< Asomafoɔ 5 >

1 Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Anania ne ne yere Safira kɔtɔn wɔn agyapadeɛ bi.
ανηρ δε τις ανανιας ονοματι συν σαπφειρη τη γυναικι αυτου επωλησεν κτημα
2 Ɔne ne yere yi yɛɛ adwene de sika a wɔnyaeɛ no bi sieeɛ na wɔde nkaeɛ no brɛɛ asomafoɔ no.
και ενοσφισατο απο της τιμης συνειδυιας και της γυναικος αυτου και ενεγκας μερος τι παρα τους ποδας των αποστολων εθηκεν
3 Petro bisaa no sɛ, “Anania, adɛn enti na woama ɔbonsam ho kwan ama wabɛhyɛ wo mu na woadi atorɔ akyerɛ Honhom Kronkron no na wode sika a wonyaeɛ no bi asie?
ειπεν δε πετρος ανανια διατι επληρωσεν ο σατανας την καρδιαν σου ψευσασθαι σε το πνευμα το αγιον και νοσφισασθαι απο της τιμης του χωριου
4 Ansa na worebɛtɔn agyapadeɛ no na ɛyɛ wʼankasa wo dea; wotɔn wieeɛ no nso, sika a wonyaeɛ no, na ɛyɛ wo dea; na adɛn enti na woyɛɛ wʼadwene sɛ wobɛyɛ deɛ woayɛ yi? Ɛnyɛ nnipa na woadi atorɔ akyerɛ wɔn, na mmom, woadi atorɔ akyerɛ Onyankopɔn.”
ουχι μενον σοι εμενεν και πραθεν εν τη ση εξουσια υπηρχεν τι οτι εθου εν τη καρδια σου το πραγμα τουτο ουκ εψευσω ανθρωποις αλλα τω θεω
5 Anania tee saa asɛm yi ara pɛ, ɔtwa hwee fam wuiɛ; na ehu kaa obiara a ɔtee saa asɛm yi no.
ακουων δε ανανιας τους λογους τουτους πεσων εξεψυξεν και εγενετο φοβος μεγας επι παντας τους ακουοντας ταυτα
6 Wɔn mu mmeranteɛ no baeɛ bɛkyekyeree amu no firii adi kɔsiee no.
ανασταντες δε οι νεωτεροι συνεστειλαν αυτον και εξενεγκαντες εθαψαν
7 Ɛbɛyɛ nnɔnhwere mmiɛnsa akyi no, ne yere a na ɔnnim asɛm a asi no baa hɔ.
εγενετο δε ως ωρων τριων διαστημα και η γυνη αυτου μη ειδυια το γεγονος εισηλθεν
8 Petro bisaa no sɛ, “Wo ne wo kunu, motɔn mo asase no, sika a monyaeɛ nyinaa ara nie? Ka kyerɛ me.” Ɔbuaa sɛ, “Aane ne nyinaa ne no.”
απεκριθη δε αυτη ο πετρος ειπε μοι ει τοσουτου το χωριον απεδοσθε η δε ειπεν ναι τοσουτου
9 Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Adɛn enti na wo ne wo kunu penee so sɛ mobɛsɔ Onyankopɔn Honhom ahwɛ? Hwɛ! Nnipa a wɔkɔsiee wo kunu no gyina ɛpono yi akyi, na saa ara na wo nso, wɔbɛsoa wo akɔsie wo.”
ο δε πετρος ειπεν προς αυτην τι οτι συνεφωνηθη υμιν πειρασαι το πνευμα κυριου ιδου οι ποδες των θαψαντων τον ανδρα σου επι τη θυρα και εξοισουσιν σε
10 Amonom hɔ ara, ɔtwa hwee Petro anim wuiɛ. Mmeranteɛ no bɛhunuu sɛ wawu no, wɔsoaa no, kɔsiee no wɔ ne kunu nkyɛn.
επεσεν δε παραχρημα παρα τους ποδας αυτου και εξεψυξεν εισελθοντες δε οι νεανισκοι ευρον αυτην νεκραν και εξενεγκαντες εθαψαν προς τον ανδρα αυτης
11 Ehu kɛseɛ bɔɔ asafo no nyinaa ne nnipa a wɔtee saa asɛm yi no.
και εγενετο φοβος μεγας εφ ολην την εκκλησιαν και επι παντας τους ακουοντας ταυτα
12 Na asomafoɔ no taa hyia wɔ asɔredan no fa baabi a wɔfrɛ no “Salomo Abrannaa” so hɔ. Sɛ wɔhyia wɔ hɔ saa a, wɔyɛ anwanwadeɛ ahodoɔ pii.
