< Asomafoɔ 12 >
1 Saa ɛberɛ yi mu ara na Ɔhene Herode kyekyeree asafomma no bi hyɛɛ aseɛ yɛɛ wɔn ayayadeɛ.
NOW at that time Herod the king stretched forth his hand to treat cruelly certain persons belonging to the church.
2 Ɔde akofena kumm Yohane nua Yakobo.
And he slew James the brother of John with a sword.
3 Ɔhunuu sɛ Yudafoɔ no ani gye deɛ ɔyɛeɛ no ho no, ɔmaa wɔkɔkyeree Petro nso. Asɛm yi sii Apiti Afahyɛ no mu.
And seeing how agreeable this was to the Jews, he proceeded to seize Peter also. (Then were the days of unleavened bread.)
4 Wɔkyeree Petro no, wɔde no too afiase a na asraafoɔ baanan na wɔwɛn no ɛberɛ biara. Herode yɛɛ nʼadwene sɛ, Twam Afahyɛ no akyi, ɔbɛdi nʼasɛm wɔ ɔman no anim.
Whom having apprehended, he put him in prison, delivering him to four quaternions of soldiers to keep guard over him; intending after the Passover to bring him forth to the people for execution.
5 Ɛberɛ a na Petro da afiase no nyinaa, na asafo no bɔ mpaeɛ denden, srɛ Onyankopɔn sɛ ɔnhwɛ ne so.
So then Peter was kept in prison: but fervent prayer was offered up by the church to God for him.
6 Anadwo a adeɛ rebɛkye ama Herode adi Petro asɛm wɔ ɔman no anim no, na Petro da asraafoɔ baanu ntam a wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn mmienu agugu no asesa asraafoɔ baanu a wɔwɛn no no. Na asraafoɔ baanu nso rewɛn afiase ɛpono no ano.
Now when Herod was going to bring him forth, the same night was Peter fast asleep between the two soldiers, fastened to them with two chains: and the guards before the door kept the prison.
7 Amonom hɔ ara, Onyankopɔn ɔbɔfoɔ bɛgyinaa afiase hɔ maa ɛhɔ hyerɛneeɛ. Ɔbɔfoɔ no wosoo Petro, nyanee no, ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɔre ntɛm!” Ɛhɔ ara, nkɔnsɔnkɔnsɔn no tete firii Petro nsa.
And, lo! an angel of the Lord stood there, and light glared through the apartment: then with a stroke on Peter’s side, he roused him up, and said, Arise quickly. And his chains fell from his hands.
8 Afei, ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ Petro sɛ, “Hyɛ wʼatadeɛ ne wo mpaboa. Petro wieeɛ no, ɔbɔfoɔ no sane ka kyerɛɛ no sɛ, Fira wo ntoma na di mʼakyi.”
And the angel said to him, Gird thyself up, and bind on thy sandals. And he did so. And he said unto him, Wrap thyself in thy mantle, and follow me.
9 Petro dii nʼakyi firii adi. Wɔrekɔ no, na ɛyɛ no sɛ adaeɛso anaa anisoadehunu, ɛfiri sɛ, na ɔnnye nni sɛ ɛyɛ asɛm pa ara.
And going out, he followed him; and knew not that it was a reality which was done by the angel; but he supposed he saw a vision.
10 Wɔtwaa awɛmfoɔ a wɔdi ɛkan no ne wɔn a wɔtɔ so mmienu no ho bɛduruu dadeɛ ɛpono a ɛda kuro no ano no ho. Wɔduruu hɔ no ɛpono no ankasa bue maa wɔfaa mu kɔeɛ. Wɔfaa borɔno bi so kɔɔ animu kakra, na afei ɔbɔfoɔ no gyaa Petro hɔ.
So passing through the first ward and the second, they came to the iron door which leads into the city, which opened to them spontaneously: and being come out, they walked forward through one street; and immediately the angel departed from him.
11 Petro ani baa ne ho so maa ɔkaa sɛ, “Afei, mahunu sɛ deɛ ɛsiiɛ no nyinaa yɛ nokorɛ! Awurade somaa ne ɔbɔfoɔ na ɔbɛgyee me firii Herode nsam ne deɛ Yudafoɔ hwehwɛɛ sɛ wɔyɛ me no mu.”
And Peter coming to himself, said, Now I know assuredly, that the Lord hath sent his angel, and hath delivered me from the hand of Herod, and all the eager expectation of the people of the Jews.
12 Petro hunuu deɛ asi no, ɔkɔɔ Yohane a na wɔfrɛ no Marko no maame a ne din de Maria no fie. Saa ɛberɛ no, na nnipa bebree ahyia wɔ hɔ rebɔ mpaeɛ.
