< Asomafoɔ 11 >
1 Asomafoɔ ne agyidifoɔ a wɔwɔ Yudea nyinaa tee sɛ amanamanmufoɔ no nso agye Onyankopɔn asɛm no adi.
Or gli apostoli e i fratelli che erano per la Giudea, intesero che i Gentili aveano anch’essi ricevuto la parola di Dio.
2 Petro kɔɔ Yerusalem no, Yudafoɔ agyidifoɔ no ne no nyaa akasakasa kaa sɛ,
E quando Pietro fu salito a Gerusalemme, quelli della circoncisione questionavano con lui, dicendo:
3 “Woakɔ wɔn a wɔnnyɛ twetiatwafoɔ no nkyɛn ne wɔn akɔdidi.”
Tu sei entrato da uomini incirconcisi, e hai mangiato con loro.
4 Petro bɔɔ wɔn biribiara a ɛsii no ho amaneɛ sɛ,
Ma Pietro prese a raccontar loro le cose per ordine fin dal principio, dicendo:
5 “Na merebɔ mpaeɛ wɔ Yopa na menyaa anisoadehunu. Mehunuu biribi a ɛte sɛ ntoma kɛseɛ a wɔakyekyere nʼafannan sɛ ɛfiri ɔsoro resiane ba fam reba abɛsi me ho.
Io ero nella città di Ioppe in preghiera, ed in un’estasi, ebbi una visione; una certa cosa simile a un gran lenzuolo tenuto per i quattro capi, scendeva giù dal cielo, e veniva fino a me;
6 Mehwɛɛ mu no, mehunuu ntɔteboa ahodoɔ, mmoa a wɔwea ne wiram nnomaa.
ed io, fissatolo, lo considerai bene, e vidi i quadrupedi della terra, le fiere, i rettili, e gli uccelli del cielo.
7 Afei, nne bi ka kyerɛɛ me sɛ, ‘Petro! Sɔre! Kum na we!’
E udii anche una voce che mi diceva: Pietro, lèvati, ammazza e mangia.
8 “Mebuaa sɛ, ‘Dabi, Awurade! Mennii biribiara a ɛho nteɛ da.’
Ma io dissi: In niun modo, Signore; poiché nulla d’immondo o di contaminato mi è mai entrato in bocca.
9 “Ɛnne no ka kyerɛɛ me bio sɛ, ‘Biribiara a Onyankopɔn ate ho no, nka sɛ ɛho nte.’
Ma una voce mi rispose per la seconda volta dal cielo: Le cose che Dio ha purificate, non le far tu immonde.
10 Saa anisoadehunu yi baa mprɛnsa, na ɛsane kɔɔ ɔsoro.
E ciò avvenne per tre volte; poi ogni cosa fu ritirata in cielo.
11 “Saa ɛberɛ no ara mu, nnipa baasa a wɔasoma wɔn firi Kaesarea no bɛduruu efie a na mete mu no mu.
Ed ecco che in quell’istante tre uomini, mandatimi da Cesarea, si presentarono alla casa dov’eravamo.
12 Honhom Kronkron ka kyerɛɛ me sɛ, menntwentwɛn me nan ase na me ne wɔn nkɔ. Saa agyidifoɔ baasa yi a wɔfiri Yopa no kaa me ho kɔɔ Kaesarea maa yɛn nyinaa kɔɔ Kornelio efie.
E lo Spirito mi disse che andassi con loro, senza farmene scrupolo. Or anche questi sei fratelli vennero meco, ed entrammo in casa di quell’uomo.
13 Ɔkaa sɛdeɛ ɔhunuu ɔsoro ɔbɔfoɔ wɔ ne fie maa ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Soma kɔ Yopa kɔfrɛ ɔbarima bi a ne din de Simon Petro no.
Ed egli ci raccontò come avea veduto l’angelo che si era presentato in casa sua e gli avea detto: Manda a Ioppe, e fa chiamare Simone, soprannominato Pietro;
14 Ɔno na ɔbɛka nsɛm a ɛbɛgye wo ne wo fiefoɔ nyinaa nkwa akyerɛ mo.’
il quale ti parlerà di cose, per le quali sarai salvato tu e tutta la casa tua.
15 “Ɛberɛ a mehyɛɛ aseɛ kasaeɛ no, Honhom Kronkron baa wɔn so sɛdeɛ yɛn nso ahyɛaseɛ no, ɛbaa yɛn so no ara pɛ.
E come avevo cominciato a parlare, lo Spirito Santo scese su loro, com’era sceso su noi da principio.
16 Ɛhɔ ara mekaee asɛm a Awurade kaa sɛ, ‘Yohane de nsuo na ɛbɔɔ asu na mo de, wɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu’ no.
Mi ricordai allora della parola del Signore, che diceva: “Giovanni ha battezzato con acqua, ma voi sarete battezzati con lo Spirito Santo”.
17 Sɛ Onyankopɔn ama wɔn akyɛdeɛ a ɛberɛ a yɛgyee Awurade Yesu Kristo diiɛ no ɔmaa yɛn bi no a, ɛnneɛ me sɛɛ ne hwan a mɛsi Onyankopɔn kwan.”
