< Asomafoɔ 1 >

1 Mʼadamfo pa Teofilo, me nwoma a ɛdi ɛkan a metwerɛɛ wo no mu no, mekaa Yesu nnwuma a ɔyɛeɛ ne ne nkyerɛkyerɛ
The former record I made, O Theophilus, of all things that Jesus began both to do and to teach,
2 kɔsi ɛberɛ a Onyankopɔn bɛfaa no kɔɔ ɔsoro no ho asɛm. Ansa na wɔrebɛfa no akɔ ɔsoro no, ɔnam Honhom Kronkron tumi so kyerɛkyerɛɛ nʼasuafoɔ no.
till the day on which he was taken up, after he had, through the Holy Spirit, given commandments to the apostles whom he had chosen.
3 Ne wusɔreɛ akyi, ɔtenaa asase so adaduanan, yii ne ho adi mpɛn pii kyerɛɛ nʼasuafoɔ no de kyerɛɛ wɔn sɛ, ampa, ɔte ase. Ɔkaa Onyankopɔn Ahennie ho asɛm nso kyerɛɛ wɔn.
To whom, after he had suffered, he also showed himself alive, by many indubitable proofs; appearing to them for forty days, and speaking of the things that pertain to the kingdom of God.
4 Ɛda bi a ɔne wɔn redidi no, ɔhyɛɛ wɔn sɛ, “Mommfiri Yerusalem, na montwɛn akyɛdeɛ a mʼAgya ahyɛ mo ho bɔ a maka ho asɛm akyerɛ mo no.
And calling them together, he commanded them not to depart from Jerusalem, but to wait for the promise of my Father, which, said he, you have heard from me;
5 Yohane de, ɔde nsuo na ɛbɔɔ asu, nanso mo de ɛrenkyɛre, wɔde Honhom Kronkron no bɛbɔ mo asu.”
for John indeed immersed in water, but you shall be immersed in the Holy Spirit, not many days hence.
6 Asuafoɔ no nyinaa ne Yesu hyiaa mu no, wɔbisaa no sɛ, “Awurade, berɛ yi mu na wode ahennie no bɛba Israel anaa?”
Therefore, when they came together, they asked him, saying: Lord, wilt thou at this time restore the kingdom to Israel?
7 Yesu buaa wɔn sɛ, “Ɛho nhia sɛ mobɛhunu ɛberɛ a Agya no nam ne tumi so ahyehyɛ ato hɔ no.
But he said to them: It is not for you to know times or seasons that the Father has reserved under his own control.
8 Na sɛ Honhom Kronkron no ba mo so a, mobɛnya tumi na moayɛ mʼadansefoɔ wɔ Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria kɔsi asase ano.”
But you shall receive power, after the Holy Spirit has come upon you, and you shall be witnesses for me both in Jerusalem, and in all Judea, and in Samaria, and to the most distant part of the earth.
9 Ɔkasa wieeɛ no, asuafoɔ no hunuu no sɛ ɔnam omununkum mu rekɔ ɔsoro na wɔanhunu no bio.
And when he had spoken these things, while they were looking on him, he was taken up, and a cloud received him out of their sight.
10 Wɔgu so rehwɛ ewiem no, amonom hɔ ara, mmarima baanu bi a wɔhyehyɛ ntadeɛ fitafitaa bɛgyinaa wɔn nkyɛn,
And while they were looking earnestly toward heaven, as he went up, behold, two men stood by them in white raiment,
11 kaa sɛ, “Mo mmarima a mofiri Galilea, adɛn enti na mogyina ha rehwɛ ewiem? Yesu a wɔafa no afiri mo nkyɛn kɔ ɔsoro no, sɛdeɛ ɔsi kɔɔ ɔsoro no, saa ara na ɔbɛsane aba bio.”
who also said: Men of Galilee, why stand you gazing up into heaven? This Jesus, who has been taken up from you into heaven, shall come in the same manner in which you saw him go into heaven.
12 Yei akyi no, asuafoɔ no firii Ngo Bepɔ no so baa Yerusalem. Ɛfiri Ngo Bepɔ no so ba Yerusalem no bɛyɛ kilomita baako ne fa.
Then they returned to Jerusalem from the mount called Olivet, which is near Jerusalem, a sabbath-day’s journey.
13 Wɔduruu hɔ no, wɔkɔɔ ɛdan bi a na ɛwɔ aborɔsan a na wɔte so mu. Nnipa a na wɔwɔ hɔ no ne: Petro, Yohane, Yakobo ne Andrea; Filipo, Toma, Bartolomeo, Mateo, Alfeo ba Yakobo, Simon Seloteni ne Yakobo ba Yuda.
