< Asomafoɔ 7 >

1 Ɔsɔfopanin no bisaa Stefano sɛ, “Nsɛm a wɔaka agu wo so no nyinaa yɛ nokorɛ anaa?”
Le grand prêtre lui demanda: " En est-il bien ainsi? "
2 Stefano buaa sɛ, “Anuanom ne agyanom, montie me! Ansa na yɛn agya Abraham rebɛfiri Mesopotamia akɔtena Haran no, Onyankopɔn daa nʼanimuonyam adi kyerɛɛ no,
Etienne répondit: " Mes frères et mes pères, écoutez. Le Dieu de gloire apparut à notre père Abraham, lorsqu'il était en Mésopotamie, avant qu'il vint demeurer à Haran,
3 ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Firi wʼabusuafoɔ nkyɛn ne wʼasase so kɔ baabi a mɛkyerɛ wo no.’
et lui dit: " Quitte ton pays et ta famille, et va dans le pays que je te montrerai. "
4 “Enti, ɔfirii Kaldea asase so kɔtenaa Haran. Abraham agya wuo akyi no, Onyankopɔn maa ɔbɛtenaa asase a mote so seesei yi so.
Alors il quitta le pays des Chaldéens et s'établit à Haran. De là, après la mort de son père, Dieu le fit émigrer dans ce pays que vous habitez maintenant.
5 Onyankopɔn amfa asase no fa baabiara ankyɛ Abraham sɛ nʼankasa dea. Nanso, Onyankopɔn hyɛɛ no bɔ sɛ ɛbɛyɛ ɔne nʼasefoɔ nyinaa dea. Ɛberɛ a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham bɔ yi no, na ɔnni mma.
Et il ne lui donna aucune propriété dans ce pays, pas même où poser le pied; mais il lui promit, à une époque où le patriarche n'avait pas d'enfants, de lui en donner la possession, à lui et à sa postérité après lui.
6 Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ, ‘Wʼasefoɔ bɛtena ananafoɔ asase so ayɛ nkoa wɔ hɔ na wɔayɛ wɔn ayayadeɛ mfeɛ ahanan.
Dieu parla ainsi: " Sa postérité habitera en pays étranger; on la réduira en servitude, et on la maltraitera pendant quatre cents ans.
7 Na mɛtwe ɔman a wɔbɛsom wɔn no aso; na ɛno akyi wɔbɛfiri saa ɔman no mu abɛsom me wɔ ha.’
Mais la nation qui les aura tenus en esclavage, c'est moi qui la jugerai, dit le Seigneur. Après quoi ils sortiront et me serviront en ce lieu. " —
8 Onyankopɔn ne Abraham yɛɛ apam na wɔde twetiatwa yɛɛ apam no ho nsɛnkyerɛnneɛ. Yei enti, wɔwoo Isak nnawɔtwe akyi no, wɔtwaa no twetia; Isak nso twaa Yakob twetia, saa ara nso na Yakob twitwaa agyanom mpanin dumienu no twetia.
Puis il donna à Abraham l'alliance de la circoncision; et ainsi Abraham après avoir engendré Isaac le circoncit le huitième jour; Isaac engendra et circoncit Jacob, et Jacob les douze patriarches.
9 “Agyanom mpanin no ani beree Yosef enti wɔtɔn no maa ɔkɔyɛɛ akoa wɔ Misraim. Nanso, ɛsiane sɛ na Onyankopɔn wɔ nʼafa enti,
Poussés par la jalousie, les patriarches vendirent Joseph pour être emmené en Egypte. Mais Dieu était avec lui,
10 ɔyii no firii ne haw nyinaa mu. Ɛberɛ a Yosef bɛpuee Misraimhene Farao anim no, Onyankopɔn dom no ahobrɛaseɛ ne nyansa. Yei maa Farao yɛɛ Yosef ɔman no so amrado ne ahemfie hɔ sohwɛfoɔ.
et il le délivra de toutes ses épreuves, et lui donna grâce et sagesse devant Pharaon, roi d'Egypte, qui le mit à la tête de l'Egypte et de toute sa maison.
11 “Saa ɛberɛ no mu, ɛkɔm kɛseɛ ne ahohia sii Misraim ne Kanaan asase nyinaa so a na yɛn agyanom nnya aduane mpo nni.
