< 2 Samuel 4 >

1 Ɛberɛ a Is-Boset tee sɛ Abner awu wɔ Hebron no, ne bo tuiɛ, na saa ara nso na ne nkurɔfoɔ no bɔɔ huboa.
When Ishbosheth, son of Saul, heard that Abner had died in Hebron, he was very discouraged, and everyone in Israel was shocked.
2 Afei, na anuanom baanu a wɔn din de Baana ne Rekab na na wɔyɛ asafohene ma Is-Boset akofoɔ no. Na wɔyɛ Rimon a ɔfiri Benyamin efie wɔ Beerot kuro mu no mmammarima. Seesei, na kuro Beerot ka Benyamin ho,
Ishbosheth had two commanders of his raiding bands, brothers by the name of Baanah and Rechab. They were the sons of Rimmon of the tribe of Benjamin from the town of Beeroth. Beeroth is considered part of the territory of Benjamin,
3 ɛfiri sɛ, wɔn a na wɔte Beerot dadaada no dwane kɔɔ Gitaim a wɔda so te hɔ sɛ ahɔhoɔ de bɛsi ɛnnɛ yi.
because the people who had lived in Beeroth before ran away to Gittaim and lived there as foreigners right up to the present.
4 Na Saulo babarima Yonatan wɔ ɔbabarima bi a ne din de Mefiboset a na ɔyɛ obubuafoɔ firi ne mmɔfraase. Wɔkumm Saulo ne Yonatan wɔ Yesreel akono no, na abɔfra no adi mfeɛ enum. Ɛberɛ a ɔko no ho asɛm duruu kuro no mu no, obi a ɔhwɛ abɔfra no kyekyeree no de no dwaneeɛ. Nanso, ɛberɛ a ɔredwane no, ɔhwee ase maa abɔfra no bɔɔ fam, ma ɔyɛɛ obubuafoɔ.
Jonathan, son of Saul, had a son lame in both feet. He was five years old when the news about the deaths of Saul and Jonathan had come from Jezreel. His nurse had picked him up and ran away, but as she rushed to get away, he fell and became lame. His name was Mephibosheth.
5 Dabi Beerotni, Rimon mmammarima baanu a wɔn din de Rekab ne Baana kɔɔ Is-Boset fie awia berɛ mu a na ɔregye nʼahome.
Rechab and Baanah, sons of Rimmon from Beeroth, went to Ishbosheth's house, arriving in the heat of the day as the king was taking his midday rest.
6 Ɛpono ano hwɛfoɔ a na ɔreporo ayuo no, na wada. Enti Rekab ne Baana twaa ne ho kɔɔ Is-Boset pia mu, kɔwɔɔ ne yafunu mu sekan, na wɔdwaneeɛ.
The woman doorkeeper had been cleaning wheat, but she had grown tired and fallen asleep, so Rechab and Baanah were able to slip inside.
7 Ansa na wɔbɛkɔ no, wɔtwaa ne ti ɛberɛ a ɔda ne mpa so. Wɔfaa ne ti no kɔtwaa Yordan bɔnhwa no, nantee anadwo mu no nyinaa kɔeɛ.
They had gone into the house while Ishbosheth was asleep on his bed in his bedroom. After stabbing and killing him, they cut off his head which they took with them, and they traveled all night by the Jordan Valley road.
8 Wɔde Is-Boset tire no brɛɛ Dawid wɔ Hebron, na wɔka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Wo ɔtamfoɔ Saulo a anka ɔrepɛ wo akum wo no babarima Is-Boset tire nie. Ɛnnɛ, Awurade ama me wo aweretɔ ho kwan atia Saulo ne nʼabusua.”
They took the head of Ishbosheth to David in Hebron. They told the king, “Here is the head of Ishbosheth, son of Saul, your enemy who tried to kill you. Today the Lord has taken revenge on Saul and his family for my lord the king.”
9 Na Dawid buaa Beerotni Rimon mma Rekab ne ne nua Baana sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade a ɔgyee me firi ɔhaw ne abɛbrɛsɛ mu te ase yi, mɛka nokorɛ akyerɛ mo.
But David answered Rechab and his brother Baanah, sons of Rimmon from Beeroth, “As the Lord lives, who has saved me from all my troubles,
10 Ɛberɛ a onipa bi bɛka kyerɛɛ me sɛ, ‘Saulo awu’ a na ɔdwene sɛ ɔreka asɛm pa akyerɛ me no, mekyeree no kumm no wɔ Siklag. Nʼasɛm a ɔbɛka kyerɛɛ me no so akatua a mede maa no ne no.
when someone told me, ‘Look, Saul is dead’ and he thought he was bringing me good news, I grabbed him and had him put him to death at Ziklag. That was what he got for bringing me his news!
11 Na akatua bɛn na memfa mma amumuyɛfoɔ a wɔakum obi a ne ho nni asɛm wɔ ne fie ɛberɛ a ɔda ne mpa so. Ɛnsɛ sɛ mebisa ne mogya firi mo nsam anaa?”
Even more so then, when evil men kill a good man in his own house, and in his own bed, shouldn't I demand you pay for his life with your own lives, and exterminate you!”
12 Enti, Dawid hyɛɛ ne mmarima ma wɔkunkumm wɔn. Wɔtwitwaa wɔn nsa ne wɔn nan, na wɔde kuntunsini no sensɛn Hebron ɔtadeɛ ho. Na wɔfaa Is-Boset tire no kɔsiee no wɔ Abner ɔboda mu wɔ Hebron.
David gave the order to his men, and they killed Rechab and Baanah. They chopped off their hands and feet, and hung their bodies by the pool in Hebron. Then they took Ishbosheth's head and buried it in Abner's grave in Hebron.

< 2 Samuel 4 >