< Asomafoɔ 19 >
1 Ɛberɛ a Apolo wɔ Korinto no, Paulo tuu ɛkwan faa ɔmantam no atifi kɔduruu Efeso. Ɛhɔ na ɔhunuu agyidifoɔ bi
Коли Аполлос був у Коринфі, Павло, пройшовши через внутрішні райони високогір’я, дістався до Ефеса. [Там] він зустрів деяких учнів
2 bisaa wɔn sɛ, “Ɛberɛ a mogye diiɛ no, monyaa Honhom Kronkron no anaa?” Wɔbuaa no sɛ, “Yɛntee mpo da sɛ Honhom Kronkron bi wɔ baabi.”
і спитав їх: ―Чи отримали ви Святого Духа, коли увірували? Вони відповіли: ―Ми навіть не чули про Святого Духа.
3 Paulo bisaa wɔn bio sɛ, “Ɛnneɛ na asubɔ bɛn na wɔbɔɔ mo?” Wɔbuaa sɛ, “Asubɔ a Yohane kaa ho asɛm no.”
Тоді він спитав їх: ―Тож у що ви були охрещені? Вони відповіли: ―У хрещення Івана.
4 Paulo ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Yohane asubɔ no yɛ ahonu asubɔ. Ɔka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ, wɔnnye onipa a ɔdi nʼakyi a ɔreba a ɔne Yesu no nni.”
Павло сказав: ―Іван хрестив хрещенням покаяння. Він закликав народ увірувати в Того, Хто мав прийти після Нього, тобто в Ісуса.
5 Wɔtee saa asɛm yi no, wɔmaa wɔbɔɔ wɔn asu wɔ Awurade Yesu din mu.
Почувши це, вони були охрещені в ім’я Господа Ісуса.
6 Paulo de ne nsa guu wɔn so no, Honhom Kronkron baa wɔn so maa wɔkaa kasa foforɔ, hyɛɛ nkɔm.
Коли Павло поклав на них руки, Дух Святий зійшов на них, і вони почали говорити мовами й пророкувати.
7 Na wɔn dodoɔ bɛyɛ mmarima dumienu.
Усього їх було близько дванадцяти осіб.
8 Paulo de nnam kyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn Ahennie no ho asɛm wɔ hyiadan mu abosome mmiɛnsa pɛɛ sɛ ɔsakyera nnipa no adwene.
Потім він зайшов у синагогу, де упродовж трьох місяців сміливо говорив та переконував про Царство Боже.
9 Nanso, nnipa no mu bi pirimm wɔn akoma, annye nni, kasa tiaa nnipa a wɔka ekuo a wɔfrɛ no Ɛkwan no ho wɔ atiefoɔ no anim. Enti, Paulo firii hɔ de agyidifoɔ no kaa ne ho kɔeɛ. Na Paulo kyerɛkyerɛ wɔ obi a wɔfrɛ no Tirano suadan mu daa.
Коли ж деякі з них стали опиратися й не вірили, зневажаючи Шлях перед громадою, [Павло] залишив їх. Він відокремив учнів і щодня говорив із ними в школі Тиранна.
10 Saa nkyerɛkyerɛ yi kɔɔ so mfeɛ mmienu; enti ɛmaa nnipa a na wɔwɔ Asia mantam mu a Yudafoɔ ne Helafoɔ ka ho no tee Awurade asɛm no.
Це продовжувалося два роки, так що всі мешканці Азії, юдеї та греки, почули Слово Господнє.
11 Onyankopɔn nam Paulo so yɛɛ anwanwadeɛ akɛseakɛseɛ,
Бог робив надзвичайні чудеса через Павла:
12 maa mpo ne nnuku ne nʼatadeɛ nsɛnanimu a wɔde guu nnipa so no tumi saa nyarewa, tuu ahonhommɔne nso.
хустини або пояси, яких він торкався, клали на хворих, і хвороби залишали їх, а злі духи виходили.
13 Yudafoɔ bi a wɔnam asumansɛm so tu ahonhommɔne pɛɛ sɛ wɔde Awurade Yesu din tu ahonhommɔne. Wɔkankye kyerɛɛ ahonhommɔne no sɛ, “Meka Yesu a Paulo ka ne ho asɛm no sɛ, montu mfiri ne mu!”
Деякі з мандрівних юдейських екзорцистів теж спробували використати ім’я Господа Ісуса для звільнення тих, що мали злих духів, кажучи: ―Заклинаємо вас Ісусом, Якого проповідує Павло!
14 Yudafoɔ sɔfopanin bi a na ne din de Skewa no mma baason na na wɔyɛ yei.
Це робили семеро синів Скеви, юдейського первосвященника.
