< 2 Tesalonikafoɔ 3 >

1 Anuanom, asɛm a ɛtwa toɔ ne sɛ, mommɔ mpaeɛ mma yɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Awurade asɛm bɛkɔ so atrɛ ntɛm sɛdeɛ ɛyɛɛ wɔ mo mu no.
Končno, bratje, molíte za nas, da bi Gospodova beseda imela prosto pot in bi bila proslavljena, tako kakor je pri vas,
2 Afei, mommɔ mpaeɛ mma yɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Onyankopɔn bɛyi yɛn afiri abɔnefoɔ ne nsɛmmɔnedifoɔ nsam. Ɛfiri sɛ, ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔgye asɛm no di.
in da bi bili mi lahko rešeni pred nerazumnimi in zlobneži, kajti vsi ljudje nimajo vere.
3 Nanso, Awurade yɛ ɔnokwafoɔ. Ɔbɛhyɛ mo den na wagye mo afiri ɔbɔnefoɔ no nsam.
Toda Gospod je zvest, ki vas bo utrdil in vas varoval pred zlom.
4 Awurade ama yɛn mo mu anidasoɔ. Yɛwɔ anidasoɔ sɛ moreyɛ na mobɛkɔ so ayɛ biribiara a yɛbɛkyerɛ mo sɛ monyɛ no.
Glede vas pa imamo zaupanje v Gospodu, da tako delate, kakor boste delali stvari, ki vam jih zapovedujemo.
5 Awurade nka mo ho na monnya ɔdɔ akoma sɛ Onyankopɔn ne abodwokyɛreɛ sɛ Kristo.
In Gospod naj vodi vaša srca v Božjo ljubezen in v potrpežljivo čakanje na Kristusa.
6 Anuanom, yɛhyɛ mo wɔ Awurade Yesu Kristo din mu sɛ, montwe mo ho mfiri anuanom a wɔdi aniha na wɔnni mmara a yɛahyɛ ama wɔn no so no ho.
Torej vam naročamo, bratje, v imenu našega Gospoda Jezusa Kristusa, da se oddaljite od vsakega brata, ki živi neredno in ne po izročilu, ki ga je prejel od nas.
7 Mo ankasa monim pefee sɛ ɛsɛ sɛ moyɛ deɛ yɛyɛeɛ no bi pɛpɛɛpɛ. Ɛberɛ a na yɛwɔ mo nkyɛn no, yɛanyɛ aniha.
Kajti vi sami veste, kako nas morate posnemati, kajti med vami se nismo vedli neredno
8 Obi ammoa yɛn a yɛantua onii no ka. Yɛyɛɛ adwuma dendeenden. Awia ne anadwo nyinaa yɛyɛɛ adwuma sɛdeɛ yɛremfa sikasɛm biara nha mo adwene.
niti nismo zastonj jedli kruha kateregakoli človeka, temveč smo noč in dan delali z muko in garanjem, da ne bi bili nikomur izmed vas v breme.
9 Yei nkyerɛ sɛ na yɛnni ho ɛkwan sɛ yɛbisa mo biribi de boa yɛn asetena. Yɛyɛɛ saa de yɛɛ nhwɛsoɔ maa mo.
Ne, ker ne bi imeli avtoritete, temveč da sebe naredimo za zgled vam, da bi nas posnemali.
10 Yɛwɔ mo nkyɛn no, yɛka kyerɛɛ mo sɛ, “Obiara a ɔmpɛ sɛ ɔyɛ adwuma no, ɛnsɛ sɛ wɔma ɔdidi.”
Kajti celó, ko smo bili z vami, smo vam zapovedali to, da če kdorkoli noče delati, naj tudi ne bi jedel.
11 Yɛka saa asɛm yi, ɛfiri sɛ, yɛte sɛ mo mu bi yɛ anihafoɔ a wɔnyɛ hwee sɛ wɔnenam nkurɔfoɔ nnwuma ase.
Kajti slišimo, da so med vami nekateri, ki živijo neredno, ki sploh ne delajo, temveč so vtikljivci.
12 Yɛde Awurade Yesu Kristo din hyɛ wɔn, bɔ wɔn kɔkɔ sɛ, wɔmmɔ bra pa na wɔnyɛ adwuma mfa mmɔ wɔn ho akɔnhoma.
Torej tem, ki so takšni, velevamo in jih spodbujamo pri našem Gospodu Jezusu Kristusu, da v spokojnosti delajo in jedo svoj lastni kruh.
13 Anuanom monnnyae papayɛ da.
Toda vi, bratje, ne bodite izmučeni v počenjanju dobrega.
14 Obi wɔ hɔ a ɔrentie nwoma a matwerɛ abrɛ mo yi mu nsɛm. Sɛ mohunu obi saa a, monhwɛ no yie na montwe mo ho mfiri ne ho na nʼanim ngu ase.
In če kdorkoli ni poslušen naši besedi v tej poslanici, tega človeka si zaznamujte in se ne družite z njim, da bo osramočen.
15 Nanso, mommfa saa onipa no sɛ ɔyɛ ɔtamfoɔ na mmom, mommɔ no kɔkɔ sɛ mo nua.
Vendar ga ne imejte za sovražnika, ampak ga opominjajte kakor brata.
16 Na ɔno asomdwoeɛ Awurade no ara mma mo asomdwoeɛ daa adeɛ nyinaa mu. Awurade ne mo nyinaa ntena.
Torej sam Gospod miru [naj] vam vsekakor vedno daje mir. Gospod bodi z vami vsemi.
17 Me ara me Paulo, me nsa ano atwerɛ a menam so rekyea mo ni. Saa ɛkwan yi ara so na mefa twerɛ nwoma.
Pozdrav od Pavla z mojo lastno roko, kar je simbol v vsaki poslanici. Tako pišem.
18 Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo nyinaa.
Milost našega Gospoda Jezusa Kristusa bodi z vami vsemi. Amen. [Druga poslanica Tesaloníčanom je bila napisana iz Aten.]

< 2 Tesalonikafoɔ 3 >