< Asomafoɔ 2 >

1 Pentekoste da no duruiɛ no, na asuafoɔ no nyinaa ahyia wɔ faako.
Le jour de la Pentecôte étant arrivé, ils étaient tous ensemble en un même lieu.
2 Amonom hɔ ara, ɛnne bi te sɛ ahum a ɛretu firi ɔsoro baeɛ bɛhyɛɛ efie a na wɔwɔ mu no ma.
Tout à coup il vint du ciel un bruit comme celui d'un vent qui souffle avec force et il remplit toute la maison où ils étaient assis.
3 Egya a ɛrederɛ a ɛte sɛ tɛkrɛma bɛsisii wɔn so mmaako mmaako.
Et ils virent paraître comme des langues de feu qui se partagèrent et se posèrent sur chacun d'eux.
4 Honhom Kronkron no hyɛɛ wɔn nyinaa ma, na wɔkaa kasa foforɔ, sɛdeɛ Honhom no maa wɔn ho kwan.
Ils furent tous remplis du Saint-Esprit, et ils se mirent à parler d'autres langues, selon que l'Esprit-Saint leur donnait de s'exprimer.
5 Saa ɛberɛ no na Yudafoɔ bi a wɔfɛre Onyame firi mmeaeɛ mmeaeɛ aba Yerusalem.
Or, parmi les Juifs résidant à Jérusalem, il y avait des hommes pieux de toutes les nations qui sont sous le ciel.
6 Wɔtee deɛ ɛrekɔ so no, wɔbɔɔ twi bɛhyiaeɛ, na ɛyɛɛ wɔn nwanwa ne ahodwirie, ɛfiri sɛ, obiara tee sɛ wɔreka ne kurom kasa.
Au bruit qui se fit entendre, ils accoururent en foule, et ils étaient tout hors d'eux-mêmes, de ce que chacun les entendait parler sa propre langue.
7 Enti, wɔbisaa sɛ, “Na saa nnipa yi a wɔrekasa yi nyɛ Galileafoɔ anaa?
Surpris et étonnés, il disaient: " Ces gens qui parlent, ne sont-ils pas tous Galiléens?
8 Na adɛn enti na yɛte sɛ wɔreka Onyankopɔn anwanwadwuma ho asɛm wɔ yɛn a yɛyɛ
Comment se fait-il que nous les entendions parler chacun l'idiome particulier de notre pays natal?
9 Partifoɔ, Mediafoɔ ne Elamfoɔ, ne wɔn a wɔte Mesopotamia ne Yudea ne Kapadokia, Ponto, Asia,
Nous tous, Parthes, Mèdes, Elamites, habitants de la Mésopotamie, de la Judée et de la Cappadoce, du Pont et de l'Asie,
10 Frigia ne Pamfilia, Misraim ne Libia fa a ɛbɛn Kirene ne ahɔhoɔ a wɔfiri Roma, Yudafoɔ ne wɔn a wɔasakyera aba Yudasom mu,
de la Phrygie et de la Pamphylie, de l'Egypte et des contrées de la Lybie voisine de Cyrène, Romains de passage ici,
11 ne Kretafoɔ ne Arabfoɔ mu biara kasa mu yi?”
soit Juifs, soit prosélytes, Crétois et Arabes, nous les entendons annoncer dans nos langues les merveilles de Dieu. "
12 Wɔde ahodwirie bisaa sɛ, “Yei ase ne sɛn?”
Ils étaient tous dans l'étonnement, et, ne sachant que penser, ils se disaient les uns aux autres: " Qu'est-ce que cela pourrait bien être? "
13 Afoforɔ nso dii wɔn ho fɛ sɛ, “Saa nnipa yi aboboro nsã.”
D'autres disaient en se moquant: " Ils sont pleins de vin nouveau. "
14 Petro ne asomafoɔ dubaako no sɔre gyinaa hɔ na ɔkasaa dendeenden kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Me nuanom Yudafoɔ ne mo a mote Yerusalem nyinaa, montie asɛm a mereka yi.
