< Asomafoɔ 10 >

1 Ɔbarima bi tenaa Kaesarea a ne din de Kornelio. Na ɔyɛ Roma asraafoɔ bi a wɔn din de Italia Asraafodɔm no so panin.
U Cezareji bijaše neki čovjek imenom Kornelije, satnik takozvane italske čete,
2 Na ɔne ne efiefoɔ nyinaa yɛ Nyamesurofoɔ. Ɔyɛ obi nso a na ɔboa ahiafoɔ na daa ɔbɔ mpaeɛ.
pobožan i bogobojazan sa svim svojim domom. Dijelio je mnoge milostinje narodu i bez prestanka se molio Bogu.
3 Ɛda bi awia bɛyɛ nnɔnmiɛnsa no, ɔhunuu Onyankopɔn ɔbɔfoɔ wɔ anisoadehunu mu sɛ waba ne nkyɛn abɛfrɛ no sɛ, “Kornelio!”
U viđenju negdje oko devete ure dana ugleda on jasno anđela Božjega gdje dolazi k njemu i veli mu: “Kornelije!”
4 Kornelio de hu hwɛɛ no dinn. Ɔbisaa sɛ, “Ɛyɛ ɛdeɛn Awurade?” Ɔbɔfoɔ no buaa sɛ, “Wo mpaeɛ ne wʼadɔeɛ a woyɛ ahiafoɔ no aduru Onyankopɔn anim sɛ nkaeɛ adeɛ.
Zagleda se u nj pa mu prestrašen reče: “Što je, Gospodine?” A on njemu: “Molitve su tvoje i milostinje uzišle kao žrtva podsjetnica pred Boga.
5 Soma nnipa na wɔnkɔ Yopa nkɔfa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon Petro no mmra.
Zato sada pošalji ljude u Jopu i dozovi Šimuna koji se zove Petar.
6 Ɔte ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon a ɔhyɛ mmoa nwoma aduro a ne fie bɛn mpoano no nkyɛn.”
On je gost u nekog Šimuna kožara čija je kuća uz more.”
7 Ɔbɔfoɔ no kasa kyerɛɛ no wieeɛ a ɔkɔeɛ no, Kornelio frɛɛ nʼasomfoɔ baanu, sane frɛɛ nʼasraafoɔ no mu baako a ɔyɛ Nyamesuroni kaa wɔn ho,
Čim ode anđeo koji mu je govorio, pozove on dvojicu slugu i jednoga pobožna, privržena vojnika,
8 kaa biribiara a wahunu no kyerɛɛ wɔn, somaa wɔn Yopa.
sve im ispripovjedi i posla ih u Jopu.
9 Adeɛ kyeeɛ a wɔrekɔ no, ɛbɛyɛ owigyinaeɛ a wɔrebɛn kuro no no, Petro kɔɔ ɛdan a ɔte mu no atifi kɔbɔɔ mpaeɛ.
Sutradan, dok su oni putovali i približavali se gradu, oko šeste ure uziđe Petar na krov moliti.
10 Saa ɛberɛ no, ɛkɔm dee no; na wɔgu so reyɛ aduane ama no no, ɔkɔɔ tebea bi a ɛte sɛ adaeɛso mu.
Ogladnje i zaželje se jela. Dok mu pripremahu, pade on u zanos.
11 Ɔhunuu sɛ ɔsoro abue, na biribi a ɛte sɛ ntoma kɛseɛ a wɔakyekyere nʼafannan firi ɔsoro resiane ba fam.
Gleda on nebo rastvoreno i posudu neku poput velika platna: uleknuta s četiri okrajka, silazi na zemlju.
12 Na ntɔteboa ahodoɔ ne mmoa a wɔwea ne wiram nnomaa ahyɛ saa ntoma no ma.
U njoj bijahu svakovrsni četveronošci, gmazovi zemaljski i ptice nebeske.