And when they had come in, they went up into an upper room, in which dwelt Peter and James, and John and Andrew, Philip and Thomas, Bartholomew and Matthew, James the son of Alphæus, and Simon Zelotes, and Judas the brother of James.
14 Na saa asuafoɔ yi nyinaa taa ne mmaa bi te sɛ Yesu maame Maria ne Yesu nnua mmarimanom hyia bɔ mpaeɛ.
All these, with one mind, continued in prayer and supplication, with the women, and Mary the mother of Jesus, and with his brothers.
15 Nna kakra bi akyi no, agyidifoɔ no a wɔn dodoɔ bɛyɛ sɛ ɔha aduonu no hyiaeɛ na Petro sɔre kasaa sɛ:
And in those days Peter arose in the midst of the disciples, (the number of the names together was about a hundred and twenty, ) and said:
16 Me nuanom, ɛsɛ sɛ nkɔm a Honhom Kronkron no nam Dawid so hyɛ faa Yuda ho sɛ ɛnam ne so na wɔbɛkyere Yesu no ba mu.
Brethren, it was necessary for this scripture to be fulfilled, which the Holy Spirit had before spoken by the mouth of David, concerning Judas, who was a guide to those who took Jesus:
17 Yɛn a Yesu yii yɛn no, na Yuda nso ka yɛn ho wɔ ɔsom no mu.
for he was numbered with us, and had been appointed to this ministry.
18 (Sika a Yuda nya firii ade bɔne a ɔyɛeɛ no mu no, wɔde tɔɔ asase wɔ faako a ɔwuiɛ hɔ. Ɔte bɛhwee fam maa ne mu paeeɛ maa nʼayamdeɛ tu guu so.
Therefore he purchased a field with the reward of his iniquity; and falling headlong, he burst asunder in the midst, and all his bowels gushed out.
19 Nnipa a na wɔte Yerusalem nyinaa tee saa asɛm yi no, wɔtoo asase no din wɔ wɔn ankasa kasa mu sɛ Hekeldama a asekyerɛ ne sɛ, Mogya Asase.)
And it was known to all that dwelt in Jerusalem, so that the field is called, in their own language, Akeldama, that is, The field of blood.
20 Petro toaa so kaa sɛ, “Wɔatwerɛ wɔ Dawid nnwom mu sɛ, “‘Ne efie nna mpan, na ne som adwuma no, obi mfa.’
For it is written in the book of Psalms, Let his habitation be desolate, and let no one dwell in it, and, His office let another take.
21 Enti ɛsɛ sɛ yɛyi nnipa a yɛne wɔn nantee ɛberɛ a na Yesu ne yɛn dii akɔneaba no nyinaa,
Therefore, of these men who have associated with us during the whole time in which the Lord Jesus went in and out among us,
22 firi Yohane asubɔ adwuma no so de kɔsi ɛberɛ a wɔfaa Yesu firii yɛn nkyɛn kɔɔ ɔsoro no, ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ saa nnipa no mu baako bɛka yɛn ho ne yɛn di Yesu wusɔreɛ no ho adanseɛ.”
beginning from the immersion of John till the day on which he was taken up from us, must one be appointed as a witness with us of his resurrection.
23 Wɔyii nnipa baanu. Ɔbaako din de Yosef a na wɔfrɛ no Barsaba, na wɔtaa nso frɛ no Yusto. Deɛ na ɔka ho no nso din de Matia.
And they set apart two, Joseph called Barsabas, who was surnamed Justus, and Matthias;
24 Afei, asuafoɔ no bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Awurade, wonim obiara akoma mu. Ɛno enti, kyerɛ yɛn nnipa baanu yi mu deɛ woayi no,
and praying, they said: Thou, Lord, who knowest the hearts of all, make known which of these two thou hast chosen,
25 sɛ ɔmmɛsi Yuda a wanya ne baabi kɔ no ananmu mmɛyɛ asomafodwuma no.”
that he may be appointed to this ministry and apostleship, from which Judas by transgression fell, that he might go to his own place.
26 Afei, asuafoɔ no bɔɔ wɔn so ntonto maa ɛsii Matia. Enti wɔfaa no kaa asomafoɔ dubaako no ho.
And they gave in their lots, and the lot fell on Matthias: and he was numbered with the eleven apostles.

< Asomafoɔ 1 >