< Asomafoɔ 8 >
1 Saulo penee kum a wɔkum Stefano no so. Saa ɛda no ara, wɔtaa agyidifoɔ a wɔwɔ Yerusalem no maa wɔn nyinaa bɔ hwete kɔɔ Yudea ne Samaria nsase so maa ɛkaa asomafoɔ no nko ara.
ཏསྱ ཧཏྱཱཀརཎཾ ཤཽལོཔི སམམནྱཏ། ཏསྨིན྄ སམཡེ ཡིརཱུཤཱལམྣགརསྠཱཾ མཎྜལཱིཾ པྲཏི མཧཱཏཱཌནཱཡཱཾ ཛཱཏཱཡཱཾ པྲེརིཏལོཀཱན྄ ཧིཏྭཱ སཪྻྭེ྅པརེ ཡིཧཱུདཱཤོམིརོཎདེཤཡོ རྣཱནཱསྠཱནེ ཝིཀཱིརྞཱཿ སནྟོ གཏཱཿ།
2 Nyamesurofoɔ bi kɔfaa Stefano kɔsiee no. Wɔsuu no yie.
ཨནྱཙྩ བྷཀྟལོཀཱསྟཾ སྟིཕཱནཾ ཤྨཤཱནེ སྠཱཔཡིཏྭཱ བཧུ ཝྱལཔན྄།
3 Esiane sɛ na Saulo pɛ sɛ ɔgu asafo no enti, ɔkɔɔ afie mu kɔkyekyeree agyidifoɔ mmarima ne mmaa de wɔn guu afiase.
ཀིནྟུ ཤཽལོ གྲྀཧེ གྲྀཧེ བྷྲམིཏྭཱ སྟྲིཡཿ པུརུཥཱཾཤྩ དྷྲྀཏྭཱ ཀཱརཱཡཱཾ བདྡྷྭཱ མཎྜལྱཱ མཧོཏྤཱཏཾ ཀྲྀཏཝཱན྄།
4 Agyidifoɔ a na wɔabɔ ahwete no kaa asɛmpa no wɔ baabiara a wɔkɔeɛ.
ཨནྱཙྩ ཡེ ཝིཀཱིརྞཱ ཨབྷཝན྄ ཏེ སཪྻྭཏྲ བྷྲམིཏྭཱ སུསཾཝཱདཾ པྲཱཙཱརཡན྄།
5 Filipo kɔɔ Samaria kuro bi mu kɔkaa Agyenkwa no ho asɛm kyerɛɛ nnipa a na wɔwɔ hɔ no.
ཏདཱ ཕིལིཔཿ ཤོམིརོཎྣགརཾ གཏྭཱ ཁྲཱིཥྚཱཁྱཱནཾ པྲཱཙཱརཡཏ྄;
6 Ɛberɛ a nnipakuo no tee asɛm a Filipo reka na wɔhunuu anwanwadeɛ a ɔyɛeɛ no, wɔn nyinaa tiee no.
ཏཏོ྅ཤུཙི-བྷྲྀཏགྲསྟལོཀེབྷྱོ བྷཱུཏཱཤྩཱིཏྐྲྀཏྱཱགཙྪན྄ ཏཐཱ བཧཝཿ པཀྵཱགྷཱཏིནཿ ཁཉྫཱ ལོཀཱཤྩ སྭསྠཱ ཨབྷཝན྄།
7 Ahonhommɔne de nteateam firii nnipa bebree mu. Saa ara nso na mmubuafoɔ ne mpakye nso sɔre nanteeɛ.
ཏསྨཱཏ྄ ལཱཀཱ ཨཱིདྲྀཤཾ ཏསྱཱཤྩཪྻྱཾ ཀརྨྨ ཝིལོཀྱ ནིཤམྱ ཙ སཪྻྭ ཨེཀཙིཏྟཱིབྷཱུཡ ཏེནོཀྟཱཁྱཱནེ མནཱཾསི ནྱདདྷུཿ།
8 Yei enti, anigyeɛ baa Samaria.
ཏསྨིནྣགརེ མཧཱནནྡཤྩཱབྷཝཏ྄།
9 Na ɔbarima bi te saa kuro yi mu a wɔfrɛ no Simon a ɔyɛ nkonyaayifoɔ a ɛsiane ne nkonyaayie no enti, na Samariafoɔ pii gye no di. Na ɔyɛ obi a ɔhoahoa ne ho sɛ ɔdi mu.