13 Afei, nne bi ka kyerɛɛ no sɛ, “Petro, sɔre na kum bi we!”
I glas će mu neki: “Ustaj, Petre! Kolji i jedi!”
14 Petro buaa sɛ, “Dabi, Awurade, mennii biribiara a ɛho nteɛ da.”
Petar odvrati: “Nipošto, Gospodine! Ta nikad još ne okusih ništa okaljano i nečisto”.
15 Nne no ka kyerɛɛ no bio sɛ, “Biribiara a Onyankopɔn ate ho no, nka sɛ ɛho nte.”
A glas će mu opet, po drugi put: “Što Bog očisti, ti ne zovi okaljanim!”
16 Saa anisoadehunu yi baa mprɛnsa. Afei, ntoma no sane kɔɔ soro.
To se ponovi do triput, a onda je posuda ponesena na nebo.
17 Saa ɛberɛ a na Petro redwennwene anisoadehunu no ho no, nnipa a Kornelio somaa wɔn no kɔduruu Petro aboboano.
Dok se Petar dvoumio što bi imalo značiti viđenje koje vidje, eto ljudi koje je poslao Kornelije: pošto se raspitaše za Šimunovu kuću, pojave se na vratima,
18 Wɔfrɛ bisaeɛ sɛ, “Saa efie yi mu na Simon Petro te no anaa?”
zovnu te upitaju je li ondje ugošćen neki Šimun, nazvan Petar.
19 Petro gu so redwennwene anisoadehunu no ho no, Honhom Kronkron ka kyerɛɛ no sɛ, “Simon, mmarima baasa bi rehwehwɛ wo.
Dok je Petar sveudilj razmišljao o viđenju, reče mu Duh: “Evo, neka te trojica traže.
20 Siane si fam. Ntwentwɛn wo nan ase na wo ne wɔn nkɔ, ɛfiri sɛ, me na masoma wɔn.”
De ustani, siđi i pođi s njima ne skanjujući se jer ja sam ih poslao.”
21 Petro siane kɔɔ fam kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mene onipa a morehwehwɛ no no, na mo amaneɛ?”
Petar siđe k ljudima i reče: “Evo me! Ja sam onaj kojega tražite! Zbog čega ste došli?”
22 Nnipa no buaa no sɛ, “Yɛfiri asraafoɔ panin Kornelio nkyɛn. Ɔyɛ ɔteneneeni ne Onyamesuroni a Yudafoɔ nyinaa bu no. Onyankopɔn ɔbɔfoɔ ka kyerɛɛ no sɛ ɔnsoma mfrɛ wo mmra ne fie na ɔntie asɛm bi mfiri wo nkyɛn.”
Oni odgovore: “Satnik Kornelije, muž pravedan i bogobojazan, za kojega svjedoči sav narod židovski, primi od svetog anđela naputak da te dozove u dom svoj i čuje od tebe riječi.”
23 Petro gyee nnipa no, somm wɔn hɔhoɔ. Adeɛ kyeeɛ no, Petro ne nnipa no ne agyidifoɔ bi a wɔfiri Yopa bɔɔ anan kɔeɛ.
Tada ih Petar pozva unutra i ugosti. Sutradan usta i krenu s njima; pratila ga neka braća iz Jope.
24 Adeɛ kyeeɛ a ɔduruu Kaesarea no, na Kornelio afrɛfrɛ nʼabusuafoɔ ne ne nnamfonom ahyia retwɛn no.
Drugi dan stiže u Cezareju. Kornelije ih je čekao sazvavši rodbinu i prisne prijatelje.
25 Petro reyɛ awura efie hɔ no, Kornelio hyiaa no, buu no nkotodwe.
Kad je Petar ulazio, pohrli mu Kornelije u susret, padne mu k nogama i pokloni se.
26 Nanso, Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɔre, ɛfiri sɛ, me nso meyɛ onipa sɛ wo ara.”
Petar ga pridigne govoreći: “Ustani! I ja sam čovjek.”
