< Asomafoɔ 13 >
1 Adiyifoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ a na wɔwɔ Antiokia asafo no mu bi ne Barnaba ne Simeon, a na wɔfrɛ no “Onipa Tuntum,” Lukio a ɔyɛ Kireneni, Manaen, a ɔne Ɔhene Herode yɛ atipɛnfoɔ, ne Saulo.
Були ж у церкві, що була в Антиохиї, деякі пророки та вчителі: Варнава та Симеон, званий Нигером, та Лукий Киринейський, та Манаіл, зрощений з Іродом четверовластником, та Савло.
2 Ɛberɛ a wɔresom Awurade na wɔredi mmuada no, Honhom Kronkron no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monyi Barnaba ne Saulo na wɔnkɔdi dwuma a ɛno enti mafrɛ wɔn no mma me.”
Як же служили Господеві та постили, рече Дух сьвятий: Відлучіть мені Варнаву та Савла на діло, до котрого покликав я їх.
3 Wɔdii mmuada, bɔɔ mpaeɛ, de wɔn nsa guu wɔn so, somaa wɔn.
Тоді вони, попостивши та помолившись і положивши руки на них, відпустили їх.
4 Honhom Kronkron somaa wɔn no, wɔkɔɔ Seleukia. Wɔfiri hɔ no, wɔtoaa wɔn akwantuo no so kɔduruu Kipro.
Вони ж, послані від Духа сьвятого, прийшли у Селевкию, а звідтіля відплили в Кипр.
5 Wɔduruu Salami no, wɔkaa Onyankopɔn asɛm wɔ Yudafoɔ hyiadan mu. Saa ɛberɛ no, na Yohane Marko ka wɔn ho sɛ ɔsomfoɔ.
І, бувши в Саламинї, проповідували слово Боже по школах Жидівських, мали ж і Йоана за слугу.
6 Wɔtwaam wɔ supɔ no so kɔduruu Pafo, na ɛhɔ na wɔhyiaa Yudani nkonyaayifoɔ bi a ɔfrɛ ne ho sɛ odiyifoɔ a na ne din de Bar-Yesu.
Пройшовши ж остров аж до Пафи, знайшли одного чарівника, Жидівського лжепророка, на ймя Вар-Ісуса,
7 Na nʼadamfo ne amrado a ɔwɔ supɔ no so a ne din de Sergio Paulo no. Saa amrado a na ɔnim nyansa yie no soma ma wɔkɔfrɛɛ Barnaba ne Saulo, ɛfiri sɛ, na ɔrepɛ Onyankopɔn asɛm atie.
котрий був у старости Сергія Павла, чоловіка розумного. Сей, покликавши Варнаву та Савла, бажав слухати слово Боже.
8 Nanso, nkonyaayifoɔ Bar-Yesu a, Hela kasa mu wɔfrɛ no Elima no ampene so, ɛfiri sɛ, na ɔmpɛ sɛ amrado yi bɛtie Onyankopɔn asɛm.
Противив ся ж їм Єлима чарівник (так бо перекладаєть ся імя його), шукаючи одвернути старосту од віри.
9 Afei, Honhom Kronkron bɛhyɛɛ Saulo a ne din de Paulo no ma maa ɔhwɛɛ nkonyaayifoɔ Elima dinn kaa sɛ,
Савло ж, - (він же) й Павел, сповнившись сьвятим Духом, і подивившись на него,
10 “Ɔbonsam ba a ɔte sɛ wo! Wommpɛ ade pa biara yie. Nnaadaa ahodoɔ ahyɛ wo ma. Ɛberɛ biara, wopɛ sɛ wodane Awurade nokwasɛm ani ma ɛyɛ nkontomposɛm!
сказав: Ой ти, повний усякого підступу і всякого зла, сину дияволів, вороже всякої правди! чи (нїколи) не перестанеш розвертати праві дороги Господні?
11 Awurade bɛtwe wʼaso ama wʼani afira a worenhunu adeɛ firi saa ɛberɛ yi de kɔsi berɛ bi.” Ɛhɔ ara Elima ani firaeɛ a na ɔde ne nsa rekeka sɛ ɔbɛnya obi asɔ ne mu anaa.
Оце ж рука Господня на тебе, й будеш слїпий, і не бачити меш сонця до часу. І зараз обняв його туман і темрява й слоняючись (мацяючи) шукав, хто б його провів за руку.
12 Amrado no hunuu asɛm a asi no, ɔgyee Awurade asɛm no diiɛ. Awurade ho asɛm a ɔteeɛ no maa ne ho dwirii no.
Тодї видївши староста, що сталось, увірував, дивуючись наукою Господньою.