Or il survint une famine dans tout le pays d'Egypte et dans celui de Chanaan. La détresse était grande, et nos pères ne trouvaient pas de quoi se nourrir.
12 Enti, ɛberɛ a Yakob tee sɛ aduane wɔ Misraim no, ɔsomaa ne mma a wɔyɛ yɛn agyanom maa wɔkɔɔ hɔ deɛ ɛdi ɛkan.
Jacob, ayant appris qu'il y avait des vivres en Egypte, y envoya nos pères une première fois.
13 Wɔkɔɔ ne mprenu so no, Yosef daa ne ho adi kyerɛɛ ne nuanom, na ɛnam so maa Farao hunuu Yosef abusuafoɔ.
Et la seconde fois, Joseph fut reconnu par ses frères, et Pharaon sut quelle était son origine.
14 Yosef kraa nʼagya Yakob sɛ ɔne nʼabusuafoɔ nyinaa mmra Misraim. Na wɔn nyinaa dodoɔ yɛ aduɔson enum.
Alors Joseph envoya chercher son père Jacob et toute sa famille, composée de soixante-quinze personnes.
15 Afei Yakob kɔtenaa Misraim na ɛhɔ na ɔne yɛn agyanom nyinaa wuwuiɛ.
Et Jacob descendit en Egypte, où il mourut, ainsi que nos pères.
16 Wɔde wɔn amu no kɔɔ Sekem kɔsiee wɔn wɔ Abraham asieeɛ bi a ɔtɔ firii Hamor abusua mu no mu.
Et ils furent transportés à Sichem, et déposés dans le sépulcre qu'Abraham avait acheté à prix d'argent des fils d'Hémor, à Sichem.
17 “Ɛbɔ a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham no berɛ reduru no, na yɛn nkurɔfoɔ a wɔwɔ Misraim no ase atrɛ.
Comme le temps approchait où devait s'accomplir la promesse que Dieu avait jurée à Abraham, le peuple s'accrut et se multiplia en Egypte,
18 Akyire no, ɔhene foforɔ bi bɛdii adeɛ wɔ Misraim a na ɔnnim Yosef ho asɛm.
jusqu'à ce que parut dans ce pays un autre roi qui n'avait pas connu Joseph.
19 Saa ɔhene yi de atirimuɔden dii yɛn agyanom so, hyɛɛ wɔn maa wɔtotoo wɔn mma guiɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛwuwu.
Ce roi, usant d'artifice envers notre race, maltraita nos pères, au point de leur faire exposer leurs enfants, afin qu'ils ne vécussent pas.
20 “Saa ɛberɛ yi mu na wɔwoo Mose a na ɔkura Onyankopɔn animuonyam no. Wɔhwɛɛ no wɔ nʼagya efie abosome mmiɛnsa,
A cette époque naquit Moïse, qui était beau aux yeux de Dieu; il fut nourri trois mois dans la maison de son père.
21 na wɔyii no firii hɔ no, Farao babaa kɔfaa no de no baa ne fie hwɛɛ no sɛ nʼankasa ne ba.
Et quand il eut été exposé, la fille de Pharaon le recueillit et l'éleva comme son fils.
22 Wɔtetee no Misraimfoɔ nimdeɛ mu maa ɔyɛɛ den wɔ ɔkasa ne nneyɛeɛ mu.
Moïse fut instruit dans toute la sagesse des Egyptiens, et il était puissant en paroles et en œuvres.
23 “Mose dii mfeɛ aduanan no, ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔrekɔsra ne nuanom Israelfoɔ.
Quand il eut atteint l'âge de quarante ans, il lui vint dans l'esprit de visiter ses frères, les enfants d'Israël.
24 Ɔduruu hɔ no, ɔhunuu sɛ Misraimni bi resisi ne nuanom mu baako bi. Mose kɔboaa ne nua no ma Mose kumm Misraimni no.
Il en vit un qu'on outrageait; prenant sa défense, il vengea l'opprimé en tuant l'Egyptien.
25 Mose susuu sɛ nʼankasa nkurɔfoɔ bɛhunuu sɛ Onyankopɔn nam ne so bɛma wɔade wɔn ho, nanso wɔante aseɛ.
Or il pensait que ses frères comprendraient que Dieu leur accordait la délivrance par sa main; mais ils ne le comprirent pas.