ཏཏཿ པཱུཪྻྭཾ ཏསྨིནྣགརེ ཤིམོནྣཱམཱ ཀཤྩིཛྫནོ བཧྭཱི རྨཱཡཱཀྲིཡཱཿ ཀྲྀཏྭཱ སྭཾ ཀཉྩན མཧཱཔུརུཥཾ པྲོཙྱ ཤོམིརོཎཱིཡཱནཱཾ མོཧཾ ཛནཡཱམཱས།
10 Yei maa nnipa a wɔwɔ kuro no mu no nyinaa gyee no too mu kaa sɛ, “Saa onipa yi ne Onyankopɔn tumi a wɔfrɛ no Ɔkɛseɛ no.”
ཏསྨཱཏ྄ ས མཱནུཥ ཨཱིཤྭརསྱ མཧཱཤཀྟིསྭརཱུཔ ཨིཏྱུཀྟྭཱ བཱལཝྲྀདྡྷཝནིཏཱཿ སཪྻྭེ ལཱཀཱསྟསྨིན྄ མནཱཾསི ནྱདདྷུཿ།
11 Esiane ne nkonyaa a na ɔyi no enti, ɛmaa nnipa no nyinaa tu dii nʼakyi.
ས བཧུཀཱལཱན྄ མཱཡཱཝིཀྲིཡཡཱ སཪྻྭཱན྄ ཨཏཱིཝ མོཧཡཱཉྩཀཱར, ཏསྨཱཏ྄ ཏེ ཏཾ མེནིརེ།
12 Ɛberɛ a saa nnipa yi gyee asɛmpa a Filipo ka faa Onyankopɔn Ahennie ne Yesu Kristo din no ho diiɛ no, wɔbɔɔ mmarima ne mmaa nyinaa asu.
ཀིནྟྭཱིཤྭརསྱ རཱཛྱསྱ ཡཱིཤུཁྲཱིཥྚསྱ ནཱམྣཤྩཱཁྱཱནཔྲཙཱརིཎཿ ཕིལིཔསྱ ཀཐཱཡཱཾ ཝིཤྭསྱ ཏེཥཱཾ སྟྲཱིཔུརུཥོབྷཡལོཀཱ མཛྫིཏཱ ཨབྷཝན྄།
13 Simon nso gye diiɛ maa wɔbɔɔ no asu. Baabiara a Filipo kɔeɛ no, Simon dii nʼakyi. Anwanwadeɛ a ɔhunuiɛ no ma ne ho dwirii no.
ཤེཥེ ས ཤིམོནཔི སྭཡཾ པྲཏྱཻཏ྄ ཏཏོ མཛྫིཏཿ སན྄ ཕིལིཔེན ཀྲྀཏཱམ྄ ཨཱཤྩཪྻྱཀྲིཡཱཾ ལཀྵཎཉྩ ཝིལོཀྱཱསམྦྷཝཾ མནྱམཱནསྟེན སཧ སྠིཏཝཱན྄།
14 Ɛberɛ a asomafoɔ a wɔwɔ Yerusalem no tee sɛ Samariafoɔ agye Onyankopɔn asɛm no adi no, wɔsomaa Petro ne Yohane kɔɔ wɔn nkyɛn.