13 Paulo ne nʼahokafoɔ no tenaa ɛhyɛn mu firii Pafo kɔɔ Perge a ɛwɔ Pamfilia no; ɛhɔ na Yohane a ne din baako nso ne Marko no gyaa wɔn hɔ sane kɔɔ Yerusalem.
Пустивши ся ж із Пафи ті, що круг Павла, прийшли в Пергию Панфилську; Йоан же, відлучившись від них, вернувсь у Єрусалим.
14 Wɔfiri Perge no, wɔkɔɔ Antiokia a ɛwɔ Pisidia. Ɛduruu Homeda no, wɔkɔɔ hyiadan mu kɔsomeeɛ.
Вони ж, перейшовши з Пергиї, прибули в Антиохию Писидийську, і ввійшовши в школу субітнього дня, посідали.
15 Wɔkenkan Mose Mmara no ne Adiyifoɔ no nsɛm wieeɛ no, hyiadan no mu mpanimfoɔ no soma kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Anuanom, sɛ mowɔ asɛm bi a mobɛka de ahyɛ nnipa no nkuran a, mowɔ ho kwan sɛ moka.”
Як же прочитано з закону та пророків, післала старшина шкільна до них, говорячи: Мужі брати, коли маєте слово утїшення до людей, то промовте.
16 Afei, Paulo sɔre gyinaeɛ, nyamaa ne nsa hyɛɛ aseɛ kasaa sɛ, “Me nuanom Israelfoɔ ne amanamanmufoɔ a mowɔ ha a mosom Onyankopɔn no, montie me!
Вставши ж Павел і повівши рукою, рече: Мужі Ізраїлські і богобоязливі, слухайте:
17 Israel Onyankopɔn yii yɛn nananom ma wɔyɛɛ ɔman kɛseɛ ɛberɛ a na wɔte Misraim asase so no. Onyankopɔn nam ne tumi kɛseɛ so yii wɔn firii Misraim,
Бог народу Ізраїлського вибрав отців наших, і підняв угору народ, як був він захожим у землї Єгипецькій, і рамям високим вивів їх з неї.
18 na ɔhwɛɛ wɔn so wɔ ɛserɛ so mfeɛ aduanan.
І до сорока літ годував їх у пустині.
19 Ɔsɛee amanaman nson wɔ Kanaan asase so na ɔde asase no maa ne nkurɔfoɔ,
А зруйнувавши, сїм народів у землї Канаанській, попаював їм землю їх.
20 maa wɔtenaa so mfeɛ ahanan ne aduonum. Yei akyi no, ɔmaa atemmufoɔ dii wɔn so kɔsii sɛ Odiyifoɔ Samuel baeɛ.
А після сього лїт з чотириста й пятьдесять давав (їм) суддів до Самуїла пророка.
21 Ɛberɛ a wɔpɛɛ sɛ wɔnya ɔhene ma ɔdi wɔn so no, Onyankopɔn de Kis ba Saulo a ɔfiri Benyamin abusua mu no maa wɔn maa ɔdii wɔn so mfeɛ aduanan.
А потім забажали вони царя, і дав їм Бог Саула, сина Кисового, чоловіка з роду Веняминового, на сорок лїт.
22 Onyankopɔn tuu Saulo adeɛ so na ɔde Dawid sii nʼanan mu. Asɛm a Onyankopɔn ka faa Dawid ho ne sɛ, ‘Mahunu sɛ Yisai ba Dawid ne onipa a mepɛ no; ɔyɛ onipa a ɔbɛyɛ deɛ mepɛ nyinaa.’
А відсунувши його, підняв їм Давида за царя, котрому сьвідкуючи, рече: Знайшов я Давида сина Єссеєвого, чоловіка по серцю моєму, котрий вчинить усю волю мою.
23 “Sɛdeɛ Onyankopɔn hyɛɛ ho bɔ no, Yesu a ɔyɛ Dawid aseni no na ɔyɛɛ no Israelfoɔ Agyenkwa.
Із його ж насіння підняв Бог по обітуванню Ізраїлеві Спаситедя Ісуса,
24 Ansa na Yesu rebɛfiri nʼadwuma ase no, Yohane kaa adwensakyera ho asɛm kyerɛɛ Israelfoɔ sɛ, wɔnsakyera mfiri wɔn bɔne ho na wɔmma wɔmmɔ wɔn asu.
перед котрого приходом проповідував Йоан хрещеннє покаяння всьому народові Ізраїлевому.
25 Ansa na Yohane rebɛwie nʼasɛnka no, ɔbisaa nnipa no sɛ, ‘Mosusu sɛ meyɛ hwan? Ɛnyɛ me ne onipa a moretwɛn no no. Ɛrenkyɛre biara, deɛ moretwɛn no no bɛba, na mensɛ sɛ mɛworɔ ne mpaboa afiri ne nan.’
