< Asomafoɔ 24 >
1 Nnanum akyi no, Ɔsɔfopanin Anania ne mpanimfoɔ bi ne mmaranimfoɔ bi a ne din de Tertulo kɔɔ Kaesarea. Wɔduruu hɔ no, wɔkɔɔ Amrado Felike nkyɛn de nsɛm a wɔwɔ tia Paulo no too nʼanim.
五天后,大祭司亚拿尼亚、几名长老和一位名叫帖土罗的律师来到总督府,控告保罗。
2 Wɔfrɛɛ Tertulo ma ɔbɔɔ ne nkuro sɛ, “Onimuonyamfoɔ! Esiane wo nimdeɛ ne wʼakwankyerɛ pa enti, ɛfiri ɛberɛ a wobaeɛ yi, nsakraeɛ pa pii aba yɛn ɔman yi mu ama yɛn ho atɔ yɛn.
当保罗被传唤过来,帖土罗开始控诉他:“腓力斯大人,因为你的缘故,民众长久以来一直享受着太平。由于您的明智判断,为了国家的利益而进行了改革。
3 Baabiara a yɛwɔ no, yɛka yei ho asɛm na yɛn ani sɔ deɛ woayɛ ama yɛn no da wo ase papaapa.
全国人民都对你深表感激。
4 Mempɛ sɛ mesɛe wo berɛ enti mesrɛ wo sɛ nya berɛ tiawa bi ma me na tie asɛm a merebɛka afa saa ɔbarima yi ho no.
但为了不烦扰你,我们只需要占用你一点时间。
5 “Yɛahunu sɛ saa ɔbarima yi yɛ ɔmammɔfoɔ a ɔde basabasayɛ ba Yudafoɔ nyinaa mu. Ɔyɛ Nasarefoɔ fekuo no mu panin.
我们发现这个人就像瘟疫一样,他煽动普天下的犹太人叛乱,还是拿撒勒派的头目。
6 Ɔpɛɛ sɛ ɔgu asɔredan no ho fi. Ɛno enti, yɛkyeree no yɛɛ yɛn adwene sɛ anka yɛbɛfa yɛn mmara so abu no atɛn.
因为他想要污损圣殿,所以我们将他逮捕。
7 Nanso, Ɔsafohene Lisia bɛgyee no firii yɛn nsam abrane so,
8 hyɛɛ sɛ wɔmmɛdi nʼasɛm wɔ wʼanim. Sɛ wobisa no a, wo ara ankasa wobɛhunu sɛ nsɛm a yɛreka afa ne ho no nyinaa yɛ nokorɛ.”
你只需亲自审问,就会清楚我们控告他的一切事实。”
9 Yudafoɔ no nso foaa nsɛm a wɔkaeɛ no so, sɛ ɛyɛ nokorɛ.
犹太人也应声附和,证实事实的确如此。
10 Afei, Amrado no maa Paulo kwan sɛ ɔnyi ne ho ano. Paulo yii ne ho ano sɛ, “Menim sɛ woyɛɛ ɔman yi so ɔtemmufoɔ akyɛre, ɛno enti, sɛ megyina wʼanim reyi me ho ano a, mensuro.
总督示意保罗回应。保罗开始申辩:“我知道你多年来一直担任本国的法官,我很乐意为自己辩护。
11 Sɛdeɛ ebia woate no, ɛbɛyɛ nnafua dumienu ni a mekɔɔ Yerusalem, kɔɔ asɔredan mu sɛ merekɔsom.
有一点很容易证明,我是十二天前才抵达耶路撒冷进行礼拜,
12 Yudafoɔ a wɔde me baa ha yi anhunu me sɛ me ne obi regye akyinnyeɛ wɔ asɔredan mu hɔ anaasɛ meretu nnipa aso wɔ hyiadan mu anaa ɔman no mu baabiara.
无论在圣殿、会堂或城里,没有人看到我跟人辩论或是煽动群众作乱,
13 Saa ara nso na wɔrentumi nkyerɛ sɛ, nsɛm a wɔreka ato me so yi nyinaa yɛ nokorɛ.
他们现在控告我的事,也没有人能向你证明。
14 Nanso, megye tom sɛ me ne nnipa a wɔka ekuo a wɔfrɛ no Ɛkwan no ho a Yudafoɔ yi kasa tia wɔn no som yɛn Agyanom Onyankopɔn. Na megye nsɛm a wɔatwerɛ wɔ Mose mmara no ne adiyifoɔ nwoma no mu no nso medi.