ཨིཏྠཾ ཤོམིརོཎྡེཤཱིཡལོཀཱ ཨཱིཤྭརསྱ ཀཐཱམ྄ ཨགྲྀཧླན྄ ཨིཏི ཝཱརྟྟཱཾ ཡིརཱུཤཱལམྣགརསྠཔྲེརིཏཱཿ པྲཱཔྱ པིཏརཾ ཡོཧནཉྩ ཏེཥཱཾ ནིཀཊེ པྲེཥིཏཝནྟཿ།
15 Wɔduruu hɔ no, wɔbɔɔ mpaeɛ maa agyidifoɔ no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, Honhom Kronkron bɛba wɔn so,
ཏཏསྟཽ ཏཏ྄ སྠཱནམ྄ ཨུཔསྠཱཡ ལོཀཱ ཡཐཱ པཝིཏྲམ྄ ཨཱཏྨཱནཾ པྲཱཔྣུཝནྟི ཏདརྠཾ པྲཱརྠཡེཏཱཾ།
16 ɛfiri sɛ, saa ɛberɛ no na asu kɛkɛ na wɔnam Awurade Yesu din so abɔ. Na Honhom Kronkron nnya mmaa wɔn so.
ཡཏསྟེ པུརཱ ཀེཝལཔྲབྷུཡཱིཤོ རྣཱམྣཱ མཛྫིཏམཱཏྲཱ ཨབྷཝན྄, ན ཏུ ཏེཥཱཾ མདྷྱེ ཀམཔི པྲཏི པཝིཏྲསྱཱཏྨན ཨཱཝིརྦྷཱཝོ ཛཱཏཿ།
17 Afei, Petro ne Yohane de wɔn nsa guguu wɔn so maa Honhom Kronkron baa wɔn so.
ཀིནྟུ པྲེརིཏཱབྷྱཱཾ ཏེཥཱཾ གཱཏྲེཥུ ཀརེཥྭརྤིཏེཥུ སཏྶུ ཏེ པཝིཏྲམ྄ ཨཱཏྨཱནམ྄ པྲཱཔྣུཝན྄།
18 Simon hunuu sɛ asomafoɔ no nsa a wɔde guguu wɔn so no na ɛmaa wɔnyaa Honhom Kronkron no, ɔmaa Petro ne Yohane sika srɛɛ sɛ,
ཨིཏྠཾ ལོཀཱནཱཾ གཱཏྲེཥུ པྲེརིཏཡོཿ ཀརཱརྤཎེན ཏཱན྄ པཝིཏྲམ྄ ཨཱཏྨཱནཾ པྲཱཔྟཱན྄ དྲྀཥྚྭཱ ས ཤིམོན྄ ཏཡོཿ སམཱིཔེ མུདྲཱ ཨཱནཱིཡ ཀཐིཏཝཱན྄;
19 “Momma me saa tumi yi bi na obiara a mede me nsa bɛgu no so no anya Honhom Kronkron no bi.”
ཨཧཾ ཡསྱ གཱཏྲེ ཧསྟམ྄ ཨརྤཡིཥྱཱམི ཏསྱཱཔི ཡཐེཏྠཾ པཝིཏྲཱཏྨཔྲཱཔྟི རྦྷཝཏི ཏཱདྲྀཤཱིཾ ཤཀྟིཾ མཧྱཾ དཏྟཾ།
20 Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Nnome nka wo ne wo sika nyinaa, ɛfiri sɛ, wosusu sɛ wobɛtumi de sika atɔ Onyankopɔn akyɛdeɛ no.
ཀིནྟུ པིཏརསྟཾ པྲཏྱཝདཏ྄ ཏཝ མུདྲཱསྟྭཡཱ ཝིནཤྱནྟུ ཡཏ ཨཱིཤྭརསྱ དཱནཾ མུདྲཱབྷིཿ ཀྲཱིཡཏེ ཏྭམིཏྠཾ བུདྡྷཝཱན྄;
