< Asomafoɔ 16 >

1 Paulo toaa nʼakwantuo no so kɔɔ Derbe ne Listra. Ɛhɔ na na ogyidini bi a ne din de Timoteo a ne maame yɛ Yudani ogyidini na nʼagya nso yɛ Helani no te.
Paulo toaa nʼakwantu no so kɔɔ Derbe ne Listra. Ɛhɔ na na ogyidini bi a ne din de Timoteo a ne na yɛ Yudani gyidini na nʼagya nso yɛ Helani no te.
2 Anuanom a na wɔwɔ Listra ne Ikoniom no nyinaa dii Timoteo ho adanseɛ pa.
Anuanom a na wɔwɔ Listra ne Ikoniom no nyinaa dii Timoteo ho adanse pa.
3 Esiane sɛ na Paulo pɛ sɛ ɔde Timoteo ka ne ho kɔ enti, ɔtwaa no twetia, ɛfiri sɛ, Yudafoɔ a na wɔwɔ hɔ no nyinaa nim sɛ Timoteo agya yɛ Helani.
Esiane sɛ na Paulo pɛ sɛ ɔde Timoteo ka ne ho kɔ nti otwaa no twetia, efisɛ Yudafo a na wɔwɔ hɔ no nyinaa nim sɛ Timoteo agya yɛ Helani.
4 Kuro biara a wɔduruu so no, wɔkaa mmara a asomafoɔ ne mpanimfoɔ a wɔwɔ Yerusalem ahyɛ sɛ wɔnni so no kyerɛɛ wɔn.
Kurow biara a woduu so no, wɔkaa mmara a asomafo ne mpanyimfo a wɔwɔ Yerusalem ahyɛ sɛ wonni so no kyerɛɛ wɔn.
5 Asafo no nyinii gyidie mu na daa nnipa bebree bɛkaa wɔn ho.
Asafo no nyinii gyidi mu na daa, nnipa bebree bɛkaa wɔn ho.
6 Esiane sɛ Honhom Kronkron amma wɔn ɛkwan sɛ wɔnka asɛm no wɔ Asia no enti, wɔkɔɔ Frigia ne Galatia.
Esiane sɛ Honhom Kronkron amma wɔn kwan sɛ wɔnka asɛm no wɔ Asia no nti, wɔkɔɔ Frigia ne Galatia.
7 Wɔduruu Misia hyeɛ so no, wɔpɛɛ sɛ anka wɔkɔ Bitinia, nanso Yesu Honhom no amma wɔn ɛkwan.
Woduu Misia hye so no, wɔpɛɛ sɛ anka wɔkɔ Bitinia, nanso Yesu Honhom no amma wɔn kwan.
8 Enti, wɔfaa Misia kɔsii Troa.
Enti wɔfaa Misia kosii Troa.
9 Ɛda no anadwo Paulo hunuu anisoadeɛ sɛ ɔbarima bi a ɔfiri Makedonia gyina hɔ resrɛ no sɛ, “Twa bra Makedonia bɛboa yɛn!”
Da no anadwo Paulo huu anisoade sɛ ɔbarima bi a ofi Makedonia gyina hɔ resrɛ no se, “Twa bra Makedonia bɛboa yɛn!”
10 Anisoadehunu yi akyi no, yɛboaboaa yɛn ho sɛ yɛbɛkɔ Makedonia, ɛfiri sɛ, yɛtee aseɛ sɛ Onyankopɔn na wafrɛ yɛn sɛ yɛnkɔka asɛmpa no wɔ hɔ.
Anisoadehu yi akyi no, yɛboaboaa yɛn ho sɛ yɛbɛkɔ Makedonia, efisɛ yɛtee ase sɛ Onyankopɔn na wafrɛ yɛn sɛ yɛnkɔka asɛmpa no wɔ hɔ.
11 Yɛde ɛhyɛn firii Troa kɔɔ Samotrake na adeɛ kyeeɛ no, yɛduruu Neapoli.
Yɛde hyɛn fii Troa kɔɔ Samotrake na ade kyee no, yeduu Neapoli.
12 Yɛfiri hɔ no, yɛtoaa so kɔɔ Filipi, kuro titire a ɛwɔ Makedonia mansini a na Romafoɔ di so no mu. Yɛdii nna kakra wɔ saa kuro yi mu.
Yefi hɔ no, yɛtoaa so kɔɔ Filipi, kurow titiriw a ɛwɔ Makedonia mansin a na Romafo di so no mu. Yedii nna kakra wɔ saa kurow yi mu.