26 Adeɛ kyeeɛ no, ɔhunuu sɛ Israelfoɔ baanu bi reko enti ɔkɔɔ hɔ sɛ ɔrekɔpata. Ɔbisaa wɔn sɛ, ‘Adɛn enti na moatwa mo ho reko? Monnim sɛ moyɛ anuanom anaa?’
Le jour suivant, en ayant rencontré deux qui se battaient, il les exhorta à la paix en disant: " Hommes, vous êtes frères: pourquoi vous maltraiter l'un l'autre? "
27 “Deɛ ɔresisi ne yɔnko no sum Mose bisaa no sɛ, ‘Hwan na ɔyɛɛ wo yɛn so panin ne ɔtemmufoɔ?
Mais celui qui maltraitait son prochain le repoussa, en disant: " Qui t'a établi chef et juge sur nous?
28 Wopɛ sɛ wokum me sɛdeɛ nnora wokumm Misraimni no anaa?’
Veux-tu me tuer, comme tu as tué hier l'Egyptien? "
29 Ɛberɛ a Mose tee saa asɛm yi no, ɔtu firii Misraim kɔtenaa Midian asase so. Ɛhɔ na ɔwoo mmammarima baanu.
A cette parole, Moïse s'enfuit et alla habiter dans la terre de Madian, où il engendra deux fils.
30 “Mfeɛ aduanan akyi no, ɔbɔfoɔ bi nam wira bi gyaframa mu yii ne ho adi kyerɛɛ Mose wɔ ɛserɛ bi a ɛbɛn bepɔ Sinai no so.
Quarante ans après, au désert du mont Sinaï, un ange lui apparut dans la flamme d'un buisson en feu.
31 Deɛ Mose hunuiɛ no maa ne ho dwirii no enti ɔtwe bɛn ho pɛɛ sɛ ɔhwɛ no yie. Ɔtee Awurade nne sɛ,
A cette vue, Moïse fut saisi d'étonnement, et comme il s'approchait pour examiner, la voix du Seigneur se fit entendre [à lui]:
32 ‘Mene wo agyanom Abraham, Isak ne Yakob Onyankopɔn.’ Ehu kaa Mose enti wantumi anhwɛ.
" Je suis le Dieu de tes pères, le Dieu d'Abraham, d'Isaac et de Jacob. " — Et Moïse tout tremblant n'osait regarder.
33 “Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, ‘Worɔ wɔ mpaboa, ɛfiri sɛ, faako a wogyina no yɛ asase kronkron.
Alors le seigneur lui dit: " Ote la chaussure de tes pieds, car le lieu que tu foules est une terre sainte.
34 Mahwɛ na mahunu atirimuɔden a wɔde yɛ me manfoɔ a wɔwɔ Misraim no. Mate apinie a wɔresi no nyinaa na maba sɛ merebɛgye wɔn. Yɛ ntɛm na mensoma wo nkɔ Misraim.’
J'ai vu l'affliction de mon peuple qui est en Egypte, j'ai entendu ses gémissements, et je suis descendu pour le délivrer. Viens donc maintenant et je t'enverrai en Egypte. " —
35 “Saa Mose yi ne obi a Israelfoɔ poo no ɛberɛ a wɔbisaa no sɛ, ‘Hwan na ɔyɛɛ wo yɛn so panin ne ɔtemmufoɔ no?’ Ɔno na Onyankopɔn nam ɔbɔfoɔ a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ wira a ɛrehyeɛ no gyaframa mu no, yɛɛ no ɔpanin ne ɔgyefoɔ.
Ce Moïse qu'ils avaient renié en disant: Qui t'a établi chef et juge? c'est lui que Dieu a envoyé comme chef et libérateur, avec l'assistance de l'ange qui lui était apparu dans le buisson.
36 Ɔno na ɔnam anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ so yii Israelfoɔ firii Misraim de wɔn twaa Po Kɔkɔɔ no dii wɔn anim wɔ ɛserɛ so mfeɛ aduanan no.
C'est lui qui les a fait sortir, en opérant des prodiges et des miracles dans la terre d'Egypte, dans la mer Rouge et au désert pendant quarante ans.
37 “Mose yi ara na ɔka kyerɛɛ Israelfoɔ sɛ, sɛdeɛ Onyankopɔn somaa me no, saa ara na ɔbɛyi odiyifoɔ a ɔte sɛ me afiri mo mu aba mo nkyɛn.