15 Honhommɔne no buaa sɛ, “Menim Yesu, na menim Paulo; na mo nso mone ɛhefoɔ?”
Але злий дух відповів їм: ―Ісуса я знаю, і Павло мені відомий, а ви хто такі?
16 Afei, ɔbarima a honhommɔne ahyɛ no ma yi to hyɛɛ wɔn so, pirapiraa wɔn maa wɔde adagya dwane firii efie hɔ.
І чоловік, у якому був злий дух, кинувся на них і переміг усіх. Вони вибігли з дому голі та поранені.
17 Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ a wɔte Efeso no tee asɛm yi no, wɔbɔɔ hu na wɔyii Awurade Yesu ayɛ.
Про це стало відомо всім юдеям та грекам, які жили в Ефесі. Усіх охопив страх, і звеличували ім’я Господа Ісуса.
18 Agyidifoɔ no mu bebree baa badwa mu bɛkaa wɔn bɔne ne wɔn kɔkoamsɛm.
Багато з тих, хто увірував, приходили та відверто визнавали й відкривали свої вчинки.
19 Wɔn mu nkonyaayifoɔ pii de wɔn nkonyaayie nwoma baeɛ maa wɔhyee wɔ nnipa no nyinaa anim. Wɔbuu nwoma a wɔhyeeɛ no boɔ no na ɛyɛ nnwetɛbena ɔpeduonum.
Чимало з тих, хто раніше займався чаклунством, зібрали свої книжки та спалили їх перед усіма. Коли порахували ціну всіх книжок, вона склала п’ятдесят тисяч [драхм].
20 Saa anwanwadeɛ ahodoɔ yi maa Onyankopɔn asɛm no trɛɛ tumi so.
Так, завдяки Господній силі Слово зростало та зміцнювалось.
21 Yeinom nyinaa akyi no Paulo yɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛfa Makedonia ne Akaia akɔ Yerusalem. Ɔkaa sɛ, “Meduru Yerusalem a, akyire no mɛkɔ Roma nso.”
Після тих подій Павло в дусі вирішив пройти через Македонію й Ахаю та піти до Єрусалима. Він сказав: «Після того, як побуваю там, мені потрібно побачити Рим».
22 Paulo somaa Timoteo ne Erasto a wɔyɛ nʼaboafoɔ no dii nʼanim ɛkan kɔɔ Makedonia, nanso ɔno de, ɔtenaa Asia kyɛɛ kakra.
Він надіслав до Македонії двох своїх помічників, Тимофія та Ераста, а сам залишився на деякий час в Азії.
23 Saa ɛberɛ yi ara mu na basabasa a emu yɛ den a ɛfa nnipa a wɔka ekuo a wɔfrɛ no Ɛkwan no ho sii wɔ Efeso.
У той час розпочалося велике заворушення проти Шляху.
24 Dwetɛdwumfoɔ bi a wɔfrɛ no Demetrio yɛɛ Artemi abosonnan sɛso. Nʼadwuma no maa nʼadwumayɛfoɔ nyaa wɔn ho sei tam.
Певний срібний майстер, на ім’я Деметріос, який робив зі срібла копії храму Артеміди, давав чималий дохід своїм ремісникам.
25 Ɔfrɛfrɛɛ nʼadwumayɛfoɔ no ne wɔn a wɔdi saa dwuma ahodoɔ no ara bi no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Anuanom, monim sɛ yɛn ahonya nyinaa gyina saa dwumadie yi so.
Зібравши їх та інших робітників, що займалися подібним ремеслом, сказав: «Ви знаєте, що ця робота дає нам хороший дохід.
26 Mo ara moahunu, na moate dwuma a saa Paulo yi redi. Ɔka sɛ, anyame a nnipa de wɔn nsa ayɛ no nyɛ anyame biara. Ɔnam saa asɛm yi so adane nnipa bebree adwene wɔ Efeso ha ne Asia nyinaa.
Але ви бачите й чуєте, що не тільки в Ефесі, але й в усій Азії цей Павло переконав та увів в оману багатьох людей, кажучи, що боги, зроблені руками [людей], не є богами.
27 Sɛ yɛanhwɛ no yie a, yɛn adwuma yi bɛgye din bɔne. Saa ara nso na obiara remfa ɔbosom Artemi a wɔsom no wɔ Asia ne ewiase nyinaa no nyɛ hwee bio na nʼanim agu ase.”
Це загрожує не тільки тим, що наш труд зазнає зневаги, але й тим, що храм великої богині Артеміди, перед якою вклоняється вся Азія й весь світ, буде нічим, і вся її велич буде зруйнована».
28 Nnipadɔm no tee saa asɛm a Demetrio kaeɛ no, wɔn bo fuiɛ, hyɛɛ aseɛ yɛɛ basabasa, teateaam sɛ, “Efeso Artemi yɛ kɛse!”
