< 2 Tesalonikafoɔ 2 >
1 Ɛfa yɛn Awurade Yesu Kristo mmaeɛ a ɔrebɛba ne boa a wɔbɛboaboa yɛn ano akɔka ne ho no, mesrɛ mo, anuanom,
Zizan ton yen vivren Rjinbu Yesu Almasihu ni shbinbu ni kun sonbu niu kin bra yin merveye.
2 mommma mo adwene mu nnyɛ mo nnaa sɛ ɛda a Awurade reba no aduru. Ebia, na obi rehyɛ saa nkɔm no anaa obi foforɔ nso gyina so reka asɛm. Anaasɛ nso wɔka sɛ yɛn nwoma a yɛtwerɛeɛ no bi mu na saa asɛm no wɔ.
Kina tin fu gbagblana koni yaubshishi ni tremina ko ruhu ka tondun ko nha funfin wandi tin na kita kinnha wa nitra iton yen vivren Rji a yen yen.
3 Mommma obiara nnaadaa mo saa ɛkwan yi so. Saa Ɛda no remma da gye sɛ atuateɛ a ɛtwa toɔ no aba ama wɔada ɔbɔnefoɔ no a ɔbɛkɔ daa ɔsɛeɛ mu no adi.
Ni duntworin gurna ko ta inghun rimin. Ni ngho yi in vima ri hei yen tsen fandarewa ni ye rin ba tsar mementin in kpa ti meme inviren wuka sun.
4 Biribiara a nnipa som na wɔbu no kronkron no, ɔbɛtia mu. Ɔbɛkorɔn ne ho wɔ ne nyinaa so na wakɔtena Onyankopɔn asɔredan mu na waka sɛ ɔno ne Onyankopɔn.
Uwayi ni tin gun ani ba tunma zakpe da ba yo inde Rji ko wa ba bauta'u idimba a ha anisun kursiyi Rji da ni ya yotunma Rji
5 Monkae sɛ ɛberɛ a me ne mo wɔ hɔ no, na metaa ka yeinom nyinaa kyerɛ mo.
Bina ton na iton wa ki ha ya yin me la yiu ipke biyin.
6 Nanso, biribi na atwe no asɛn, na sɛ ɛberɛ no duru a, ɔbɛba.
Zizan bin ton kpe a char tin zin anaki ba tsoro tun iton ma yin.
7 Ɔbɔnefoɔ no di ne dwuma dada na deɛ ɛbɛba no remma da gye sɛ wɔayi deɛ ɔkura ne mu no afiri hɔ.
Ko zizan ka brin nitin latre ni tin dun, tse de bin ba cha zin her ba zulu rin.
8 Ɛno ansa na ɔbɔnefoɔ no bɛba, na Awurade Yesu nam nʼanom home so bɛtu no agu, na ɔde ne ba a ɔbɛba no mu animuonyam asɛe no.
Ni wa yin ba tsor vivre wukpa ti meme (tawaye) wa timbu vivre Rji ni ka surtun wa wu virin yo ma. Timbu ni gin kamye ba kperin ba ta nuna yema.
9 Ɔbɔnefoɔ no nam ɔbonsam tumi so na ɛbɛba na wabɛyɛ anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ,
Itin wu kpa timeme ni yeri ni tun duma wa meme inbulin ni gbegle ma. alama da kpe mamaki unce.
10 na ɔnam bɔne so adaadaa wɔn a wɔbɛyera no. Wɔbɛyera, ɛfiri sɛ, wɔannye nokorɛ no anto mu, annɔ nokorɛ no amma wɔannya nkwa.
Ba ta gur ni kpa tin meme inkpin bi yin ba zame ni bin ba ka sun tun don ba kamba huhu kpa su dindi di kpan ceto.
11 Yei enti, Onyankopɔn resoma nnaadaa tumi ma akɔhyɛ wɔn mu ama wɔagye nsɛm a ɛnyɛ nokorɛ adi.
Ni ta dalilin Rji tin gbegblema ni bin ba ha latre don ba kpa nyme ni che ba.
12 Awieeɛ no ara ne sɛ, wɔn a wɔnnye nokorɛ no nni na wɔn ani gye bɔne ho no, wɔbɛbu wɔn atɛn.
Idimba ba rin latre, bin wa ba ba kpa nyme ni jayi ba na taba jin rashi tin dindina.
13 Anuanom, ɛsɛ sɛ ɛberɛ biara yɛda Onyankopɔn ase ma mo a Awurade dɔ mo no. Ɛfiri sɛ, ɛnam Honhom no tumi so na Onyankopɔn yii mo sɛ nnipa a modi ɛkan a wɔbɛgye mo nkwa na wɔayɛ mo Onyankopɔn nkurɔfoɔ kronkron wɔ mo gyidie a mowɔ wɔ nokorɛ mu no mu.
Kin be tsro girbu chachu ni vivre Rji ni bi yin merveye watimbu ne sanyin intimbu chun yin di bin merma unrin si sur bu krekreme ni ruhu ki kpanyme ni janji.
14 Onyankopɔn nam Asɛmpa no so frɛɛ mo sɛdeɛ mo ne Awurade Yesu Kristo bɛtena nʼanimuonyam no mu.
Uwayin shine akpe wa a yota ni wawu ta wuin kpa Bishararmu nikine kpan dindima ni timbu yesu Almasihu.
15 Enti, anuanom, monnyina pintinn na monka mo ho mmata nokorɛ a yɛkyerɛɛ mo wɔ asɛnka ne yɛn nwoma no mu no.
To mereveyinmu krin kpakba ni rike al'adu kitsro yin, ko to inlan ko ta ta ahofunfunbu.
16 Yɛn Awurade Yesu Kristo no ankasa ne yɛn Agya Onyankopɔn a ɔdɔ yɛn na ɔnam nʼadom mu ahyɛ yɛn daa nkuran ne anidasoɔ pa no, (aiōnios )
Ziza ki dun baci vivre Yesu Almasihu tun ma di Rji titibu wa sonta a nota imesur wu ka kur sur dan gbitun dindima dan ko shishi ki tin dindi. (aiōnios )
17 nkyekyere mo werɛ, na ɔnhyɛ mo den asɛm ne adwuma pa nyinaa mu.
A noyin si sur da me sur bi ni ko wani iri dun dindi di la'tre.