< Asomafoɔ 15 >
1 Ɛberɛ a Paulo ne Barnaba wɔ Antiokia no, nnipa bi firi Yudea bɛkyerɛkyerɛɛ anuanom no sɛ, “Sɛ moamma wɔantwa mo twetia sɛdeɛ Mose amanneɛ no kyerɛ no a, morennya nkwa.”
Then some men came down from Judea and started teaching the brothers, “Unless you are circumcised according to the custom of Moses, you cannot be saved.”
2 Paulo ne Barnaba ne wɔn gyee saa nkyerɛkyerɛ yi ho akyinnyeɛ dendeenden. Saa asɛm yi enti, Paulo ne Barnaba ne Antiokia asafo no mu nnipa bi kɔɔ Yerusalem kɔhunuu asomafoɔ no ne mpanimfoɔ faa saa nkyerɛkyerɛ yi ho.
Well this provoked serious dissension and argument between Paul and Barnabas and them, so Paul and Barnabas were appointed, along with certain others of them, to go up to Jerusalem to the apostles and elders about this question.
3 Asafo no gyaa wɔn kwan. Wɔrekɔ no, wɔfaa Foinike ne Samaria kaa amanamanmufoɔ gye a wɔagye asɛm no adi no kyerɛɛ wɔn. Nnipa yi tee saa asɛm yi no, wɔn ani gyee yie.
So being sent on their way by the congregation, they passed through Phoenicia and Samaria, describing the conversion of the Gentiles; and they caused great joy to all the brothers.
4 Wɔduruu Yerusalem no, asafo no, asomafoɔ no ne mpanimfoɔ a wɔkaa nneɛma a Onyankopɔn nam wɔn so ayɛ kyerɛɛ wɔn no gyee wɔn.
Upon arriving in Jerusalem, they were received by the congregation and the apostles and the elders, and they reported all that God had done with them.
5 Nanso, Farisifoɔ a wɔabɛyɛ agyidifoɔ no hyɛɛ sɛ, ɛsɛ sɛ wɔtwa amanamanmufoɔ a wɔagye asɛm no adi no nyinaa twetia na wɔdi Mose mmara no so.
But some of the sect of the Pharisees who believed rose up, saying, “It is necessary to circumcise them, and to command them to keep the Law of Moses.”
6 Asomafoɔ no ne mpanimfoɔ no hyiaeɛ, dwenee asɛm yi ho.
So the apostles and the elders came together to consider this matter.
7 Wɔdwennwenee ho wieeɛ no, Petro sɔre kasaa sɛ, “Me nuanom, monim sɛ berɛ bi a atwam no, Onyankopɔn yii me firii mo mu sɛ menka asɛmpa no nkyerɛ amanamanmufoɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wɔbɛte asɛmpa no na wɔagye adi.
When there had been plenty of discussion, Peter got up and said to them: “Men, brothers, you know that a good while ago God made a choice among you, that by my mouth the Gentiles should hear the message of the Gospel and believe.
8 Sɛdeɛ Onyankopɔn a ɔnim akoma mu no nam Honhom Kronkron a ɔma ɛbaa yɛn mu no so gyee yɛn too mu no, saa ara na ɔnam Honhom Kronkron no ara so agye amanamanmufoɔ nso atom.
And the heart-knowing God acknowledged them by giving them the Holy Spirit, just as He did to us;
9 Onyankopɔn anyɛ nyiyimu; ɔnam gyidie so tee wɔn akoma mu.
and He made no distinction between us and them, purifying their hearts by faith.
10 Adɛn enti na mopɛ sɛ mode adesoa duruduru a yɛn agyanom antumi ansoa, na yɛn nso antumi ansoa no soa agyidifoɔ no de sɔ Onyankopɔn hwɛ?
Now therefore, why do you test God by putting a yoke on the neck of the disciples that neither our fathers nor we have been able to bear?
11 Nanso, yɛgye di sɛ wɔnam Awurade Yesu Kristo adom so na agye yɛn nkwa sɛ wɔn ara.”
Rather, we believe that we are saved through the grace of the Lord Jesus, in the same manner as they.”
12 Ɛberɛ a Barnaba ne Paulo kaa anwanwadeɛ a Onyankopɔn nam wɔn so yɛɛ wɔ amanamanmufoɔ no mu maa nnipa a wɔahyia hɔ no teeɛ no, wɔyɛɛ dinn.