Alors Pierre, se présentant avec les Onze, éleva la voix et leur dit: " Juifs, et vous tous qui séjournez à Jérusalem, sachez bien ceci, et prêtez l'oreille à mes paroles:
15 Saa nnipa yi mmoboroo nsã sɛdeɛ mosusu no, ɛfiri sɛ, adeɛ nnya nkyee a ɛsɛ sɛ obi nom nsã boro.
Ces hommes ne sont pas ivres, comme vous le supposez, car c'est la troisième heure du jour.
16 Asɛm a asi yi na odiyifoɔ Yoɛl hyɛɛ ho nkɔm sɛ:
Ce que vous voyez, c'est ce qui a été annoncé par le prophète Joël:
17 “‘Onyankopɔn kaa sɛ, nna a ɛdi akyire no, mɛhwie me Honhom no agu nnipa nyinaa so. Mo mmammarima ne mo mmammaa bɛhyɛ nkɔm, mo mmeranteɛ nso ahunu anisoadeɛ. Na mo mpanin nso asoso adaeɛ.
" Dans les derniers jours, dit le Seigneur, je répandrai de mon Esprit sur toute chair, et vos fils ainsi que vos filles prophétiseront, et vos jeunes gens auront des visions, et vos vieillards des songes.
18 Saa mmerɛ no mu no, mɛhwie me Honhom agu mʼasomfoɔ mpo so, mmarima ne mmaa, ama wɔahyɛ nkɔm.
Oui, dans ces jours-là, je répandrai de mon Esprit sur mes serviteurs et sur mes servantes, et ils prophétiseront.
19 Mede mogya ne ogya ne wisie kumɔnn bɛyɛ anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ wɔ ɔsoro ne asase so.
Et je ferai paraître des prodiges en haut dans le ciel, et des miracles en bas sur la terre: du sang, du feu, et des tourbillons de fumée;
20 Ansa na Awurade da kɛseɛ no bɛba no, owia bɛduru sum na ɔsrane nso ayɛ sɛ mogya.
le soleil se changera en ténèbres, et la lune en sang, avant que vienne le jour du Seigneur, le jour grand et glorieux.
21 Na obiara a ɔbɛbɔ Awurade din no bɛnya nkwa.’
Alors quiconque invoquera le nom du Seigneur sera sauvé. —
22 “Israelfoɔ, montie! Yesu Nasareni no yɛ ɔbarima bi a ne dwuma kronkron a ɔbɛdiiɛ no daa adi wɔ tumi ne anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ a Onyankopɔn nam ne so yɛeɛ a mo ankasa di ho adanseɛ no mu.
Enfants d'Israël, écoutez ces paroles: Jésus de Nazareth, cet homme à qui Dieu a rendu témoignage pour vous par les prodiges, les miracles et les signes qu'il a opérés par lui au milieu de vous, comme vous le savez vous-mêmes;
23 Onyankopɔn ankasa firi ne pɛ ne ne nhunumu mu sii no gyinaeɛ sɛ wɔbɛyi Yesu ama mo, na mode no maa nnebɔneyɛfoɔ ma wɔbɔɔ no asɛnnua mu kumm no.
cet homme ayant été livré selon le dessein immuable et la prescience de Dieu, vous l'avez attaché à la croix et mis à mort par la main des impies.
24 Nanso, Onyankopɔn nyanee no firii owuo mu maa ɔyii no firii owuyea mu, ɛfiri sɛ, owuo antumi anni ne so.”
Dieu l'a ressuscité, en le délivrant des douleurs de la mort, parce qu'il n'était pas possible qu'il fût retenu par elle.
25 Asɛm a Dawid ka faa ne ho ne sɛ, “Mehunu Awurade wɔ mʼani so daa nyinaa. Esiane sɛ ɔwɔ me nsa nifa enti, merenhinhim da.
