< 2 Samuel 5 >

1 Afei, Israel mmusuakuo no nyinaa kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hebron kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛn nyinaa yɛ wʼabusuafoɔ.
Todas las tribus de Israel se acercaron a David en Hebrón y le dijeron: “Somos tu carne y tu sangre.
2 Mmerɛ bi a atwam no a mpo na Saulo yɛ yɛn ɔhene no, wo ara na wodii Israel anim. Na Awurade aka akyerɛ wo sɛ, ‘Wobɛyɛ me manfoɔ Israel so odwanhwɛfoɔ. Wobɛyɛ wɔn kannifoɔ.’”
Antes, cuando Saúl era nuestro rey, tú eras el que dirigía el ejército israelita en la batalla. El Señor te dijo: ‘Tú serás el pastor de mi pueblo Israel y serás su gobernante’”.
3 Enti Hebron hɔ, Dawid ne Israel ntuanofoɔ no yɛɛ apam wɔ Awurade anim. Na wɔsraa no ngo sii no Israelhene.
Todos los ancianos de Israel acudieron al rey en Hebrón, donde el rey David llegó a un acuerdo con ellos en presencia del Señor. Entonces lo ungieron como rey de Israel.
4 Dawid dii adeɛ no, na wanya mfirinhyia aduasa. Na ɔdii adeɛ mfirinhyia aduanan.
David tenía treinta años cuando llegó a ser rey, y reinó durante cuarenta años.
5 Ɔtenaa Hebron dii adeɛ wɔ Yuda so mfirinhyia nson ne abosome nsia. Na ɔtenaa Yerusalem no nso, ɔdii Israel ne Yuda nyinaa so ɔhene mfirinhyia aduasa mmiɛnsa.
Reinó sobre Judá siete años y seis meses desde Hebrón, y reinó sobre todo Israel y Judá durante treinta y tres años desde Jerusalén.
6 Dawid dii nʼakodɔm anim kɔɔ Yerusalem kɔko tiaa Yebusifoɔ. Yebusifoɔ no dii wɔn ho fɛ sɛ, “Morentumi mma ha. Na mpo, anifirafoɔ ne mmubuafoɔ bɛtu mo afiri ha.” Ɛfiri sɛ, na Yebusifoɔ no dwene sɛ wɔwɔ banbɔ.
El rey David y sus hombres fueron a Jerusalén para atacar a los jebuseos que vivían allí. Los jebuseos le dijeron a David: “Nunca entrarás aquí. Hasta los ciegos y los cojos podrían impedírtelo”. Estaban convencidos de que David no podría entrar.
7 Nanso, Dawid ko faa Sion aban no a seesei wɔfrɛ no Dawid Kuropɔn no.
Pero David sí capturó la fortaleza de Sión, ahora conocida como la Ciudad de David.
8 Ɛberɛ a atɛnnidie nkra firi banbɔfoɔ a wɔwɔ kuro no mu duruu Dawid asom no, ɔka kyerɛɛ ne dɔm no sɛ, “Momfa nsudorobɛn no mu nkɔ kuro no mu, na monkɔsɛe Yebusifoɔ mpakye ne anifirafoɔ no, ɛfiri sɛ mekyiri wɔn! ‘Anifirafoɔ ne mpakye’ nnkɔ efie no mu” no abɔseɛ nie.
En ese momento dijo: “Si queremos conquistar a los jebuseos, tendremos que subir por el pozo de agua para atacar a esos ‘cojos y ciegos’, a esa gente que odia a David. Por eso se dice: ‘Los ciegos y los cojos nunca entrarán en la casa’”.
9 Enti, Dawid yɛɛ aban no nʼatenaeɛ, na ɔfrɛɛ hɔ Dawid Kuropɔn. Ɔsisii banbɔdan bebree twaa kuro no ho kaa ho. Wɔhyɛɛ dwumadie no ase wɔ Milo de baa mu.
David se fue a vivir a la fortaleza y la llamó Ciudad de David. La extendió en todas las direcciones, empezando por las terrazas de apoyo exteriores y avanzando hacia el interior.
10 Na Dawid kɔɔ so yɛɛ kɛseɛ, ɛfiri sɛ, Asafo Awurade Onyankopɔn ka ne ho.
David se volvía cada vez más poderoso, porque el Señor Dios Todopoderoso estaba con él.
11 Afei, Tirohene Huram somaa abɔfoɔ kɔɔ Dawid nkyɛn a nnua dwumfoɔ ne aboɔ adansifoɔ ka wɔn ho sɛ wɔnkɔsi ahemfie mma no. Huram de ntweneduro nnua bebree kɔɔ hɔ sɛ wɔmpae.
