< Asomafoɔ 26 >

1 Ɔhene Agripa ka kyerɛɛ Paulo sɛ, “Afei, mema wo ho ɛkwan sɛ woyi wo ho ano.” Paulo maa ne nsa so kasaa sɛ,
Agrippa dit à Paul: « Il t'est permis de parler pour te défendre. » Alors Paul, ayant étendu la main, se justifiait en ces termes:
2 “Ɔhene Agripa! Ɛyɛ me anigye sɛ ɛnnɛ manya mu kwan gyina wʼanim ha reyi me ho ano wɔ asɛm a Yudafoɔ aka atia me no ho.
« Je m'estime heureux, roi Agrippa, d'avoir à me justifier aujourd'hui devant toi sur tout ce dont je suis accusé par les Juifs, parce que tu connais à fond toutes les coutumes et toutes les discussions qui existent parmi les Juifs.
3 Deɛ ɛma meka saa ne sɛ, wonim Yudafoɔ mmara ne wɔn amanneɛ nyinaa fekɔɔ. Enti, mesrɛ wo, to wo bo ase tie me.
C'est pourquoi je te prie de m'écouter avec patience:
4 “Yudafoɔ no nim mʼasetena mu nsɛm nyinaa firi me mmɔfraase. Wɔnim mʼasetena mu nsɛm wɔ me kurom ne Yerusalem nso.
Que j'aie, dès mon enfance, passé la première partie de ma vie au milieu de ma nation à Jérusalem, c'est ce que savent tous les Juifs
5 Sɛ wɔbɛka nokorɛ a, wɔnim sɛ meyɛ Farisini a medi Yudafoɔ mmara ne wɔn som so pɛpɛɛpɛ.
qui, me connaissant dès l'origine, peuvent témoigner, s'ils le veulent, que j'ai vécu en pharisien, selon les principes de la secte la plus austère de notre religion.
6 Na afei ɛyɛ bɔ a Onyankopɔn hyɛɛ yɛn nananom no enti na megyina ha ɛnnɛ na wɔrebu me atɛn yi.
Et maintenant je suis mis en jugement pour avoir espéré en la promesse que Dieu a faite à nos pères,
7 Saa bɔhyɛ yi na yɛn mmusuakuo dumienu hwɛ ɛkwan sɛ ɛbɛba mu no enti na wɔsom Onyankopɔn awia ne anadwo no. Ɔhene, saa anidasoɔ yi enti na Yudafoɔ asɔre atia me yi.
et dont nos douze tribus, qui rendent nuit et jour un culte fervent, attendent la réalisation. C'est pour cette espérance, ô roi, que je suis accusé par des Juifs!
8 Adɛn enti na mo Yudafoɔ nnye nni sɛ Onyankopɔn nyane awufoɔ?
Pourquoi regarde-t-on parmi vous comme incroyable que Dieu ressuscite des morts?
9 “Mmerɛ bi a atwam no, na mʼadwene nyinaa ne sɛ mɛyɛ biribiara a mɛtumi de atia Yesu a ɔfiri Nasaret no din.
Pour en revenir à moi, j'ai cru devoir me livrer à toutes sortes d'attaques contre le nom de Jésus le Nazoréen;
10 Saa ara na meyɛɛ wɔ Yerusalem. Megyee tumi nwoma firii asɔfoɔ mpanin nkyɛn gyinaa so kyekyeree Onyankopɔn akyidifoɔ guu afiase; na sɛ wɔbu wɔn kumfɔ a, medi mu akotene.
c'est pourquoi j'ai agi en conséquence à Jérusalem, et j'ai jeté plusieurs des saints dans les prisons, après en avoir reçu l'autorisation des grands prêtres, et, quand on les mettait à mort, j'y ai joint mon suffrage,
11 Memaa wɔtwee wɔn aso mmerɛ pii wɔ hyiadan mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛpa wɔn gyidie. Mʼani beree wɔn so yie maa metaa wɔn kɔduruu aman afoforɔ so.”
et, dans toutes les synagogues, sévissant souvent contre eux, je les forçais de blasphémer; dans ma fureur envers eux je les ai même poursuivis jusques dans les villes étrangères.