Сповнивши ж Йоан путь свій, рече: Хто я, думаєте ви? Се не я. А ось іде за мною, котрому я недостоєн обувє ніг розвязати.
26 “Me nuanom Abraham asefoɔ ne amanamanmufoɔ a mosom Onyankopɔn a mowɔ ha, yɛn enti na Onyankopɔn soma maa wɔde saa nkwagyesɛm yi abrɛ yɛn.
Мужі брати, синове роду Авраамового, і всі богобоязливі між вами, вам слово спасення сього послано.
27 Esiane sɛ na nnipa a na wɔte Yerusalem ne wɔn mpanimfoɔ nnim sɛ ɔno ne Agyenkwa no, na wɔnte adiyifoɔ no nsɛm a wɔkenkan no Homeda no ase no enti, wɔbuu Yesu kumfɔ, maa adiyifoɔ no nsɛm no baa mu.
Ті бо, що жили в Єрусалимі, і князї їх, не зрозумівши сього і голосів пророчих, читаних що - суботи, сповнили їх, осудивши Його,
28 Ɛwom sɛ wɔannya afɔbusɛm bi annyina so ammu no kumfɔ de, nanso wɔsrɛɛ Pilato sɛ ɔnkum no.
і, не знайшовши нїякої вини смерти, просили Пилата убити Його.
29 Wɔyɛɛ biribiara a Atwerɛsɛm no ka fa ne ho wieeɛ no, wɔyii no firii asɛnnua no so kɔsiee no.
Як же скінчилось усе, що пре Него писано, знявши з дерева, положили у гробі;
30 Nanso, Onyankopɔn maa ɔsɔre firii awufoɔ mu,
Бог же воскресив Його з мертвих,
31 ne wusɔreɛ akyi no, na ɔtaa yi ne ho adi kyerɛ wɔn a na wɔne no tu kwan firi Galilea kɔ Yerusalem no. Wɔn ne nnipa a wɔdi ne ho adanseɛ kyerɛ Israelfoɔ no.
Многі днї являв ся Він тим, що поприходили з Ним з Галилеї в Єрусалим; вони сьвідки Його перед людьми.
32 “Afei, yɛwɔ ha sɛ yɛrebɛka asɛmpa no akyerɛ mo sɛ, Onyankopɔn nam sɔre a ɔmaa Yesu Kristo sɔre firii awufoɔ mu no so ama bɔ a ɔhyɛɛ yɛn nananom no aba mu.
А ми вам благовіствуємо обітуваннє, дане отцям,
33 Yei ne deɛ wɔatwerɛ wɔ Nnwom a ɛtɔ so mmienu mu no sɛ, “‘Woyɛ me ba; ɛnnɛ, mayɛ wʼAgya.’
що його Бог сповнив нам, дітям їх, піднявши Ісуса, як і в другій псальмі написано: Син мій єси Ти; я сьогодні родив Тебе.
34 Asɛm a Onyankopɔn ka faa sɔre a ɔmaa no sɔre firii awufoɔ mu na ɔrensane nkɔ porɔeɛ mu no ne sɛ, “‘Mede nhyira kronkron a mehyɛɛ Dawid ho bɔ no bɛhyira wo.’
А що воскресив Його з мертвих, так, що більш не вернеть ся на зотлїннє, то так глаголав: дам вам сьвятий Давидів завіт.
35 Wɔaka no baabi nso sɛ, “‘Woremma wo Kronkronni no mporɔ.’
Тим і в иншій (псальмі) глаголе: Не даси Сьвятому твоєму видїти зотлїння.
36 “Dawid ɛberɛ so, ɔsomm Onyankopɔn kɔsii sɛ ɔwuiɛ ma wɔsiee no ne nananom nkyɛn pɛɛ, na ɔporɔeɛ.
Давид бо, послуживши своєму родові, Божою волею уснув, і положено його до батьків його, і ввидїв зотлїннє;
37 Nanso, deɛ Onyankopɔn nyanee no firii awufoɔ mu no amporɔ.
Той же, що Його Бог підняв, не видїв зотлїння.
38 “Anuanom, ɛsɛ sɛ mo nyinaa te aseɛ sɛ, ɛnam Yesu so na wɔka bɔne fakyɛ ho asɛm kyerɛ mo.
Відоме ж нехай буде вам, мужі к брати, що через Него вам прощеннє гріхів проповідуєть ся;
39 Ɛsɛ sɛ mote aseɛ sɛ, obiara a ɔgye no di no, wɔabu no bem a anka Mose mmara ntumi mmu no no.
