< Asomafoɔ 4 >

1 Ɛberɛ a Petro ne Yohane gu so rekasa akyerɛ nkurɔfoɔ no, asɔfoɔ ne ɔpanin a ɔhwɛ awɛmfoɔ a wɔhwɛ asɔredan no so no ne Sadukifoɔ baa wɔn nkyɛn.
And while they were speaking to the people, the priests and the captain of the temple and the Sadducees came upon them,
2 Wɔn bo fuu yie, ɛfiri sɛ, na saa asomafoɔ yi rekyerɛkyerɛ nnipa no sɛ Yesu asɔre afiri owuo mu a ɛkyerɛ sɛ awufoɔ tumi nyane ba nkwa mu.
being indignant that they taught the people, and proclaimed in Jesus the resurrection from the dead.
3 Wɔkyeree asomafoɔ no, nanso ɛsiane sɛ na adeɛ asa enti, wɔde wɔn guu afiase kɔsii adekyeeɛ.
And they laid hands upon them, and put them in prison until the next day; for it was now evening.
4 Nanso nnipa a wɔtee asɛm no mu dodoɔ no ara bɛyɛ sɛ mpemnum gyee asɛm no diiɛ.
Many however of those who heard the word believed; and the number of the men became five thousand.
5 Adeɛ kyeeɛ no, Yudafoɔ mpanin, mpanimfoɔ ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ hyiaa wɔ Yerusalem.
And it came to pass on the next day, that their rulers and elders and scribes,
6 Wɔhyiaa Ɔsɔfopanin Anas ne Kaiafa ne Yohane ne Aleksandro ne afoforɔ a wɔfiri Ɔsɔfopanin no abusua mu.
and Annas the high-priest, and Caiaphas, and John, and Alexander, and as many as were of the kindred of the high-priest, were gathered together at Jerusalem.
7 Wɔmaa wɔde asomafoɔ baanu yi baa wɔn anim bisaa wɔn sɛ, “Tumi bɛn anaa hwan din na mode yɛɛ yei?”
And when they had set them in the midst, they asked, By what power, or by what name, did ye do this?
8 Petro a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no buaa sɛ, “Ɔman mpanimfoɔ ne atitire.
Then Peter, filled with the Holy Spirit, said to them, Rulers of the people, and elders of Israel!
9 Sɛ ɛnnɛ mogyina ha bisa yɛn ade pa a yɛyɛ maa obubuafoɔ no maa ne ho tɔɔ no no a,
If we are this day examined in respect to a good deed done to a cripple, by what means he hath been restored,
10 ɛnneɛ ɛsɛ sɛ mo ne Israelfoɔ nyinaa hunu sɛ, saa onipa a ɔgyina ha yi, ɛnam Yesu Kristo a ɔfiri Nasaret a mobɔɔ no asɛnnua mu na Onyankopɔn nyanee no firii awufoɔ mu no tumi mu na ne ho ayɛ no den.”
be it known to you all, and to all the people of Israel, that by the name of Jesus Christ the Nazarene, whom ye crucified, whom God raised from the dead, —by him doth this man stand here before you sound.
11 Yesu ne onipa a Atwerɛsɛm ka fa ne ho sɛ, “‘Ɛboɔ a mo adansifoɔ poeɛ no a abɛyɛ tweatiboɔ.’
This is the stone which was set at nought by you the builders, which is become a cornerstone.
12 Ɔno nko ara mu na nkwagyeɛ wɔ; ɛfiri sɛ, edin biara nni ewiase ha a nnipa nam so bɛnya nkwagyeɛ.”
And there is salvation in no other; for there is not another name under heaven, that hath been given among men, by which we must be saved.
13 Ɛyɛɛ agyinatufoɔ no ahodwirie sɛ Petro ne Yohane a wɔnsuaa nwoma da na wɔyɛ nnipa teta no tumi kasa akokoɔduru so saa. Wɔhunuu sɛ saa asomafoɔ yi ne Yesu nanteeɛ.