13 Homeda duruiɛ no, yɛfirii kuro no mu kɔɔ asubɔnten bi ho baabi a yɛate sɛ Yudafoɔ taa hyia wɔ hɔ bɔ mpaeɛ. Yɛkyerɛkyerɛɛ mmaa bi a wɔbaa hɔ no Atwerɛsɛm no.
Homeda duu no, yefii kurow no mu kɔɔ asubɔnten bi ho baabi a yɛate sɛ Yudafo taa hyia wɔ hɔ bɔ mpae. Yɛkyerɛkyerɛɛ mmea bi a wɔbaa hɔ no Kyerɛwsɛm no.
14 Mmaa a wɔbɛtiee asɛm no mu baako ne Tiatirani Lidia a na ɔtɔn ntoma kɔkɔɔ. Na ɔyɛ Onyamesom ni enti Awurade buee nʼakoma mu maa ɔtiee asɛm a na Paulo reka no, gye diiɛ.
Mmea a wobetiee asɛm no mu baako ne Tiatirani Lidia a na ɔtɔn ntama kɔkɔɔ. Na ɔyɛ Onyamesomni nti Awurade buee ne koma mu ma otiee asɛm a na Paulo reka no ma ogye dii.
15 Wɔbɔɔ ɔne ne fiefoɔ nyinaa asu wieeɛ no, ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ, “Sɛ mogye tom sɛ meyɛ Awurade mu ogyidini ampa ara a, mommɛtena me fie.” Ɔkɔɔ so srɛɛ yɛn ara kɔsii sɛ yɛpeneeɛ.
Wɔbɔɔ ɔne ne fifo nyinaa asu wiee no, ɔka kyerɛɛ yɛn se, “Sɛ mugye to mu sɛ meyɛ Awurade mu gyidini ampa ara a, ɛno de mommɛtena me fi.” Ɔkɔɔ so srɛɛ yɛn ara kosii sɛ yɛpenee.
16 Ɛda bi a yɛrekɔ baabi a yɛhyia bɔ mpaeɛ no, yɛhyiaa afenaa bi a akɔm honhom wɔ ne mu a ɔde nʼakɔm no hyɛ nkɔm ma ne wuranom nya wɔn ho.
Da bi a yɛrekɔ faako a yehyia bɔ mpae no, yehyiaa afenaa bi a akɔm honhom wɔ ne mu a ɔde nʼakɔm no hyɛ nkɔm ma ne wuranom nya wɔn ho.
17 Ɔdii yɛne Paulo akyi teateaam sɛ, “Saa nnipa yi yɛ Ɔsorosoroni Onyankopɔn no asomfoɔ a wɔaba sɛ wɔrebɛka nkwagyeɛ ho asɛm akyerɛ mo.”
Odii yɛne Paulo akyi teɛteɛɛ mu se, “Saa nnipa yi yɛ Ɔsorosoroni Nyankopɔn no asomfo a wɔaba sɛ wɔrebɛka nkwagye ho asɛm akyerɛ mo.”
18 Yei kɔɔ so ara kɔsii sɛ da bi Paulo de ahometeɛ teateaa honhommɔne no sɛ, “Mehyɛ wo Yesu Kristo din mu sɛ, tu firi ne mu kɔ!” Amonom hɔ ara, na honhommɔne no tu firii afenaa no mu.
Eyi kɔɔ so ara kosii sɛ da bi Paulo de ahometew teɛteɛɛ honhommɔne no se, “Mehyɛ wo wɔ Yesu Kristo din mu se, tu fi ne mu kɔ!” Amono mu hɔ ara, na honhommɔne no tu fii afenaa no mu.
19 Ɛberɛ a afenaa no wuranom hunuu sɛ deɛ ɛma wɔn sika no afiri wɔn nsa no, wɔkyeree Paulo ne Silas twee wɔn kɔɔ mpanin anim wɔ adwabɔeɛ.
Bere a afenaa no wuranom huu sɛ nea ɛma wɔn sika no afi wɔn nsa no, wɔkyeree Paulo ne Silas twee wɔn kɔɔ mpanyimfo anim wɔ aguabɔbea.
20 Wɔde wɔn brɛɛ mpanin bɔɔ wɔn soboɔ sɛ, “Saa nnipa yi yɛ Yudafoɔ a wɔde wɔn nneyɛeɛ ne wɔn nkyerɛkyerɛ redane yɛn kuro yi ani.