δια δε των χειρων των αποστολων εγινετο σημεια και τερατα εν τω λαω πολλα και ησαν ομοθυμαδον απαντες εν τη στοα σολομωντος
13 Ɛwom sɛ na nnipa a wɔnka wɔn ho no di wɔn ho adanseɛ pa de, nanso wɔn mu biara antumi amfa wɔn ho ankɔbɔ asomafoɔ no ho.
των δε λοιπων ουδεις ετολμα κολλασθαι αυτοις αλλ εμεγαλυνεν αυτους ο λαος
14 Akyire no, nnipa dodoɔ a wɔgyee Awurade diiɛ no bɛkaa agyidifoɔ no ho.
μαλλον δε προσετιθεντο πιστευοντες τω κυριω πληθη ανδρων τε και γυναικων
15 Esiane anwanwadeɛ a na asomafoɔ no reyɛ no enti, wɔsoaa ayarefoɔ baa mmɔntene so de wɔn totoo mpa ne kɛtɛ so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, Petro sunsum bɛtɔ wɔn mu bi so kɛkɛ.
ωστε κατα τας πλατειας εκφερειν τους ασθενεις και τιθεναι επι κλινων και κραββατων ινα ερχομενου πετρου καν η σκια επισκιαση τινι αυτων
16 Nkurɔfoɔ a wɔfifiri nkuro a atwa Yerusalem ho ahyia no de wɔn ayarefoɔ ne wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn mu no baeɛ na wɔsaa wɔn nyinaa yadeɛ.
συνηρχετο δε και το πληθος των περιξ πολεων εις ιερουσαλημ φεροντες ασθενεις και οχλουμενους υπο πνευματων ακαθαρτων οιτινες εθεραπευοντο απαντες
17 Ɔsɔfopanin ne nʼahokafoɔ ne Sadukifoɔ no ani beree asomafoɔ no so yie enti wɔyɛɛ adwene sɛ wɔbɛtwe wɔn aso.
αναστας δε ο αρχιερευς και παντες οι συν αυτω η ουσα αιρεσις των σαδδουκαιων επλησθησαν ζηλου
18 Ɛno enti, wɔkyeree asomafoɔ no de wɔn kɔguu afiase.
και επεβαλον τας χειρας αυτων επι τους αποστολους και εθεντο αυτους εν τηρησει δημοσια
19 Ɛda no ara anadwo, Awurade ɔbɔfoɔ bɛbuee afiase apono no dii asomafoɔ no anim ka kyerɛɛ wɔn sɛ,
αγγελος δε κυριου δια της νυκτος ηνοιξεν τας θυρας της φυλακης εξαγαγων τε αυτους ειπεν
20 “Monkɔ asɔredan mu nkɔka nkwa foforɔ yi ho asɛm nkyerɛ nnipa no.”
πορευεσθε και σταθεντες λαλειτε εν τω ιερω τω λαω παντα τα ρηματα της ζωης ταυτης
21 Asomafoɔ no dii asɛm a ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn no so; enti, anɔpahema no wɔkɔɔ asɔredan mu hɔ hyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛeɛ. Ɔsɔfopanin no ne nʼahokafoɔ no frɛɛ Yudafoɔ mpanin maa wɔyɛɛ nhyiamu kɛseɛ bi; afei, wɔsoma maa wɔkɔɔ afiase hɔ sɛ wɔnkɔfa asomafoɔ no mmra wɔn anim.
ακουσαντες δε εισηλθον υπο τον ορθρον εις το ιερον και εδιδασκον παραγενομενος δε ο αρχιερευς και οι συν αυτω συνεκαλεσαν το συνεδριον και πασαν την γερουσιαν των υιων ισραηλ και απεστειλαν εις το δεσμωτηριον αχθηναι αυτους
22 Nanso, ɛberɛ a nnipa no duruu afiase hɔ no, wɔanhunu asomafoɔ no; enti wɔsane ba bɛbɔɔ wɔn amaneɛ sɛ,
οι δε υπηρεται παραγενομενοι ουχ ευρον αυτους εν τη φυλακη αναστρεψαντες δε απηγγειλαν
23 “Ɛberɛ a yɛduruu afiase hɔ no, yɛhunuu sɛ wɔatoto afiase apono no nyinaa mu petee a awɛmfoɔ no gyinagyina ano. Nanso, yɛbuebuee apono no no, yɛanhunu obiara wɔ mu.”