і від чого не могли ви у законі: , Мойсейовім справдити ся, у Тому всякий віруючий оправдуєть ся.
40 Monhwɛ yie na adiyifoɔ no nkɔm a wɔhyɛɛ yi amma no so:
Гледїть же, щоб не прийшло на вас те, що сказано в пророків:
41 “‘Mo fɛdifoɔ! Momma ɛnyɛ mo nwanwa na mo ho nnwiri mo! Ɛfiri sɛ, merebɛyɛ biribi wɔ mo berɛ so, na sɛ obi ka kyerɛ mo a, morennye nni!’”
Дивіть ся, гордівники, та дивуйтесь, та й пощезайте, бо дїло роблю я в днї ваші, діло, котрому не увірили б, коли б хто розказував вам.
42 Paulo ne Barnaba refiri asɔredan no mu no, nnipa no srɛɛ wɔn sɛ Homeda a ɛreba no, wɔmmra mmɛkyerɛkyerɛ wɔn bio.
Як же виходили вони з школи, просили їх погане, щоб і другої суботи говорили слова сї.
43 Nnipa no wiee nhyiamu no, Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ bebree a wɔasakyera aba Yudasom mu no tu dii Paulo ne Barnaba akyi. Asomafoɔ no tuu wɔn fo, hyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔntena ase Onyankopɔn adom mu.
Як же розійшлась школа, тоді многі з Жидів і побожних нововірцїв ішли слїдом за Павлом та Варнавою, котрі, розмовляючи з ними, напоминали їх, щоб пробували в благодатї Божій.
44 Homeda a ɛdi so no duruiɛ no, ɛkame ayɛ sɛ wɔn a wɔte kuro no mu no nyinaa bɛtiee Awurade asɛm.
А другої суботи мало не ввесь город зібрав ся слухати слово Боже.
45 Yudafoɔ no hunuu nnipakuo no, wɔn ani bereeɛ, ma wɔsɔre gyee nsɛm a Paulo reka no ho akyinnyeɛ, kasa tiaa no.
Видївши ж Жиди народ, сповнились завистю, і перечили речам Павла та хулили.
46 Nanso, Paulo ne Barnaba de akokoɔduru kɔɔ so kaa sɛ, “Mone nnipa a ɛsɛ sɛ wɔka Onyankopɔn asɛm no kyerɛ mo kane. Na sɛ moapo, na mommu mo ho sɛ nkwa a ɛnni awieeɛ ho hia mo enti a, yɛbɛgya mo hɔ akɔ amanamanmufoɔ no nkyɛn. (aiōnios )
Озвавшись Павел та Варнава, сказали сьміливо: До вас треба було перше промовити слово Боже; коли ж відкинули ви його і вважаєте себе за недостойних життя вічнього, то ось обертаємось до поган. (aiōnios )
47 Ahyɛdeɛ a Awurade de ama yɛn ne sɛ, “‘Mɛma mo ayɛ amanamanmufoɔ nyinaa kanea; ɛnam mo so na wɔbɛgye ewiasefoɔ nyinaa nkwa.’”
Так бо заповів нам Господь: Я поставив тебе сьвітлом поганам, щоб був ти на спасеннє до краю землї.
48 Amanamanmufoɔ no tee saa asɛm yi no, wɔn ani gyeeɛ na wɔkamfoo Awurade asɛm no, na wɔn a wɔayi wɔn ama nkwa a ɛnni awieeɛ no bɛyɛɛ agyidifoɔ. (aiōnios )
Слухаючи ж погане, зраділи, і прославляли слово Господнє, і увірували, скільки було їх призначено до вічнього життя. (aiōnios )
49 Na Awurade asɛm no trɛɛ ɔmantam no mu nyinaa.
Розносило ся ж слово Боже по всій тій сторонї.
50 Nanso, Yudafoɔ no tuu nnipa atitire a wɔwɔ kuro no mu no ne mmaa Nyamesurofoɔ a na wɔwɔ hɔ bi a wɔdi mu no aso maa wɔtaa Paulo ne Barnaba, pamoo wɔn firii ɔman no mu.
Жиди ж наустили побожних та І поважних жінок і перших у городі, і підняли гоненнє на Павла та Варнаву, та й вигнали їх із гряниць своїх.
51 Nanso, asomafoɔ no poroporoo wɔn nan ase mfuturo guu wɔn so firii hɔ kɔɔ Ikoniom.
Вони ж обтрусивши порох од ніг своїх на них, пійшли в Іконию.
52 Anigyeɛ ne Honhom Kronkron hyɛɛ asuafoɔ a na wɔwɔ Antiokia no ma.
Ученики ж сповнились радощами та сьвятим Духом.