< 2 Samuel 7 >

1 Ɛberɛ a wɔbɔɔ ɔhene no atenaseɛ wɔ nʼahemfie na Awurade ama asomdwoeɛ aba asase no so no,
And it came to pass, when the king dwelt in his house, and the Lord had given him rest round about from all his enemies;
2 Dawid frɛɛ nkɔmhyɛni Natan sɛ, “Hwɛ, mete ahemfie a wɔde ntweneduro asi mu, na Onyankopɔn Adaka no nso si ntomadan mu.”
That the king said unto Nathan the prophet, See now, I dwell in a house of cedar, while the ark of God dwelleth within curtains.
3 Na Natan buaa ɔhene no sɛ, “Biribiara a woadwene ho sɛ wobɛyɛ no, kɔ so na yɛ, na Awurade ka wo ho.”
And Nathan said to the king, all that is in thy heart go and do; for the Lord is with thee.
4 Na anadwo no, Awurade asɛm baa Natan so sɛ,
And it came to pass during that night, That the word of the Lord came unto Nathan, saying,
5 “Kɔka kyerɛ me ɔsomfoɔ Dawid sɛ, ‘Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Wone obi a ɛsɛ sɛ wosi ɛdan ma me na metena mu anaa?
Go and say unto my servant, unto David, Thus hath said the Lord, Wilt thou indeed build me a house for my dwelling?
6 Ɛfiri ɛberɛ a mede Israelfoɔ firi Misraim baeɛ de bɛsi ɛnnɛ no, mentenaa ɛdan mu da. Daa wɔtu mʼase firi beaeɛ kɔ beaeɛ.
For I have not dwelt in a house since the day that I brought up the children of Israel out of Egypt, even until this day; but have been moving about in a tent and in a tabernacle.
7 Ɛberɛ biara a wɔtu mʼase a Israelman nyinaa ka me ho no, motee sɛ mebisaa wɔn sodifoɔ, wɔn a mehyɛ wɔn sɛ wɔnhwɛ me nkurɔfoɔ Israelfoɔ no sɛ, “Adɛn enti na momfaa ntweneduro nsii fie mmaa me da?”’
In all the places where I moved about among all the children of Israel, did I speak a word to any one of the tribes of Israel, whom I ordained to feed my people Israel, saying, Why have ye not built for me a house of cedar?
8 “Afei, kɔka kyerɛ me ɔsomfoɔ Dawid sɛ, ‘Sɛdeɛ Awurade Otumfoɔ seɛ nie: Meyii wo firii mmoa adidibea ne nnwan akyidie mu, de wo bɛsii me nkurɔfoɔ Israel so ɔhene.
Now therefore, thus shalt thou say unto my servant, to David, Thus hath said the Lord of hosts, I took thee from the sheep-cote, from behind the flocks, to be a ruler over my people, over Israel;
9 Na baabiara a wokɔ no, meka wo ho, na matwa wʼatamfoɔ nyinaa afiri wʼanim. Na mɛma wɔagye din wɔ asase yi nyinaa so.
And I have been with thee whithersoever thou didst go, and I have cut off all thy enemies from thy presence, and I have made thee a great name, like the name of the great who are on the earth;
10 Na mapɛ tenaberɛ ama me nkurɔfoɔ Israel; beaeɛ bi a ɛwɔ banbɔ a obiara renha wɔn. Ɛhɔ bɛyɛ wɔn ankasa asase a aman amumuyɛfoɔ renhyɛ wɔn so, sɛdeɛ wɔyɛɛ wɔ ɛberɛ bi a atwam no,
And I have procured a place for my people, for Israel, and I have planted them, that they may dwell in a place of their own, and be no more troubled; and that the children of wickedness shall not afflict them any more as aforetimes,
11 ɛfiri ɛberɛ a mepaa atemmufoɔ sɛ wɔnni me nkurɔfoɔ so no. Mɛsane ama mo banbɔ afiri mo atamfoɔ nyinaa nsam. “‘Na Awurade aka akyerɛ wo sɛ, ɔno Awurade na ɔbɛkyekyere efie ama wo; ahemfo ntoatoasoɔ efie.
And [as it was] since the day that I ordained judges to be over my people Israel; and I have caused thee to rest from all thy enemies; and the Lord telleth thee that he, the Lord, will make thee a house.
12 Na sɛ wo nna to twa a, mɛma wʼaseni a ɔfiri wʼasenem adi wʼadeɛ, na matim nʼahemman ase.
When thy days will be completed, and thou wilt sleep with thy fathers: then will I set up thy seed after thee, who shall proceed out of thy body, and I will establish his kingdom.
13 Ɔno ne obi a ɔbɛsi dan de me din ato so. Na matim nʼahemman mu ahennwa ase afebɔɔ.
He it is that shall build a house for my name, and I will establish the throne of his kingdom for ever.
14 Mɛyɛ nʼagya, na wayɛ me ba. Sɛ ɔyɛ bɔne a, mɛma aman bi atwe nʼaso.
I too will be to him as a father, and he shall indeed be to me as a son: so that when he committeth iniquity, I will chastise him with the rod of men, and with the plagues of the children of man;
15 Nanso, merenyi me dɔ mfiri ne so da, sɛdeɛ meyi mefirii Saulo a meyii no firii wʼanim no so ansa na wobɛdii nʼadeɛ no.
But my kindness shall not depart from him, as I caused it to depart from Saul, whom I removed from before thee.
