< 3 Yohane 1 >
1 Me, Asɔre panin, Meretwerɛ akɔma me dɔfo pa Gaio.
Me, Asɔre panyin, Mekyerɛw kɔma me dɔfo pa Gaio.
2 Mʼadamfo pa, mebɔ mpaeɛ sɛ biribiara nkɔ so yie mma wo, na nya ahoɔden sɛdeɛ menim sɛ honhom fa mu no, wowɔ ahoɔden no.
Mʼadamfo pa, mebɔ mpae sɛ biribiara nkɔ so yiye mma wo, na nya ahoɔden sɛnea minim sɛ wowɔ ahoɔden wɔ honhom fa mu no.
3 Anuanom bi baa ha bɛka kyerɛɛ me sɛ, woanya nokorɛ no mu gyidie no, na woda so kura nokorɛ no mu no, ɛyɛɛ me anigye yie.
Anuanom bi baa ha bɛka kyerɛɛ me se, woanya nokware no mu gyidi no, na woda so kura nokware no mu no, ɛyɛɛ me anigye yiye.
4 Biribiara nyɛ me anigye nkyɛn sɛ mɛte sɛ me mma no te nokorɛ mu.
Biribiara nyɛ me anigye nkyɛn sɛ mɛte sɛ me mma no te nokware mu.
5 Mʼadamfo pa, wodi nokorɛ yie wɔ adwuma a woyɛ ma anuanom no a ɛmfa ho sɛ wɔyɛ ahɔhoɔ mpo.
Mʼadamfo pa, wudi nokware yiye wɔ adwuma a woyɛ ma anuanom no a ɛmfa ho sɛ wɔyɛ ahɔho mpo.
6 Wɔaka ɔdɔ a wodɔ asafo a ɛwɔ hɔ no ho asɛm. Mesrɛ wo, boa wɔn wɔn akwantuo no mu ma ɛnsɔ Onyankopɔn ani.
Wɔaka ɔdɔ a wodɔ asafo a ɛwɔ hɔ no ho asɛm. Mesrɛ wo, boa wɔn wɔ wɔn akwantu no mu ma ɛnsɔ Onyankopɔn ani.
7 Ɛfiri sɛ, wɔn kwan a wɔretu no, wɔretu wɔ Awurade din mu a wɔmpɛ mmoa biara mfiri wɔn a wɔnyɛ agyidifoɔ no nkyɛn.
Efisɛ wɔretu wɔn kwan wɔ Awurade din mu a wɔmpɛ mmoa biara mfi wɔn a wɔnyɛ agyidifo no nkyɛn.
8 Yɛn Akristofoɔ na ɛsɛ sɛ yɛboa saa nnipa no sɛdeɛ yɛne wɔn bɛyɛ nokorɛ no ho adwuma.
Yɛn Kristofo na ɛsɛ sɛ yɛboa saa nnipa no sɛnea yɛne wɔn bɛyɛ nokware no ho adwuma.
9 Metwerɛɛ krataa tiawa bi kɔmaa asafo no, nanso Diotrefe a nʼani gye sɛ ɔyɛ wɔn panin no rentie deɛ meka no.
Mekyerɛw krataa tiaa bi kɔmaa asafo no, nanso Diotrefe a nʼani gye sɛ ɔyɛ wɔn panyin no ntie nea meka no.
10 Sɛ meba a, biribiara a wayɛ no, mede ho asɛm bɛto mo anim. Nsɛm a ɛyɛ hu a ɔka fa yɛn ho ne atorɔ a ɔtwa nyinaa, mɛka ho asɛm. Nanso, ɛno nko ara nyɛ mma no. Sɛ anuanom afoforɔ ba a, ɔnnye wɔn, na obiara a ɔpɛ sɛ ɔgye wɔn no nso, ɔsi wɔn kwan na wabɔ mmɔden apam wɔn afiri asafo no mu.
Sɛ meba a, mede biribiara a ɔreyɛ no ho asɛm bɛto mo anim. Mɛka nsɛm a ɛyɛ hu a ɔka fa yɛn ho ne atoro a otwa nyinaa no ho asɛm. Nanso ɛno nko ara nye mma no. Sɛ anuanom afoforo ba a, onnye wɔn, na osiw wɔn a wɔpɛ sɛ wogye wɔn no nso kwan, san apam wɔn fi asafo no mu.
11 Mʼadamfo pa, monnsua ade bɔne, na mmom, monsua ade pa. Obiara a ɔyɛ papa no yɛ Onyankopɔn dea. Na obiara a ɔyɛ bɔne no nhunuu Onyankopɔn.
Mʼadamfo pa, munnsua ade bɔne, na mmom munsua ade pa. Obiara a ɔyɛ papa no yɛ Onyankopɔn de. Na obiara a ɔyɛ bɔne no nhuu Onyankopɔn ɛ.
12 Obiara ka Demetrio ho asɛm pa, na mpo nokorɛ no ankasa ka ne ho asɛm pa. Na yɛn nso yɛdi ne ho adanseɛ pa na monim sɛ deɛ yɛka no yɛ nokorɛ.
Obiara ka Demetrio ho asɛm pa, na mpo nokware no ankasa ka ne ho asɛm pa. Na yɛn nso yedi ne ho adanse pa, na munim sɛ nea yɛka no yɛ nokware.
13 Mewɔ nsɛm bebree ka kyerɛ mo, nanso meremfa krataa ne twerɛdua so nka.
Mewɔ nsɛm bebree ka kyerɛ mo, nanso meremfa krataa ne kyerɛwdua so nka.
14 Ɛrenkyɛre biara mɛhunu mo na me ne mo akasa. Asomdwoeɛ nka mo. Mo nnamfonom nyinaa kyeakyea mo. Kyeakyea yɛn nnamfonom nyinaa.
Ɛrenkyɛ biara mehu mo na me ne mo akasa. Asomdwoe nka mo. Mo nnamfonom nyinaa kyiakyia mo. Kyiakyia yɛn nnamfonom nyinaa.