λεγοντες οτι το μεν δεσμωτηριον ευρομεν κεκλεισμενον εν παση ασφαλεια και τους φυλακας εξω εστωτας προ των θυρων ανοιξαντες δε εσω ουδενα ευρομεν
24 Ɛberɛ a ɔpanin a ɔhwɛ asɔredan mu awɛmfoɔ no so ne asɔfoɔ mpanin no tee saa asɛm yi no, wɔn adwene mu yɛɛ wɔn nnaa, ɛfiri sɛ, na wɔnhunu asɛm a asi.
ως δε ηκουσαν τους λογους τουτους ο τε ιερευς και ο στρατηγος του ιερου και οι αρχιερεις διηπορουν περι αυτων τι αν γενοιτο τουτο
25 Ankyɛre koraa na ɔbarima bi baa hɔ bɛka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Nnipa a mode wɔn guu afiase no gyinagyina asɔredan no mu rekyerɛkyerɛ nnipa no.”
παραγενομενος δε τις απηγγειλεν αυτοις λεγων οτι ιδου οι ανδρες ους εθεσθε εν τη φυλακη εισιν εν τω ιερω εστωτες και διδασκοντες τον λαον
26 Awɛmfoɔ no so panin no tee asɛm yi no, ɔne ne nkurɔfoɔ no kɔkyeree asomafoɔ no de wɔn baeɛ. Awɛmfoɔ no so panin no ne awɛmfoɔ no amfa asomafoɔ no amma ɔhyɛ so, ɛfiri sɛ, na wɔnim sɛ, sɛ wɔyɛ saa a, nnipa no bɛsi wɔn aboɔ.
τοτε απελθων ο στρατηγος συν τοις υπηρεταις ηγαγεν αυτους ου μετα βιας εφοβουντο γαρ τον λαον ινα μη λιθασθωσιν
27 Wɔde asomafoɔ no bɛgyinaa agyinatufoɔ no anim maa Ɔsɔfopanin no ka kyerɛɛ wɔn sɛ,
αγαγοντες δε αυτους εστησαν εν τω συνεδριω και επηρωτησεν αυτους ο αρχιερευς
28 “Yɛhyɛɛ mo sɛ monnkyerɛkyerɛ wɔ Yesu din mu, nanso moantie. Mode mo nkyerɛkyerɛ yi afa Yerusalem baabiara, na mopɛ sɛ mokyerɛ sɛ, yɛn na yɛkumm saa ɔbarima no!”
λεγων ου παραγγελια παρηγγειλαμεν υμιν μη διδασκειν επι τω ονοματι τουτω και ιδου πεπληρωκατε την ιερουσαλημ της διδαχης υμων και βουλεσθε επαγαγειν εφ ημας το αιμα του ανθρωπου τουτου
29 Petro ne asomafoɔ a wɔka ne ho no buaa wɔn sɛ, “Ɛsɛ sɛ yɛtie Onyankopɔn na ɛnyɛ nnipa,
αποκριθεις δε ο πετρος και οι αποστολοι ειπον πειθαρχειν δει θεω μαλλον η ανθρωποις
30 ɛfiri sɛ, mobɔɔ Yesu asɛnnua mu, kumm no no, yɛn agyanom Onyankopɔn nyanee no firii owuo mu.
ο θεος των πατερων ημων ηγειρεν ιησουν ον υμεις διεχειρισασθε κρεμασαντες επι ξυλου
31 Onyankopɔn hyɛɛ no animuonyam de no tenaa ne nsa nifa so sɛ Ɔhene ne Agyenkwa a ɛnam so bɛma Israelfoɔ asakyera wɔn adwene na wɔde wɔn bɔne akyɛ wɔn.
