< Asomafoɔ 20 >
1 Basabasayɛ yi akyi no, Paulo frɛɛ asuafoɔ no kaa nsɛm de hyɛɛ wɔn nkuran, kraa wɔn firii hɔ kɔɔ Makedonia.
After the tumult had ceased, Paul called the disciples to him, and bade them farewell, and departed, in order to go into Macedonia.
2 Ɔkyinkyini faa amantam no mu, tuu asuafoɔ no fo de hyɛɛ wɔn nkuran. Afei, ɔbɛduruu Hela. Ɔdii hɔ abosome mmiɛnsa.
And when he had gone through those regions, and had exhorted them with many words, he came into Greece.
3 Ɛberɛ a ɔresiesie ne ho akɔ Siria no, ɔtee sɛ Yudafoɔ no abɔ ne ho pɔ; enti ɔsane nʼakyi kɔfaa Makedonia kɔeɛ.
And having remained there three months, he determined to return through Macedonia, because a plot had been laid for him by the Jews, as he was about to sail to Syria.
4 Piro a ɔfiri Beroia no ba Sopater ne Paulo na ɛkɔeɛ. Wɔn a wɔka ne ho kɔeɛ no nso bi ne Aristarko ne Sekundo a wɔfiri Tesalonika ne Gaio a ɔfiri Derbe ne Timoteo ne Tihiko ne Trofimo a wɔfiri Asiaman mu no.
And Sopater of Berea, and Aristarchus and Secundus of Thessalonica, and Gaius of Derbe, and Timothy and Tychicus and Trophimus, who were Asiatics, accompanied him to Asia.
5 Saa nnipa yi dii ɛkan kɔtwɛnee yɛn wɔ Troa.
These went before, and waited for us at Troas.
6 Yɛdii Apiti Afahyɛ no wieeɛ no, yɛfirii Filipi, na nnanum akyi no, yɛkɔtoo wɔn wɔ Troa, dii nnawɔtwe wɔ hɔ.
But we sailed from Philippi, after the days of unleavened bread, and came to them at Troas in five days, where we remained seven days.
7 Nnawɔtwe no mu da a ɛdi ɛkan no, yɛhyiaam sɛ anuanom didiiɛ. Esiane sɛ na adeɛ kye a Paulo bɛfiri kuro no mu no enti, ɔkasa kyerɛɛ anuanom no kɔsii ɔdasuom.
And on the first day of the week, when the disciples came together to break bread, Paul discoursed to them, intending to depart on the morrow; and he continued his speech till midnight.
8 Na nkanea pii wɔ abansoro dan a yɛahyia wɔ hɔ no mu.
And there were many lamps in the upper room, in which they had met together.
9 Ɛberɛ a Paulo rekasa no, na aberanteɛ bi a wɔfrɛ no Eutiko te mfɛnsere ano retɔ nko. Ɔdaa hatee maa ɔfiri abansoro dan a ɛtɔ so mmiɛnsa no so bɛhwee fam. Wɔmaa ne so no, na wawu.
And a certain young man, named Eutychus, was sitting in the window, overpowered with deep sleep: and, as Paul was discoursing a long time, being oppressed with sleep, he fell from the third story, and was taken up dead.
10 Paulo siane baa fam, kɔbutuu ne so, maa ne so kaa sɛ, “Monnsuro, ɛfiri sɛ, ɔnwuiɛ!”
But Paul went down, and fell upon him, and embracing him, said: Be not troubled, for his life is in him.
11 Afei, ɔsane foro kɔɔ abansoro no so kɔbubuu burodo ne asuafoɔ no diiɛ. Paulo toaa ne kasa no so kɔsii adekyeɛ ansa na ɔregya wɔn hɔ.
And he went up again, and broke bread, and ate; and having conversed a long time, till daylight, he thus departed.
12 Anuanom no de anigyeɛ de aberanteɛ a wɔnyanee no no kɔɔ efie.
And they brought the young man alive, and were not a little comforted.