Then the whole assembly kept silent and listened to Barnabas and Paul reporting what signs and wonders God had done among the ethnic nations through them.
13 Wɔkasa wieeɛ no, Yakobo kaa sɛ, “Anuanom, montie me!
Now when they finished, James reacted saying: “Men, brothers, listen to me.
14 Seesei ara na Simon kyerɛɛ mu kyerɛɛ yɛn sɛ Onyankopɔn yii amanamanmufoɔ sɛ ne de, de kyerɛɛ dwene a ɔdwene wɔn ho.
Simeon has described how God first intervened to extract from the Gentiles a people for His name.
15 Adiyifoɔ no nsɛm a wɔkaeɛ no ne yei hyia, sɛdeɛ wɔatwerɛ Atwerɛsɛm no mu sɛ:
And with this the words of the prophets agree, just as it is written:
16 “‘Yei akyi, mɛsane aba abɛsi Dawid efie a abubu no. Mɛma deɛ adwirie no so, na ma sane masi bio,
‘After these things I will return, and I will rebuild David's tent, the fallen one; yes, I will rebuild its ruins and restore it;
17 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nnipa a wɔaka no, ne amanamanmufoɔ a me din da wɔn so no bɛhwehwɛ Awurade.’
so that the remnant of mankind may seek the Lord, even all the Gentiles—the ones, that is, upon whom my name has been called—says the Lord who does all these things.’
18 Awurade a ɔdaa yei adi ɛberɛ bi a atwam no, ɔno na ɔbɛyɛ yeinom nyinaa.” (aiōn )
All His works are known to God from eternity. (aiōn )
19 Yakobo toaa so sɛ, “Mʼadwene ne sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛha amanamanmufoɔ a wɔde wɔn ho rema Onyankopɔn no.
Therefore I judge that we should not create difficulty for those who are turning to God from among the ethnic nations,
20 Mmom, momma yɛntwerɛ nwoma nkɔka nkyerɛ wɔn sɛ, ɛnsɛ sɛ wɔdi aduane biara a wɔde ama abosom, ɛfiri sɛ, ɛho nte; afei, wɔntwe wɔn ho mfiri adwamammɔ ho, afei, wɔnnwe aboa a wɔantwa ne mene na ɔwuiɛ; bio, wɔnnni mogya nso.
but that we write to them to abstain from things polluted by idols, from fornication, from what is strangled, and from blood.
21 Ɛfiri tete, Homeda biara, wɔkenkan saa Mose mmara yi wɔ hyiadan mu, na wɔka ɛho nsɛm nso wɔ kuro biara mu.”
For from ancient generations Moses has in every city those who preach him, being read in the synagogues every Sabbath.”
22 Asomafoɔ ne mpanimfoɔ ne asafo no mu nnipa nyinaa hyiaeɛ, yɛɛ adwene sɛ wɔbɛyi nnipa bi afiri kuo no mu aka Paulo ne Barnaba ho na wɔakɔ Antiokia. Wɔyii mmarima atitire baanu a wɔn din de Yuda, a wɔfrɛ no Barsaba ne Silas.
Then it pleased the apostles and the elders, with the whole congregation, to send chosen men from among them to Antioch with Paul and Barnabas: Judas (the one called Barsabas) and Silas, leading men among the brothers.
23 Nwoma a wɔde ma wɔkɔeɛ no mu nsɛm nie: Anuanom amanamanmufoɔ a mote Antiokia, Siria ne Kilikia, Asomafoɔ ne mpanimfoɔ ne anuanom a wɔwɔ Yerusalem no kyea mo.
They wrote by their hand the following: “The apostles and the elders and the brothers, to the Gentile brothers in Antioch, Syria and Cilicia: Greetings.
24 Yɛtee sɛ anuanom bi a yɛmmaa wɔn tumi firi yɛn mu nam wɔn nkyerɛkyerɛ so tanee mo ani, haa mo adwene.
Since we have heard that some who went out from among us have disturbed you with words, unsettling your souls, saying that you must be circumcised and keep the Law—to whom we gave no such authorization—
25 Yei enti, yɛatu nnipa bi sɛ wɔmmra mo nkyɛn. Saa nnipa no ne Paulo ne Barnaba
it seemed good to us, having come to one accord, to choose men to send to you with our beloved Barnabas and Paul,
26 a wɔde wɔn nkwa abɔ afɔdeɛ ama Awurade Yesu Kristo no na ɛbɛba.
men who have risked their lives for the sake of the name of our Lord Jesus Christ.