Car David dit de lui: " J'avais continuellement le Seigneur devant moi, parce qu'il est à ma droite, afin que je ne sois point ébranlé.
26 Ɛno enti, me kra ani gye, na me de me tɛkrɛma di ahurisie. Me onipadua nso bɛhome asomdwoeɛ mu.
C'est pourquoi mon cœur est dans la joie, et ma langue dans l'allégresse, et ma chair aussi reposera dans l'espérance;
27 Ɛfiri sɛ, worennya me awufoɔ mu. Na woremma wo Kronkronni no mporɔ. (Hadēs g86)
car vous ne laisserez pas mon âme dans le séjour des morts, et vous ne permettrez pas que votre Saint voie la corruption. (Hadēs g86)
28 Woakyerɛ me nkwagyeɛ ɛkwan; na wobɛma mʼani agye wɔ wʼanim.
Vous m'avez fait connaître les sentiers de la vie, et vous me remplirez de joie en me montrant votre visage. "
29 “Anuanom, ɛsɛ sɛ meda mʼadwene adi pefee wɔ yɛn panin Dawid ho. Ɔwuiɛ na wɔsiee no, na ne damena da so wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ.
Mes frères, qu'il me soit permis de vous dire en toute franchise, au sujet du patriarche David, qu'il est mort, qu'il a été enseveli, et que son sépulcre est encore aujourd'hui parmi nous.
30 Na ɔyɛ odiyifoɔ a ɔnim bɔ bi a Onyankopɔn ahyɛ no no. Onyankopɔn hyɛɛ bɔ bi sɛ ɔbɛyɛ Dawid aseni ɔhene, sɛdeɛ Dawid yɛ ɔhene no ara pɛ.
Comme il était prophète, et qu'il savait que Dieu lui avait promis avec serment de faire asseoir sur son trône un fils de son sang,
31 Dawid hunuu deɛ Onyankopɔn rebɛyɛ no, ɔkasa faa owusɔreɛ a ɛfa Agyenkwa no ho sɛ, ‘Wɔannya no awufoɔ mu. Ne honam nso amporɔ.’ (Hadēs g86)
c'est la résurrection du Christ qu'il a vue d'avance, en disant que son âme ne serait pas laissée dans le séjour des morts, et que sa chair ne verrait pas la corruption. (Hadēs g86)
32 Onyankopɔn anyane saa Yesu yi afiri owuo mu, na yɛn nyinaa yɛ saa asɛm yi ho adansefoɔ.
C'est ce Jésus que Dieu a ressuscité; nous en sommes tous témoins.
33 Wɔahyɛ no animuonyam de no akɔtena Onyankopɔn nifa so ma ne nsa aka Honhom Kronkron no a Agya no hyɛɛ no ɛho bɔ no; ɛno na wahwie agu yɛn so a ɛho nsɛnkyerɛnneɛ na mohunu na mote yi.
Et maintenant qu'il a été élevé au ciel par la droite de Dieu, et qu'il a reçu du Père la promesse du Saint-Esprit, il a répandu cet Esprit que vous voyez et entendez.
34 Dawid ankasa de, wankɔ ɔsoro, na mmom, ɔkaa sɛ, “‘Awurade ka kyerɛɛ me wura sɛ, “Tena me nsa nifa so ha,
Car David n'est pas monté au ciel; mais il a dit lui-même: " Le Seigneur a dit à mon Seigneur: Asseyez-vous à ma droite,
35 kɔsi sɛ mede wʼatamfoɔ bɛyɛ wo nan ntiasoɔ.”’
jusqu'à ce que je fasse de vos ennemis l'escabeau de vos pieds. "
36 “Ɛsɛ sɛ nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa hunu sɛ, mo na mobɔɔ saa Yesu yi a Onyankopɔn ayɛ no Awurade ne Agyenkwa no asɛnnua mu.”
