< 2 Timoteo 1 >

1 Nwoma yi firi Paulo a ɔyɛ Kristo Yesu ɔsomafoɔ no nkyɛn. Onyankopɔn ankasa na ɔfrɛɛ me sɛ ɔsomafoɔ, sɛ menkɔbɔ nkwa a ɔnam Kristo Yesu so de baeɛ no ho dawuro.
Παῦλος ἀπόστολος Χριστοῦ Ἰησοῦ διὰ θελήματος θεοῦ κατ’ ἐπαγγελίαν ζωῆς τῆς ἐν Χριστῷ Ἰησοῦ
2 Mede kɔma me dɔba Timoteo: Adom, mmɔborɔhunu ne asomdwoeɛ mfiri Agya Onyankopɔn ne yɛn Awurade Kristo Yesu nka wo.
Τιμοθέῳ ἀγαπητῷ τέκνῳ· χάρις, ἔλεος, εἰρήνη ἀπὸ θεοῦ πατρὸς καὶ Χριστοῦ Ἰησοῦ τοῦ κυρίου ἡμῶν.
3 Meda Onyankopɔn a mede adwene mu fann som no sɛdeɛ me mpanimfoɔ yɛeɛ no ase. Daa, anadwo ne awia, mekae wo wɔ me mpaeɛbɔ mu.
Χάριν ἔχω τῷ θεῷ, ᾧ λατρεύω ἀπὸ προγόνων ἐν καθαρᾷ συνειδήσει, ὡς ἀδιάλειπτον ἔχω τὴν περὶ σοῦ μνείαν ἐν ταῖς δεήσεσίν μου νυκτὸς καὶ ἡμέρας,
4 Mekae wo nisuteɛ ɛberɛ a yɛredi mpaapaemu no a, ɛma mʼani gyina wo. Enti sɛ mehunu wo bio a mʼani bɛgye.
ἐπιποθῶν σε ἰδεῖν, μεμνημένος σου τῶν δακρύων, ἵνα χαρᾶς πληρωθῶ,
5 Mekae gyidie a emu yɛ den a na wowɔ, gyidie a ɛfirii aseɛ firii wo nana Lois ne wo maame Eunike mu no, na megye di sɛ woda so kura saa gyidie no a emu yɛ den no ara mu.
ὑπόμνησιν λαβὼν τῆς ἐν σοὶ ἀνυποκρίτου πίστεως, ἥτις ἐνῴκησεν πρῶτον ἐν τῇ μάμμῃ σου Λωΐδι καὶ τῇ μητρί σου Εὐνίκῃ, πέπεισμαι δὲ ὅτι καὶ ἐν σοί.
6 Yei enti merebɔ wo nkaeɛ sɛ kae akyɛdeɛ a ɛberɛ a mede me nsa guu wo so no Onyankopɔn de maa wo no.
Δι’ ἣν αἰτίαν ἀναμιμνῄσκω σε ἀναζωπυρεῖν τὸ χάρισμα τοῦ θεοῦ, ὅ ἐστιν ἐν σοὶ διὰ τῆς ἐπιθέσεως τῶν χειρῶν μου·
7 Ɛfiri sɛ, Honhom a Onyankopɔn de maa yɛn no mma yɛnyɛ ahufoɔ; na mmom, Honhom no ma yɛn tumi, ɔdɔ ne ahohyɛsoɔ.
οὐ γὰρ ἔδωκεν ἡμῖν ὁ θεὸς πνεῦμα δειλίας, ἀλλὰ δυνάμεως καὶ ἀγάπης καὶ σωφρονισμοῦ.
8 Mma wʼani nnwu Awurade adansedie, ne me a meyɛ ne deduani ho. Na sɛ ɔhaw bi to wo Asɛmpa no ka ho a, gyina pintinn wɔ ahoɔden a Onyankopɔn de ama wo no mu.
μὴ οὖν ἐπαισχυνθῇς τὸ μαρτύριον τοῦ κυρίου ἡμῶν μηδὲ ἐμὲ τὸν δέσμιον αὐτοῦ, ἀλλὰ συνκακοπάθησον τῷ εὐαγγελίῳ κατὰ δύναμιν θεοῦ,
9 Ɔgyee yɛn nkwa frɛɛ yɛn sɛ yɛmmɛyɛ ne dea. Ɛnyɛ biribi pa bi a yɛayɛ enti, na mmom, ɛyɛ nʼadom ara kwa. Ansa na wɔrehyɛ ewiase ase no na ɔnam Kristo Yesu so kyɛɛ yɛn saa adom no, (aiōnios g166)
τοῦ σώσαντος ἡμᾶς καὶ καλέσαντος κλήσει ἁγίᾳ, οὐ κατὰ τὰ ἔργα ἡμῶν ἀλλὰ κατὰ ἰδίαν πρόθεσιν καὶ χάριν, τὴν δοθεῖσαν ἡμῖν ἐν Χριστῷ Ἰησοῦ πρὸ χρόνων αἰωνίων, (aiōnios g166)
10 na seesei, ɔnam Agyenkwa Kristo Yesu ba a ɔbɛba no so ada biribiara adi akyerɛ yɛn. Kristo, yɛn Agyenkwa dii owuo so nkonim, na ɔde anigyesɛm a ɛhyerɛn te sɛ kanea na ɛma nkwa a ɛnni awieeɛ brɛɛ yɛn.
