< Asomafoɔ 17 >

1 Wɔtoaa wɔn akwantuo no so firii Amfipoli ne Apolonia baa Tesalonika a na Yudafoɔ hyiadan wɔ no.
And, travelling through Amphipolis and Apollonia, they came to Thessalonica, where was a synagogue of the Jews;
2 Sɛdeɛ Paulo taa yɛ no, ɔkɔɔ hyiadan mu mprɛnsa ne nnipa no gyee akyinnyeɛ wɔ Atwerɛsɛm no ho,
and, according to Paul’s custom, he went in unto them, and, for three sabbaths, reasoned with them from the Scriptures, —
3 kyerɛɛ mu, dii adanseɛ sɛ ɛsɛ sɛ, Agyenkwa no hunu amane na ɔsɔre firi awufoɔ mu. Paulo kaa sɛ, “Saa Yesu a mereka ne ho asɛm akyerɛ mo yi ne Agyenkwa no.”
opening up, and setting forth, that it was needful for, the Christ, to suffer, and to arise from among the dead; and [saying], This, is the Christ, —Jesus, whom, I, am declaring unto you.
4 Nnipa no bi gye diiɛ maa wɔdii Paulo ne Silas akyi. Saa ara nso na Helafoɔ bebree a wɔsom Onyankopɔn ne mmaa mpanin bi nso gye diiɛ de wɔn ho bɔɔ wɔn ara no no.
And, some from among them, were persuaded, and cast in their lot with Paul and Silas; also, of the devout Greeks, a great throng, and, of the chief women, not a few.
5 Yudafoɔ mpanin no ani bereeɛ enti wɔboaboaa ahuhufoɔ bi ano maa wɔbɔɔ twi faa kuro no mu kɔtwaa Yason fie ho hyiaeɛ, pɛɛ sɛ wɔn nsa ka Paulo ne Silas de wɔn brɛ mpanin no.
But the Jews, being, jealous, and taking unto themselves certain wicked men, of the rabble, and making a riot, were setting the city in an uproar; and, besieging the house of Jason, were seeking to lead them forth unto the populace, —
6 Esiane sɛ wɔn nsa anka wɔn no enti, wɔtwee Yason ne anuanom bi de wɔn baa mpanin no anim teateaam sɛ, “Saa nnipa a wɔma basabasa ba baabiara a wɔkɔ no aba yɛn kuro yi mu,
and, not finding them, they began dragging Jason and certain brethren unto the city-rulers, shouting—They who have thrown the inhabited earth into confusion, the same, hither also, are come, —
7 ama Yason agye wɔn atena ne fie. Wɔn nyinaa abu Ɔhempɔn Kaesare mmara a ɔde ama yɛn sɛ yɛnni so no so, ɛfiri sɛ, wɔka sɛ, ɔhene foforɔ bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Yesu.”
unto whom Jason hath given welcome; and, these all, contrary to the decrees of Caesar, are acting, —saying that there is another king, Jesus.
8 Saa asɛm yi hwanyanee dɔm no ne kuro no mu mpanin no.
And they troubled the multitude and the city-rulers, when they heard these things;
9 Kuro no mu mpanin no maa Yason ne anuanom no tuaa sika bi de dii wɔn agyinamu maa wɔgyaa wɔn.
and, taking security from Jason and the rest, they let them go.
10 Adeɛ saeɛ ara pɛ, anuanom yi gyaa Paulo ne Silas ɛkwan ma wɔkɔɔ Beroia. Wɔduruiɛ no, wɔkɔɔ Yudafoɔ hyiadan mu.
But, the brethren, straightway, during the night, sent away both Paul and Silas unto Beroea, who, indeed, arriving, unto the synagogue of the Jews, went off;
11 Na nnipa a wɔwɔ hɔ no nyɛ akyinnyegyefoɔ te sɛ Tesalonikafoɔ no. Wɔde ahosɛpɛ gyee asɛm no diiɛ a daa na wɔsua Atwerɛsɛm no pɛɛ sɛ wɔhunu sɛ nkyerɛkyerɛ a Paulo kyerɛkyerɛ no yɛ nokorɛ anaa.
and, these, were more noble than those in Thessalonica, in that they welcomed the word with all readiness of mind, daily, searching the Scriptures, —whether these things could be so.
12 Nnipa no mu bebree a Helafoɔ mmaa atitire ne mmarima ka ho no gyee nkyerɛkyerɛ no diiɛ.
Many, therefore, from among them, believed, and, of the Grecian women of the higher class, and of men, not a few.