Que toute la maison d'Israël sache donc avec certitude que Dieu a fait Seigneur et Christ ce Jésus que vous avez crucifié. "
37 Ɛberɛ a nnipa no tee saa asɛm yi no, ɛhaa wɔn yie. Enti, wɔbisaa Petro ne asomafoɔ a aka no sɛ, “Anuanom, ɛdeɛn na yɛnyɛ?”
Le cœur transpercé par ce discours, ils dirent à Pierre et aux autres apôtres: " Frères, que ferons-nous? "
38 Petro ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnu mo ho na wɔmmɔ mo asu wɔ Yesu Kristo din mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔde mo bɔne bɛkyɛ mo na moanya Onyankopɔn akyɛdeɛ a ɛyɛ Honhom Kronkron no.
Pierre leur répondit: " Repentez-vous, et que chacun de vous soit baptisé au nom de Jésus-Christ pour obtenir le pardon de vos péchés; et vous recevrez le don du Saint-Esprit.
39 Onyankopɔn hyɛɛ Honhom Kronkron yi ho bɔ maa mo ne mo mma ne wɔn a wɔtete akyirikyiri ne wɔn a Awurade, yɛn Onyankopɔn, bɛfrɛ wɔn aba ne nkyɛn no nyinaa.”
Car la promesse est pour vous, pour vos enfants, et pour tous ceux qui sont au loin, en aussi grand nombre que le Seigneur notre Dieu les appellera. "
40 Petro kaa nsɛm bebree kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnye mo ho mfiri asotwe a ɛreba saa nnebɔneyɛfoɔ yi so no mu.”
Et par beaucoup d'autres paroles il les pressait et les exhortait en disant: " Sauvez-vous du milieu de cette génération perverse. "
41 Wɔn mu dodoɔ no ara gyee asɛm no diiɛ maa wɔbɔɔ wɔn asu. Saa ɛda no, nnipa bɛyɛ mpensa na wɔbɛkaa agyidifoɔ no ho.
Ceux qui reçurent la parole de Pierre furent baptisés; et ce jour-là le nombre des disciples s'augmenta de trois mille personnes environ.
42 Daa na wɔde wɔn adagyeɛ nyinaa sua asomafoɔ no nkyerɛkyerɛ. Wɔne wɔn nyaa ayɔnkofa, hyia didi bɔɔ mu ne wɔn bɔɔ mpaeɛ.
Ils étaient assidus aux prédications des Apôtres, aux réunions communes, à la fraction du pain et aux prières.
43 Asomafoɔ no yɛɛ anwanwadeɛ ahodoɔ bebree maa obiara a ɔhunuiɛ no ho dwirii no.
Et la crainte était dans toutes les âmes, et beaucoup de prodiges et de miracles se faisaient par les Apôtres.
44 Agyidifoɔ no nyinaa kɔɔ so tenaa ase sɛ nnipa korɔ, na wɔkyekyɛɛ wɔn ahodeɛ mu momaa wɔn ho wɔn ho.
Tous ceux qui croyaient vivaient ensemble, et ils avaient tout en commun.
45 Wɔtɔn wɔn ahodeɛ kyekyɛɛ sika a wɔnya firii mu no maa wɔn ho wɔn ho sɛdeɛ ɛho hia obiara.
Ils vendaient leurs terres et leurs biens, et ils en partageaient le prix entre tous, selon les besoins de chacun.
46 Daa na wɔbɔ mu hyia wɔ asɔredan mu de anigyeɛ ne akoma pa bɔ mu didi wɔ wɔn afie mu, kamfo Onyankopɔn, nya animuonyam wɔ nnipa anim.
Chaque jour, tous ensemble, ils fréquentaient le temple, et, rompant leur pain dans leurs maisons, ils prenaient leur nourriture avec joie et simplicité,
47 Ɛda biara na Awurade de wɔn a ɔgye wɔn nkwa no bɛka wɔn ho.
louant Dieu et ayant la faveur de tout le peuple. Et le Seigneur ajoutait chaque jour au nombre de ceux qui étaient dans la voie du salut.

< Asomafoɔ 2 >