φανερωθεῖσαν δὲ νῦν διὰ τῆς ἐπιφανείας τοῦ σωτῆρος ἡμῶν Χριστοῦ Ἰησοῦ, καταργήσαντος μὲν τὸν θάνατον φωτίσαντος δὲ ζωὴν καὶ ἀφθαρσίαν διὰ τοῦ εὐαγγελίου,
11 Onyankopɔn ayi me sɛ ɔsomafoɔ ne ɔkyerɛkyerɛfoɔ sɛ menna Asɛmpa no adi.
εἰς ὃ ἐτέθην ἐγὼ κῆρυξ καὶ ἀπόστολος καὶ διδάσκαλος.
12 Ɛnam yeinom so enti na mehunu saa amaneɛ yi. Nanso, meda so wɔ gyidie, ɛfiri sɛ, menim deɛ mede me ho to no so no, na menim nso sɛ ɔbɛkora deɛ mede ahyɛ ne nsa no ama da no nso.
δι’ ἣν αἰτίαν καὶ ταῦτα πάσχω, ἀλλ’ οὐκ ἐπαισχύνομαι, οἶδα γὰρ ᾧ πεπίστευκα, καὶ πέπεισμαι ὅτι δυνατός ἐστιν τὴν παραθήκην μου φυλάξαι εἰς ἐκείνην τὴν ἡμέραν.
13 Sɔ nokwasɛm a mekyerɛɛ wo no mu yie, na fa yɛ nhwɛsodeɛ, na tena gyidie ne ɔdɔ a ɛyɛ yɛn dea wɔ Kristo Yesu mu no.
ὑποτύπωσιν ἔχε ὑγιαινόντων λόγων ὧν παρ’ ἐμοῦ ἤκουσας ἐν πίστει καὶ ἀγάπῃ τῇ ἐν Χριστῷ Ἰησοῦ·
14 Wɔde ademudeɛ a ɛsom bo ahyɛ wo nsa. Fa Honhom Kronkron a ɔte wo mu no mmoa bɔ ho ban.
τὴν καλὴν παραθήκην φύλαξον διὰ πνεύματος ἁγίου τοῦ ἐνοικοῦντος ἐν ἡμῖν.
15 Sɛdeɛ wonim no, Akristofoɔ a wɔfiri Asia baa ha no nyinaa adwane agya me. Figelo ne Hermogene nso ka wɔn ho.
Οἶδας τοῦτο, ὅτι ἀπεστράφησάν με πάντες οἱ ἐν τῇ Ἀσίᾳ, ὧν ἐστιν Φύγελος καὶ Ἑρμογένης.
16 Awurade nhunu Onesiforo fiefoɔ mmɔbɔ ɛfiri sɛ, ɔhyɛɛ me nkuran mpɛn bebree. Nʼani anwu wɔ me ho sɛ mada afiase pɛn,
δῴη ἔλεος ὁ κύριος τῷ Ὀνησιφόρου οἴκῳ, ὅτι πολλάκις με ἀνέψυξεν καὶ τὴν ἅλυσίν μου οὐκ ἐπαισχύνθη,
17 na ɔduruu Roma ara pɛ, ɔbɔɔ mmɔden hwehwɛɛ me ara kɔsii sɛ ɔhunuu me.
ἀλλὰ γενόμενος ἐν Ῥώμῃ σπουδαίως ἐζήτησέν με καὶ εὗρεν
18 Awurade mmoa no na da no ɔnnya ahummɔborɔ mfiri Awurade no nkyɛn! Wonim akwan ahodoɔ a ɔfaa so boaa me wɔ Efeso.
δῴη αὐτῷ ὁ κύριος εὑρεῖν ἔλεος παρὰ κυρίου ἐν ἐκείνῃ τῇ ἡμέρᾳ. καὶ ὅσα ἐν Ἐφέσῳ διηκόνησεν, Βέλτιον σὺ γινώσκεις.

< 2 Timoteo 1 >