< Asomafoɔ 18 >
1 Yeinom akyi no, Paulo firii Atene kɔɔ Korinto.
After these things, departing from Athens, he came to Corinth.
2 Ɛhɔ na ɔhyiaa Yudani bi a wɔfrɛ no Akwila, a wɔwoo no wɔ Ponto, na ɔne ne yere Priskila firi Italia baa hɔ a na ɛnkyɛreɛ. Wɔfirii Italia, ɛfiri sɛ, na Roma ɔhempɔn Klaudio ahyɛ mmara sɛ Yudafoɔ nyinaa mfiri Roma asase so.
And finding a certain Jew, named Aquila, born in Pontus, lately come from Italy, with Priscilla his wife, (because that Claudius had commanded all Jews to depart from Rome, ) he came to them.
3 Paulo kɔtenaa wɔn nkyɛn ne wɔn yɛɛ adwuma, ɛfiri sɛ, na wɔn nyinaa nwono ntomadan.
And because he was of the same trade, he remained with them, and wrought; (now they were tentmakers by trade.)
4 Homeda biara na Paulo kɔ hyiadan mu kɔka asɛm no pɛɛ sɛ anka ɔdane Yudafoɔ ne Helafoɔ no adwene ma wɔgye di.
And he reasoned in the synagogue every sabbath, bringing in the name of the Lord Jesus; and he persuaded the Jews and the Greeks.
5 Ɛberɛ a Silas ne Timoteo firi Makedonia baeɛ no, Paulo de nʼadagyeɛ nyinaa kaa Awurade asɛm no, dii adanseɛ kyerɛɛ Yudafoɔ no sɛ Yesu ne Agyenkwa no.
And when Silas and Timothy were come from Macedonia, Paul was earnest in preaching, testifying to the Jews, that Jesus is the Christ.
6 Ɛberɛ a Yudafoɔ no ampɛ sɛ wɔtie Paulo asɛnka, na wɔyeyɛɛ no no, ɔde abufuo poroporoo nʼatadeɛ mu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo mmusuo ngu mo atifi. Mo afɔbuo nna me so. Ɛfiri ɛnnɛ de rekɔ, merekɔka asɛm no makyerɛ amanamanmufoɔ.”
But they gainsaying and blaspheming, he shook his garments, and said to them: Your blood be upon your own heads; I am clean: from henceforth I will go unto the Gentiles.
7 Ɔfirii hɔ kɔtenaa aman amanmuni Nyamesomfoɔ bi a wɔfrɛ no Tito Yusto a ne fie bata hyiadan ho no nkyɛn.
And departing thence, he entered into the house of a certain man, named Titus Justus, one that worshipped God, whose house was adjoining to the synagogue.
8 Krispo a na ɔyɛ hyiadan mu panin no ne ne fiefoɔ nyinaa gyee Awurade diiɛ maa wɔbɔɔ wɔn asu. Saa ara nso na Korintofoɔ bebree a wɔtee Awurade asɛm no nso gye diiɛ maa wɔbɔɔ wɔn asu.
And Crispus, the ruler of the synagogue, believed in the Lord, with all his house; and many of the Corinthians hearing, believed, and were baptized.
9 Ɛda bi anadwo, Awurade ka kyerɛɛ Paulo wɔ anisoadehunu mu sɛ, “Nsuro! Mpa aba! Kɔ so ara ka mʼasɛm no,
And the Lord said to Paul in the nights, by a vision: Do not fear, but speak; and hold not thy peace,
10 ɛfiri sɛ, meka wo ho. Obiara rentumi nyɛ wo hwee, ɛfiri sɛ, nnipa pii wɔ kuro yi mu a wɔyɛ mʼakyidifoɔ.”
Because I am with thee: and no man shall set upon thee, to hurt thee; for I have much people in this city.
11 Paulo tenaa hɔ afe ne fa kyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn asɛm no wɔ wɔn mu.
And he stayed there a year and six months, teaching among them the word of God.
12 Ɛberɛ a Galio yɛ amrado wɔ Akaia no, Yudafoɔ no sɔre tiaa Paulo, kyeree no, de no kɔɔ asɛnniiɛ,
But when Gallio was proconsul of Achaia, the Jews with one accord rose up against Paul, and brought him to the judgment seat,
13 kaa sɛ, “Saa onipa yi retu nkurɔfoɔ aso sɛ wɔnkwati Yudafoɔ mmara no mfa ɛkwan foforɔ so nsom Onyankopɔn.”
Saying: This man persuadeth men to worship God contrary to the law.
14 Paulo yɛɛ sɛ ɔrebue nʼano akasa pɛ na Galio ka kyerɛɛ Yudafoɔ no sɛ, “Yudafoɔ, sɛ mode asɛm foforɔ bi a ɛfa nsɛmmɔnedie anaa abususɛm ho na ɛbaeɛ a, anka mɛhwɛ maka.
And when Paul was beginning to open his mouth, Gallio said to the Jews: If it were some matter of injustice, or an heinous deed, O Jews, I should with reason bear with you.