13 Ɛberɛ a Yudafoɔ a wɔwɔ Tesalonika no tee sɛ Paulo akɔka Onyankopɔn asɛm no wɔ Beroia no, wɔkɔɔ hɔ nso kɔhwanyanee ɛhɔfoɔ no nso.
But, when the Jews from Thessalonica came to know that, in Beroea also, had the word of God been declared by Paul, they came thither also, stirring up and troubling the multitudes.
14 Enti, ntɛm ara, anuanom no gyaa Paulo ɛkwan sɛ ɔnkɔ mpoano, nanso Silas ne Timoteo de, wɔtenaa Beroia.
Howbeit, then, immediately, the brethren sent away, Paul, to be journeying as far as unto the sea; and both Silas and Timothy stayed behind, there.
15 Nnipa a wɔkɔgyaa Paulo ɛkwan no de no kɔduruu Atene. Wɔresane akɔ Beroia no, Paulo kraa wɔn sɛ wɔnka nkyerɛ Silas ne Timoteo sɛ wɔmmɛka ne ho ntɛm.
But, they who were conducting Paul, brought him as far as Athens, and, receiving a commandment unto Silas and Timothy, that with, all possible speed, they would come unto him, they departed.
16 Ɛberɛ a Paulo retwɛn Silas ne Timoteo wɔ Atene no, ɔhunuu ahoni pii wɔ kuro no mu. Yei maa ne werɛ hoeɛ yie.
But, while, in Athens, Paul was expecting them, his spirit within him was being urged on, seeing how the city was given to idols.
17 Enti, na ɔne Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ a wɔsom Onyankopɔn no taa hyia wɔ hyiadan mu ma ɔkyerɛkyerɛ wɔn Onyankopɔn asɛm. Saa ara nso na daa na ɔne nkurɔfoɔ gye akyinnyeɛ wɔ adwabɔeɛ ara no no.
So then, he began reasoning in the synagogue with the Jews, and with them who worshipped; and, in the market-place, every day, with them who happened to be at hand.
18 Afei, ɔne Epikurofoɔ ne Stoikfoɔ anyansafoɔ bi nso gyee akyinnyeɛ. Ebinom kaa sɛ, “na ɛdeɛn na ɔtoatoafoɔ yi pɛ sɛ ɔkyerɛ yi?” Afoforɔ nso kaa sɛ, “Ɛsɛ deɛ ɔreka anyame afoforɔ bi ho asɛm.” Deɛ enti a wɔkaa yei ne sɛ, na Paulo reka Yesu Kristo ne ne wusɔreɛ ho asɛm.
But, certain both of the Epicurean and of the Stoic philosophers, were encountering him; and some were saying—What might this picker-up-of-scraps wish to be saying? And, others—Of foreign demons, he seemeth to be a declarer: because, of Jesus and the Resurrection, he was announcing the joyful tidings.
19 Wɔde Paulo kɔɔ Areopago nhyiamu anim kaa sɛ, “Yɛpɛ sɛ yɛte nkyerɛkyerɛ foforɔ a worekyerɛkyerɛ yi ase,
And so, laying hold of him, they brought him up, to the Hill of Mars, saying—Can we get to know what this new teaching is, which, by thee, is being spoken.
20 ɛfiri sɛ, nsɛm a woka no bi yɛ yɛn asom asɛm foforɔ, enti yɛpɛ sɛ wokyerɛkyerɛ yɛn mu yie.”
For, certain foreign things, art thou bringing into our hearing: We are minded to get to know, therefore, what these things please to be!
21 Na Atenefoɔ ne ahɔhoɔ a wɔwɔ hɔ no nni hwee yɛ sɛ wɔde wɔn adagyeɛ nyinaa bɛtie nsɛm foforɔ anaa wɔbɛka nsɛm foforɔ a wɔate no akyerɛ afoforɔ.
Now, all Athenians and the sojourning foreigners, unto nothing else, were devoting their leisure, than to be telling or hearing, something newer.
22 Paulo sɔre gyinaa Areopago nhyiamu no anim kaa sɛ, “Atenefoɔ, mehunu sɛ moyɛ nnipa a mopɛ nyamesom yie.
And Paul taking his stand in the midst of the Hill of Mars, said—Ye men of Athens! In every way, how unusually reverent of the demons ye are, I perceive.
23 Ɛfiri sɛ, metuu mpase faa mo kuro yi mu, na mehunuu mmeaeɛ ahodoɔ a mosom no, mehunuu afɔrebukyia bi a wɔatwerɛ ho sɛ, Onyame a wɔnnim no no de. Enti, adeɛ a monnim na mosɔre no no, ɛno ho asɛm na mereka akyerɛ mo yi.