Wɔde wɔn brɛɛ mpanyin bɔɔ wɔn sobo se, “Saa nnipa yi yɛ Yudafo a wɔde wɔn nneyɛe ne wɔn nkyerɛkyerɛ redan yɛn kurow yi ani.
21 Wɔrekyerɛkyerɛ amanneɛ bi a ɛsiane sɛ yɛyɛ Romafoɔ enti, yɛn mmara mma yɛn ho ɛkwan sɛ yɛgye tom.”
Wɔrekyerɛkyerɛ amanne bi a esiane sɛ yɛyɛ Romafo nti, yɛn mmara mma yɛn ho kwan sɛ yegye to mu.”
22 Nnipadɔm a wɔwɔ hɔ no to hyɛɛ wɔn so, na mpanin no tetee Paulo ne Silas ntadeɛ mu, hyɛɛ sɛ wɔmmɔ wɔn mmaa.
Nnipadɔm a wɔwɔ hɔ no tow hyɛɛ wɔn so, na mpanyin no tetew Paulo ne Silas ntade mu, hyɛɛ sɛ wɔmmɔ wɔn mmaa.
23 Wɔbɔɔ wɔn mmaa pii wieeɛ no, wɔde wɔn kɔguu afiase, na mpanin no hyɛɛ afiase sohwɛfoɔ no sɛ ɔnto wɔn mu yie sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔrennwane.
Wɔbɔɔ wɔn mmaa pii wiei no, wɔde wɔn koguu afiase, na mpanyin no hyɛɛ afiase sohwɛfo no sɛ ɔnto wɔn mu yiye sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenguan.
24 Afiase sohwɛfoɔ no tee saa asɛm yi no, ɔde wɔn kɔguu afiase hɔ dan a ɛwɔ mfimfini no mu de nkɔnsɔnkɔnsɔn guguu wɔn nan de bobɔɔ dua mu.
Afiase sohwɛfo no tee saa asɛm no, ɔde wɔn koguu afiase hɔ dan a ɛwɔ mfimfini no mu de nkɔnsɔnkɔnsɔn guguu wɔn anan de bobɔɔ nnua mu.
25 Ɔdasuom a Paulo ne Silas rebɔ mpaeɛ reto nnwom ayi Onyankopɔn ayɛ, na nneduafoɔ a wɔwɔ hɔ no nso retie wɔn no,
Ɔdasu mu no, na Paulo ne Silas rebɔ mpae to nnwom reyi Onyankopɔn ayɛ, a nneduafo a wɔwɔ hɔ no nso retie wɔn.
26 prɛko pɛ, asase wosoo dendeenden maa afiase no nnyinasoɔ nso wosoeɛ maa apono no nyinaa buebueeɛ, na nneduafoɔ no nyinaa nkɔnsɔnkɔnsɔn teteeɛ.
Mpofirim na asase wosow denneennen maa afiase no nnyinaso nso wosow maa apon no nyinaa buebuei, na nneduafo no nyinaa nkɔnsɔnkɔnsɔn tetewee.
27 Ɛberɛ a afiase sohwɛfoɔ no firi nna mu nyaneeɛ na ɔhunuu sɛ afiase no apono no abuebue no, ɔsusuu sɛ nneduafoɔ no nyinaa adwane enti ɔtwee ne sekan pɛɛ sɛ anka ɔde kum ne ho.
Bere a afiase sohwɛfo no fi nna mu nyan na ohuu sɛ afiase no apon no abuebue no, osusuw sɛ nneduafo no nyinaa aguan, enti ɔtwee nʼafoa, pɛɛ sɛ anka ɔde kum ne ho.
28 Nanso, Paulo teaam ka kyerɛɛ no sɛ, “Nkum wo ho! Yɛn nyinaa wɔ ha!”
Nanso Paulo teɛɛ mu ka kyerɛɛ no se, “Nkum wo ho! Yɛn nyinaa wɔ ha!”
29 Ɛhɔ ara afiase sohwɛfoɔ no frɛ maa wɔde kanea brɛɛ no na ɔde ahopopoɔ ne suro bɛhwee Paulo ne Silas anim.
Ɛhɔ ara afiase sohwɛfo no frɛ ma wɔde kanea brɛɛ no na ɔde ahopopo ne osuro bɛhwee Paulo ne Silas anim.
30 Afei, ɔde wɔn firii adi bisaa wɔn sɛ, “Awuranom, ɛdeɛn na menyɛ na manya nkwa?”
Afei ɔde wɔn fii adi bisaa wɔn se, “Awuranom, dɛn na menyɛ na manya nkwa?”
