< Asomafoɔ 22 >
1 “Anuanom ne agyanom, montie mʼanoyie yi.”
位仁人弟兄,諸位父老!請聽我現在對你們的分辯。」
2 Wɔtee sɛ ɔka Arameike no, wɔyɛɛ komm koraa. Paulo toaa so sɛ,
他們聽見保祿用希伯來話向他們致辭,就更為安靜了。保祿說:
3 “Meyɛ Yudani a wɔwoo me wɔ Tarso a ɛwɔ Kilikia. Wɔtetee me wɔ Yerusalem wɔ Gamaliel nan ase. Mesuaa sɛdeɛ wɔdi Yudafoɔ mmara ne wɔn amanneɛ so pɛpɛɛpɛ. Mebɔɔ mmɔden sɛ biribiara a meyɛ no, mede bɛhyɛ Onyankopɔn animuonyam sɛdeɛ mo nyinaa nso reyɛ ɛnnɛ yi.
「我原是猶太人,生於基里基雅的塔爾索,卻在這城裏長大,在加瑪里耳足前,對祖傳的法律,曾受過精確的教育;對天主我也是熱忱的,就如你們大家今天一樣。
4 Metaa nnipa a wɔka ekuo a wɔfrɛ no Ɛkwan no ho no nyinaa ma wɔkunkumm wɔn. Mekyeree mmaa ne mmarima de wɔn guu afiase.
我曾迫害過這道,直到死地;不論男女,逮捕綑綁送入獄中;
5 Ɔsɔfopanin ne agyinatufoɔ no nyinaa di me adanseɛ sɛ, asɛm a mereka yi yɛ nokorɛ. Wɔn nkyɛn mpo na megyee tumi nwoma sɛ mede rekɔma anuanom Yudafoɔ a wɔwɔ Damasko no. Saa nwoma no na anka mɛgyina so makyekyere nnipa a wɔdi Awurade asɛm so no agu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn, de wɔn aba Yerusalem na wɔatwe wɔn aso.
就是大司祭和整個長老團,都可給我作證;我從他們那裏領了給弟兄們的文書,往大馬士革去,有意把那裏的這樣的人加以逮捕,帶到耶路撒冷來處罰。
6 “Owigyinaeɛ a mereyɛ maduru Damasko no, prɛko pɛ, hann bi twa faa me ho.
當我前行臨近大馬士革時,約在中午,忽然天上有一道大光,環射到我身上,
7 Metwa hwee fam, na metee nne bi a ɛrebisa me sɛ, ‘Saulo! Saulo! Adɛn enti na wotaa me?’
我便跌在地上,聽見有聲音向我說:掃祿,掃祿!你為什麼迫害我﹖
8 “Mebisaa sɛ, ‘Ɛyɛ wo hwan, Awurade?’ “Ɛnne no buaa me sɛ, ‘Ɛyɛ me Nasareni Yesu a wotaa me no.’
我回答說:主,你是誰﹖他向我說:我就是你所迫害的那個納匝肋人耶穌。
9 Nnipa a na wɔne me nam no hunuu hann no de, nanso wɔante nne a ɛkasa kyerɛɛ me no.
同我在一起的人,只看見那光,卻聽不見那對我說話的聲音。
10 “Mebisaa sɛ, ‘Ɛdeɛn na menyɛ, Awurade?’ “Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Sɔre na kɔ Damasko, na ɛhɔ na mɛkyerɛ wo biribiara a mepɛ sɛ woyɛ.’
我說:主,我當作什麼﹖主向我說:你起來,往大馬士革去,在那裏有人要告訴你,給你派定當作的一切事。
11 Hann no hyerɛn ano den maa mʼani firaeɛ enti nnipa a na me ne wɔn rekɔ no sosɔɔ me nsa de me kɔɔ Damasko.
由於那光的炫耀,我看不見了,就由我的同伴用手領著,進了大馬士革。
12 “Na Onipa bi a wɔfrɛ no Anania a ɔdi Mose mmara so a na Yudafoɔ nyinaa di no ni no te Damasko hɔ.
有個人名叫阿納尼雅,是虔誠守法的人,所有住在那裏的猶太人都稱譽他。
13 Ɔbaa me nkyɛn bɛkaa sɛ, ‘Onua Saulo, hunu adeɛ bio!’
他來見我,站在旁邊向我說:掃祿兄弟,你看見罷!我當時向他一望,就看見了他。
14 “Ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Yɛn nananom Onyankopɔn ayi wo sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛyɛ nʼapɛdeɛ na woahunu ɔteneneeni no, na wobɛte nʼankasa ne nne sɛ ɛkasa kyerɛ wo.
他說:我們祖先的天主,預簡了你,叫你認識他的意願,看見那位義者,並由他口中聽到聲音,
15 Wobɛdi adanseɛ afa biribiara a woahunu na woate wɔ Awurade ho no akyerɛ nnipa nyinaa.
因為你要向眾人,對你所見所聞的事,為他作證人。
16 Afei, ɛdeɛn na woretwɛn bio? Sɔre na ma wɔmmɔ wo asu nhohoro wo bɔne wɔ Yesu din mu.’
現在你還遲延什麼﹖起來領洗,呼求他的名,洗除你的罪惡罷!
