< Asomafoɔ 28 >
1 Yɛduruu mpoano hɔ no, ankyɛre na yɛhunuu sɛ yɛwɔ supɔ Malta so.
And having escaped, we learned that the island was called Melita.
2 Supɔ no sofoɔ no gyee yɛn fɛ so. Esiane sɛ na osuo atɔ ama awɔ aba enti, wɔsɔɔ ogya ma yɛtoeɛ.
And the barbarians showed us no little kindness; for they kindled a fire, and received us all, because of the rain which had come on, and because of the cold.
3 Paulo bubuu mmabaa sɛ ɔde regu ogya no mu. Ɔde regu mu no, ɔwɔ bi a ogya no hyeɛ aka no no, bebaree ne nsa ho.
And when Paul had gathered a bundle of sticks, and laid it on the fire, there came forth a viper by reason of the heat, and fastened on his hand.
4 Supɔ no sofoɔ no hunuu ɔwɔ no sɛ ɔbebare ne nsa ho no, wɔkaa sɛ, “Saa onipa yi yɛ owudifoɔ a wanya ne ti adidi mu wɔ ɛpo akwanhyia mu, nanso ɛnam ne bɔne enti, owuo ara na ɛtwa sɛ ɔwu.”
And when the barbarians saw the animal hanging from his hand, they said to one another, No doubt this man is a murderer, whom though he hath escaped the sea, Justice hath not permitted to live.
5 Paulo petee ɔwɔ no too ogya no mu a hwee anyɛ no.
He, however, shaking off the animal into the fire suffered no harm.
6 Na nkurɔfoɔ no nyinaa susuu sɛ Paulo bɛhonhono anaasɛ ɔbɛtwa ahwe awu. Nanso, wɔtwɛnee ara a biribiara anyɛ no no, wɔsakyeraa wɔn adwene kaa sɛ, “Ɔyɛ onyame bi.”
But they were looking for his becoming swollen, or suddenly falling down dead. But after looking a great while, and seeing no harm come to him they changed their minds, and said that he was a god.
7 Na ɔpanin a ɔhwɛ supɔ no so a wɔfrɛ no Publio no fie bɛn mpoano hɔ; ɔgyee yɛn fɛw so, somm yɛn hɔhoɔ nnansa.
And in the neighborhood of that place were lands be longing to the chief man of the island, whose name was Publius; who welcomed us, and entertained us kindly three days.
8 Saa ɛberɛ no ara na Publio agya yaree huraeɛ ne konkurowa a aka no ato hɔ. Paulo kɔɔ ɛdan a na ɔda mu no mu de ne nsa guu ne so, bɔɔ mpaeɛ maa ne ho yɛɛ no den.
And it happened that the father of Publius was lying sick with a fever and dysentery; to whom Paul went in, and, when he had prayed, laid his hands on him, and healed him.
9 Deɛ Paulo yɛeɛ no maa ayarefoɔ a wɔwɔ supɔ no so no nyinaa baa ne nkyɛn maa ɔsaa wɔn yadeɛ.
And when this was done, the others also who had diseases in the island came, and were healed;
10 Wɔmaa yɛn akyɛdeɛ bebree. Yɛrebɛfiri hɔ akɔ no nso, wɔde biribiara a ɛho hia yɛn no bɛguu ɛhyɛn no mu maa yɛn.
who also honored us with many honors, and when we put to sea, loaded us with such things as were necessary.
11 Yɛdii abosome mmiɛnsa wɔ supɔ no so ansa na yɛnyaa ɛhyɛn bi a ɛfiri Aleksandria a ne nsɛnkyerɛnneɛ yɛ etire mmienu a ɛgyina hɔ ma anyame baanu bi. Na saa ɛhyɛn no abɛdi awɔberɛ no wɔ supɔ no so.
And after three months we put to sea in a ship of Alexandria, which had wintered in the island, whose sign was Castor and Pollux.
12 Yɛduruu Sidarakusa no, yɛdii nnansa wɔ hɔ.
And landing at Syracuse, we stayed there three days;
13 Yɛfiri hɔ no, yɛtoaa so kɔduruu Regio. Adeɛ kyeeɛ no, mframa bi bɔ firi anafoɔ fam maa nnanu akyi no, yɛkɔduruu Puteoli.
and from thence we made a circuit, and came to Rhegium; and after one day a south wind arose, and we came on the second day to Puteoli,
14 Ɛha na yɛhyiaa agyidifoɔ bi a wɔsrɛɛ yɛn sɛ, yɛntena wɔn nkyɛn nnawɔtwe. Ɛno akyi no, yɛtoaa so kɔduruu Roma.
where we found brethren, and were entreated to remain with them seven days; and so we went toward Rome.
15 Anuanom a wɔwɔ Roma no tee yɛn nka sɛ yɛreba no, ebinom bɛhyiaa yɛn ɛkwan wɔ adwabɔeɛ a ɛwɔ Apia ɛkwan no so na afoforɔ nso hyiaa yɛn wɔ ahɔhobea bi a wɔfrɛ no Ahɔhodan Mmiɛnsa no. Ɛberɛ a Paulo hunuu wɔn no, ne ho sanee no na ɔdaa Onyankopɔn ase.
And from thence, the brethren having heard of us came to meet us as far as Appii Forum, and the Three Taverns; at the sight of whom Paul thanked God and took courage.
16 Yɛduruu Roma no, wɔmaa Paulo ho ɛkwan sɛ ɔnkɔtena baabiara a ɔpɛ na ɔsraani bi nnwɛn no.
And when we had come to Rome, Paul was permitted to dwell by himself, with the soldier that guarded him.