C'est ce Moïse qui dit aux enfants d'Israël: " Dieu vous suscitera d'entre vos frères un prophète comme moi [: écoutez-le]. "
38 Ɔno ne obi a ɔne Israelfoɔ yɛɛ nhyiamu wɔ ɛserɛ no so hɔ; ɔne yɛn agyanom ne ɔbɔfoɔ a ɔkasa kyerɛɛ wɔn wɔ Sinai Bepɔ no so no, na na saa ɛberɛ no wɔwɔ hɔ. Ne nsa kaa Onyankopɔn asɛm a nkwa wɔ mu no de brɛɛ yɛn.
C'est lui qui, au milieu de l'assemblée, au désert, conférant avec l'ange qui lui parlait sur le mont Sinaï, et avec nos pères, a reçu des oracles vivants pour nous les transmettre.
39 “Nanso, yɛn agyanom antie no. Wɔpoo no pɛɛ sɛ wɔsane kɔ Misraim asase so bio.
Nos pères, loin de vouloir lui obéir, le repoussèrent, et, retournant de cœur en Egypte,
40 Enti, wɔka kyerɛɛ Aaron, sɛ, ‘Yɛ ahoni bi a wɔbɛdi yɛn anim ma yɛn, ɛfiri sɛ, yɛnnim asɛm a ato saa Mose a ɔyii yɛn firii Misraim asase so no!’
ils dirent à Aaron: " Fais-nous des dieux qui marchent devant nous; car ce Moïse qui nous a fait sortir du pays d'Egypte, nous ne savons ce qu'il est devenu. "
41 Wɔyɛɛ nantwie ba sɛso ohoni bi bɔɔ afɔdeɛ maa no, gyee wɔn ani sɛdeɛ ɛsɛ.
Ils fabriquèrent alors un veau d'or, et ils offrirent un sacrifice à l'idole et se réjouirent de l'œuvre de leurs mains.
42 Onyankopɔn twee ne ho firii wɔn ho ma wɔsomm ɔsoro nsoromma sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ adiyifoɔ nwoma mu sɛ, “‘Israelfoɔ, ɛnyɛ me na mode afɔrebɔdeɛ ne ayɛyɛdeɛ brɛɛ me mfeɛ aduanan wɔ ɛserɛ so anaa?
Mais Dieu se détourna et les livra au culte de l'armée du ciel, selon qu'il est écrit au livre des prophètes: " M'avez-vous offert des victimes et des sacrifices pendant quarante ans au désert, maison d'Israël...?
43 Mode mo ho nyinaa ato Molek nyame ne mo honi Rɛfan so; wɔyɛ ahoni a moayɛ sɛ mobɛsom wɔn. Saa enti, mɛpam mo makɔgu Babilonia akyi.’
Vous avez porté la tente de Moloch et l'astre de votre dieu Raiphan, ces images que vous avez faites pour les adorer! C'est pourquoi je vous transporterai au delà de Babylone. " —
44 “Saa ɛberɛ no na ntomadan a ɛdi adanseɛ sɛ Onyankopɔn ka ne manfoɔ ho no ka yɛn agyanom ho wɔ ɛserɛ so hɔ. Mose sii ntomadan yi sɛdeɛ Onyankopɔn kyerɛɛ no sɛ ɔnsi no no ara pɛ.
Nos pères dans le désert avaient le tabernacle du témoignage, comme l'avait ordonné celui qui dit à Moïse de le construire selon le modèle qu'il avait vu.
45 Akyire yi, yɛn agyanom a Yosua dii wɔn anim no de ntomadan no baa asase a Onyankopɔn pamoo so nnipa de maa wɔn no so. Ɛsii hɔ ara kɔsii Dawid ɛberɛ so.
L'ayant reçu de Moïse, nos pères l'apportèrent, sous la conduite de Josué, lorsqu'ils firent la conquête du pays sur les nations que Dieu chassa devant eux, et il y subsista jusqu'aux jours de David.
46 Onyankopɔn hyiraa Dawid enti ɔbisaa Onyankopɔn sɛ ɔmma ɔnsi asɔredan mma Yakob Onyankopɔn.
Ce roi trouva grâce devant Dieu, et demanda d'élever une demeure pour le Dieu de Jacob.
47 Nanso, Salomo na ɔsii dan no maa Onyankopɔn.
Néanmoins ce fut Salomon qui lui bâtit un temple.