And after considering with himself, he went to the house of Mary the mother of John, who is surnamed Mark; where many were thronged together, and praying.
13 Petro bɔɔ abɔntenpono no mu, na abaayewa bi a wɔfrɛ no Roda bɛtieeɛ.
Peter then knocking at the door of the gatetway, there came a damsel to ask who was there, named Rhoda.
14 Ɛberɛ a ɔtee nne no, anigyeɛ enti, wammue ɛpono no. Ɔsane nʼakyi kɔbɔɔ amaneɛ sɛ, “Petro gyina ɛpono no akyi.”
And well knowing Peter’s voice, she opened not the door for joy; but running in, told that Peter was standing before the door.
15 Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Gyama worebɔ dam.” Nanso, ɔkɔɔ so kaa sɛ ɛyɛ nokorɛ. Wɔn nso ka kyerɛɛ no sɛ, “Gyama ne saman.”
But they said, Thou art raving. But she confidently persisted that it was so. Then they said, It is his angel.
16 Petro kɔɔ so bɔɔ ɛpono no akyi. Wɔbueeɛ a wɔhunuu Petro no, wɔn ho dwirii wɔn.
But Peter continued knocking: and they opened the door and saw him, and were astonished.
17 Ɔde ne nsa nyamaa wɔn sɛ wɔnyɛ komm. Ɔkaa ɛkwan a Awurade nam so yii no firii afiase no kyerɛɛ wɔn. Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monka asɛm a asi yi nkyerɛ Yakobo ne anuanom a wɔaka no.” Afei, ɔfirii hɔ kɔɔ baabi foforɔ.
Then beckoning with the hand that they should be silent, he informed them in what manner the Lord had brought him out of the prison. And he said, Tell James and the brethren these things. And departing thence he went into another place.
18 Adeɛ kyeeɛ no, awɛmfoɔ no ho yeraa wɔn yie sɛ wɔnhunu faako a Petro afa.
Now when the day broke, there was no small stir among the soldiers, what could possibly become of Peter.
19 Herode hyɛɛ sɛ wɔnhwehwɛ no, nanso wɔanhunu no. Wɔdii awɛmfoɔ no asɛm, buu wɔn kumfɔ. Yei akyi no, Herode firii Yudea kɔɔ Kaesarea kɔtenaa hɔ kakra.
And Herod sought him out earnestly, but not being able to find him, after having examined the guards strictly, he commanded them to be executed. And going down from Jerusalem to Caesarea, took up his abode there.
20 Ɛberɛ a Herode wɔ Kaesarea no, abɔfoɔ bi a wɔasoma wɔn firi Tiro ne Sidon bɛhunuu no. Na Herode bo afu Tirofoɔ ne Sidonfoɔ. Nanso, abɔfoɔ yi dwane toaa Blasto a na ɔyɛ dabehene no sɛdeɛ ɛbɛyɛ a asomdwoeɛ bɛba, ɛfiri sɛ, na saa nkuro yi nya wɔn nnuane nyinaa firi Herode asase so.
Now Herod was fiercely bent on war against the Tyrians and Sidonians: but they presented themselves unanimously before him, and ingratiating themselves with Blastus who was over the king’s bedchamber, they begged for peace; because their country received all their supply of provisions from the king’s territories.
21 Wɔtuu da bi sii hɔ maa Herode penee so. Ɛda no duruiɛ no, ɔhyɛɛ nʼahentadeɛ tenaa nʼahennwa so, kasa kyerɛɛ wɔn.
Then on a day appointed, Herod, arrayed in royal apparel, and seated on his throne, made an harangue unto them.
22 Herode kasa wieeɛ no, nnipa no kaa sɛ, “Ɔkasa sɛ onyame bi.”
And the populace shouted, It is the voice of a god, and not a man.
23 Ɛhɔ ara Onyankopɔn ɔbɔfoɔ bɛbɔɔ no maa ɔyareeɛ. Ɔdɔree mmoa ma ɔwuiɛ, ɛfiri sɛ, wamfa obuo amma Onyankopɔn.
But instantly the angel of the Lord smote him, because he gave not the glory to God: and being devoured with worms, he expired.
24 Onyankopɔn asɛm kɔɔ so trɛ maa nnipa bebree gye diiɛ.
But the word of the Lord increased, and was widely diffused.
25 Barnaba ne Saulo wiee wɔn dwumadie no, wɔsane wɔn akyi firii Yerusalem a na Yohane a wɔfrɛ no Marko no ka wɔn ho.
Then Barnabas and Saul departed from Jerusalem, having completed the distribution of the sum entrusted with them; and they took with them John, whose surname was Mark.