27 Petro ne Kornelio gu so rekasa no, wɔwuraa efie no mu kɔtoo nnipa bebree.
I razgovarajući s njime, uđe i nađe sabrane mnoge
28 Petro ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo ara monim pefee sɛ Yudafoɔ mmara mma Yudani ɛkwan sɛ ɔkɔsra Amanamamuni anaasɛ ɔde ne ho bɔ no. Nanso, Onyankopɔn akyerɛ me sɛ, ɛnsɛ sɛ meka sɛ onipa bi ho nte.
te im reče: “Vi znate kako je Židovu zabranjeno družiti se sa strancem ili k njemu ulaziti, ali meni Bog pokaza da nikoga ne zovem okaljanim ili nečistim.
29 Yei enti na mosoma bɛfrɛɛ me no mantwentwɛn me nan ase no. Afei, kyerɛ me deɛ enti a wosoma bɛfrɛɛ me no.”
Stoga, pozvan, i dođoh bez pogovora. Da čujemo dakle zbog čega me pozvaste!”
30 Kornelio kaa sɛ, “Ɛnnɛ ne nna ɛnan awia nnɔnmiɛnsa a merebɔ mpaeɛ wɔ me fie no, mehunuu sɛ ɔbarima bi a ɔhyɛ atadeɛ a ɛhyerɛn gyina mʼanim.
Kornelije reče: “Prije četiri dana baš u ovo doba, o devetoj uri, molio sam se u kući kad gle: čovjek neki u sjajnoj odjeći stane preda me
31 Ɔkaa sɛ, ‘Kornelio, wo mpaeɛbɔ ne wʼadɔeɛ a woyɛ ahiafoɔ no aduru Onyankopɔn anim sɛ nkaeɛ adeɛ.
i reče: 'Kornelije, uslišana ti je molitva i milostinje su tvoje spomenute pred Bogom!
32 Soma nnipa na wɔnkɔ Yopa nkɔfa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon Petro no mmra. Ɔte ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon a ɔhyɛ mmoa nwoma aduro a ne fie bɛn mpoano no nkyɛn’.
Pošalji dakle u Jopu i dozovi Šimuna koji se zove Petar. On je gost u kući Šimuna kožara uz more.'
33 Mesoma maa wɔbɛfrɛɛ wo, na wo nso woayɛ adeɛ sɛ woaba. Seesei, yɛn nyinaa ahyia wɔ Onyankopɔn din mu rebɛtie asɛm biara a Awurade ahyɛ wo sɛ ka kyerɛ yɛn no.”
Odmah sam dakle poslao k tebi, a ti si dobro učinio što si došao. Evo nas dakle sviju pred Bogom da čujemo sve što ti zapovjedi Gospodin!”
34 Petro firii aseɛ kasaa sɛ, “Afei, mahunu sɛ, ɛyɛ nokorɛ sɛ, Onyankopɔn nyɛ nyiyimu,
Petar tada prozbori i reče: “Sad uistinu shvaćam da Bog nije pristran,
35 na mmom, ɔman biara mu, deɛ ɔyɛ ade tenenee no, ɔgye no.
nego - u svakom je narodu njemu mio onaj koji ga se boji i čini pravdu.
36 Monim asɛmpa a ɛfa asomdwoeɛ ho a ɛnam yɛn Awurade Yesu Kristo a ɔyɛ nnipa nyinaa Awurade no so de brɛɛ Israelfoɔ no.
Riječ posla sinovima Izraelovim navješćujući im evanđelje: mir po Isusu Kristu; on je Gospodar sviju.
