< 2 Samuel 6 >

1 Na Dawid boaboaa akodɔm sononko ɔpeduasa ano.
E tornou David a ajuntar todos os escolhidos de Israel, em número de trinta mil.
2 Ɔdii wɔn anim firi Baala a ɛwɔ Yuda, sɛ wɔrekɔfa Onyankopɔn Adaka a ɛkura Awurade Otumfoɔ no a wɔde no asi Kerubim ntam no din.
E levantou-se David, e partiu com todo o povo que tinha consigo de Baalim de Judá, para levarem dali para cima a arca de Deus, sobre a qual se invoca o nome, o nome do Senhor dos exércitos, que se assenta entre os cherubins.
3 Wɔde Onyankopɔn Adaka no sii teaseɛnam foforɔ so, de firii Abinadab fie a na ɛwɔ bepɔ so no baeɛ. Usa ne Ahio a na wɔyɛ Abinadab mmammarima no na na wɔkyerɛ teaseɛnam foforɔ no
E puseram a arca de Deus em um carro novo, e a levaram da casa de Abinadab, que está em Gibeah: e Uza e Ahio, filhos de Abinadab, guiavam o carro novo.
4 a na Onyankopɔn Adaka no si mu no kwan. Na Ahio na ɔdi animu.
E levando-o da casa de Abinadab, que está em Gibeah, com a arca de Deus, Ahio ia diante da arca.
5 Dawid ne Israel manfoɔ gyee wɔn ani wɔ Awurade anim wɔ ahoɔden so a wɔreto nnwom, na wɔde nsankuo, bɛnta, akasaeɛ, mfirikyiwa ne kyankyan nenam mu.
E David, e toda a casa de Israel, fazia alegrias perante o Senhor, com toda a sorte de instrumentos de pau de faia: como com harpas, e com saltérios, e com tamboris, e com pandeiros, e com címbalos.
6 Na wɔduruu Nakon ayuporobea no, nantwie no nan totoeɛ, maa Usa tenee ne nsa sɔɔ Onyankopɔn Adaka no mu sɛ ɔretene no.
E, chegando à eira de Nachon, estendeu Uza a mão à arca de Deus, e teve mão nela; porque os bois a deixavam pender.
7 Na Awurade bo fuu Usa sɛ ɔyɛɛ saa, na Onyankopɔn bɔɔ no, maa ɔwu daa adaka no ho.
Então a ira do Senhor se acendeu contra Uza, e Deus o feriu ali por esta imprudência: e morreu ali junto à arca de Deus.
8 Dawid nso bo fuiɛ, ɛfiri sɛ, Awurade abufuo atia Usa. Ɔtoo saa beaeɛ hɔ edin Peres-Usa a aseɛ ne abufuhyeɛ a ɛtia Usa. Wɔfrɛ hɔ saa ara de bɛsi ɛnnɛ.
E David se contristou, porque o Senhor abrira rotura em Uza; e chamou aquele lugar Peres-uza, até ao dia de hoje.
9 Afei, na Dawid suro Awurade enti ɔbisaa sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na mɛtumi de Awurade adaka no aba me nkyɛn, na mahwɛ so?”
E temeu David ao Senhor naquele dia; e disse: Como virá a mim a arca do Senhor?
10 Na Dawid yɛɛ nʼadwene sɛ, ɔremma Awurade Adaka no so nkɔ Dawid Kuropɔn no mu. Na mmom, ɔmaa so de kɔɔ Obed-Edom a ɔyɛ Gatni fie.
E não quis David retirar a si a arca do Senhor à cidade de David; mas David a fez levar à casa de Obed-edom, o getheu.
11 Na Awurade adaka no sii Gatni Obed-Edom fiefoɔ nkyɛn abosome mmiɛnsa, na Awurade hyiraa no ne ne fidua mu nnipa nyinaa.
E ficou a arca do Senhor em casa de Obed-Edom, o getheu, três meses: e abençoou o Senhor a Obed-edom, e a toda a sua casa.
12 Afei, wɔka kyerɛɛ ɔhene Dawid sɛ, “Esiane Awurade Adaka no enti, Awurade ahyira Obed-Edom fie ne biribiara a ɔwɔ so.” Enti, Dawid kɔɔ hɔ kɔfaa Adaka no, de osebɔ kɛseɛ baa Dawid Kuropɔn no mu.
Então avisaram a David, dizendo: Abençoou o Senhor a casa de Obed-Edom, e tudo quanto tem, por amor da arca de Deus; foi pois David, e trouxe a arca de Deus para cima, da casa de Obed-edom, à cidade de David, com alegria.