17 “Mesane mekɔɔ Yerusalem na merebɔ mpaeɛ wɔ asɔredan mu no,
我回到耶路撒冷,在殿裏祈禱時,就神魂超拔,
18 mehunuu Awurade wɔ anisoadehunu mu na ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Yɛ ntɛm firi Yerusalem ha, ɛfiri sɛ, nnipa a wɔwɔ ha no rentie adanseɛ a wodi fa me ho no.’
看見主向我說:趕緊,快快離開耶路撒冷,因為這裏的人,將不接受你為我作的證。
19 “Mekaa sɛ, ‘Awurade, wɔn nyinaa nim pefee sɛ mekɔɔ hyiadan mu kɔkyekyeree asuafoɔ, boroo wɔn.
我就說:主!這是因為他們知道:我經常把信你的人下在監裏,並在各會堂裏鞭打他們;
20 Saa ara nso na ɛberɛ a wɔkumm wo danseni Stefano no, na mewɔ hɔ bi. Mepenee ne kum no so, hwɛɛ awudifoɔ no ntoma so.’
當你的證人斯德望的血傾流時,我本人還站在旁邊予以贊同,並且看守殺他的人們的衣服!
21 “Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Sɔre na kɔ, ɛfiri sɛ, mɛsoma wo akɔ akyirikyiri, amanamanmufoɔ nkyɛn!’”
他向我說:你去!因為我要打發你到遠方外邦人那裏去。」
22 Ɛberɛ a Paulo kaa sɛ wɔasoma no amanamanmufoɔ nkyɛn pɛ, ɛdɔm no hyɛɛ aseɛ teateaam denden sɛ, “Monkum no! Ɔmfata sɛ ɔtena ewiase!”
他們聽他說到這句話,便揚聲說:「從地上除掉這樣的人,他不該活著!」
23 Nnipa no kɔɔ so teateaam, hugyaa wɔn ntoma, saa mfuturo, to petee ewiem.
他們遂喧嘩納喊,扔下衣服,並向空中揚土。
24 Roma safohene no hyɛɛ sɛ wɔmfa Paulo nkɔ aban mu, nkɔbɔ no mmaa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛka deɛ enti a nnipa no nyinaa mpɛ sɛ wɔtie nʼasɛm no.
千夫長只得下令將保祿帶進營裏,說是要用鞭子拷問他,以便知道他們為什麼緣故這樣喊叫反對他。
25 Ɛberɛ a wɔkyekyeree no wieeɛ a wɔrebɛbɔ no mmaa no, Paulo bisaa ɔsraani panin a na ɔgyina hɔ no sɛ, “Mowɔ ho ɛkwan sɛ mobɔ Romani a wɔnnii nʼasɛm mmuu no fɔ no mmaa anaa?”
當士兵用皮條將保祿綁好時,保祿向旁邊站著的百夫長說:「一個羅馬人,又沒有被定罪,難道你們就可以鞭打他麼﹖」
26 Ɛberɛ a ɔsraani panin no tee saa asɛm yi no, ɔkɔɔ ɔsafohene no nkyɛn kɔbisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na wopɛ sɛ woyɛ yi? Onipa no yɛ Romani!”
百夫長聽了,就來到千夫長前報告說:「你可怎麼辦﹖這個人是羅馬人!」
27 Afei, ɔsafohene no kɔɔ Paulo nkyɛn kɔbisaa no sɛ, “Woyɛ Romani anaa?” Paulo buaa no sɛ, “Aane meyɛ Romani.”
千夫長就前來問保祿說:「告訴我,你是羅馬人嗎﹖」保祿說:「是。」
28 Ɔsafohene no kaa sɛ, “Metuaa sika bebree na mede tɔɔ me Roma manbayɛ.” Paulo nso kaa sɛ, “Me de wɔwoo me sɛ Romani.”
千夫長回答說:「我用一大筆錢纔購得這個公民權。」保祿說:「我卻生來就是。」
29 Ntɛm ara, nnipa a na wɔrebɛbisa Paulo nsɛm no twee wɔn ho firii ne nkyɛn. Ɔsafohene no tee sɛ Paulo yɛ Romani no, ɔsuroeɛ sɛ wama wɔagu Paulo nkɔnsɔnkɔnsɔn.
於是那些要拷問保祿的人,又因為曾綑綁了他,就害怕起來。
30 Esiane sɛ na ɔsafohene no pɛ sɛ ɔhunu deɛ enti a Yudafoɔ no asɔre atia Paulo no enti, adeɛ kyeeɛ no, ɔhyɛ maa wɔyii Paulo firii nkɔnsɔnkɔnsɔn mu. Ɔmaa asɔfoɔ mpanin ne agyinatufoɔ no nyinaa hyiaeɛ. Afei, ɔde Paulo kɔeɛ sɛ wɔnhwehwɛ nʼasɛm no mu.
第二天,千夫長願意知道,保祿為什麼被猶太人控告的實情,就解開他,並命令司祭長及全體公議會集合;隨後將保祿帶下來,叫他站在他們面前。