< Asomafoɔ 6 >

1 Ɛberɛ bi akyi a na asuafoɔ no redɔɔso no, akasakasa sii Hebrifoɔ a wɔka Arameike ne Hebrifoɔ a wɔka Griik kasa no ntam. Na Hebrifoɔ a wɔka Griik no no asɛm ne sɛ, Hebrifoɔ a wɔka Arameike no nhwɛ wɔn akunafoɔ yie.
那時候,門徒們漸漸增多,希臘化的猶太人,對希伯來人發出了怨言,因為他們在日常的供應品上,疏忽了他們的寡婦。
2 Enti, asomafoɔ dumienu no frɛɛ asuafoɔ no nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛnsɛ sɛ yɛgyae Onyankopɔn asɛnka kɔkyɛ aduane.
於是十二宗徒召集眾門徒說:「讓我們放棄天主的聖言,而操管飲食,實在不相宜。
3 Enti, anuanom, monyi mo mu nnipa baason a Honhom Kronkron ahyɛ wɔn ma na wɔnim nyansa na wɔahwɛ aka saa asɛm no.
所以,弟兄們 !當從你們中檢定七位有好聲望,且充滿聖神和智慧的人,派他們管這要務。
4 Yɛn ankasa de, yɛde yɛn adagyeɛ nyinaa bɛbɔ mpaeɛ aka Asɛmpa no.”
至於我們,我們要專務祈禱,並為真道服役。」
5 Nnipa no nyinaa penee adwene a asomafoɔ no de baeɛ no so. Enti, wɔyii Stefano a na gyidie ne Honhom Kronkron ahyɛ no ma no, ne Filipo, Prokoro, Nikanor, Timon, Pamina ne Nikolao a ɔfiri Antiokia a na ɔwɔ Yudasom no mu.
這番話得了全體的悅服,就選了斯德望,他是位充滿信德和聖神的人,和斐理伯、仆洛葛、尼加諾爾、提孟、帕爾默納及尼苛勞,他是個歸依猶太教的安提約基雅人,
6 Wɔde saa nnipa yi kyerɛɛ asuafoɔ no maa wɔbɔɔ mpaeɛ de wɔn nsa guu wɔn so.
叫他們立在宗徒面前;宗徒們祈禱以後,就給他們覆了手。
7 Nnipa pii gyee asɛm no diiɛ maa wɔn mu dodoɔ no ara bɛkaa wɔn ho. Yudafoɔ no mu pii nso gyee wɔn nkyerɛkyerɛ no diiɛ.
天主的道漸漸發揚,門徒的數目在耶路撒冷大為增加,司祭中也有許多人,服從了信仰。
8 Stefano a Onyankopɔn adom ne tumi ahyɛ no ma no yɛɛ anwanwadeɛ ahodoɔ bebree wɔ asafo no mu.
斯德望充滿恩寵和德能,在百姓中顯大奇蹟,行大徵兆。
9 Nanso, da koro bi nnipa bi a wɔfiri Yudafoɔ hyiadan bi a wɔfrɛ no “Ahofadifoɔ Hyiadan” no mu a wɔyɛ Yudafoɔ a wɔfiri Kirene ne Aleksandria ne wɔn a wɔfiri Kilikia ne Asia no ne Stefano gyee akyinnyeɛ.
當時,有些稱為「自由人」會堂中的人,以及基勒乃和亞歷山大里亞人的會堂的人,還有些屬基里基雅和亞細亞會堂的人,起來,同斯德望辯論;
10 Nanso, Honhom no maa Stefano nyansa maa ɔde kasaeɛ a obiara antumi anka hwee.
但是他們敵不住他的智慧,因為他是藉聖神說話。
11 Ɛno enti wɔka hyɛɛ nkurɔfoɔ bi ano sɛ, “Yɛtee sɛ ɔreka abususɛm atia Mose ne Onyankopɔn.”
於是他們便慫湧一些人,說:「我們聽見他說過褻瀆梅瑟和天主的話。」
12 Wɔnam saa ɛkwan yi so maa nnipa no ne mpanin no ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no sɔre tiaa Stefano. Wɔbɛkyeree Stefano de no kɔɔ badwafoɔ anim.
他們又煽動了百姓、長老和經師,一同跑來,捉住了他,解送到公議會。
13 Afei, wɔde nnipa ba bɛdii adansekurumu tiaa Stefano sɛ, “Daa, saa onipa yi ka abususɛm tia yɛn asɔredan kronkron no ne Mose Mmara no.
他們並設下假見證,說:「這人不斷地說反對聖地和法律的話,
14 Yɛtee mpo sɛ ɔreka sɛ, saa Yesu Nasareni no bɛdwiri yɛn asɔredan no agu na wasesa yɛn amanneɛ a Mose de maa yɛn no!”
因為我們曾聽見他說:這個納匝肋人耶穌要毀滅這個地方,並要改革梅瑟給我們傳下的常例。」
15 Nnipa a na wɔte badwa mu hɔ no nyinaa hwɛɛ Stefano anim, na wɔhunuiɛ sɛ nʼanim ayɛ te sɛ ɔsoro ɔbɔfoɔ anim.
所有坐在公議會的人都注目看他,見他的面容好像天使的面容。

< Asomafoɔ 6 >