Se dunque Iddio ha dato a loro lo stesso dono che ha dato anche a noi che abbiam creduto nel Signor Gesù Cristo, chi ero io da potermi opporre a Dio?
18 Wɔtee saa asɛm yi no, wɔgyaee wɔn nsɛmmisa no yii Awurade ayɛ sɛ, “Afei, deɛ Onyankopɔn ama ho kwan ama amanamanmufoɔ anya adwensakyera a ɛde wɔn bɛkɔ nkwagyeɛ mu.”
Essi allora, udite queste cose, si acquetarono e glorificarono Iddio, dicendo: Iddio dunque ha dato il ravvedimento anche ai Gentili affinché abbiano vita.
19 Wɔkumm Stefano no, wɔtaa agyidifoɔ no maa wɔbɔ hweteeɛ, Wɔn mu bi kyinkyini kɔduruu Foinike, ne Kipro, ne Antiokia a na wɔreka asɛmpa no kyerɛ Yudafoɔ nko ara.
Quelli dunque ch’erano stati dispersi dalla persecuzione avvenuta a motivo di Stefano, passarono fino in Fenicia, in Cipro e in Antiochia, non annunziando la Parola ad alcuno se non ai Giudei soltanto.
20 Agyidifoɔ bi a wɔfiri Kipro ne Kirene kɔɔ Antiokia kɔkaa asɛmpa a ɛfa Awurade Yesu Kristo ho no kyerɛɛ amanamanmufoɔ no.
Ma alcuni di loro, che erano Ciprioti e Cirenei, venuti in Antiochia, si misero a parlare anche ai Greci, annunziando il Signor Gesù.
21 Esiane sɛ na Awurade ka wɔn ho no enti, nnipa pii gyee asɛm no diiɛ maa wɔdane baa Awurade nkyɛn.
E la mano del Signore era con loro; e gran numero di gente, avendo creduto, si convertì al Signore.
22 Saa asɛm yi trɛ kɔduruu Yerusalem asafo no mu enti, wɔsomaa Barnaba kɔɔ Antiokia.
E la notizia del fatto venne agli orecchi della chiesa ch’era in Gerusalemme; onde mandarono Barnaba fino ad Antiochia.
23 Ɔduruu hɔ a ɔhunuu sɛdeɛ Onyankopɔn ahyira wɔn no, nʼani gyeeɛ maa ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ, wɔmfiri wɔn akoma nyinaa mu nnye Awurade nni na wɔnni no nokorɛ nso.
Ed esso, giunto là e veduta la grazia di Dio, si rallegrò, e li esortò tutti ad attenersi al Signore con fermo proponimento di cuore,
24 Esiane sɛ na Barnaba yɛ onipa pa a Honhom Kronkron ahyɛ no ma na ɔwɔ gyidie enti, ɛmaa nnipa bebree nam ne so de wɔn ho maa Awurade.
poiché egli era un uomo dabbene, e pieno di Spirito Santo e di fede. E gran moltitudine fu aggiunta al Signore.
25 Barnaba kɔɔ Tarso kɔhwehwɛɛ Saulo.
Poi Barnaba se ne andò a Tarso, a cercar Saulo; e avendolo trovato, lo menò ad Antiochia.
26 Ɔhunuu no no, ɔde no baa Antiokia. Wɔn baanu tenaa hɔ afe, kyerɛkyerɛɛ nnipa bebree. Antiokia ha na wɔtoo asuafoɔ no din sɛ “Akristofoɔ.”
E avvenne che per lo spazio d’un anno intero parteciparono alle raunanze della chiesa, ed ammaestrarono un gran popolo; e fu in Antiochia che per la prima volta i discepoli furon chiamati Cristiani.
27 Saa ɛberɛ korɔ yi ara mu, adiyifoɔ bi firi Yerusalem kɔɔ Antiokia.
Or in que’ giorni, scesero de’ profeti da Gerusalemme ad Antiochia.
28 Wɔn mu baako a wɔfrɛ no Agabo a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no sɔre gyina hyɛɛ nkɔm sɛ, ɛkɔm kɛseɛ bɛba asase nyinaa so. Saa ɛkɔm yi sii ɛberɛ a na Klaudio di adeɛ no.
E un di loro, chiamato per nome Agabo, levatosi, predisse per lo Spirito che ci sarebbe stata una gran carestia per tutta la terra; ed essa ci fu sotto Claudio.
29 Asuafoɔ no yɛɛ adwene sɛ biribiara a obi wɔ no wɔde bɛba na wɔde akɔboa anuanom a wɔwɔ Yudea no.
E i discepoli determinarono di mandare, ciascuno secondo le sue facoltà, una sovvenzione ai fratelli che abitavano in Giudea,
30 Akyɛdeɛ a wɔn nsa kaeɛ no, wɔde somaa Barnaba ne Saulo maa wɔde kɔmaa asafo no mu mpanimfoɔ.
il che difatti fecero, mandandola agli anziani, per mano di Barnaba e di Saulo.