12 “Saa ɔtaa yi enti na mekɔgyee tumi nwoma firii asɔfoɔ mpanin nkyɛn sɛ mede rekɔ Damasko no.
C'est en me rendant pour ce motif à Damas, muni de l'autorisation et de la permission des grands prêtres,
13 Daasebrɛ, da bi owigyinaeɛ a merekɔ Damasko no, hann bi a ɛkyɛn owia hyerɛn firii ɔsoro bɛtwaa me ne wɔn a yɛnam no ho hyiaeɛ.
qu'au milieu du jour je vis sur la route, ô roi, une lumière venant du ciel, d'un éclat plus vif que celui du soleil, et qui m'enveloppa ainsi que ceux qui voyageaient avec moi.
14 Yɛn nyinaa twitwa hwehwee fam na metee nne bi wɔ Arameike kasa mu sɛ, ‘Saulo! Saulo! Adɛn enti na wotaa me? Deɛ woyɛ yi nyinaa wode reha wo ho sɛdeɛ nantwie tu ne nan wɔ ɔkafoɔ poma ano.’
Et, étant tous tombés à terre, j'entendis une voix qui me disait en hébreu: « Saul, Saul, pourquoi me persécutes-tu? Il t'est dangereux de regimber contre des coups d'aiguillon. »
15 “Mebisaa sɛ, ‘Ɛyɛ wo hwan, Awurade?’ “Awurade buaa sɛ, ‘Ɛyɛ me Yesu a wotaa me no.
Mais je dis: « Qui es-tu, Seigneur? » Et le seigneur dit: « Je suis Jésus que tu persécutes;
16 Sɔre gyina hɔ. Ɛnnɛ mayi me ho adi akyerɛ wo; mɛma woayɛ me ɔsomfoɔ na woadi adanseɛ wɔ deɛ woahunu afa me ho yi ne deɛ mɛkyerɛ wo nyinaa ho.
mais lève-toi sur tes pieds; car je te suis apparu afin de te choisir pour ministre, et pour témoin tant de ce que tu as vu de moi, que de ce que je te ferai voir,
17 Mɛgye wo mafiri Israelfoɔ ne amanamanmufoɔ a wɔresoma wo akɔ wɔn nkyɛn no nsam.
en te protégeant contre le peuple et contre les Gentils, vers lesquels je t'envoie
18 Wobɛbue wɔn ani na woatwe wɔn afiri sum mu aba hann mu, na woayi wɔn afiri ɔbonsam tumi ase aba Onyankopɔn nkyɛn. Na wɔnam wɔn gyidie a wɔwɔ wɔ me mu no so anya bɔne fakyɛ na wɔayɛ Onyankopɔn mma.’
pour leur ouvrir les yeux, afin qu'ils passent des ténèbres à la lumière, et de l'autorité de Satan à Dieu, pour recevoir, par la foi en moi, la rémission des péchés et un lot parmi ceux qui ont été sanctifiés. »
19 “Ɛno enti, Ɔhene Agripa, meyɛɛ ɔsetie maa nne a ɛfiri ɔsoro no.
En conséquence, roi Agrippa, je ne résistai point à la céleste vision,
20 Mefirii aseɛ kaa asɛmpa no wɔ Damasko ne Yerusalem ne Yudeafoɔ aman nyinaa so ne amanamanmufoɔ mu sɛ, ɛsɛ sɛ wɔnu wɔn ho na wɔde wɔn ho ma Onyankopɔn, na wɔn nneyɛeɛ akyerɛ sɛ wɔasakyera.
mais, m'adressant d'abord à ceux qui étaient à Damas et à Jérusalem, et dans toute la Judée, puis aux Gentils, je les exhortai à se repentir et à se convertir à Dieu, en faisant des œuvres conformes à la repentance;
21 Saa asɛm yi ara enti na mewɔ asɔredan mu resom no, Yudafoɔ no bɛkyeree me sɛ wɔrekɔku me.
c'est à cause de cela que des Juifs m'ayant surpris dans le temple voulaient se défaire de moi.