21 Wonni kyɛfa biara wɔ yɛn dwumadie yi mu, ɛfiri sɛ, wʼakoma mu nte wɔ Onyankopɔn anim.
ཨཱིཤྭརཱཡ ཏཱཝནྟཿཀརཎཾ སརལཾ ནཧི, ཏསྨཱད྄ ཨཏྲ ཏཝཱཾཤོ྅དྷིཀཱརཤྩ ཀོཔི ནཱསྟི།
22 Nu wo ho firi wo bɔne yi ho na bɔ mpaeɛ srɛ Onyankopɔn sɛ ɔmfa wo bɔne nkyɛ wo.
ཨཏ ཨེཏཏྤཱཔཧེཏོཿ ཁེདཱནྭིཏཿ སན྄ ཀེནཱཔི པྲཀཱརེཎ ཏཝ མནས ཨེཏསྱཱཿ ཀུཀལྤནཱཡཱཿ ཀྵམཱ བྷཝཏི, ཨེཏདརྠམ྄ ཨཱིཤྭརེ པྲཱརྠནཱཾ ཀུརུ;
23 Mehunu sɛ anibereɛ bɔne ahyɛ wʼakoma mu ama bɔne afa wo dommum.”
ཡཏསྟྭཾ ཏིཀྟཔིཏྟེ པཱཔསྱ བནྡྷནེ ཙ ཡདསི ཏནྨཡཱ བུདྡྷམ྄།
24 Simon srɛɛ Petro ne Yohane sɛ, “Mommɔ mpaeɛ mma me na saa nnome yi mu biara amma me so.”
ཏདཱ ཤིམོན྄ ཨཀཐཡཏ྄ ཏརྷི ཡུཝཱབྷྱཱམུདིཏཱ ཀཐཱ མཡི ཡཐཱ ན ཕལཏི ཏདརྠཾ ཡུཝཱཾ མནྣིམིཏྟཾ པྲབྷཽ པྲཱརྠནཱཾ ཀུརུཏཾ།
25 Ansa na Petro ne Yohane reduru Yerusalem no, wɔkaa asɛmpa no wɔ Samaria nkuraa bebree ase.
ཨནེན པྲཀཱརེཎ ཏཽ སཱཀྵྱཾ དཏྟྭཱ པྲབྷོཿ ཀཐཱཾ པྲཙཱརཡནྟཽ ཤོམིརོཎཱིཡཱནཱམ྄ ཨནེཀགྲཱམེཥུ སུསཾཝཱདཉྩ པྲཙཱརཡནྟཽ ཡིརཱུཤཱལམྣགརཾ པརཱཝྲྀཏྱ གཏཽ།
26 Awurade ɔbɔfoɔ ka kyerɛɛ Filipo sɛ, “Sɔre siesie wo ho kɔ anafoɔ ɛkwan a ɛfiri Yerusalem kɔ Gasa no so.”
ཏཏཿ པརམ྄ ཨཱིཤྭརསྱ དཱུཏཿ ཕིལིཔམ྄ ཨིཏྱཱདིཤཏ྄, ཏྭམུཏྠཱཡ དཀྵིཎསྱཱཾ དིཤི ཡོ མཱརྒོ པྲཱནྟརསྱ མདྷྱེན ཡིརཱུཤཱལམོ ྅སཱནགརཾ ཡཱཏི ཏཾ མཱརྒཾ གཙྪ།
27 Ɛberɛ a Filipo rekɔ no, ɔhyiaa Etiopiani bi a ɔyɛ Etiopiahemmaa Kandake dabeni. Na saa onipa yi akɔ asɔre wɔ Yerusalem a ɔte ne teaseɛnam mu resane nʼakyi akɔ efie.
ཏཏཿ ས ཨུཏྠཱཡ གཏཝཱན྄; ཏདཱ ཀནྡཱཀཱིནཱམྣཿ ཀཱུཤློཀཱནཱཾ རཱཛྙྱཱཿ སཪྻྭསམྤཏྟེརདྷཱིཤཿ ཀཱུཤདེཤཱིཡ ཨེཀཿ ཥཎྜོ བྷཛནཱརྠཾ ཡིརཱུཤཱལམྣགརམ྄ ཨཱགཏྱ