27 Afei, yɛresoma Yuda ne Silas a wɔbɛba abɛka asɛm korɔ no ara a ɛwɔ nwoma yi mu no akyerɛ mo.
So we have sent Judas and Silas, who will also confirm these things by word of mouth.
28 Honhom Kronkron ne yɛn ayɛ adwene sɛ, saa ahyɛdeɛ yi akyi no, yɛremfa adesoa foforɔ bi a emu yɛ duru nnsoa mo;
It seemed good to the Holy Spirit, and to us, to place no greater burden upon you than these necessary things:
29 monnni aduane a wɔde ama abosom; saa ara nso na monnni mogya. Monnwe aboa a wɔantwa ne mene na ɔwuiɛ. Bio, montwe mo ho mfiri adwamammɔ ho. Sɛ motumi di saa ahyɛdeɛ yi so a, ɛbɛsi mo yie. Yɛsane kyea mo.
to abstain from things offered to idols, from ‘blood’, from anything strangled and from fornication; it will be in your own best interest to keep away from these things. Farewell.”
30 Wɔgyaa nnipa no kwan maa wɔkɔɔ Antiokia. Wɔduruu hɔ no, wɔhyiaa agyidifoɔ no de nwoma no maa wɔn.
So when they were sent off they came to Antioch, and gathering the crowd they delivered the letter.
31 Agyidifoɔ no kenkanee nwoma no no, emu nkuranhyɛsɛm no maa wɔn ani gyeeɛ.
When they had read it, they rejoiced over the encouragement.
32 Yuda ne Silas a wɔyɛ adiyifoɔ no ne anuanom no kasa kyɛreeɛ, hyɛɛ wɔn nkuran.
Both Judas and Silas, also being prophets themselves, encouraged and strengthened the brothers with many words.
33 Wɔdii nna kakra wɔ hɔ no, anuanom no gyaa wɔn kwan asomdwoeɛ mu maa wɔsane kɔɔ anuanom a wɔsomaa wɔn no nkyɛn dwoodwoo.
After some time, they were released with peace from the brothers to the apostles.
34 Nanso, Silas de, wankɔ bi.
35 Paulo ne Barnaba dii nna kakra wɔ Antiokia, boaa anuanom bi maa wɔkyerɛkyerɛeɛ, kaa Awurade asɛm.
But Paul and Barnabas remained in Antioch, teaching and preaching the Word of the Lord, with many others also.
36 Nna bi akyi no, Paulo ka kyerɛɛ Barnaba sɛ, “Ma yɛnsane nkɔsra anuanom a wɔwɔ nkuro a yɛaka Awurade asɛm wɔ so no nyinaa nkɔhwɛ sɛdeɛ wɔrekɔ so wɔ gyidie mu.”
Some time later Paul said to Barnabas, “Let us return now and visit our brothers in each city where we proclaimed the word of the Lord, to see how they are doing.”
37 Barnaba pɛɛ sɛ wɔde Yohane Marko ka wɔn ho kɔ,
Now Barnabas resolved to take John (the one called Mark) along as well.
38 nanso Paulo ampene so, ɛfiri sɛ, wɔwɔ Pamfilia no, ɔgyaa wɔn hɔ a ɔne wɔn antena hɔ ankɔsi awieeɛ.
But Paul insisted on not taking someone who had deserted them in Pamphilia and not gone with them to the work.
39 Akasakasa a emu yɛ den sii wɔn ntam maa wɔn mu teteeɛ. Barnaba faa Marko ne no kɔɔ Kipro
Well the contention became so sharp that they separated from each other. Barnabas took Mark and sailed to Cyprus;
40 na Paulo nso faa Silas. Anuanom no de wɔn hyɛɛ Onyankopɔn adom nsa maa wɔfirii hɔ kɔeɛ.
while Paul chose Silas and set out, having been commended by the brothers to the grace of God.
41 Ɔkɔfaa Siria ne Kilikia hyɛɛ asafo no den.
He went through Syria and Cilicia, strengthening the congregations.