37 Monim nsɛm a ɛsisii wɔ Yudea, a ɛfirii aseɛ wɔ Galilea, Yohane asubɔ ho asɛnka no akyi.
Vi znate što se događalo po svoj Judeji, počevši od Galileje, nakon krštenja koje je propovijedao Ivan:
38 Monim sɛdeɛ Onyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi maa Yesu Nasareni no. Esiane sɛ Onyankopɔn ka ne ho no enti, ɔkɔɔ mmeammea, yɛɛ papa, saa wɔn a ɔbonsam afa wɔn no yadeɛ.
kako Isusa iz Nazareta Bog pomaza Duhom Svetim i snagom, njega koji je, jer Bog bijaše s njime, prošao zemljom čineći dobro i ozdravljajući sve kojima bijaše ovladao đavao.”
39 “Yɛyɛ dwuma a ɔdii wɔ Yudaman mu ne Yerusalem no ho adansefoɔ. Wɔbɔɔ no asɛnnua mu, kumm no.
“Mi smo svjedoci svega što on učini u zemlji judejskoj i Jeruzalemu. I njega smakoše, objesivši ga na drvo!
40 Nanso, ne nnansa so no, Onyankopɔn maa ɔsɔre firii awufoɔ mu maa ɔkɔyii ne ho adi.
Bog ga uskrisi treći dan i dade mu da se očituje -
41 Wanyi ne ho adi ankyerɛ nnipa nyinaa sɛ yɛn a yɛyɛ adansefoɔ a Onyankopɔn ayi yɛn dada no. Ɔsɔre firii awufoɔ mu no, yɛne no didi nomee.
ne svemu narodu, nego svjedocima od Boga predodređenima - nama koji smo s njime zajedno jeli i pili pošto uskrsnu od mrtvih.”
42 Na ɔhyɛɛ yɛn sɛ, yɛnka asɛmpa no nkyerɛ nnipa nyinaa, na yɛnni ne ho adanseɛ sɛ, ɔno ne deɛ Onyankopɔn ayi no asi hɔ sɛ ɔmmu ateasefoɔ ne awufoɔ atɛn no.
“On nam i naloži propovijedati narodu i svjedočiti: Ovo je onaj kojega Bog postavi sucem živih i mrtvih!”
43 Adiyifoɔ nyinaa kaa ne ho asɛm sɛ, wɔnam ne din so de obiara a ɔgye no di no bɔne bɛkyɛ no.”
“Za nj svjedoče svi proroci: da tko god u nj vjeruje, po imenu njegovu prima oproštenje grijeha.”
44 Petro gu so rekasa no, Honhom Kronkron baa wɔn a wɔretie asɛm no nyinaa so.
Dok je Petar još govorio te riječi, siđe Duh Sveti na sve koji su slušali tu besjedu.
45 Yudafoɔ agyidifoɔ a wɔne Petro firi Yopa baeɛ no ho dwirii wɔn sɛ Onyankopɔn ahwie nʼakyɛdeɛ a ɛyɛ Honhom Kronkron no agu amanamanmufoɔ no nso so.
A vjernici iz obrezanja, koji dođoše zajedno s Petrom, začudiše se što se i na pogane izlio dar Duha Svetoga.
46 Ɛfiri sɛ, wɔtee sɛ wɔreka kasa foforɔ reyi Onyankopɔn ayɛ wɔ ne kɛseyɛ ho. Petro kaa sɛ,
Jer čuli su ih govoriti drugim jezicima i veličati Boga. Tada Petar reče:
47 “Saa nnipa yi anya Honhom Kronkron sɛdeɛ yɛn nso yɛnyaa bi no. Obi bɛtumi asi wɔn asubɔ ho ɛkwan anaa?”
“Može li tko uskratiti vodu da se ne krste ovi koji su primili Duha Svetoga kao i mi?”
48 Petro hyɛɛ sɛ wɔmmɔ wɔn asu Yesu Kristo din mu. Afei, wɔsrɛɛ no sɛ ɔnni nna kakra wɔ wɔn nkyɛn.
I zapovjedi da se krste u ime Isusa Krista. Tada ga zamole da ostane ondje nekoliko dana.

< Asomafoɔ 10 >