22 Nanso, ɛbɛsi ɛnnɛ, Onyankopɔn abɔ me ho ban enti na megyina ha redi adanseɛ akyerɛ obiara yi. Asɛm korɔ a Mose ne adiyifoɔ no kaa sɛ,
C'est donc grâce à la protection de Dieu que j'ai subsisté jusques à ce jour, rendant témoignage devant petits et grands, sans rien dire qui fût contraire à ce qu'ont dit soit les prophètes, soit Moïse, sur ce qui devait arriver,
23 Ɛsɛ sɛ Agyenkwa no hunu amane na wadi awufoɔ sɔreɛ mu ɛkan, na wɔaka hann ho asɛm akyerɛ Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ.”
à savoir si le Messie devait souffrir, si, ressuscité le premier d'entre les morts, il devait proclamer la lumière au peuple et aux Gentils… »
24 Paulo gu so rekasa no, Festo tiaa no kaa sɛ, “Paulo, woabɔ dam. Wo nwomanim bebrebe no abɔ wo dam.”
A cet endroit de la justification, Festus s'écrie d'une voix forte: « Paul, tu es fou, ton grand savoir te jette dans le délire. »
25 Nanso, Paulo buaa sɛ, “Daasebrɛ, memmɔɔ dam. Nsɛm a mereka no yɛ nokorɛ a aba wɔ mu.
Mais Paul: « Je ne suis point fou, excellent Festus, mais je prononce des paroles vraies et réfléchies;
26 Ɔhene Agripa, ɛsiane sɛ wonim saa nsɛm yi nyinaa enti, mɛtumi magyina wʼanim mede akokoɔduru makasa. Megye di sɛ biribiara a ɛsiiɛ no wonim, ɛfiri sɛ, emu biara nni hɔ a ɛyɛ kokoamsɛm.
car le roi est instruit sur ces sujets, et c'est à lui que je m'adresse avec assurance parce que je suis convaincu qu'il n'ignore rien de tout cela; car ce n'est pas une chose qui se soit passée dans un coin.
27 Ɔhene Agripa, wogye adiyifoɔ no di anaa? Menim sɛ wogye wɔn di.”
Crois-tu aux prophètes, roi Agrippa?… Je sais que tu y crois. »
28 Agripa bisaa Paulo sɛ, “Wogye di sɛ wobɛtumi adane mʼadwene ama mayɛ Kristoni saa ɛberɛ tiawa yi mu anaa?”
Mais Agrippa dit à Paul: « C'est à peu de frais que tu veux me persuader de me faire chrétien. »
29 Paulo buaa sɛ, “Sɛ nsɛm a mereka no ho hia anaa ɛho nhia no, me mpaeɛbɔ ara ne sɛ, Onyankopɔn bɛma wo ne wɔn a wɔretie me ɛnnɛ yi nyinaa bɛsakyera abɛyɛ sɛ me, agye nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛgu me yi nko ara.”
Et Paul: « Plût à Dieu, qu'avec peu ou beaucoup de frais, non seulement toi, mais tous ceux qui m'écoutent aujourd'hui, vous devinssiez tels que je suis moi-même, sauf ces chaînes. »
30 Afei, ɔhene no ne Amrado ne Berenike ne wɔn a wɔahyia hɔ no nyinaa sɔreeɛ.
Et le roi, le gouverneur et Bérénice se levèrent, ainsi que ceux qui étaient assis avec eux,
31 Wɔrekɔ no, wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ, “Saa onipa yi nyɛɛ biribiara a ɛsɛ sɛ wɔgyina so bu no kumfɔ anaasɛ wɔde no to afiase.”
et s'étant retirés, ils se disaient entre eux: « Cet homme n'a rien fait qui mérite la mort ou les chaînes. »
32 Ɔhene Agripa ka kyerɛɛ Festo sɛ, “Sɛ onipa yi nnwane ntoaa Kaesare a anka yɛbɛtumi agyaa no.”
Et Agrippa dit à Festus: « Cet homme pouvait être relâché, s'il n'en avait appelé à l'empereur. »

< Asomafoɔ 26 >