13 Nnipa a Awurade Adaka no so wɔn no tuu anammɔn nsia pɛ, wɔgyinaa hɔ twɛneeɛ, sɛdeɛ Dawid bɛtumi de nantwie ne nantwie ba a wadɔre sradeɛ abɔ afɔdeɛ.
E sucedeu que, quando os que levavam a arca do Senhor tinham dado seis passos, sacrificava bois e carneiros cevados.
14 Na Dawid firii nʼahoɔden nyinaa mu saa wɔ Awurade anim a na ɔhyɛ asɔfotadeɛ yuu.
E David saltava com todas as suas forças diante do Senhor: e estava David cingido dum éfode de linho.
15 Enti, Dawid ne Israel nyinaa de nteateam ne ntotorobɛntohyɛn maa Awurade Adaka no so kɔɔeɛ.
Assim subindo, levavam David e todo o Israel a arca do Senhor, com júbilo, e ao som das trombetas.
16 Ɛberɛ a wɔde Awurade Adaka no rewura Dawid Kuropɔn no mu no, Saulo babaa a ne din de Mikal no kɔtɛɛ mpomma mu hwɛeɛ. Ɔhunuu sɛ ɔhene Dawid rehurihuri, resa anigyeɛ so wɔ Awurade anim no, nʼani annye.
E sucedeu que, entrando a arca do Senhor na cidade de David, Michal, a filha de Saul, estava olhando pela janela: e, vendo ao rei David, que ia bailando e saltando diante do Senhor, o desprezou no seu coração.
17 Wɔde Awurade Adaka no kɔsii nʼafa wɔ ntomadan a ɛno enti, Dawid asi no mu, na Dawid bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ wɔ Awurade anim.
E introduzindo a arca do Senhor, a puseram no seu lugar, na tenda que David lhe armara: e ofereceu David holocaustos e ofertas pacíficas perante o Senhor.
18 Ɔwieeɛ no, ɔhyiraa nnipa no wɔ Awurade Otumfoɔ din mu.
E acabando David de oferecer os holocaustos e ofertas pacíficas, abençoou o povo em nome do Senhor dos exércitos.
19 Afei, ɔmaa Israel dɔm no mu nnipa biara burodo mua, nankum ne bobe aba ɔfam. Na wɔn mu biara kɔɔ ne fie.
E repartiu a todo o povo, e a toda a multidão de Israel, desde os homens até às mulheres, a cada um, um bolo de pão, e um bom pedaço de carne, e um frasco de vinho; então foi-se todo o povo, cada um para sua casa.
20 Ɛberɛ a Dawid sane kɔɔ ne fie sɛ ɔrekɔhyira ne fiefoɔ no, Mikal firii adi ba bɛhyiaa no ka kyerɛɛ no abufuo so sɛ, “Ɛnnɛ deɛ, na Israelhene nsɛ ha! Ɔpaa ne ho kyerɛɛ ne mfenaa te sɛ deɛ obiara a ɔmmu ne ho bɛyɛ no ara pɛ.”
E, voltando David para abençoar a sua casa, Michal, a filha de Saul, saiu a encontrar-se com David, e disse: Quão honrado foi o rei de Israel, descobrindo-se hoje aos olhos das servas de seus servos, como sem pejo se descobre qualquer dos vadios.
21 Dawid buaa Mikal sɛ, “Na meresa wɔ Awurade a ɔyii me, na ɔtwaa wʼagya ne nʼabusuafoɔ gyaeɛ no anim. Ɔyii me sɛ menyɛ Israel a wɔyɛ Awurade nkurɔfoɔ ɔkannifoɔ. Ɛno enti, ɛyɛ me pɛ sɛ meyɛ me ho sɛ ɔkwasea, sɛdeɛ ɛbɛma makyerɛ mʼahokeka a mewɔ wɔ Awurade mu.
Disse porém David a Michal: Perante o Senhor, que me escolheu a mim antes do que a teu pai, e a toda a sua casa, mandando-me que fosse chefe sobre o povo do Senhor, sobre Israel: perante o Senhor tenho feito alegrias.
22 Aane, na mepɛ sɛ meyɛ ɔkwasea koraa sene yei, na mmaayewa korɔ yi ara a woreka wɔn ho asɛm yi bɛhyɛ me animuonyam.”
E ainda mais do que isto me envilecerei, e me humilharei aos meus olhos: e das servas, de quem falaste, delas serei honrado.
23 Na Saulo babaa Mikal anwo ba da wɔ ne nkwa nna nyinaa.
E Michal, a filha de Saul, não teve filhos, até ao dia da sua morte.

< 2 Samuel 6 >