16 Wo fie ne wʼahemman bɛtim wɔ mʼanim afebɔɔ; na wʼahennwa bɛtena hɔ daa.’”
And thy house and thy kingdom shall be steadfast for ever before thee: thy throne shall be established for ever.
17 Natan kaa saa adiyisɛm yi nyinaa kyerɛɛ Dawid.
In accordance with all these words, and in accordance with all this vision, so did Nathan speak unto David.
18 Na ɔhene Dawid kɔtenaa Awurade anim bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao, Awurade Otumfoɔ, mene hwan, na me fiefoɔ yɛ ɛdeɛn a wode me abɛduru ɛnnɛ?
Then went king David in, and sat down before the Lord, and he said, Who am I, O Lord Eternal? and what is my house, that thou hast brought me as far as hitherward?
19 Na afei Otumfoɔ Awurade, yeinom nyinaa akyi no, woka sɛ wobɛma me ahennie a ɛte hɔ daa. Woyɛ nnipa nyinaa sei anaa, Ao Awurade Otumfoɔ?
And this was yet too small a thing in thine eyes, O Lord Eternal; and thou hast spoken also of thy servant's house for a distant time. And is this the desert of man, O Lord Eternal?
20 “Ɛdeɛbɛn bio na mɛtumi aka? Ɛfiri sɛ, wonim sɛdeɛ wʼakoa teɛ, Ao Awurade Otumfoɔ.
And what can David add yet more to speak unto thee? since thou, O Lord Eternal, knowest well thy servant?
21 Wʼasɛm ne wo pɛ mu enti, woayɛ nneɛma kɛseɛ yi nyinaa akyerɛ wo ɔsomfoɔ.
For the sake of thy word, and in accordance with thy own heart, hast thou done all this great thing, so as to let thy servant know it.
22 “Wo kɛseyɛ yɛ kokuroo, Ao Awurade Otumfoɔ! Obi biara nte sɛ wo, Onyankopɔn bi nni hɔ sɛ wo, na yɛntee onyame foforɔ bi mpo ho asɛm!
Therefore art thou great, O Eternal God; for there is none like thee, and there is no God beside thee, in accordance with all that we have heard with our ears.
23 Ɔman bɛn na ɛwɔ asase yi so a ɛte sɛ Israel? Ɔman foforɔ bɛn na woayi no afiri nkoasom mu de wɔn ayɛ wo ɔman? Ɛberɛ a woyii wo nkurɔfoɔ firii Misraim no, wogyee edin. Woyɛɛ anwanwadeɛ akɛseɛ de pamoo aman ne ahoni ahodoɔ a na wɔyɛ akwansideɛ ma wo nkurɔfoɔ.
And who is like thy people, like Israel, the only nation on the earth, which God went to redeem for himself as a people, and to acquire for himself a name, and to do for you this great deed, and fearful things for thy land [to drive out], from before thy people which thou hast redeemed for thyself from Egypt, nations and their gods.
24 Woatim wo nkurɔfoɔ Israel sɛ wʼankasa wʼadeɛ afebɔɔ, na wo Ao Awurade, woabɛyɛ wɔn Onyankopɔn.
For thou hast established for thyself thy people Israel as a people unto thee for ever; and thou, O Lord, art indeed become their God.
25 “Na afei, Awurade Onyankopɔn, di ɛbɔ a wohyɛ faa wʼakoa ne ne mʼabusuafoɔ ho no so. Ma ɛnyɛ bɔhyɛ a ɛbɛtena hɔ daa.
And now, O Eternal God, let the word that thou hast spoken concerning thy servant, and concerning his house, stand firm for ever, and do as thou hast spoken.
26 Na ma wo din nkron afebɔɔ na ewiase nyinaa nka sɛ, ‘Awurade Otumfoɔ yɛ Israel so Onyankopɔn.’ Na ma wo ɔsomfoɔ Dawid ahennie ase ntim wɔ wʼanim.
And let thy name be magnified unto everlasting, that men may say, The Lord of hosts is the God over Israel: and may the house of thy servant David be established before thee.
27 “Ao, Awurade Otumfoɔ, Israel Onyankopɔn, masi me bo abɔ saa mpaeɛ yi ɛfiri sɛ woakyerɛ sɛ wobɛkyekyere fie a ɛyɛ daa ahennie ama me.
For thou, O Lord of hosts, the God of Israel, hast revealed to the ear of thy servant, saying, A house will be built up for thee; therefore hath thy servant found the heart to pray unto thee this prayer.
28 Ao, Awurade Otumfoɔ, woyɛ Onyankopɔn! Wo nsɛm mu wɔ ahotosoɔ, na woahyɛ wo ɔsomfoɔ nnepa ho bɔ.
And now, O Lord Eternal, thou art the [true] God, and thy words must become the truth, and thou hast spoken unto thy servant this goodness:
29 Afei, ma ɛnyɛ wo pɛ sɛ wobɛhyira wʼakoa fie so, na atoa so afebɔɔ wɔ wʼanim, na wo, Ao Awurade Otumfoɔ, woakasa, na wo nhyira a wode bɛhyira wo ɔsomfoɔ fie no bɛyɛ daapem nhyira.”
And now let it please thee and bless the house of thy servant, that it may continue for ever before thee; for thou, O Lord Eternal, hast spoken it; and from thy blessing let the house of thy servant be blessed for ever.

< 2 Samuel 7 >