And when they beheld the boldness of Peter and John, and perceived that they were unlearned and common men, they wondered; and they recognized them as having been with Jesus.
14 Nnipa no antumi anka asɛm biara bio, ɛfiri sɛ, wɔhunuu sɛ ɔbarima a na ne ho atɔ no no ne Petro ne Yohane gyina hɔ.
And seeing the man that had been cured standing with them, they could say nothing in reply.
15 Wɔmaa wɔfirii asɛnniiɛ hɔ ma wɔdwendwenee asɛm no ho.
But when they had commanded them to go aside out of the council, they conferred among themselves,
16 Wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Ɛdeɛn na yɛnyɛ saa nnipa yi? Obiara a ɔwɔ Yerusalem ha ate sɛ saa nnipa yi ayɛ anwanwadeɛ a yɛrentumi ntwa ho nkontompo.
saying, What shall we do to these men? for that indeed a remarkable sign hath been wrought by them is manifest to all that dwell in Jerusalem; and we cannot deny it.
17 Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a saa nnipa yi remma saa asɛm yi ntrɛ nkɔ afoforɔ nkyɛn no, momma yɛmfrɛ wɔn, mmɔ wɔn kɔkɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔremmɔ Yesu din nkyerɛ obiara bio.”
But that it spread no further among the people, let us strictly forbid them with threats to speak any longer in this name to any one.
18 Wɔfrɛɛ asomafoɔ baanu yi baeɛ, hyɛɛ wɔn sɛ wɔnni ho kwan biara sɛ wɔbɔ Yesu Kristo din anaa wɔkyerɛkyerɛ wɔ ne din mu.
And they called them, and commanded them not to speak at all, nor teach, in the name of Jesus.
19 Petro ne Yohane buaa wɔn sɛ, “Sɛ yɛbɛtie Onyankopɔn anaa yɛbɛtie mo no, emu deɛ ɛwɔ he na ɛyɛ? Mo ara mommua mfa.
But Peter and John answered and said to them, Whether it is right in the sight of God to hearken to you rather than to God, judge ye.
20 Deɛ yɛahunu ne deɛ yɛate deɛ, yɛrentumi nnyae ho asɛnka.”
For we cannot but speak the things which we saw and heard.
21 Agyinatufoɔ no bɔɔ wɔn kɔkɔ bio gyaee wɔn, ɛfiri sɛ, wɔannya biribiara annyina so antwe wɔn aso; afei nso, na nnipa no nyinaa rekamfo Onyankopɔn wɔ asɛm a asi no ho.
So, having further threatened them, they let them go, finding no way to punish them, on account of the people; because all were glorifying God for that which had been done.
22 Na ɔbarima a wɔnam anwanwakwan so saa no yadeɛ no adi boro mfeɛ aduanan.
For the man was above forty years old, on whom this sign of the healing had been wrought.
23 Wɔgyaee Petro ne Yohane pɛ, wɔkɔɔ agyidifoɔ a aka no nkyɛn kɔkaa deɛ asɔfoɔ mpanin ne mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn no kyerɛɛ wɔn.
And being released they went to their own company, and reported all that the chief priests and elders had said to them.
24 Ɛberɛ a wɔtee saa asɛm no, wɔn nyinaa bɔɔ mu bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Owura, Ɔbɔadeɛ a wobɔɔ ɔsoro, asase ne ɛpo ne biribiara a ɛwɔ mu,
And on hearing it, they lifted up their voice to God with one accord, and said, Lord, thou art he that made heaven and earth and sea, and all things that are in them;
25 wonam Honhom Kronkron so nam yɛn nana Dawid a ɔyɛ wʼakoa no so maa ɔkaa sɛ, “Adɛn enti na amanamanmufoɔ no bo afu? Adɛn enti na wɔsɛe mmerɛ yɛ nhyehyɛeɛ hunu yi?
who by the mouth of thy servant David said, “Why did the heathen rage, and the peoples meditate vain things?