31 Wɔbuaa sɛ, “Gye Awurade Yesu di na ɔbɛgye wo ne wo fiefoɔ nyinaa nkwa.”
Wobuae se, “Gye Awurade Yesu di na obegye wo ne wo fifo nyinaa nkwa.”
32 Afei, wɔkaa Awurade ho asɛm kyerɛɛ afiase sohwɛfoɔ no ne ne fiefoɔ nyinaa.
Wɔkaa Awurade ho asɛm kyerɛɛ afiase sohwɛfo no ne ne fifo nyinaa.
33 Anadwo no ara, afiase sohwɛfoɔ yi hohoroo Paulo ne Silas mmaabɔ akuro no anim. Afei, ɔmaa wɔbɔɔ ɔne ne fiefoɔ nyinaa asu.
Anadwo no ara, afiase sohwɛfo yi hohoroo Paulo ne Silas mmaabɔ akuru no anim. Afei ɔma wɔbɔɔ ɔne ne fifo nyinaa asu.
34 Afiase sohwɛfoɔ yi de Paulo ne Silas kɔɔ efie kɔmaa wɔn aduane diiɛ na ɔne ne fiefoɔ nyinaa ho sanee wɔn, ɛfiri sɛ, afei de, wɔagye Onyankopɔn adi.
Afiase sohwɛfo yi de Paulo ne Silas kɔɔ fie kɔmaa wɔn aduan dii na ɔne ne fifo nyinaa ho san wɔn, efisɛ afei de, wɔagye Onyankopɔn adi.
35 Adeɛ kyeeɛ no, mpanin no somaa asraafoɔ kɔka kyerɛɛ afiase sohwɛfoɔ no sɛ, “Gyaa saa nnipa no ma wɔnkɔ.”
Ade kyee no, mpanyin no somaa asraafo kɔka kyerɛɛ afiase sohwɛfo no se, “Gyaa saa nnipa no ma wɔnkɔ.”
36 Afiase sohwɛfoɔ no ka kyerɛɛ Paulo sɛ, “Mpanin no asoma abɛka sɛ mennyaa wo ne Silas ma monkɔ. Enti, monkɔ asomdwoeɛ mu.”
Afiase sohwɛfo no ka kyerɛɛ Paulo se, “Mpanyin no asoma abɛka se minnyaa wo ne Silas ma monkɔ. Enti monkɔ asomdwoe mu.”
37 Nanso, Paulo ka kyerɛɛ asraafoɔ no sɛ, “Yɛyɛ Romafoɔ. Wɔammu yɛn fɔ wɔ bɔne biara ho na wɔde yɛn baa adwabɔeɛ, bɛbɔɔ yɛn mmaa, de yɛn guu afiase. Afei na mopɛ sɛ mogyaa yɛn sum ase? Dabi! Mpanin no ankasa mmra ha mmɛgyaa yɛn.”
Nanso Paulo ka kyerɛɛ asraafo no se, “Yɛyɛ Romafo. Wɔammu yɛn fɔ wɔ bɔne biara ho na wɔde yɛn baa aguabɔbea bɛbɔɔ yɛn mmaa, de yɛn guu afiase. Afei na wɔpɛ sɛ wɔfa sum ase gyaa yɛn? Dabi da! Mpanyin no ankasa mmra ha mmegyaa yɛn.”
38 Asraafoɔ no sane kɔbɔɔ Roma mpanin no amaneɛ. Wɔtee sɛ Paulo ne Silas yɛ Romafoɔ no, wɔsuroeɛ
Asraafo no san kɔbɔɔ Roma mpanyimfo no amanneɛ. Wɔtee sɛ Paulo ne Silas yɛ Romafo no, wosuroe
39 enti wɔkɔmaa wɔn dibem, yii wɔn firii afiase hɔ ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmfiri kuro no mu.
enti wɔkɔmaa wɔn dibem, yii wɔn fii afiase hɔ ka kyerɛɛ wɔn se womfi kurow no mu.
40 Paulo ne Silas firii afiase hɔ kɔɔ Lidia fie. Wɔkɔtoo anuanom no wɔ hɔ, hyɛɛ wɔn nkuran. Afei wofirii hɔ kɔeɛ.
Paulo ne Silas fii afiase hɔ kɔɔ Lidia fi. Wɔkɔtoo anuanom no wɔ hɔ, hyɛɛ wɔn nkuran. Afei wofii hɔ kɔe.

< Asomafoɔ 16 >