但我要向你明确一件事:我谨遵正道信仰伺奉我们祖先的上帝,但他们称之为邪教。无论是律法还是先知所记载的一切,我都相信。
15 Mewɔ anidasoɔ a saa nnipa yi nso wɔ wɔ Onyankopɔn mu sɛ da bi, nnipa pa ne nnipa bɔne nyinaa bɛsɔre afiri owuo mu.
我和他们一样对上帝心存希望,相信无论是正义或不正义之人都会复活。
16 Yei enti, da biara mebɔ mmɔden sɛ mede ahonim pa bɛbɔ me bra Onyankopɔn ne nnipa anim.
因此,我在上帝和世人面前,努力保持无愧于心。
17 “Mfeɛ bebree akyi a mefirii Yerusalem no, mesane mebaa hɔ sɛ mede ayɛyɛdeɛ rebrɛ me nuanom na mabɔ afɔdeɛ.
我曾离开这里几年,在返回时带来了捐款支援穷苦人,也为上帝带来了祭物。
18 Ɛberɛ a madwira me ho awie na megu so rebɔ aseda afɔdeɛ wɔ asɔredan no mu no, na nnipa a wɔde me baa ha yi hunuu me. Na matwitwa me tirinwi sɛdeɛ mmara no kyerɛ no. Saa ɛberɛ no nso na dɔm biara nka me ho na basabasayɛ bi aba.
他们在圣殿中找到我时,我正在完成洁净礼,没有和大群民众在一起,更没有骚乱,
19 Saa ɛberɛ no, na Yudafoɔ bi a wɔfiri Asiaman mu wɔ hɔ. Wɔn na sɛ anka wɔwɔ asɛm bi ka tia me a, ɛsɛ sɛ wɔka.
当时只有几名来自亚西亚的犹太人而已。他们针对于我,今天就应该站在你面前控告我。
20 Sɛ saa nnipa a wɔwɔ ha yi nso nim asɛm bi a wɔgyina so buu me fɔ wɔ agyinatufoɔ no anim a, wɔnka.
这些人如果发现我有什么罪行,当我站在公议会面前受审时,就会说出来了。
21 Asɛm baako pɛ na megyina wɔn anim no, mekaeɛ. Saa asɛm no ne sɛ, ‘Gyidie a mewɔ wɔ awufosɔreɛ no mu enti na megye di sɛ morebu me atɛn ɛnnɛ.’”
如果有什么特别的,那可能就是我向他们喊的那句话:‘我今天在你们面前受审,就是因为我相信死人复活。’”
22 Felike a na ɔnim ekuo a wɔfrɛ no Ɛkwan no yie no tuu asɛm no hyɛɛ da, kaa sɛ, “Sɛ Ɔsafohene Lisia ba a, mɛdi wʼasɛm no.”
腓力斯本人非常熟悉道,于是就故意拖延审讯。他说:“等千夫长吕西亚过来的时候,我再来决定你的案子。”
23 Ɔhyɛɛ ɔsraani panin a na ɔhwɛ Paulo so no sɛ ɔmma wɔnwɛn no, nanso wɔmma no ahotɔ kakra. Na sɛ ne nnamfonom de biribiara a ɛho hia no no rebrɛ no a, wɔmma ho kwan.
他吩咐百夫长看守保罗,但要给他一些自由,不要阻止保罗的亲友前来照料。
24 Nna bi akyi no, Felike ne ne yere Drusila a ɔyɛ Yudani no baeɛ. Ɔsoma ma wɔkɔfrɛɛ Paulo brɛɛ no maa ɔbɛkaa gyidie a ɔwɔ wɔ Kristo Yesu mu no kyerɛɛ wɔn.
几天后,腓力斯把他的犹太妻子土西拉带来。他们召见保罗,听他讲述对耶稣基督的信仰。
25 Paulo reka tenenee, ahosohyɛ ne Atemmuo da ho asɛm no, Felike suroeɛ enti ɔkaa sɛ, “Kɔ! Akyire yi, sɛ menya adagyeɛ a, mɛsoma mabɛfrɛ wo.”
保罗简述了关于在生活中遵循正道、自我控制和即将到来的审判,这让腓力斯感到警觉,于是说:“你现在可以走了,有机会再叫你过来。”
26 Na Felike ani da so sɛ Paulo bɛma no sika na wagyaa no, ɛno enti, na ɔma wɔtaa kɔfrɛ no ntiantia mu ba ne nkyɛn ne no bɔ nkɔmmɔ no.
此外,他也想让保罗向他行贿,所以后来又多次传见他,与他交流。
27 Mfeɛ mmienu akyi no, Porkio Festo bɛsii Felike ananmu sɛ amrado. Esiane sɛ na Felike pɛ sɛ ɔsɔ Yudafoɔ no ani no enti, ɔgyaa Paulo wɔ afiase hɔ.
两年过去了,非斯都接替了腓力斯的职务,腓力斯为了讨好犹太人,就将保罗继续关在监牢中。