15 Nanso, ɛsiane sɛ ɛyɛ akyinnyegyeɛ a ɛfa nsɛm, edin ne mo mmara ho enti, mo ara monkɔhwɛ nka. Merenyɛ saa asɛm yi mu ɔtemmufoɔ.”
But if they be questions of word and names, and of your law, look you to it: I will not be judge of such things.
16 Na ɔpamoo wɔn firii asɛnniiɛ hɔ.
And he drove them from the judgment seat.
17 Afei, ɛdɔm no to hyɛɛ Sostene a ɔyɛ hyiadan mu panin no so, twee no kɔɔ asɛnniiɛ hɔ kɔboroo no, nanso Galio anka ho hwee.
And all laying hold on Sosthenes, the ruler of the synagogue, beat him before the judgment seat; and Gallio cared for none of those things.
18 Paulo tenaa Korinto kyɛɛ kakra ansa na ɔrekra anuanom no ma ɔne Priskila ne Akwila refiri hɔ akɔ Siria. Esiane ɛbɔ a na wahyɛ no enti, ansa na ɔrebɛkɔ no, ɔmaa wɔyii ne ti wɔ Kenkrea.
But Paul, when he had stayed yet many days, taking his leave of the brethren, sailed thence into Syria (and with him Priscilla and Aquila), having shorn his head in Cenchrae: for he had a vow.
19 Wɔduruu Efeso no, Paulo gyaa Priskila ne Akwila hɔ kɔɔ hyiadan mu ne Yudafoɔ no kɔkasaeɛ.
And he came to Ephesus, and left them there. But he himself entering into the synagogue, disputed with the Jews.
20 Wɔsrɛɛ no sɛ, sɛ ɔbɛtumi a, anka ɔntena wɔn nkyɛn nkyɛ kakra, nanso wampene so.
And when they desired him, that he would tarry a longer time, he consented not;
21 Mmom, ɔrebɛfiri hɔ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ Onyankopɔn pɛ a, mɛsane aba bio.” Na afei, ɔfirii hɔ kɔɔ Efeso.
But taking his leave, and saying: I will return to you again, God willing, he departed from Ephesus.
22 Ɔduruu Kaesarea no, ɔkɔɔ Yerusalem kɔkyeaa asafo no firii hɔ kɔɔ Antiokia.
And going down to Caesarea, he went up to Jerusalem, and saluted the church, and so came down to Antioch.
23 Ɔdii nna kakra wɔ hɔ no, ɔfirii hɔ kɔɔ Galati ne Frigia kɔhyɛɛ agyidifoɔ a wɔwɔ hɔ no den.
And after he had spent some time there, he departed, and went through the country of Galatia and Phrygia, in order, confirming all the disciples.
24 Saa ɛberɛ no ara mu, Yudani bi a wɔfrɛ no Apolo a wɔwoo no wɔ Aleksandria no kɔɔ Efeso. Ɔyɛ obi a na nʼano ate na ɔnim Atwerɛsɛm no yie.
Now a certain Jew, named Apollo, born at Alexandria, an eloquent man, came to Ephesus, one mighty in the scriptures.
25 Esiane sɛ na wɔnam Awurade ɛkwan so akyerɛkyerɛ no enti, na ɔde nnam kasa, kyerɛkyerɛ nokwasɛm a ɛfa Yesu ho no. Nanso na Yohane asubɔ no nko ara na ɔnim.
This man was instructed in the way of the Lord; and being fervent in spirit, spoke, and taught diligently the things that are of Jesus, knowing only the baptism of John.
26 Ɔhyɛɛ aseɛ de nnam kasaa wɔ hyiadan no mu. Ɛberɛ a Priskila ne Akwila tee asɛm a ɔreka no, wɔde no kɔɔ efie kɔkyerɛkyerɛɛ no Onyankopɔn asɛm no mu yie.
This man therefore began to speak boldly in the synagogue. Whom when Priscilla and Aquila had heard, they took him to them, and expounded to him the way of the Lord more diligently.
27 Ɛberɛ a Apolo pɛɛ sɛ ɔkɔ Akaia no, agyidifoɔ a wɔwɔ Efeso no hyɛɛ no nkuran, twerɛɛ krataa kɔmaa agyidifoɔ a wɔwɔ hɔ no sɛ wɔnnye no. Ɛberɛ a ɔkɔduruiɛ no, ɔboaa wɔn a Onyankopɔn adom enti, wɔabɛyɛ agyidifoɔ no yie.
And whereas he was desirous to go to Achaia, the brethren exhorting, wrote to the disciples to receive him. Who, when he was come, helped them much who had believed.
28 Ɔde ne nimdeɛ kyerɛɛ Onyankopɔn asɛm mu de tuu Yudafoɔ no guu wɔ badwam, nam Atwerɛsɛm no so daa no adi pefee sɛ, Yesu ne Agyenkwa no.
For with much vigour he convinced the Jews openly, shewing by the scriptures, that Jesus is the Christ.