13 Yɛde ɛhyɛn dii ɛkan kɔɔ Aso sɛ yɛrekɔfa Paulo wɔ hɔ, ɛfiri sɛ, na waka akyerɛ yɛn sɛ ɔrefa fam akɔ hɔ.
And we went on before to the ship, and put to sea for Assos, intending to take Paul on board at that place; for he had so directed, intending to go himself on foot.
14 Ɔbɛkaa yɛn ho wɔ Aso na yɛne no toaa so kɔɔ Mitilene.
And when he met us at Assos, we took him on board, and came to Mitylene;
15 Adeɛ kyeeɛ no, yɛkɔduruu Kio. Ne nnanu so no, yɛbɛduruu Samo; na nʼadekyeeɛ no, yɛbɛduruu Mileto.
and sailing from that place, we came, on the following day, opposite to Chios; and, on the next day, we arrived at Samos: and after stopping at Trogyllium, we came, on the next day, to Miletus.
16 Esiane sɛ na Paulo ho pere no sɛ, sɛ ɛbɛtumi a ɔbɛduru Yerusalem akɔdi Pentekoste Afahyɛ no wɔ hɔ no enti, ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔrennyina Efeso, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔrenkyɛ wɔ Asia.
For Paul had determined to sail past Ephesus, that he might not spend time in Asia; for he hastened, that, if it were possible for him, he might be in Jerusalem on the day of Pentecost.
17 Paulo soma firii Mileto kɔɔ Efeso kɔka kyerɛɛ asafo mpanimfoɔ no sɛ wɔnhyia no.
From Miletus he sent to Ephesus, and called the elders of the church.
18 Wɔbaeɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛfiri da a ɛdi ɛkan a mebaa Asia no, monim ɛkwan a mefaa so ne mo tenaeɛ.
And when they had come to him, he said to them: You know, from the first day on which I came into Asia, how I have been with you during the whole time,
19 Ɛwom sɛ ɛnam Yudafoɔ no pɔbɔ so maa mehunuu amane bebree de, nanso mede ahobrɛaseɛ ne nisuo yɛɛ mʼadwuma sɛ Awurade ɔsomfoɔ.
serving the Lord with all lowliness of mind, and with tears, and with trials, which came upon me through the plots of the Jews;
20 Monim sɛ ɛberɛ a na merekyerɛkyerɛ mo wɔ dwam ne afie mu no, mamfa biribiara a ɛho bɛba mo mfasoɔ no anhinta mo.
and that I have kept back nothing that was profitable, but have preached to you, and taught you both publicly, and from house to house,
21 Mebɔɔ Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ no kɔkɔ sɛ wɔntwe wɔn ho mfiri wɔn bɔne ho, mfa wɔn ho mma Onyankopɔn, na wɔnnye Yesu Kristo nni.
bearing full testimony both to Jews and to Greeks, of the repentance that leads to God, and of the faith that leads to our Lord Jesus Christ.
22 “Afei, ɛsiane sɛ Honhom Kronkron ahyɛ me no enti, merekɔ Yerusalem a mennim asɛm a ɛbɛto me wɔ hɔ.
And now, behold, I am going, bound in spirit, to Jerusalem, not knowing what shall befall me there,
23 Deɛ menim ara ne sɛ kuropɔn biara a mɛkɔ so no, Honhom Kronkron bɔ me kɔkɔ sɛ wɔde me bɛto afiase na mahunu amane.
except that in every city the Holy Spirit testifies to me, saying, That bonds and afflictions await me.
24 Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mɛtumi maduru botaeɛ a ɛsi mʼanim no ho na mawie dwuma a Awurade Yesu de maa me sɛ menka Onyankopɔn dom ho asɛmpa no enti, mammu me kra sɛ adeɛ a ɛsom bo.
