< 2 Timoteo 4 >

1 Megyina Onyankopɔn ne Kristo Yesu a ɔbɛbu ateasefoɔ ne awufoɔ atɛn, ne ba a ɔbɛba ne nʼahennie no so hyɛ wo sɛ,
这就是我在上帝和耶稣基督面前,指导你要做的事情。当耶稣基督到来并建立他的王国,将对活人和死人进行审判。
2 ka asɛm no, na ɛberɛ biara gyina ne ka mu denden yi atɛn. Ka anim, tu fo na kyerɛkyerɛ boasetɔ mu.
无论是否方便,都要讲述上帝之道;如果人们犯错,要告诉他们,警告他们,鼓励他们。当你这样做时,要用极大的耐心进行教导。
3 Ɛberɛ bi bɛba a nnipa rentie nkyerɛkyerɛ pa no, na mmom, wɔbɛdi wɔn ara wɔn asɛdeɛ akyi na wɔaboaboa akyerɛkyerɛfoɔ a wɔbɛka nsɛm a wɔrepɛ atie no ano, na wɔaka akyerɛ wɔn.
因为人们即将不再听得下真正的教导,那个时刻很快就会到来。到时候,他们会好奇地想要听不一样的教导,他们身边的老师,会讲述他们爱听的东西。
4 Wɔbɛpo nokorɛ no tie, na wɔatie anansesɛm.
他们不再聆听真理,反倒流连于谬误。
5 Nanso mmerɛ nyinaa mu no, ɛsɛ sɛ wohwɛ wo ho so yie. Mia wʼani wɔ amanehunu mu. Yɛ ɔsɛmpakafoɔ adwuma na di wo dwuma nyinaa sɛ Onyankopɔn ɔsomfoɔ.
你要时刻保持明智,忍受磨难,进行传福音的工作,完成你的职责。
6 Me deɛ, ɛberɛ aduru sɛ wɔde me bɔ afɔdeɛ. Ɛberɛ aso sɛ megya asetena yi. Me nkwa ayɛ sɛ hwiesa afɔrebɔ wɔ afɔrebukyia so.
我即将被牺牲;我离世的时候即将到来。
7 Ɔko pa no, mako, mmirika no, mawie tu; gyidie no makora.
我已进行了一场良善的战斗,已跑完比赛,已坚持对上帝的信。
8 Adeɛ a ɛretwɛn me seesei ne nkonim akyɛdeɛ, tenenee abotire a Awurade a ɔyɛ tenenee ɔtemmufoɔ no de bɛma me da no. Ɛnyɛ me nko, na mmom, wɔn a wɔtena ase ɔdɔ mu twɛn no no nyinaa.
现在有一个奖励留给了我,那是因遵循好事和正直良善而获得的冠冕。主(他是总能正确行事的法官)会在那一天给我这个冠冕。不只是给我,也给渴望他到来的所有人。
9 Bɔ mmɔden bra me nkyɛn ntɛm.
请尽快到我这边来。。
10 Dema dɔɔ ɛnnɛ ewiase yi maa ɔyɛɛ saa dwane gyaa me hɔ kɔɔ Tesalonika. Kreske kɔɔ Galatia, Tito nso kɔɔ Dalmatia. (aiōn g165)
因为底马因贪恋现今的世界,已离开我去了帖撒罗尼迦。革勒士去了加拉太,提多去了达马太。 (aiōn g165)
11 Luka nko ara na ɔne me wɔ ha. Fa Marko ka wo ho na wo ne no mmra, ɛfiri sɛ, ɔbɛtumi aboa me adwuma no yɛ.
现在只有路加在我这里。请把马可带来,他可以帮助我的工作。
12 Mesomaa Tihiko kɔɔ Efeso.
我已派推基古到以弗所去。
13 Sɛ woreba a, fa mʼatadeɛ a megyaa wɔ Karpo nkyɛn wɔ Troa no brɛ me. Ɛyɛ a fa me nwoma no nso ka ho, ne titire no, deɛ wɔde aboa nwoma yɛeɛ no.
你来的时候,请带上我在特罗亚时留在加布那里的外衣。还有那些书,特别是那些羊皮书,也要带来。
14 Aleksandro, kɔbere dwumfoɔ no, haa me papaapa; deɛ ɔyɛeɛ no, Awurade bɛtua ne so ka.
铜匠亚历山大给我带来了很多麻烦,愿主根据他的行为审判他。
15 Ɛyɛ a hwɛ wo ho yie wɔ ne ho, ɛfiri sɛ, na ɔsɔre tia nsɛm a yɛka no mu dendeenden.
你也要提防他,因为他极力反对我所说的话。
16 Ɛberɛ a mereyi me ho ano no, obiara ammoa me. Wɔn nyinaa dwane gyaa me. Onyankopɔn mmfa nntia wɔn.
我第一次辩护的时候,没有一个人支持我,反而离开我。但愿他们不会因此而受到责备。
17 Nanso, Awurade ne me tenaeɛ maa me ahoɔden maa metumi kaa asɛm no kyerɛɛ amanamanmufoɔ maa wɔtieeɛ. Ɔgyee me firii gyata anom.
但主站在我身边,给我力量,让我可以宣讲所有的福音信息,让所有外族人都能听见;他将我从狮口中救出来。
18 Na Awurade bɛgye me afiri bɔne nyinaa mu na ɔde me akɔ ɔsoro Ahennie no mu asomdwoeɛ mu. Ɔno na animuonyam nka no daadaa. Amen. (aiōn g165)
主必救我脱离一切邪恶之事,也必带我安全进入他在天上的王国。愿荣耀永远归给他。阿门。 (aiōn g165)
19 Kyea Priska ne Akwila ne Onesiforo fiefoɔ nyinaa ma me.
替我问候百基拉、亚居拉和阿尼色弗一家人。
20 Erasto kaa Korinto ɛnna megyaa Trofimo wɔ Mileto, ɛfiri sɛ, na ɔyare.
以拉都留在了哥林多。因为特罗非摩病了,我就留他在米利都。
21 Bɔ mmɔden bra ansa na awɔberɛ aduru. Eubulo ne Pude ne Lino ne Klaudia ne anuanom no nyinaa kyeakyea wo.
请尽可能在冬天前赶过来。友布罗、布田、利奴、革老底亚和所有兄弟姐妹都向你问候。
22 Awurade ne wo honhom ntena. Adom nka mo nyinaa.
主与你同在。愿他的恩典与你们同在。

< 2 Timoteo 4 >