Tiempo después, el rey Hiram de Tiro envió representantes a David, junto con madera de cedro, carpinteros y canteros, construyeron un palacio para David.
12 Na Dawid hunuu sɛ, ne nkurɔfoɔ Israelfoɔ enti, Awurade asi no ɔhene, na wayɛ nʼahemman kɛseɛ.
David se dio cuenta de que el Señor lo había instalado como rey de Israel y había engrandecido su reino por el bien de su pueblo Israel.
13 Dawid tu firi Hebron baa Yerusalem no, ɔwaree mmaa bebree faa mpenafoɔ nso. Ɛno enti, ɔwoo mmammarima ne mmammaa bebree.
Después de mudarse de Hebrón, David tomó más concubinas y esposas de Jerusalén, y tuvo más hijos e hijas.
14 Yeinom ne Dawid mmammarima a wɔwowoo wɔn wɔ Yerusalem no: Samua, Sobab, Natan, Salomo
Estos son los nombres de sus hijos nacidos en Jerusalén Samúa, Sobab, Natán, Salomón,
15 Yibhar, Elisua, Nefeg, Yafia
Ibhar, Elisúa, Nefeg, Jafía,
16 Elisama, Eliada ne Elifelet.
Elisama, Eliada y Elifelet.
17 Ɛberɛ a Filistifoɔ tee sɛ wɔasra Dawid, de no asi Israelhene no, wɔboaboaa wɔn akodɔm ano, kɔhwehwɛɛ Dawid sɛ wɔbɛnya no akye no. Na Dawid teeɛ no, ɔno nso kɔɔ ne banbɔeɛm.
Cuando los filisteos se enteraron de que David había sido ungido rey de Israel, todo el ejército filisteo salió a capturarlo, pero David se enteró y entró en la fortaleza.
18 Afei, Filistifoɔ no bɛduruu Refaim bɔnhwa mu, na wɔtrɛtrɛɛ wɔn ho mu wɔ hɔ.
Entonces los filisteos llegaron y se extendieron por el valle de Refaim.
19 Enti, Dawid bisaa Awurade sɛ, “Menkɔto nhyɛ Filistifoɔ yi so anaa? Wobɛdane wɔn ahyɛ me nsa anaa?” Awurade buaa no sɛ, “Aane, kɔ na mɛdane Filistifoɔ no ahyɛ wo nsa.”
Y David preguntó al Señor: “¿Debo ir a atacar a los filisteos? ¿Me los entregarás?” “Sí, ve”, respondió el Señor, “porque sin duda alguna te los entregaré”.
20 Enti, Dawid kɔɔ Baal-Perasim, na ɛhɔ na ɔdii Filistifoɔ no so nkonim. Ɔkaa sɛ, “Awurade ayɛ! Ɔbɔ wuraa mʼatamfoɔ no mu sɛ nsuyire a ɛreworo so!” Enti Dawid too beaeɛ hɔ din sɛ Baal-Perasim.
David fue a Baal-perazim y allí derrotó a los filisteos. “Como un torrente que se desborda, así ha estallado el Señor contra mis enemigos delante de mí”, declaró David. Y llamó a ese lugar Baal-perazim.
21 Filistifoɔ no gyaa wɔn ahoni wɔ hɔ, maa Dawid ne ne mmarima no soaa ne nyinaa kɔeɛ.
Los filisteos dejaron sus ídolos, y David y sus hombres los quitaron.
22 Filistifoɔ no sane baa bio bɛhwetee wɔn ho mu wɔ Refaim bɔnhwa ho,
Un tiempo después, los filisteos volvieron a llegar y se extendieron por el valle de Refaim.
23 enti, Dawid bisaa Awurade deɛ ɔnyɛ. Awurade buaa sɛ, “Nkɔ tee, mmom, twa fa wɔn ho wɔ wɔn akyi, na to hyɛ wɔn so wɔ baka nnua no anim.
David le preguntó al Señor qué hacer. El Señor le respondió: “No los ataques directamente, sino que rodea por detrás de ellos y atácalos frente a los árboles de bálsamo.
24 Na sɛ wote nnyegyeeɛ te sɛ nsrabɔ bi wɔ baka nnua no atifi a, kɔtua wɔn! Ɛkyerɛ sɛ, Awurade atu di wʼanim rekɔkunkum Filistifoɔ no.”
En cuanto oigas el ruido de la marcha en las copas de los bálsamos prepárate, porque eso significa que el Señor ha salido delante de ti para atacar el campamento filisteo”.
25 Enti, Dawid yɛɛ deɛ Awurade ka kyerɛɛ no no, na ɔsɛee Filistifoɔ no firi Geba de kɔsii Geser.
David cumplió las órdenes del Señor, y mató a los filisteos desde Geba hasta Gezer.

< 2 Samuel 5 >