But I esteem this a matter of no importance, nor do I hold my life dear to myself, so that I may finish my course with joy, and the ministry that I have received from the Lord Jesus, to bear full testimony to the gospel of the grace of God.
25 “Menim sɛ mo a maka Onyankopɔn Ahennie no ho asɛm akyerɛ mo no mu biara renhunu me bio.
And now, behold, I know that you all, among whom I have gone preaching the kingdom of God, will see my face no more.
26 Ɛno enti, ɛnnɛ, mereka makyerɛ mo sɛ, sɛ ɛba sɛ mo mu bi yera a, na ɛmfiri me.
For this reason I solemnly affirm to you this day, that I am clean from the blood of all men.
27 Ɛfiri sɛ, mamfa Onyankopɔn asɛm no mu biribiara anhinta mo.
For I have not shunned to declare to you the whole counsel of God.
28 Monhwɛ mo ho so ne nnwankuo a Honhom Kronkron de wɔn ahyɛ mo nsa sɛ ahwɛfoɔ no yie. Monhwɛ wɔn yie, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn de ne Ba no mogya na agye wɔn.
Therefore, take heed to yourselves, and to all the flock over which the Holy Spirit has made you overseers, that you be shepherds to the church of God, which he has purchased with his own blood.
29 Menim sɛ me kɔ akyi no, atorɔ akyerɛkyerɛfoɔ a wɔn ho yɛ hu sɛ mpataku bɛwura mo mu abɛsɛe mo.
For I know this, that, after my departure, rapacious wolves will enter in among you, who will not spare the flock;
30 Ɛberɛ bi bɛba a, mo mu binom bɛsɔre, nam atorɔ so atwe asuafoɔ no mu bi adi wɔn akyi.
and men will arise from among yourselves, speaking perverse things, that they may draw off disciples after them.
31 Ɛno enti, monna mo ho so! Monkae sɛ, mfirinhyia mmiɛnsa a medii wɔ mo nkyɛn no, menam amanehunu ne yea mu tuu mo fo awia ne anadwo.
Therefore watch, remembering that for three years, by day and by night, I ceased not to warn every one of you with tears.
32 “Afei, mede mo hyɛ Onyankopɔn ne ne dom nsɛm a ɛtumi hyɛ mo gyidie den na ɛma monya nʼagyapadeɛ a wasiesie ama ahotefoɔ no nsa.
And now, brethren, I commend you to God, and to the word of his grace; to Him who is able to build you up, and to give you an inheritance among all the sanctified.
33 Mʼani ammere obi dwetɛ anaa sika anaa ntoma.
I have coveted no man’s silver, or gold, or apparel.
34 Mo ara modi adanseɛ sɛ, me nsa ano adwuma so na menam mehwɛɛ me ho ne wɔn a wɔka me ho no.
You yourselves know that these hands have ministered to my necessities, and to those who were with me.
35 Mede mʼabrabɔ ayɛ nhwɛsoɔ akyerɛ mo sɛ, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ adwuma de boa ahiafoɔ na yɛkae sɛ, Awurade Yesu ankasa kaa sɛ, ‘Ɔma mu wɔ nhyira sene ɔgyeɛ.’”
In all things I have taught you by example, that by thus laboring, you ought to support the weak, and to remember the words of the Lord Jesus; for he himself said, It is more blessed to give, than to receive.
36 Paulo kasa wieeɛ no ɔne wɔn nyinaa buu nkotodwe bɔɔ mpaeɛ.
And when he had thus spoken, he kneeled down and prayed with them all.
37 Wɔn nyinaa suiɛ, bam no, maa no nanteyie.
And they all wept much, and fell on Paul’s neck, and kissed him,
38 Deɛ ɛyɛɛ wɔn awerɛhoɔ koraa ne asɛm a ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, wɔrenhunu no bio no. Afei, wɔn nyinaa kɔgyaa no ɛhyɛn no mu.
grieving most of all for the word he had spoken, that they would see his face no more. And they conducted him to the ship.