For, passing through, and carefully observing your objects of devotion, I found an altar also, in which was inscribed—Unto an Unknown God. What, therefore, not knowing, ye reverence, the same, do, I, declare unto you.
24 “Onyankopɔn a ɔbɔɔ ewiase ne nneɛma a ɛwɔ mu nyinaa no na ɔyɛɛ ɔsoro ne asase. Awurade no nte asɔredan a nnipa asi mu.
The God that made the world and all things that are therein, the same, being, Lord, of heaven and earth, not in hand-made shrines, doth dwell,
25 Saa ara nso na biribiara a nnipa nam wɔn dwumadie so de bɛma no no nso ho nhia no, ɛfiri sɛ, ɔno na ɔma nnipa nkwa ne biribiara a ɛhia wɔn.
nor, by human hands, is waited upon, as though in want of anything, himself, giving unto all life and breath and all things;
26 Ɔnam onipa baako so na ɔbɔɔ nnipa ahodoɔ nyinaa de wɔn tenaa asase so. Ɔno ankasa na ansa na ɔrebɛbɔ nnipa no, ɔhyehyɛɛ amanaman ɛberɛ a wɔbɛsɔre ne ɛberɛ a wɔbɛhwe ase. Saa ara nso na ɔhyehyɛɛ wɔn tenabea ahyeɛ.
he made also, of one, every nation of men to dwell upon all the face of the earth, —marking out fitting opportunities, and the bounds of their dwelling place,
27 Ɛwom sɛ Onyankopɔn bɛn yɛn de, nanso ɔyɛ yei sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nnipa bɛhwehwɛ nʼakyi kwan atwe abɛn no;
that they might be seeking God—if, after all, indeed, they might feel after him and find him, —although, in truth, he is already not far from any one of us.
28 sɛdeɛ obi ka sɛ, ‘Ne mu na yɛte ase na yɛkeka yɛn ho’ no no. Saa ara nso na mo nnwomtofoɔ bi nso aka sɛ, ‘Yɛn nso yɛyɛ ne mma’ no.
For, in him, we live and move and are: as, even some of your own poets, have said—For, his offspring also, we are.
29 “Ɛnneɛ sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma de a, ɛnsɛ sɛ yɛsusu sɛ Onyankopɔn tebea te sɛ ohoni bi a onipa de dwetɛ anaa sika anaa ɛboɔ ayɛ.
Being, then, offspring, of God, we ought not to be supposing that, unto gold or silver or stone, graven by art and device of man, the Divine, is like.
30 Onyankopɔn buu nʼani guu ɛberɛ a na nnipa nnim no no so, nanso afei de, ɔhyɛ nnipa nyinaa sɛ wɔntwe wɔn ho mfiri akwammɔne so.
The times of ignorance, therefore, overlooking, God, as things now are, is charging all men everywhere to repent,
31 Ɛfiri sɛ, wayi da bi ato hɔ a ɔnam onipa bi a wayi no no so bɛbu nnipa nyinaa atɛntenenee. Ɔnam sɔre a ɔmaa saa onipa yi sɔre firii awufoɔ mu no so adi adanseɛ akyerɛ nnipa nyinaa.”
inasmuch as he hath appointed a day, in which he is about to be judging the habitable earth in righteousness, by a man whom he hath pointed out, —offering faith unto all, by raising him from among the dead?
32 Ɛberɛ a nnipa no tee sɛ Paulo reka owusɔreɛ ho asɛm no, ebinom dii ne ho fɛw, na afoforɔ nso kaa sɛ, “Yɛpɛ sɛ wosane ka saa asɛm no bio.”
Now, when they heard of raising the dead, some, indeed, began to mock, while, others, said—We will hear thee, concerning this, even again.
33 Saa nsɛm a ɛkɔɔ so yi maa Paulo firii nhyiamu no ase hɔ kɔeɛ.
Thus, Paul, came forth out of their midst.
34 Nanso, nnipa kakra bi gyee no diiɛ de wɔn ho bɔɔ no. Saa nnipa no mu bi ne Dionisio a ɔfra Areopagofoɔ mu ne ɔbaa bi a ne din de Damari ne afoforɔ bi.
But, certain persons, joining themselves unto him, believed; among whom were even Dionysius the Mars-hill judge, and a woman by name Damaris, and others with them.

< Asomafoɔ 17 >