28 Na ɔrekenkan Odiyifoɔ Yesaia nwoma no.
པུནརཔི རཐམཱརུཧྱ ཡིཤཡིཡནཱམྣོ བྷཝིཥྱདྭཱདིནོ གྲནྠཾ པཋན྄ པྲཏྱཱགཙྪཏི།
29 Honhom Kronkron ka kyerɛɛ Filipo sɛ, “Twe bɛn no.”
ཨེཏསྨིན྄ སམཡེ ཨཱཏྨཱ ཕིལིཔམ྄ ཨཝདཏ྄, ཏྭམ྄ རཐསྱ སམཱིཔཾ གཏྭཱ ཏེན སཱརྡྡྷཾ མིལ།
30 Filipo yɛɛ ntɛm kɔɔ teaseɛnam no ho na ɔtee sɛ ɔrekenkan Odiyifoɔ Yesaia nwoma no no, ɔbisaa sɛ, “Wote deɛ worekenkan yi ase anaa?”
ཏསྨཱཏ྄ ས དྷཱཝན྄ ཏསྱ སནྣིདྷཱཝུཔསྠཱཡ ཏེན པཋྱམཱནཾ ཡིཤཡིཡཐཝིཥྱདྭཱདིནོ ཝཱཀྱཾ ཤྲུཏྭཱ པྲྀཥྚཝཱན྄ ཡཏ྄ པཋསི ཏཏ྄ ཀིཾ བུདྷྱསེ?
31 Dabeni no buaa no sɛ, “Mɛyɛ dɛn na mate aseɛ? Gye sɛ obi kyerɛ me aseɛ.” Afei, ɔka kyerɛɛ Filipo sɛ ɔmforo mmɛtena ne nkyɛn wɔ ne teaseɛnam no mu.
ཏཏཿ ས ཀཐིཏཝཱན྄ ཀེནཙིནྣ བོདྷིཏོཧཾ ཀཐཾ བུདྷྱེཡ? ཏཏཿ ས ཕིལིཔཾ རཐམཱརོཌྷུཾ སྭེན སཱརྡྡྷམ྄ ཨུཔཝེཥྚུཉྩ ནྱཝེདཡཏ྄།
32 Na dabeni no rekan saa Atwerɛsɛm yi, “Ɔte sɛ odwammaa a wɔrekɔku no. Sɛdeɛ odwammaa yɛ dinn wɔ ne nwitwitwafoɔ anim no, saa ara na wammue nʼano.
ས ཤཱསྟྲསྱེཏདྭཱཀྱཾ པཋིཏཝཱན྄ ཡཐཱ, སམཱནཱིཡཏ གྷཱཏཱཡ ས ཡཐཱ མེཥཤཱཝཀཿ། ལོམཙྪེདཀསཱཀྵཱཙྩ མེཥཤྩ ནཱིརཝོ ཡཐཱ། ཨཱབདྷྱ ཝདནཾ སྭཱིཡཾ ཏཐཱ ས སམཏིཥྛཏ།
33 Nʼanimguaseɛ mu, wannya odimafoɔ. Na hwan na ɔbɛka nʼasefoɔ ho asɛm? Ɛfiri sɛ, wɔyii no firii asase yi so.”
ཨནྱཱཡེན ཝིཙཱརེཎ ས ཨུཙྪིནྣོ ྅བྷཝཏ྄ ཏདཱ། ཏཏྐཱལཱིནམནུཥྱཱན྄ ཀོ ཛནོ ཝརྞཡིཏུཾ ཀྵམཿ། ཡཏོ ཛཱིཝནྣྲྀཎཱཾ དེཤཱཏ྄ ས ཨུཙྪིནྣོ ྅བྷཝཏ྄ དྷྲུཝཾ།
34 Dabeni no bisaa Filipo sɛ, “Odiyifoɔ no reka ne ho asɛm anaa obi foforɔ ho asɛm?”
ཨནནྟརཾ ས ཕིལིཔམ྄ ཨཝདཏ྄ ནིཝེདཡཱམི, བྷཝིཥྱདྭཱདཱི ཡཱམིམཱཾ ཀཐཱཾ ཀཐཡཱམཱས ས ཀིཾ སྭསྨིན྄ ཝཱ ཀསྨིཾཤྩིད྄ ཨནྱསྨིན྄?
