< 2 Timoteo 3 >

1 Kae saa asɛm yi. Nna a ɛdi akyire no mu mmerɛ no mu bɛyɛ den.
你應知道:在末日,困難的時期必要來臨,
2 Nnipa bi bɛyɛ pɛsɛmenkomenya, aniberefoɔ, ahohiahiafoɔ ne ahantanfoɔ; wɔbɛyɛ abususɛnkafoɔ, asoɔdenfoɔ wɔ wɔn awofoɔ so; wɔbɛyɛ bonniayɛ na wɔrempɛ nyamesom nso,
因為那時人只愛自己、愛錢、矜誇、驕傲、謾罵、不考順父母、忘恩、負義、不虔敬、
3 wɔbɛyɛ atirimuɔdenfoɔ, wɔrenhu mmɔbɔ, wɔbɛyɛ nnipa edinsɛefoɔ basabasa ne abufupɛfoɔ, wɔbɛtane wɔn mfɛfoɔ a wɔyɛ nnipa pa no,
無慈愛、難和解、善誹謗、無節制、無仁心、不樂善、
4 wɔbɛyɛ afatwafoɔ, aniɛdenfoɔ, wɔn a wɔhoran; wɔbɛpɛ anikadeɛ sene sɛ wɔdɔ Onyankopɔn.
背信、魯莽、自大。愛快樂勝過愛天主;
5 Wɔbɛyɛ aniani asomfoɔ a wɔbɛpo tumi a ɛwɔ ɔsom no mu no. Twe wo ho firi saa nnipa no ho.
他們雖有虔敨的外貌,卻背棄了虔敨的實質;這等人,你務要躲。
6 Wɔn mu bi kɔ afie mu kɔhyɛ mmaa a wɔn bɔne ama wɔdi fɔ na akɔnnɔ ahodoɔ bebree hyɛ wɔn so no so;
因為他們中,有的潛入入人家中,獵取那些滿身罪惡,及被各種邪慾吸引的婦女;
7 saa mmaa no yɛ nnipa a wɔpɛ sɛ wɔsua nneɛma foforɔ, nanso wɔnhunu nokorɛ no akyiri kwan.
這些婦女雖時常學習,但總達不明白真理的地步。
8 Sɛdeɛ Yane ne Yambre ne Mose dii asie no, saa ara nso na saa nnipa yi ne nokorɛ di asie, nnipa a wɔn adwene asɛe na wɔnnka hwee wɔ gyidie mu.
如從前雅乃斯和楊布勒反抗梅瑟,照樣這等人也反抗了真理。他們的心術敗壞了,在信德上是不可靠的。
9 Wɔnnya nkɔsoɔ biara ɛfiri sɛ, obiara bɛhu nkwasea a wɔyɛ te sɛ Yane ne Yambre ara pɛ.
但他們再不能有所成就,因為他們的愚昧將要暴露在人前,如同那兩個人一樣。
10 Na wo deɛ, woadi me nkyerɛkyerɛ, me suban ne me botaeɛ so. Woahunu gyidie a mewɔ ne me boasetɔ, me dɔ,
至於你,你卻追隨了我的教訓,我度日的態、志向、信心、堅忍、愛心、容忍、
11 taa a wɔtaa me ne mʼamanehunu nyinaa. Wonim nsɛm a ɛtotoo me wɔ Antiokia, Ikoniom ne Listra, ne ɔtaa denden a metumi gyinaa ano no. Nanso, Awurade yii me firii ne nyinaa mu.
我受的迫害和苦難,即我在安提約基雅。依科尼雍、呂斯特辣所遭受的事;那時我受了何等的迫害,主卻從這一切中救出了我。
12 Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde onyamesom pa tena ase Kristo Yesu mu nyinaa no, wɔbɛtaa wɔn,
凡是在耶穌基督內熱心生活的人,必須遭受迫害。
13 nanso nnipa bɔne bɛkɔ so asɛe daa na wɔadaadaa afoforɔ ne wɔn ankasa wɔn ho.
但是是惡人和行詐術的人卻越來越壞,他們迷惑人,也必受人迷惑。
14 Nanso, wo deɛ, kɔ so tena ase nokorɛ mu sɛdeɛ wɔkyerɛɛ wo no, na gye di yie. Wonim wɔn a wosua firii wɔn nkyɛn,
然而你要堅持你所學所信的事,你知道你是由誰學來的。
15 na wokae nso sɛ ɛfiri wo mmɔfraase woahunu Atwerɛsɛm no a ɛtumi ma wo hunu nyansa, na ɛma wo nya gyidie wɔ Kristo Yesu mu, na ɛgye wo nkwa.
你自幼便通曉了聖經,這聖經能使你憑著那在基督耶穌內的信德,獲得得救的智慧。
16 Atwerɛsɛm nyinaa firi Onyankopɔn home mu, na ɛyɛ ma nkyerɛkyerɛ, atɛnyie, atenetene ne tenenee mu yɛn,
凡受天主默感所寫的聖經,為教訓,為矯正,為教導人學正義,都是有益的,
17 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Onyankopɔn onipa bɛyɛ deɛ wɔasiesie no yie ama nnwuma pa nyinaa.
好使天主的人成全,適於行各種善工。

< 2 Timoteo 3 >