48 “Nanso, ɔsorosoro Onyankopɔn nte ɛdan a nnipa asi mu, sɛdeɛ odiyifoɔ no ka sɛ,
Mais le Très-Haut n'habite pas dans les temples faits de main d'homme, selon la parole du prophète:
49 “‘Ɔsoro yɛ mʼahennwa, na asase yɛ me nan ntiasoɔ. Ɛdan bɛn na wobɛsi ama me? Awurade na ɔseɛ. Wobɛtumi asi ahomegyebea ama me?
" Le ciel est mon trône, et la terre l'escabeau de mes pieds. Quelle demeure me bâtirez-vous, dit le Seigneur, ou quel sera le lieu de mon repos?
50 Ɛnyɛ mʼankasa na meyɛɛ yeinom nyinaa?’
N'est-ce pas ma main qui a fait toutes ces choses? " —
51 “Mo asoɔdenfoɔ, mo a mo akoma apirim na montie Onyankopɔn asɛm. Mote sɛ mo agyanom pɛpɛɛpɛ. Mo nso, daa mosi Honhom Kronkron no ho kwan.
Hommes à la tête dure, incirconcis de cœur et d'oreilles, vous résistez toujours au Saint-Esprit; tels furent vos pères, tels vous êtes.
52 Odiyifoɔ bi wɔ hɔ a mo agyanom antaa no anaa? Wɔkumm Onyankopɔn asomafoɔ a wɔdii ɛkan bɔɔ ɔteneneeni a ɔbɛba no ho dawuro. Saa ara nso na moapa no, akum no.
Quel prophète vos pères n'ont-ils pas persécuté? Ils ont même tué ceux qui annonçaient d'avance la venue du Juste; et vous, aujourd'hui, vous l'avez trahi et mis à mort.
53 Mo ara ne nnipa a monam abɔfoɔ so nyaa Onyankopɔn mmara no, nanso moanni so.”
Vous qui avez reçu la Loi, en considération des anges qui vous l'intimaient, et vous ne l'avez pas gardée!... "
54 Agyinatufoɔ no tee asɛm a Stefano kaeɛ no, wɔn bo fuu yie.
En entendant ces paroles, la rage déchirait leurs cœurs, et ils grinçaient des dents contre lui.
55 Nanso, Stefano a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no maa nʼani so hwɛɛ ɔsoro hunuu Onyankopɔn animuonyam ne Yesu Kristo sɛ ɔgyina Onyankopɔn nsa nifa so.
Mais Etienne, qui était rempli de l'Esprit-Saint, ayant fixé les yeux au ciel, vit la gloire de Dieu, et Jésus debout à la droite de son Père.
56 Stefano kaa sɛ, “Mehunu sɛ ɔsoro abue na Onipa Ba no gyina Onyankopɔn nsa nifa so!”
Et il dit: " Voici que je vois les cieux ouverts, et le Fils de l'homme debout à la droite de Dieu. "
57 Wɔteateaam de wɔn nsa sisii wɔn aso. Afei, wɔn nyinaa bɔɔ twi kɔto hyɛɛ ne so,
Les Juifs poussèrent alors de grands cris, en se bouchant les oreilles, et se jetèrent tous ensemble sur lui.
58 twee no kɔɔ kurotia kɔsii no aboɔ. Wɔn a wɔsii no aboɔ no yiyii wɔn ntoma de maa aberanteɛ bi a wɔfrɛ no Saulo sɛ ɔnhwɛ so.
Et l'ayant entraîné hors de la ville, ils le lapidèrent. Les témoins déposèrent leurs vêtements aux pieds d'un jeune homme nommé Saul.
59 Wɔresi Stefano aboɔ no nyinaa na ɔrebɔ mpaeɛ sɛ, “Awurade Yesu, wo nsam na mede me honhom mehyɛ!”
Pendant qu'ils le lapidaient, Etienne priait en disant: " Seigneur Jésus, recevez mon esprit! "
60 Afei, ɔbuu nkotodwe teaam denden sɛ, “Awurade, fa wɔn bɔne kyɛ wɔn.” Ɔkaa saa wieeɛ no, ɔwuiɛ.
Puis s'étant mis à genoux, il s'écria d'une voix forte: " Seigneur, ne leur imputez pas ce péché. " Après cette parole, il s'endormit [dans le Seigneur]. Or, Saul avait approuvé le meurtre d'Etienne.

< Asomafoɔ 7 >