつ藐視む また汝らの集會を悦ばじ
22 Ɛwom sɛ mode ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ brɛ me deɛ, nanso merennye. Mode asomdwoeɛ afɔdeɛ brɛ me nanso mʼani rensɔ.
汝ら我に燔祭または素祭を獻ぐるとも我之を受納れじ 汝らの肥たる犢の感謝祭は我これを顧みじ
23 Momfa mo nnwontoɔ gyegyeegye no mfiri me so! Merentie mo asankuten so nnwom.
汝らの歌の聲を我前に絶て汝らの琴の音は我これを聽じ
24 Mmom, momma atɛntenenee ntene sɛ asubɔnten, na tenenee nyɛ sɛ asutene a ɛrenwe da!
公道を水のごとくに正義をつきざる河のごとくに流れしめよ
25 “Israelfoɔ, ɛnyɛ me na mode afɔrebɔdeɛ ne ayɛyɛdeɛ brɛɛ me mfeɛ aduanan wɔ ɛserɛ so anaa?
イスラエルの家よ汝らは四十年荒野に居し間犠牲と供物を我に獻げたりしや
26 Mode mo ho nyinaa ato Molek nyame, ne mo honi Rɛfan so; wɔyɛ ahoni a moayɛ sɛ mobɛsom wɔn.
かへつて汝らは汝らの王シクテを負ひ汝らの偶像キウンを負へり 是即ち汝らの神とする星にして汝らの自ら造り設けし者なり
27 Ɛno enti, mɛtwa mo asuo akɔ Damasko nohoa,” sɛdeɛ Awurade a ne din ne Onyankopɔn Otumfoɔ seɛ nie.
然ば我汝らをダマスコの外に移さん 萬軍の神ととなふるヱホバこれを言たまふ

< Amos 5 >