Почувши це, вони сповнились люттю й почали кричати: «Велика Артеміда Ефеська!»
29 Basabasayɛ no trɛɛ wɔ kuro no mu nyinaa. Ɛdɔm no kyeree Makedoniafoɔ baanu a wɔn din de Gaio ne Aristarko a na wɔne Paulo retu ɛkwan no de wɔn kɔɔ adwabɔeɛ.
Місто наповнилося заворушенням, і всі разом кинулися до театру, схопивши Павлових супутників, Гайя та Аристарха, які були з Македонії.
30 Paulo pɛɛ sɛ anka ɔkɔ adwabɔeɛ hɔ kɔhyia dɔm no, nanso asuafoɔ no amma no kwan.
Павло хотів вийти до народу, але учні не дозволили йому.
31 Ɔmantam no mu mpanin no mu bi a na wɔyɛ Paulo nnamfo no soma kɔsrɛɛ no sɛ ɔnnkɔ adwabɔeɛ hɔ.
Навіть деякі з керівників Азії, які були друзями Павла, надіслали до нього попередження, щоб він не з’являвся в театрі.
32 Nhyiamu yi yɛɛ basabasa; nnipa no mu bi teateaam kaa nsɛm bi, na ebinom nso teaam kaa nsɛm foforɔ bi, ɛfiri sɛ, na wɔn mu dodoɔ no ara nnim asɛm ko a ɛde wɔn abɛhyia mu.
Зібрання було в сум’ятті: одні кричали одне, а інші – інше. Більшість же навіть не розуміла, навіщо вони зібралися.
33 Yudafoɔ no piapiaa Aleksandro kɔgyinaa dɔm no anim sɛ ɔnkasa. Yei maa nnipa no bi susuu sɛ Aleksandro enti na wɔahyia hɔ. Afei, Aleksandro nyamaa dɔm no pɛɛ sɛ ɔkasa yi ɔno ne ne nkurɔfoɔ ano.
З натовпу взяли Олександра, бо юдеї його виштовхали. Олександр дав знак рукою, бажаючи виправдатись перед народом.
34 Ɛdɔm no hunuu sɛ Aleksandro yɛ Yudani no pɛ, wɔteateaam nnɔnhwere mmienu sɛ, “Efeso Artemi yɛ kɛse!”
Але довідавшись, що він юдей, натовп упродовж двох годин викрикував в один голос: «Велика Артеміда Ефеська!»
35 Kuro no sohwɛfoɔ no bɔɔ mmɔden maa dɔm no tɛm dinn. Afei, ɔkasa kyerɛɛ wɔn sɛ, “Efeso mmarima, obiara nim sɛ Efeso kuro yi na ɛhwɛ Artemi asɔrefie ne ohoni a ɛfiri soro bɛduruiɛ no so.
Тоді до народу вийшов один із чиновників [міста], заспокоїв натовп та сказав: «Ефесяни, чи є якась людина, яка не знає, що місто Ефес – хранитель храму великої Артеміди та її [зображення], яке впало з неба?
36 Obiara rentumi nnye yei ho akyinnyeɛ enti monyɛ komm, monnyɛ basabasa biara.
Це безперечний факт, тому вам належить зберігати спокій і не діяти необачно.
37 Mode saa nnipa yi aba ha wɔ ɛberɛ a wɔnwiaa biribiara mfirii yɛn asɔrefie, nkaa asɛmmɔne biara ntiaa yɛn nyame no.
А ви привели сюди цих людей, хоча жоден із них не є грабіжником храму й не богохульствував проти нашої богині.
38 Sɛ Demetrio ne adwumfoɔ a wɔka ne ho no wɔ obi ho asɛm bi a, asɛnniiɛ ne mpanin wɔ hɔ, wɔmfa mmɛto dwa.
Отже, якщо в Деметріоса та інших майстрів є звинувачення проти когось, то на це є суди й проконсули. Нехай [туди] приносять обвинувачення один на одного.
39 Nanso, sɛ mowɔ biribi foforɔ bi ka a, ɛsɛ sɛ ɔmanfoɔ hyia, fa mmara kwan so ka ho asɛm.
Якщо ж у вас є щось інше, це вирішиться на законному зібранні.
40 Sɛ yɛanhwɛ yie a, wɔbɛka sɛ saa ɛnnɛ basabasayɛ yi firi yɛn. Saa basabasayɛ yi ho nhia. Sɛ wɔbisa yɛn ho asɛm a, yɛrennya anoyie biara.”
Бо є небезпека, що нас можуть за сьогоднішнє обвинуватити в заколоті, адже не маємо жодного виправдання цьому збіговиську».
41 Ɔkasa wieeɛ no, ɔtuu dwa no.
Сказавши це, він розпустив зібрання.