35 Filipo nam saa asɛm no so kaa nsɛmpa a ɛfa Yesu ho kyerɛɛ no.
ཏཏཿ ཕིལིཔསྟཏྤྲཀརཎམ྄ ཨཱརབྷྱ ཡཱིཤོརུཔཱཁྱཱནཾ ཏསྱཱགྲེ པྲཱསྟཽཏ྄།
36 Wɔrekɔ no, wɔduruu asuo bi ho. Dabeni no ka kyerɛɛ Filipo sɛ, “Nsuo nie. Ɛdeɛn na ɛsi wo kwan sɛ wobɔ me asu?”
ཨིཏྠཾ མཱརྒེཎ གཙྪནྟཽ ཛལཱཤཡསྱ སམཱིཔ ཨུཔསྠིཏཽ; ཏདཱ ཀླཱིབོ྅ཝཱདཱིཏ྄ པཤྱཱཏྲ སྠཱནེ ཛལམཱསྟེ མམ མཛྫནེ ཀཱ བཱདྷཱ?
37 Filipo ka kyerɛ no sɛ, “Sɛ wofiri wʼakoma mu gye di a, mɛbɔ wo asu.” Dabeni no buaa no sɛ, “Megye di. Megye di sɛ Yesu Kristo yɛ Onyankopɔn Ba.”
ཏཏཿ ཕིལིཔ ཨུཏྟརཾ ཝྱཱཧརཏ྄ སྭཱནྟཿཀརཎེན སཱཀཾ ཡདི པྲཏྱེཥི ཏརྷི བཱདྷཱ ནཱསྟི། ཏཏཿ ས ཀཐིཏཝཱན྄ ཡཱིཤུཁྲཱིཥྚ ཨཱིཤྭརསྱ པུཏྲ ཨིཏྱཧཾ པྲཏྱེམི།
38 Dabeni no hyɛ maa teaseɛnam no gyinaeɛ. Ɔne Filipo kɔɔ nsuo no ho maa ɔbɔɔ no asu.
ཏདཱ རཐཾ སྠགིཏཾ ཀརྟྟུམ྄ ཨཱདིཥྚེ ཕིལིཔཀླཱིབཽ དྭཽ ཛལམ྄ ཨཝཱརུཧཏཱཾ; ཏདཱ ཕིལིཔསྟམ྄ མཛྫཡཱམཱས།
39 Wɔfiri nsuo no mu no, Onyankopɔn Honhom hwim Filipo firii dabeni no nkyɛn kɔeɛ. Wanhunu Filipo bio de, nanso ɔde anigyeɛ toaa nʼakwantuo no so.
ཏཏྤཤྩཱཏ྄ ཛལམདྷྱཱད྄ ཨུཏྠིཏཡོཿ སཏོཿ པརམེཤྭརསྱཱཏྨཱ ཕིལིཔཾ ཧྲྀཏྭཱ ནཱིཏཝཱན྄, ཏསྨཱཏ྄ ཀླཱིབཿ པུནསྟཾ ན དྲྀཥྚཝཱན྄ ཏཐཱཔི ཧྲྀཥྚཙིཏྟཿ སན྄ སྭམཱརྒེཎ གཏཝཱན྄།
40 Filipo kɔpuee Asoto kɔɔ so kaa asɛmpa no wɔ nkuro no mu kɔsii sɛ ɔkɔduruu Kaesarea.
ཕིལིཔཤྩཱསྡོདྣགརམ྄ ཨུཔསྠཱཡ ཏསྨཱཏ྄ ཀཻསརིཡཱནགར ཨུཔསྠིཏིཀཱལཔཪྻྱནཏཾ སཪྻྭསྨིནྣགརེ སུསཾཝཱདཾ པྲཙཱརཡན྄ གཏཝཱན྄།