τουτον ο θεος αρχηγον και σωτηρα υψωσεν τη δεξια αυτου δουναι μετανοιαν τω ισραηλ και αφεσιν αμαρτιων
32 Yɛne Honhom Kronkron a ɛyɛ akyɛdeɛ a Awurade de ma wɔn a wɔtie no no di yei ho adanseɛ.”
και ημεις εσμεν αυτου μαρτυρες των ρηματων τουτων και το πνευμα δε το αγιον ο εδωκεν ο θεος τοις πειθαρχουσιν αυτω
33 Agyinatufoɔ no tee saa asɛm yi no, wɔn bo fuiɛ na wɔkaa sɛ wɔbɛkum asomafoɔ no.
οι δε ακουσαντες διεπριοντο και εβουλευοντο ανελειν αυτους
34 Nanso, wɔn mu baako a wɔfrɛ no Gamaliel a ɔyɛ Farisini na ɔsane yɛ Atwerɛsɛm no ɔkyerɛkyerɛfoɔ a na nnipa bu no no, sɔre gyina hyɛɛ sɛ wɔmfa asomafoɔ no mfiri adi.
αναστας δε τις εν τω συνεδριω φαρισαιος ονοματι γαμαλιηλ νομοδιδασκαλος τιμιος παντι τω λαω εκελευσεν εξω βραχυ τι τους αποστολους ποιησαι
35 Afei, ɔkasa kyerɛɛ agyinatufoɔ no sɛ, “Me nuanom Israel mmarima, monnwene deɛ mopɛ sɛ moyɛ saa nnipa yi no ho yie.
ειπεν τε προς αυτους ανδρες ισραηλιται προσεχετε εαυτοις επι τοις ανθρωποις τουτοις τι μελλετε πρασσειν
36 Ɛnkyɛree biara na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Teuda sɔre, kaa sɛ ɔyɛ onipa titire bi maa nnipa bɛyɛ ahanan tu dii nʼakyi. Nanso, wɔkumm no ma nʼakyidifoɔ no nyinaa bɔ hweteeɛ.
προ γαρ τουτων των ημερων ανεστη θευδας λεγων ειναι τινα εαυτον ω προσεκολληθη αριθμος ανδρων ωσει τετρακοσιων ος ανηρεθη και παντες οσοι επειθοντο αυτω διελυθησαν και εγενοντο εις ουδεν
37 Nʼakyi no, Yuda a ɔfiri Galilea nso sɔree nnipakanberɛ no mu. Ɔno nso nnipa pii dii nʼakyi. Saa ara na ɔno nso wɔkumm no ma nʼakyidifoɔ no bɔ hweteeɛ.
μετα τουτον ανεστη ιουδας ο γαλιλαιος εν ταις ημεραις της απογραφης και απεστησεν λαον ικανον οπισω αυτου κακεινος απωλετο και παντες οσοι επειθοντο αυτω διεσκορπισθησαν
38 Ɛno enti metu mo fo sɛ, monnyaa saa nnipa yi ma wɔnkɔ wɔn baabi. Sɛ wɔn nkyerɛkyerɛ ne wɔn nnwuma yi firi onipa a, ɛbɛgu.
και τα νυν λεγω υμιν αποστητε απο των ανθρωπων τουτων και εασατε αυτους οτι εαν η εξ ανθρωπων η βουλη αυτη η το εργον τουτο καταλυθησεται
39 Nanso, sɛ ɛfiri Onyankopɔn a morentumi nsi wɔn kwan. Mobɛhunu sɛ moreko atia Onyankopɔn.”
ει δε εκ θεου εστιν ου δυνασθε καταλυσαι αυτο μηποτε και θεομαχοι ευρεθητε
40 Agyinatufoɔ no tiee Gamaliel afotuo no. Wɔmaa wɔde asomafoɔ no baeɛ maa wɔbɔɔ wɔn mmaa hyɛɛ wɔn sɛ wɔmmmɔ Yesu din mfa nkyerɛkyerɛ bio. Afei wɔgyaa wɔn.
επεισθησαν δε αυτω και προσκαλεσαμενοι τους αποστολους δειραντες παρηγγειλαν μη λαλειν επι τω ονοματι του ιησου και απελυσαν αυτους
41 Esiane sɛ asomafoɔ no hunuu sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔhunu amane wɔ Yesu din mu no enti, wɔde anigyeɛ na wɔfirii asɛnniiɛ hɔ.
οι μεν ουν επορευοντο χαιροντες απο προσωπου του συνεδριου οτι υπερ του ονοματος αυτου κατηξιωθησαν ατιμασθηναι
42 Wɔannyae Yesu Kristo ho asɛm pa no ka ne nkyerɛkyerɛ wɔ asɔrefie ne afie mu da.
πασαν τε ημεραν εν τω ιερω και κατ οικον ουκ επαυοντο διδασκοντες και ευαγγελιζομενοι ιησουν τον χριστον

< Asomafoɔ 5 >