< Amos 2 >
1 Deɛ Awurade seɛ nie: “Moab ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno enti, merennane mʼabufuo. Ɔhyee Edomhene nnompe, ma ɛdanee nsõ.
Thus says the Lord: For three wicked deeds of Moab, and for four, I will not convert him, in so far as he has burned the bones of the king of Idumea, all the way to ashes.
2 Mede ogya bɛto Moab mu, na ahye Keriot aban. Moab bɛhwe ase wɔ hooyɛ, ɔko nteateamu ne totorobɛnto nnyegyeeɛ mu.
And I will send a fire onto Moab, and it will devour the buildings of Kerioth. And Moab will die with a noise, with the blare of a trumpet.
3 Mɛsɛe ne sodifoɔ na makunkum ne mmapɔmma aka ne ho,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
And I will destroy the judge in their midst, and I will execute all his leaders with him, says the Lord.
4 Deɛ Awurade seɛ nie: “Yuda ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno enti, merennane mʼabufuo. Wɔapo Awurade mmara no na wɔanni nʼahyɛdeɛ so ɛfiri sɛ atorɔ anyame no ama wɔafom ɛkwan no, anyame a wɔn nananom dii akyire no.
Thus says the Lord: For three wicked deeds of Judah, and for four, I will not convert him, in so far as he has rejected the law of the Lord and has not kept his commandments. For their idols, which their fathers followed, have deceived them.
5 Mede ogya bɛto Yuda mu na ahye Yerusalem aban.”
And I will send a fire onto Judah, and it will devour the buildings of Jerusalem.
6 Deɛ Awurade seɛ nie: “Israel ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno enti, merennane mʼabufuo. Wɔtɔn ateneneefoɔ de gye dwetɛ, ne ahiafoɔ de gye mpaboa.
Thus says the Lord: For three wicked deeds of Israel, and for four, I will not convert him, in so far as he has sold the just for silver and the poor for shoes.
7 Wɔtiatia ahiafoɔ so te sɛ deɛ wɔyɛ fam mfuturo na wɔma atɛntenenee bɔ mmɔborɔwafoɔ. Agya ne ne ba ne ɔbaa baako da de gu me din kronkron no ho fi.
They grind the heads of the poor into the dust of the earth, and they divert the way of the humble. And the son, as well as his father, have gone to the same girl, so that they outrage my holy name.
8 Wɔdeda afɔrebukyia biara ho wɔ wɔn awowa ntoma so. Wɔ wɔn anyame efie no mu no wɔnom nsã a wɔagye sɛ mmaratodeɛ.
And they have lain on garments taken in pledge next to every altar. And they drank the wine of the damned in the house of their God.
9 “Mesɛee Amorifoɔ no wɔ wɔn anim, ɛwom sɛ wɔware te sɛ ntweneduro. Wɔn ho nso yɛ den sɛ odum. Mesɛee nʼaba wɔ ne soro, ne ne nhini wɔ nʼase.
Yet I exterminated the Amorites before their face, whose height was like the height of cedars, and whose strength was like the oak. And I crushed his fruit from above and his roots below.
10 Meyii wo firii Misraim, na medii wʼanim mfirinhyia aduanan wɔ ɛserɛ so sɛdeɛ mede Amorifoɔ asase bɛma wo.
It is I who caused you to ascend from the land of Egypt, and I led you in the wilderness for forty years, so that you might possess the land of the Amorite.
11 Meyiyii mo mmammarima no bi yɛɛ wɔn adiyifoɔ, ne mo mmeranteɛ binom sɛ Nasarefoɔ. Na ɛnte saa anaa, Israelfoɔ?” Deɛ Awurade bisa nie.
And I stirred up prophets from your sons, and Nazirites from your young men. Is it not so, sons of Israel, says the Lord?
12 “Nanso momaa Nasarefoɔ no nom nsã na mohyɛɛ adiyifoɔ no sɛ wɔnnhyɛ nkɔm.
Yet you would offer wine to the Nazirites, and you would command the prophets, saying: “Do not prophesy.”
13 “Na afei, mɛdwerɛ mo sɛdeɛ teaseɛnam a aduane ayɛ no ma mia asase no.
Behold, I will creak under you, just as a wagon creaks that is laden with hay.
14 Ahoɔherɛfoɔ rentumi nnwane. Ahoɔdenfoɔ rennya ahoɔden, na akofoɔ rennya ne ho ntete.
And flight will perish from the swift, and the strong will not maintain his strength, and the healthy will not save his life.
15 Agyantofoɔ rentumi nnyina deɛ ɔgyina. Asraafoɔ ahoɔherɛfoɔ rentumi nnwane, na pɔnkɔsotefoɔ rentumi mpere ne nkwa.
And one holding the bow will not stand firm, and the swift of foot will not be saved, and the rider on the horse will not save his life.
16 Mpo akofoɔ akokoɔdurufoɔ de adagya bɛdwane wɔ saa da no,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
And the stout of heart among the strong will flee away naked in that day, says the Lord.