17 Nnansa akyi no, Paulo frɛɛ Yudafoɔ mpanin ne wɔn hyiaeɛ. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Anuanom, ɛwom sɛ manyɛ bɔne biara mantia yɛn ɔman ne yɛn amanneɛ a yɛn agyanom de gyaa yɛn no de, nanso wɔkyeree me dedua wɔ Yerusalem de me hyɛɛ Romafoɔ nsa.
And it came to pass that after three days he called together the chief men of the Jews, and when they had met he said to them, Brethren, I, though I had done nothing against the people, or the customs of our fathers, was delivered up a prisoner from Jerusalem into the hands of the Romans;
18 Wɔbisaa me nsɛm pɛɛ sɛ wɔgyaa me, ɛfiri sɛ, wɔannya afɔbudeɛ bi wɔ me ho a ɛno enti ɛsɛ sɛ wɔgyina so kum me.
who, when they had examined me, wished to release me, because I had done nothing deserving death.
19 Nanso, ɛberɛ a Yudafoɔ kasatia gyaeɛ a wɔpɛ sɛ wɔgyaa me no, mehunuu sɛ, ɛsɛ sɛ medwane metoa Kaesare. Ɛnyɛ me nkurɔfoɔ ho adwemmɔne a mewɔ enti na meyɛɛ saa.
But when the Jews spoke against it, I was constrained to appeal to Caesar; not that I had any charge to bring against my nation.
20 Yei enti na mepɛɛ sɛ mehunu mo na me ne mo kasa no, na onipa a Israelfoɔ ani da ne so no enti na nkɔnsɔnkɔnsɔn gu me yi.”
For this reason therefore I have called for you, to see you and speak to you; for it is on account of the hope of Israel that I am bound with this chain.
21 Wɔbuaa Paulo sɛ, “Yɛnnyaa nwoma biara a ɛfiri Yudea a ɛfa wo ho na yɛntee wo ho asɛmmɔne biara nso mfirii anuanom a wɔfiri hɔ ba ha no nso nkyɛn.
And they said to him, We neither received letters from Judea concerning thee, nor did any one of the brethren that came report or speak any evil of thee.
22 Nanso, yɛpɛ sɛ yɛhunu wʼadwene, ɛfiri sɛ, yɛnim sɛ baabiara nnipa kasa tia Akristofoɔ a wɔn nso woka wɔn ho no.”
But we think it proper to hear from thee what thou thinkest; for with regard to this sect, we know that it is everywhere spoken against.
23 Wɔhyɛɛ da bi sɛ wɔbɛhyia Paulo. Saa ɛda no duruiɛ no, nnipa bebree kɔɔ ne nkyɛn wɔ faako a ɔte hɔ no. Ɔkaa Onyankopɔn Ahennie no ho asɛm kyerɛɛ wɔn. Ɔnam Mose mmara ne nsɛm a adiyifoɔ no kaeɛ no so kaa Yesu ho asɛm firi anɔpa kɔsii anadwo kyerɛɛ wɔn, pɛɛ sɛ ɔdane wɔn adwene.
And when they had appointed him a day, many came to him at his lodging; to whom he expounded, and earnestly testified, the kingdom of God, endeavoring to persuade them concerning Jesus both from the Law of Moses, and from the Prophets, from morning till evening.
24 Nnipa no bi gyee Paulo asɛm a ɔkaeɛ no diiɛ na ebi nso annye anni.
And some believed the things spoken, and some believed not.
25 Ɛberɛ a wɔregyegye wɔn ho wɔn ho akyinnyeɛ no, wɔfirii hɔ kɔeɛ. Na asɛm a ɛtwa toɔ a Paulo kaeɛ ne sɛ. “Nokwasɛm na Honhom Kronkron nam Odiyifoɔ Yesaia so ka kyerɛɛ mo agyanom sɛ,
So, disagreeing with one another, they took their departure, after Paul had spoken one word: Well did the Holy Spirit speak through Isaiah the prophet to your fathers,
26 “Monkɔka asɛm yi nkyerɛ Yudafoɔ sɛ, ‘Ɔte deɛ mobɛte, nanso morente aseɛ. Ɔhwɛ deɛ mobɛhwɛ, nanso morenhunu,’
saying, “Go to this people, and say, 'Hearing ye shall hear, and shall not understand; and seeing ye shall see and not perceive.
27 ɛfiri sɛ mo, moapirim mo akoma; moasi mo aso, akatakata mo ani. Ɛnyɛ saa a anka mo ani bɛhunu adeɛ, na mo akoma ate asɛm ase, na moanu mo ho asane aba me nkyɛn, na masa mo yadeɛ.”
For the heart of this people hath become gross, and their ears are dull of hearing, and their eyes they have closed; lest they should see with their eyes and hear with their ears, and understand with their heart and turn from their ways, and I should heal them.'”
28 Paulo kaa sɛ, “Ɛsɛ sɛ mohunu sɛ Onyankopɔn nkwagyesɛm no aduru amanamanmufoɔ no nkyɛn. Wɔbɛtie!”
Be it therefore known to you, that to the gentiles this salvation of God hath been sent; they, moreover, will hear.
29 Paulo kaa saa asɛm yi wieeɛ no, Yudafoɔ no firii hɔ kɔeɛ a na wɔregyegye wɔn ho wɔn ho akyinnyeɛ dendeenden.
30 Paulo tenaa hɔ mfeɛ mmienu, a na ɔte efie a ɔno ankasa tua ho ka no mu, na nnipa bebree kɔɔ ne nkyɛn.
And he abode two whole years in his own hired house and gladly received all that came in to him,
31 Na ɔde akokoɔduru kaa Onyankopɔn Ahennie no ne Awurade Yesu Kristo ho asɛm.
proclaiming the kingdom of God, and teaching the things concerning the Lord Jesus Christ, with all confidence, without hindrance from any one.