26 Asase so ahemfo sɔre gyina na atumfoɔ bom tu agyina tia Awurade ne Agyenkwa no.
The kings of the earth came up, and the rulers assembled together, against the Lord, and against his Anointed.”
27 Ampa ara Herode ne Pontio Pilato ne amanamanmufoɔ ne Israelfoɔ hyiaa wɔ kuro kɛseɛ yi mu sɔre tiaa Yesu a ɔyɛ Ɔsomfoɔ Kronkron a woate ne ho no.
For in truth against thy holy servant Jesus, whom thou didst anoint, did both Herod and Pontius Pilate, with the gentiles, and the peoples of Israel, assemble in this city,
28 Wɔhyia yɛɛ biribiara a wonam wo tumi ne wo pɛ so ahyɛ ato hɔ sɛ ɛbɛba mu no.
to do whatever thy hand and thy will before determined to be done.
29 Afei, Awurade, hwɛ ahunahuna a wɔrehunahuna yɛn yi na ma yɛn a yɛyɛ wʼasomfoɔ yi mfa akokoɔduru nka wʼasɛm yi.
And now, Lord, look upon their threatenings, and grant to thy servants that with all boldness they may speak thy word,
30 Ma wo nsa so fa sa nyarewa, na fa wo ɔsomfoɔ Kronkron Yesu Kristo din so yɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ.”
while thou stretchest forth thy hand to heal, and signs and wonders are wrought through the name of thy holy servant Jesus.
31 Wɔbɔɔ mpaeɛ wieeɛ no, faako a wɔhyiaeɛ hɔ wosoeɛ. Honhom Kronkron bɛhyɛɛ wɔn nyinaa ma ma na wɔfirii aseɛ de akokoɔduru kaa Onyankopɔn asɛm.
And when they had prayed, the place was shaken where they were assembled; and they were all filled with the Holy Spirit, and they spoke the word of God with boldness.
32 Agyidifoɔ no nyinaa tenaa ase sɛ nnipa korɔ. Wɔn mu bi anka sɛ nʼankasa ahodeɛ bi yɛ ɔno nko ara dea; biribiara a wɔwɔ no, wɔn nyinaa kyekyɛɛ mu pɛ faeɛ.
And the multitude of those who believed were of one heart, and of one soul; and not one of them said that aught of the things which he possessed was his own; but they had all things common.
33 Asomafoɔ no nam tumi a emu yɛ den so dii Awurade Yesu wusɔreɛ no ho adanseɛ na Onyankopɔn hyiraa wɔn nyinaa.
And with great power did the apostles give their testimony to the resurrection of the Lord Jesus; and great grace was upon them all.
34 Biribiara ho anhia obiara a ɔfra kuo no mu, ɛfiri sɛ, wɔn a na wɔwɔ nsase ne afie no tontɔneeɛ de sika a wɔnya firii mu no
For there was no one among them that was in want; for as many as were possessors of lands or houses sold them, and brought the prices of the things that were sold,
35 brɛɛ asomafoɔ no maa wɔkyekyɛeɛ sɛdeɛ ɛho hia obiara.
and laid them at the feet of the apostles; and distribution was made to every one, according as he had need.
36 Yosef a na ɔyɛ Lewini a ɔfiri Kipro a na asomafoɔ no frɛ no Barnaba, a asekyerɛ ne “Nkuranhyɛ Ba” no,
And Joseph, who by the apostles was surnamed Barnabas, (which is, when interpreted, Son of consolation, ) a Levite, born in Cyprus,
37 tɔn nʼasase de sika a ɔnyaeɛ no brɛɛ asomafoɔ no.
having land, sold it, and brought the money, and laid it at the feet of the apostles.

< Asomafoɔ 4 >